Nehemiah 4 (BOATCB)
1 Ɛberɛ a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo fuu yie. Nʼani beree yie, dii Yudafoɔ no ho fɛ, 2 wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafoɔ mpanimfoɔ anim sɛ, “Ɛdeɛn na Yudafoɔ ahiafoɔ, mmɔborɔfoɔ ekuo yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wɔgye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔdeɛ sɛ ɛdeɛn koraa a, wɔbɛtumi de ɛda koro ato ɔfasuo yi anaa? Monhwɛ aboɔ a ahye asɛeɛ yi a wɔreyiyi afiri nkunkumaboɔ yi mu de ayɛ adwuma bio?” 3 Na Amonni Tobia a na ɔgyina ne nkyɛn kaa sɛ, “Saa aboɔ ɔfasuo yi deɛ, sɛ sakraman koraa fa so a, ɛbɛdwiri agu fam!” 4 Na mebɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao yɛn Onyankopɔn, tie yɛn, na wɔredi yɛn ho fɛ. Ma wɔn fɛdie no mmɔ wɔn ara wɔn tiri so, na ma wɔn ankasa nkɔyɛ nnommumfoɔ wɔ amamfrafoɔ asase so. 5 Mmu wʼani ngu wɔn afɔdie so. Mpepa wɔn bɔne, ɛfiri sɛ, wɔahyɛ wo abufuo wɔ adansifoɔ yi anim.” 6 Yei nyinaa akyi, wɔtoo ɔfasuo no kɔsii dada no ɔsorokɔ fa twaa kuro no ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no yɛɛ adwumaden. 7 Na ɛberɛ a Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasuo no mu ntokuro no, wɔn bo fuu yie. 8 Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba hɔ. 9 Nanso, yɛbɔɔ yɛn Onyankopɔn mpaeɛ, wɛnee kuro no awia ne anadwo de bɔɔ yɛn ho ban. 10 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no hyɛɛ aseɛ nwiinwiiɛ kaa sɛ, “Adwumayɛfoɔ no rebrɛ, na nkunkumaboɔ no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.” 11 Ɛberɛ korɔ no ara mu no na yɛn atamfoɔ nso reka sɛ, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛato ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awieeɛ.” 12 Yudafoɔ a na wɔtete bɛn atamfoɔ no bɛbɔɔ yɛn amaneɛ mpɛn bebree sɛ, “Wɔbɛfiri afanan nyinaa abɛto ahyɛ yɛn so.” 13 Enti, mede awɛmfoɔ a wɔkura akodeɛ kɔtenaa baabi a ɔfasuo no yɛ tia, wɔ mmeammea a ɛhɔ deda hɔ. Memaa mmusuakuo no gyinagyinaa sɛ awɛmfoɔ a wɔkurakura akofena, mpea ne nnyan. 14 Afei, mehwɛɛ sɛdeɛ nneɛma teɛ no, mefrɛɛ ntuanofoɔ no ne ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro atamfoɔ no! Monkae AWURADE a ɔyɛ ɔkɛseɛ ne onimuonyamfoɔ no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afie.” 15 Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ tee sɛ yɛahunu wɔn atirimpɔ ne sɛdeɛ Onyankopɔn asɛe saa atirimpɔ no, yɛn nyinaa sane kɔɔ ɔfasuo no ho, kɔtoaa yɛn adwuma so. 16 Na ɛfiri saa ɛberɛ no, me mmarima no mu fa pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na nkaeɛ no wɛnee wɔ hɔ a wɔkurakura mpea, akokyɛm, nnyan, hyehyɛɛ akotaadeɛ wɛnee hɔ. Mpanimfoɔ no gyinagyinaa Yudafoɔ no a 17 na wɔreto ɔfasuo no akyi. Apaafoɔ no biara de nsa baako yɛɛ adwuma wɔ ɛberɛ a nsa baako nso kura akodeɛ mu. 18 Adansifoɔ no mu biara wɔ akofena a ɛbɔ nʼataaso. Totorobɛntohyɛnni no gyinaa me nkyɛn, na biribi si a, wahyɛn nʼabɛn. 19 Afei, mekyerɛɛ mu kyerɛɛ atitire ne adwumayɛfoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Adwuma no atrɛ, na yɛn ntam nso woware wɔ ɔfasuo no so. 20 Na sɛ mote totorobɛnto no nnyegyeeɛ a, monyɛ ntɛm nkɔ baabi a nnyegyeeɛ no wɔ. Na yɛn Onyankopɔn bɛko ama yɛn.” 21 Yɛkɔɔ adwuma ntɛm tenaa so kyɛree firi ɛberɛ a owia pue kɔsi ɛberɛ a owia kɔtɔ. Na ɛberɛ biara na nnipa no mu fa rewɛn. 22 Afei, mesane ka kyerɛɛ wɔn a wɔtete ɔfasuo no akyi no sɛ, wɔntu nkɔ Yerusalem. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔne wɔn asomfoɔ bɛtumi awɛn anadwo, na wayɛ adwuma awiaberɛ mu. 23 Saa ɛberɛ no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fiefoɔ anaa mʼasomfoɔ anaa awɛmfoɔ a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔ yɛn ntadeɛ da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsuo mpo a na yɛkurakura yɛn akodeɛ.
In Other Versions
Nehemiah 4 in the ANGEFD
Nehemiah 4 in the ANTPNG2D
Nehemiah 4 in the AS21
Nehemiah 4 in the BAGH
Nehemiah 4 in the BBPNG
Nehemiah 4 in the BBT1E
Nehemiah 4 in the BDS
Nehemiah 4 in the BEV
Nehemiah 4 in the BHAD
Nehemiah 4 in the BIB
Nehemiah 4 in the BLPT
Nehemiah 4 in the BNT
Nehemiah 4 in the BNTABOOT
Nehemiah 4 in the BNTLV
Nehemiah 4 in the BOATCB2
Nehemiah 4 in the BOBCV
Nehemiah 4 in the BOCNT
Nehemiah 4 in the BOECS
Nehemiah 4 in the BOGWICC
Nehemiah 4 in the BOHCB
Nehemiah 4 in the BOHCV
Nehemiah 4 in the BOHLNT
Nehemiah 4 in the BOHNTLTAL
Nehemiah 4 in the BOICB
Nehemiah 4 in the BOILNTAP
Nehemiah 4 in the BOITCV
Nehemiah 4 in the BOKCV
Nehemiah 4 in the BOKCV2
Nehemiah 4 in the BOKHWOG
Nehemiah 4 in the BOKSSV
Nehemiah 4 in the BOLCB
Nehemiah 4 in the BOLCB2
Nehemiah 4 in the BOMCV
Nehemiah 4 in the BONAV
Nehemiah 4 in the BONCB
Nehemiah 4 in the BONLT
Nehemiah 4 in the BONUT2
Nehemiah 4 in the BOPLNT
Nehemiah 4 in the BOSCB
Nehemiah 4 in the BOSNC
Nehemiah 4 in the BOTLNT
Nehemiah 4 in the BOVCB
Nehemiah 4 in the BOYCB
Nehemiah 4 in the BPBB
Nehemiah 4 in the BPH
Nehemiah 4 in the BSB
Nehemiah 4 in the CCB
Nehemiah 4 in the CUV
Nehemiah 4 in the CUVS
Nehemiah 4 in the DBT
Nehemiah 4 in the DGDNT
Nehemiah 4 in the DHNT
Nehemiah 4 in the DNT
Nehemiah 4 in the ELBE
Nehemiah 4 in the EMTV
Nehemiah 4 in the ESV
Nehemiah 4 in the FBV
Nehemiah 4 in the FEB
Nehemiah 4 in the GGMNT
Nehemiah 4 in the GNT
Nehemiah 4 in the HARY
Nehemiah 4 in the HNT
Nehemiah 4 in the IRVA
Nehemiah 4 in the IRVB
Nehemiah 4 in the IRVG
Nehemiah 4 in the IRVH
Nehemiah 4 in the IRVK
Nehemiah 4 in the IRVM
Nehemiah 4 in the IRVM2
Nehemiah 4 in the IRVO
Nehemiah 4 in the IRVP
Nehemiah 4 in the IRVT
Nehemiah 4 in the IRVT2
Nehemiah 4 in the IRVU
Nehemiah 4 in the ISVN
Nehemiah 4 in the JSNT
Nehemiah 4 in the KAPI
Nehemiah 4 in the KBT1ETNIK
Nehemiah 4 in the KBV
Nehemiah 4 in the KJV
Nehemiah 4 in the KNFD
Nehemiah 4 in the LBA
Nehemiah 4 in the LBLA
Nehemiah 4 in the LNT
Nehemiah 4 in the LSV
Nehemiah 4 in the MAAL
Nehemiah 4 in the MBV
Nehemiah 4 in the MBV2
Nehemiah 4 in the MHNT
Nehemiah 4 in the MKNFD
Nehemiah 4 in the MNG
Nehemiah 4 in the MNT
Nehemiah 4 in the MNT2
Nehemiah 4 in the MRS1T
Nehemiah 4 in the NAA
Nehemiah 4 in the NASB
Nehemiah 4 in the NBLA
Nehemiah 4 in the NBS
Nehemiah 4 in the NBVTP
Nehemiah 4 in the NET2
Nehemiah 4 in the NIV11
Nehemiah 4 in the NNT
Nehemiah 4 in the NNT2
Nehemiah 4 in the NNT3
Nehemiah 4 in the PDDPT
Nehemiah 4 in the PFNT
Nehemiah 4 in the RMNT
Nehemiah 4 in the SBIAS
Nehemiah 4 in the SBIBS
Nehemiah 4 in the SBIBS2
Nehemiah 4 in the SBICS
Nehemiah 4 in the SBIDS
Nehemiah 4 in the SBIGS
Nehemiah 4 in the SBIHS
Nehemiah 4 in the SBIIS
Nehemiah 4 in the SBIIS2
Nehemiah 4 in the SBIIS3
Nehemiah 4 in the SBIKS
Nehemiah 4 in the SBIKS2
Nehemiah 4 in the SBIMS
Nehemiah 4 in the SBIOS
Nehemiah 4 in the SBIPS
Nehemiah 4 in the SBISS
Nehemiah 4 in the SBITS
Nehemiah 4 in the SBITS2
Nehemiah 4 in the SBITS3
Nehemiah 4 in the SBITS4
Nehemiah 4 in the SBIUS
Nehemiah 4 in the SBIVS
Nehemiah 4 in the SBT
Nehemiah 4 in the SBT1E
Nehemiah 4 in the SCHL
Nehemiah 4 in the SNT
Nehemiah 4 in the SUSU
Nehemiah 4 in the SUSU2
Nehemiah 4 in the SYNO
Nehemiah 4 in the TBIAOTANT
Nehemiah 4 in the TBT1E
Nehemiah 4 in the TBT1E2
Nehemiah 4 in the TFTIP
Nehemiah 4 in the TFTU
Nehemiah 4 in the TGNTATF3T
Nehemiah 4 in the THAI
Nehemiah 4 in the TNFD
Nehemiah 4 in the TNT
Nehemiah 4 in the TNTIK
Nehemiah 4 in the TNTIL
Nehemiah 4 in the TNTIN
Nehemiah 4 in the TNTIP
Nehemiah 4 in the TNTIZ
Nehemiah 4 in the TOMA
Nehemiah 4 in the TTENT
Nehemiah 4 in the UBG
Nehemiah 4 in the UGV
Nehemiah 4 in the UGV2
Nehemiah 4 in the UGV3
Nehemiah 4 in the VBL
Nehemiah 4 in the VDCC
Nehemiah 4 in the YALU
Nehemiah 4 in the YAPE
Nehemiah 4 in the YBVTP
Nehemiah 4 in the ZBP