Nehemiah 3 (BOATCB2)

1 Afei, ɔsɔfopanyin Eliasib ne asɔfo bi fii ase too ɔfasu no fii Nguan Pon no. Wodwiraa ho, sisii nʼapon, de kosii Ɔha Abantenten ne Hananel Abantenten no. 2 Nnipa a wofi Yeriko kuropɔn no mu toaa wɔn so yɛɛ adwuma wɔ hɔ, na Imri babarima Sakur dii so. 3 Hasenaa mmabarima na wosii Mpataa Pon no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no, de nkyerewa ne adaban hyehyɛɛ mmeae a ehia. 4 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena na osiesiee ɔfasu no fa a edi hɔ no. Nʼaboafo ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nena na afei Baana babarima Sadok. 5 Wɔn a wodi so ne Tekoafo, mmom wɔn mpanyimfo no ampene sɛ wɔbɛboa. 6 Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wosiesiee Kuropɔn Dedaw Pon no. Wɔtotoo mpuran no, sisii apon no de nkyerewa ne adaban bobɔɔ mu. 7 Wɔn a wodi wɔn so yɛ Melatia a ofi Gibeon, Yadon a ofi Meronot ne nnipa a wofi Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate agya no atenae. 8 Harhaia babarima Usiel a na ɔyɛ sikadwumfo no na odi so. Ɔno nso dii dwuma wɔ ɔfasu no ho. Hanania a ɔyɛ aduhuamyɛfo no na odi so. Wogyaw Yerusalem fa bi a ekosi Ɔfasu Tɛtrɛɛ no. 9 Nea odi so yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansin fa bi ano no no, babarima Refaia. 10 Nea odi hɔ yɛ Harumaf babarima Yedaia a osiesiee ɔfasu no fa bi a ɛbɛn ne fi, na nea odi ne so ne Hasabnia babarima Hatus. 11 Nea odi so ne Harim babarima Malkia ne Pahat-Moab babarima Hasub. Wosiesiee Afononoo Abantenten no de kaa ɔfasu no fa bi ho. 12 Halohes babarima Salum ne ne mmabea na wosiesiee ɔfa a edi hɔ no. Ɔno na na otua Yerusalem mansin fa a aka no ano. 13 Sanoafo a Hanun da wɔn ano no na wosiesiee Obon Pon no, sisii nʼapon, de nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, wosiesiee ɔfasu no anammɔn apem ne ahannum de kosii Sumina Pon no. 14 Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansin ano no na osiesiee Sumina Pon no. Osiesie wiei no, osisii apon no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bram no. 15 Kol-Hose babarima Salum a na otua Mispa mansin ano no na osiesiee Asuti Pon no. Osiesiee, bɔɔ so, sisii nʼapon na ɔde nkyerewa bobɔɔ mu, bram no. Afei, osiesiee Siloam abura ho fasu a ɛbɛn ɔhene mfikyifuw no. Ɔsan too ɔfasu no kosii atrapoe a esian fi Dawid kuropɔn mu no. 16 Nea ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na otua Bet-Sur mansin fa ano no. Ɔtoo ɔfasu no kosii faako a na ɛne adehye amusiei no di nhwɛanim, kosi nsukorae no so ne Dɔmmarima Fi. 17 Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifo kuw a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a na ɔyɛ Keila mansin fa ntuanoni no na osii nʼankasa mansin anan mu hwɛɛ fasu no si so. 18 Wɔn a wodi so yɛ ɔno ara ne manfo a na Henadad babarima Binui tua wɔn ano. Ɔno na na otua Keila mansin fa no ano. 19 Wɔn a wodi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a otua Mispa ano no. Wosiesiee ɔfasu no fa bi a ɛne akode adekoradan fapem di nhwɛanim no. 20 Onipa a odi so ne Sabai babarima Baruk a osiesiee fa bi fi fapem no, de kosii ɔsɔfopanyin Eliasib fi pon no ano. 21 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena nso, siesiee ɔfasu no fa bi fi faako a ɛne Eliasib fi pon di nhwɛanim no, de kosii ofi no nkyɛn baabi. 22 Afei, asɔfo a wofifi amantam a atwa hɔ ahyia na wodi so. 23 Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nena nso siesiee ɔfasu no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afi no. 24 Nea odi hɔ yɛ Henadad babarima Binui a osiesiee ɔfasu no fa bi a efi Asaria fi kosi fapem no ntwea so hɔ. 25 Usai babarima Palal toaa adwuma no so fii faako a ɛne fapem no ne ntwea so hɔ no di nhwɛanim, ne abantenten no a ɛde ba atifi ahemfi a ɛbɛn awɛmfo no adiwo no. Nea odi ne so yɛ Paros babarima Pedaia, 26 ne asɔredan mu asomfo a na wɔte koko Ofel so. Wosiesiee ɔfasu no kosii Nsu Pon no de kɔ apuei fam ne abantenten a eyi ne ho adi no. 27 Afei, Tekoafo nso toaa so. Wobesiesiee ɔfa foforo bi a ɛne abantenten kɛse a eyi ne ho adi no ntentenso kosi Ofel fasu no. 28 Asɔfo no nso siesiee ɔfasu no a ɛwɔ koko so na ɛtoa Apɔnkɔ Pon no so no. Obiara siesiee baabi a ɛne ne fi di nhwɛanim. 29 Nea odi hɔ yɛ Imer babarima Sadok, ɔno nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so. Nea ɔtoa so ne Sekania babarima Semaia a na ɔyɛ apuei pon ano hwɛfo no. 30 Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔto so asia no siesiee ɔfasu no fa bi, na Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasu no fa a ɛtoa ne fi so. 31 Malkia a ɔyɛ sikadwumfo no mu baako siesiee ɔfasu no kosii Asɔredan mu asomfo ne aguadifo fi a Bagua Pon no ne no di nhwɛanim. Afei ɔtoa so kosii abansoro a ɛwɔ twea so hɔ no. 32 Sikadwumfo a wɔaka no ne aguadifo no siesiee ɔfasu no fii saa twea so hɔ de kosii Nguan Pon no ano.

In Other Versions

Nehemiah 3 in the ANGEFD

Nehemiah 3 in the ANTPNG2D

Nehemiah 3 in the AS21

Nehemiah 3 in the BAGH

Nehemiah 3 in the BBPNG

Nehemiah 3 in the BBT1E

Nehemiah 3 in the BDS

Nehemiah 3 in the BEV

Nehemiah 3 in the BHAD

Nehemiah 3 in the BIB

Nehemiah 3 in the BLPT

Nehemiah 3 in the BNT

Nehemiah 3 in the BNTABOOT

Nehemiah 3 in the BNTLV

Nehemiah 3 in the BOATCB

Nehemiah 3 in the BOBCV

Nehemiah 3 in the BOCNT

Nehemiah 3 in the BOECS

Nehemiah 3 in the BOGWICC

Nehemiah 3 in the BOHCB

Nehemiah 3 in the BOHCV

Nehemiah 3 in the BOHLNT

Nehemiah 3 in the BOHNTLTAL

Nehemiah 3 in the BOICB

Nehemiah 3 in the BOILNTAP

Nehemiah 3 in the BOITCV

Nehemiah 3 in the BOKCV

Nehemiah 3 in the BOKCV2

Nehemiah 3 in the BOKHWOG

Nehemiah 3 in the BOKSSV

Nehemiah 3 in the BOLCB

Nehemiah 3 in the BOLCB2

Nehemiah 3 in the BOMCV

Nehemiah 3 in the BONAV

Nehemiah 3 in the BONCB

Nehemiah 3 in the BONLT

Nehemiah 3 in the BONUT2

Nehemiah 3 in the BOPLNT

Nehemiah 3 in the BOSCB

Nehemiah 3 in the BOSNC

Nehemiah 3 in the BOTLNT

Nehemiah 3 in the BOVCB

Nehemiah 3 in the BOYCB

Nehemiah 3 in the BPBB

Nehemiah 3 in the BPH

Nehemiah 3 in the BSB

Nehemiah 3 in the CCB

Nehemiah 3 in the CUV

Nehemiah 3 in the CUVS

Nehemiah 3 in the DBT

Nehemiah 3 in the DGDNT

Nehemiah 3 in the DHNT

Nehemiah 3 in the DNT

Nehemiah 3 in the ELBE

Nehemiah 3 in the EMTV

Nehemiah 3 in the ESV

Nehemiah 3 in the FBV

Nehemiah 3 in the FEB

Nehemiah 3 in the GGMNT

Nehemiah 3 in the GNT

Nehemiah 3 in the HARY

Nehemiah 3 in the HNT

Nehemiah 3 in the IRVA

Nehemiah 3 in the IRVB

Nehemiah 3 in the IRVG

Nehemiah 3 in the IRVH

Nehemiah 3 in the IRVK

Nehemiah 3 in the IRVM

Nehemiah 3 in the IRVM2

Nehemiah 3 in the IRVO

Nehemiah 3 in the IRVP

Nehemiah 3 in the IRVT

Nehemiah 3 in the IRVT2

Nehemiah 3 in the IRVU

Nehemiah 3 in the ISVN

Nehemiah 3 in the JSNT

Nehemiah 3 in the KAPI

Nehemiah 3 in the KBT1ETNIK

Nehemiah 3 in the KBV

Nehemiah 3 in the KJV

Nehemiah 3 in the KNFD

Nehemiah 3 in the LBA

Nehemiah 3 in the LBLA

Nehemiah 3 in the LNT

Nehemiah 3 in the LSV

Nehemiah 3 in the MAAL

Nehemiah 3 in the MBV

Nehemiah 3 in the MBV2

Nehemiah 3 in the MHNT

Nehemiah 3 in the MKNFD

Nehemiah 3 in the MNG

Nehemiah 3 in the MNT

Nehemiah 3 in the MNT2

Nehemiah 3 in the MRS1T

Nehemiah 3 in the NAA

Nehemiah 3 in the NASB

Nehemiah 3 in the NBLA

Nehemiah 3 in the NBS

Nehemiah 3 in the NBVTP

Nehemiah 3 in the NET2

Nehemiah 3 in the NIV11

Nehemiah 3 in the NNT

Nehemiah 3 in the NNT2

Nehemiah 3 in the NNT3

Nehemiah 3 in the PDDPT

Nehemiah 3 in the PFNT

Nehemiah 3 in the RMNT

Nehemiah 3 in the SBIAS

Nehemiah 3 in the SBIBS

Nehemiah 3 in the SBIBS2

Nehemiah 3 in the SBICS

Nehemiah 3 in the SBIDS

Nehemiah 3 in the SBIGS

Nehemiah 3 in the SBIHS

Nehemiah 3 in the SBIIS

Nehemiah 3 in the SBIIS2

Nehemiah 3 in the SBIIS3

Nehemiah 3 in the SBIKS

Nehemiah 3 in the SBIKS2

Nehemiah 3 in the SBIMS

Nehemiah 3 in the SBIOS

Nehemiah 3 in the SBIPS

Nehemiah 3 in the SBISS

Nehemiah 3 in the SBITS

Nehemiah 3 in the SBITS2

Nehemiah 3 in the SBITS3

Nehemiah 3 in the SBITS4

Nehemiah 3 in the SBIUS

Nehemiah 3 in the SBIVS

Nehemiah 3 in the SBT

Nehemiah 3 in the SBT1E

Nehemiah 3 in the SCHL

Nehemiah 3 in the SNT

Nehemiah 3 in the SUSU

Nehemiah 3 in the SUSU2

Nehemiah 3 in the SYNO

Nehemiah 3 in the TBIAOTANT

Nehemiah 3 in the TBT1E

Nehemiah 3 in the TBT1E2

Nehemiah 3 in the TFTIP

Nehemiah 3 in the TFTU

Nehemiah 3 in the TGNTATF3T

Nehemiah 3 in the THAI

Nehemiah 3 in the TNFD

Nehemiah 3 in the TNT

Nehemiah 3 in the TNTIK

Nehemiah 3 in the TNTIL

Nehemiah 3 in the TNTIN

Nehemiah 3 in the TNTIP

Nehemiah 3 in the TNTIZ

Nehemiah 3 in the TOMA

Nehemiah 3 in the TTENT

Nehemiah 3 in the UBG

Nehemiah 3 in the UGV

Nehemiah 3 in the UGV2

Nehemiah 3 in the UGV3

Nehemiah 3 in the VBL

Nehemiah 3 in the VDCC

Nehemiah 3 in the YALU

Nehemiah 3 in the YAPE

Nehemiah 3 in the YBVTP

Nehemiah 3 in the ZBP