Nehemiah 3 (BOATCB)

1 Afei, ɔsɔfopanin Eliasib ne asɔfoɔ bi hyɛɛ aseɛ too ɔfasuo no firii Nnwan Ɛpono no. Wɔdwiraa ho, sisii nʼapono, de kɔsii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no. 2 Nnipa a wɔfiri Yeriko kuropɔn no mu toaa wɔn so yɛɛ adwuma hɔ, na Imri babarima Sakur dii so. 3 Hasenaa mmammarima na wɔsii Mpataa Ɛpono no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no, de nkyerewa ne nnaban hyehyɛɛ wɔn afa. 4 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakkos nana na ɔsiesiee ɔfasuo no fa a ɛdi hɔ no. Nʼaboafoɔ ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nana na afei Baana babarima Sadok. 5 Wɔn a wɔdi soɔ ne Tekoafoɔ, mmom wɔn mpanimfoɔ no ampene sɛ wɔbɛboa. 6 Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wɔsiesiee Kuropɔn Dada Ɛpono no. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no de nkyerewa ne nnaban bobɔɔ mu. 7 Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Melatia a ɔfiri Gibeon, Yadon a ɔfiri Meronot ne nnipa a wɔfiri Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no atenaeɛ. 8 Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfoɔ no na ɔdi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasuo no ho. Hanania a ɔyɛ aduhwamyɛfoɔ no na ɔdi so. Wɔgyaa Yerusalem fa bi a ɛkɔsi Ɔfasuo Tɛtrɛtɛ no. 9 Deɛ ɔdi soɔ yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansini fa bi ano no no, babarima Refaia. 10 Deɛ ɔdi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛbɛn ne fie, na deɛ ɔdi ne soɔ ne Hasabnia babarima Hatus. 11 Deɛ ɔdi soɔ ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wɔkɔsiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasuo no fa bi ho. 12 Halohes babarima Salum ne ne mmammaa na wɔsiesiee ɛfa a ɛdi hɔ no. Ɔno na na ɔtua Yerusalem mansini fa a aka ano. 13 Sanoafoɔ a Hanun da wɔn ano no na wɔsiesiee Bɔnhwa Ɛpono no, sisii nʼapono, de nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, wɔsiesiee ɔfasuo no anammɔn apem ne ahanum de kɔsii Sumina Ɛpono no. 14 Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansini ano no na ɔsiesiee Sumina Ɛpono no. Ɔsiesie wieeɛ no, ɔsisii apono no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bramm no. 15 Kol-Hose babarima Salum a na ɔtua Mispa mansini ano no na ɔsiesiee Asutire Ɛpono no. Ɔsiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapono na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bramm no. Afei, ɔsiesiee Siloam abura ho ɔfasuo a ɛbɛn ɔhene mfikyifuo no. Ɔsane too ɔfasuo no kɔsii ntwedeɛ a ɛsiane firi Dawid kuropɔn mu no. 16 Deɛ ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na ɔtua Bet-Sur mansini fa ano no. Ɔtoo ɔfasuo no kɔsii baabi a na ɛne adehyeɛ amusieeɛ no di nhwɛanimu, kɔsi nsukoraeɛ no so ne Nnɔmmarima Fie. 17 Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifoɔ ekuo a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a, na ɔyɛ Keila mansini fa ntuanoni no na ɔsii nʼankasa mansini ananmu, hwɛɛ ɔfasuo no toɔ so. 18 Wɔn a wɔdi so yɛ ɔno ara ne manfoɔ a na Henadad babarima Binui tua wɔn ano. Ɔno na na ɔtua Keila mansini fa no ano. 19 Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a ɔtua Mispa ano no. Wɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛne akodeɛ akoradan fapem di nhwɛanimu no. 20 Onipa a ɔdi so ne Sabai babarima Baruk a ɔsiesiee fa bi firi fapem no, de kɔsii ɔsɔfopanin Eliasib fie ɛpono no ano. 21 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nana nso, siesiee ɔfasuo no fa bi firi baabi a, ɛne Eliasib efie ɛpono di nhwɛanimu no, de kɔsii efie no nkyɛn baabi. 22 Afei, asɔfoɔ a wɔfifiri amantam a atwa hɔ ahyia na wɔdi soɔ. 23 Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nana nso siesiee ɔfasuo no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afie. 24 Deɛ ɔdi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a ɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a, ɛfiri Asaria fie kɔsi fapem no ne ntweasoɔ hɔ. 25 Usai babarima Palal toaa adwuma no so firii baabi a ɛne fapem no ne ntweasoɔ hɔ no di nhwɛanimu, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfie a ɛbɛn awɛmfoɔ no adihɔ no. Deɛ ɔdi ne so yɛ Paros babarima Pedaia, 26 ne asɔredan mu asomfoɔ a na wɔte kokoɔ Ofel so. Wɔsiesiee ɔfasuo no kɔsii Nsuo Ɛpono no de kɔ apueeɛ fam ne abantenten a ɛyi ne ho adi no. 27 Afei, Tekoafoɔ nso toaa so. Wɔbɛsiesiee ɛfa foforɔ bi a ɛne abantenten kɛseɛ a ɛyi ne ho adi no ntentenesoɔ kɔsi Ofel ɔfasuo no. 28 Asɔfoɔ no nso siesiee ɔfasuo no a ɛwɔ kokoɔ so na ɛtoa Apɔnkɔ Ɛpono no soɔ no. Obiara siesiee baabi a ɛne ne fie di nhwɛanim. 29 Deɛ ɔdi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so. Deɛ ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apueeɛ ɛpono ano hwɛfoɔ no. 30 Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔtɔ so nsia no siesiee ɔfasuo no fa bi, ɛna Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so. 31 Malkia a ɔyɛ sikadwumfoɔ no mu baako siesiee ɔfasuo no, kɔsii Asɔredan mu asomfoɔ ne adwadifoɔ fie a Badwa Ɛpono no ne no di nhwɛanim. Afei ɔtoa so kɔsii abansoro a ɛwɔ ntweasoɔ hɔ no. 32 Sikadwumfoɔ a wɔaka no ne adwadifoɔ no siesiee ɔfasuo no firii saa ntweasoɔ hɔ de kɔsii Nnwan Ɛpono no ano.

In Other Versions

Nehemiah 3 in the ANGEFD

Nehemiah 3 in the ANTPNG2D

Nehemiah 3 in the AS21

Nehemiah 3 in the BAGH

Nehemiah 3 in the BBPNG

Nehemiah 3 in the BBT1E

Nehemiah 3 in the BDS

Nehemiah 3 in the BEV

Nehemiah 3 in the BHAD

Nehemiah 3 in the BIB

Nehemiah 3 in the BLPT

Nehemiah 3 in the BNT

Nehemiah 3 in the BNTABOOT

Nehemiah 3 in the BNTLV

Nehemiah 3 in the BOATCB2

Nehemiah 3 in the BOBCV

Nehemiah 3 in the BOCNT

Nehemiah 3 in the BOECS

Nehemiah 3 in the BOGWICC

Nehemiah 3 in the BOHCB

Nehemiah 3 in the BOHCV

Nehemiah 3 in the BOHLNT

Nehemiah 3 in the BOHNTLTAL

Nehemiah 3 in the BOICB

Nehemiah 3 in the BOILNTAP

Nehemiah 3 in the BOITCV

Nehemiah 3 in the BOKCV

Nehemiah 3 in the BOKCV2

Nehemiah 3 in the BOKHWOG

Nehemiah 3 in the BOKSSV

Nehemiah 3 in the BOLCB

Nehemiah 3 in the BOLCB2

Nehemiah 3 in the BOMCV

Nehemiah 3 in the BONAV

Nehemiah 3 in the BONCB

Nehemiah 3 in the BONLT

Nehemiah 3 in the BONUT2

Nehemiah 3 in the BOPLNT

Nehemiah 3 in the BOSCB

Nehemiah 3 in the BOSNC

Nehemiah 3 in the BOTLNT

Nehemiah 3 in the BOVCB

Nehemiah 3 in the BOYCB

Nehemiah 3 in the BPBB

Nehemiah 3 in the BPH

Nehemiah 3 in the BSB

Nehemiah 3 in the CCB

Nehemiah 3 in the CUV

Nehemiah 3 in the CUVS

Nehemiah 3 in the DBT

Nehemiah 3 in the DGDNT

Nehemiah 3 in the DHNT

Nehemiah 3 in the DNT

Nehemiah 3 in the ELBE

Nehemiah 3 in the EMTV

Nehemiah 3 in the ESV

Nehemiah 3 in the FBV

Nehemiah 3 in the FEB

Nehemiah 3 in the GGMNT

Nehemiah 3 in the GNT

Nehemiah 3 in the HARY

Nehemiah 3 in the HNT

Nehemiah 3 in the IRVA

Nehemiah 3 in the IRVB

Nehemiah 3 in the IRVG

Nehemiah 3 in the IRVH

Nehemiah 3 in the IRVK

Nehemiah 3 in the IRVM

Nehemiah 3 in the IRVM2

Nehemiah 3 in the IRVO

Nehemiah 3 in the IRVP

Nehemiah 3 in the IRVT

Nehemiah 3 in the IRVT2

Nehemiah 3 in the IRVU

Nehemiah 3 in the ISVN

Nehemiah 3 in the JSNT

Nehemiah 3 in the KAPI

Nehemiah 3 in the KBT1ETNIK

Nehemiah 3 in the KBV

Nehemiah 3 in the KJV

Nehemiah 3 in the KNFD

Nehemiah 3 in the LBA

Nehemiah 3 in the LBLA

Nehemiah 3 in the LNT

Nehemiah 3 in the LSV

Nehemiah 3 in the MAAL

Nehemiah 3 in the MBV

Nehemiah 3 in the MBV2

Nehemiah 3 in the MHNT

Nehemiah 3 in the MKNFD

Nehemiah 3 in the MNG

Nehemiah 3 in the MNT

Nehemiah 3 in the MNT2

Nehemiah 3 in the MRS1T

Nehemiah 3 in the NAA

Nehemiah 3 in the NASB

Nehemiah 3 in the NBLA

Nehemiah 3 in the NBS

Nehemiah 3 in the NBVTP

Nehemiah 3 in the NET2

Nehemiah 3 in the NIV11

Nehemiah 3 in the NNT

Nehemiah 3 in the NNT2

Nehemiah 3 in the NNT3

Nehemiah 3 in the PDDPT

Nehemiah 3 in the PFNT

Nehemiah 3 in the RMNT

Nehemiah 3 in the SBIAS

Nehemiah 3 in the SBIBS

Nehemiah 3 in the SBIBS2

Nehemiah 3 in the SBICS

Nehemiah 3 in the SBIDS

Nehemiah 3 in the SBIGS

Nehemiah 3 in the SBIHS

Nehemiah 3 in the SBIIS

Nehemiah 3 in the SBIIS2

Nehemiah 3 in the SBIIS3

Nehemiah 3 in the SBIKS

Nehemiah 3 in the SBIKS2

Nehemiah 3 in the SBIMS

Nehemiah 3 in the SBIOS

Nehemiah 3 in the SBIPS

Nehemiah 3 in the SBISS

Nehemiah 3 in the SBITS

Nehemiah 3 in the SBITS2

Nehemiah 3 in the SBITS3

Nehemiah 3 in the SBITS4

Nehemiah 3 in the SBIUS

Nehemiah 3 in the SBIVS

Nehemiah 3 in the SBT

Nehemiah 3 in the SBT1E

Nehemiah 3 in the SCHL

Nehemiah 3 in the SNT

Nehemiah 3 in the SUSU

Nehemiah 3 in the SUSU2

Nehemiah 3 in the SYNO

Nehemiah 3 in the TBIAOTANT

Nehemiah 3 in the TBT1E

Nehemiah 3 in the TBT1E2

Nehemiah 3 in the TFTIP

Nehemiah 3 in the TFTU

Nehemiah 3 in the TGNTATF3T

Nehemiah 3 in the THAI

Nehemiah 3 in the TNFD

Nehemiah 3 in the TNT

Nehemiah 3 in the TNTIK

Nehemiah 3 in the TNTIL

Nehemiah 3 in the TNTIN

Nehemiah 3 in the TNTIP

Nehemiah 3 in the TNTIZ

Nehemiah 3 in the TOMA

Nehemiah 3 in the TTENT

Nehemiah 3 in the UBG

Nehemiah 3 in the UGV

Nehemiah 3 in the UGV2

Nehemiah 3 in the UGV3

Nehemiah 3 in the VBL

Nehemiah 3 in the VDCC

Nehemiah 3 in the YALU

Nehemiah 3 in the YAPE

Nehemiah 3 in the YBVTP

Nehemiah 3 in the ZBP