Nehemiah 4 (BOATCB2)
1 Bere a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no, ne bo fuw yiye. Nʼani beree yiye, dii Yudafo no ho fɛw, 2 wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafo mpanyimfo anim se, “Dɛn na Yudafo ahiafo, mmɔborɔfokuw yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wogye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔre sɛ dɛn koraa a, wobetumi de da koro ato ɔfasu yi ana? Monhwɛ abo a ahyew asɛe yi a wɔreyiyi afi afabo yi mu de ayɛ adwuma bio?” 3 Na Amonni Tobia a na ogyina ne nkyɛn kae se, “Saa abo fasu yi de, sɛ sakraman koraa fa so a, ebedwiriw agu fam!” 4 Na mebɔɔ mpae se, “Yɛn Nyankopɔn, tie yɛn, na wɔredi yɛn ho fɛw. Ma wɔn fɛwdi no mmɔ wɔn ara wɔn ti so, na ma wɔn ankasa nkɔyɛ nnommum wɔ ananafo asase so. 5 Mmu wʼani ngu wɔn afɔdi so. Mpepa wɔn bɔne, efisɛ wɔahyɛ wo abufuw wɔ adansifo yi anim.” 6 Eyi nyinaa akyi no, wɔtoo ɔfasu no kosii dedaw no sorokɔ fa twaa kurow no ho hyiae, efisɛ ɔmanfo no yɛɛ adwumaden. 7 Na bere a Sanbalat ne Tobia ne Arabfo ne Amonfo ne Asdodfo tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasu no mu atokuru no, wɔn bo fuw yiye. 8 Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba hɔ. 9 Nanso yɛbɔɔ yɛn Nyankopɔn mpae, wɛn kurow no awia ne anadwo de bɔɔ yɛn ho ban. 10 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no fii ase nwiinwii kae se, “Adwumayɛfo no rebrɛ, na afabo no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.” 11 Bere koro no ara mu no na yɛn atamfo nso reka se, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛatow ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awiei.” 12 Yudafo a na wɔte bɛn atamfo no bɛbɔɔ yɛn amanneɛ mpɛn bebree se, “Wobefi afanan nyinaa abɛtow ahyɛ yɛn so.” 13 Enti mede awɛmfo a wokura akode kɔtenaa baabi a ɔfasu no yɛ tia, wɔ mmeaemmeae a ɛhɔ deda hɔ. Memaa mmusuakuw no gyinagyinaa sɛ awɛmfo a, wokurakura afoa, mpeaw ne agyan. 14 Mehwɛɛ sɛnea nneɛma te no, mefrɛɛ ntuanofo no ne ɔmanfo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro atamfo no! Monkae AWURADE a ɔyɛ ɔkɛse ne onuonyamfo no na monko mma mo nnamfonom, mo mmusua ne mo afi.” 15 Bere a yɛn atamfo tee sɛ yɛahu wɔn atirimpɔw ne sɛnea Onyankopɔn asɛe saa atirimpɔw no, yɛn nyinaa san kɔɔ ɔfasu no ho kɔtoaa yɛn adwuma so. 16 Na efi saa bere no, me mmarima no dodow mu fa pɛ na wɔyɛɛ adwuma, na nkae no wɛn hɔ a wokurakura mpeaw, nkatabo, agyan, hyehyɛɛ akotade wɛn hɔ. Mpanyimfo no gyinagyinaa Yudafo no a 17 na wɔreto ɔfasu no akyi. Apaafo no biara de ne nsa baako yɛɛ adwuma bere a nsa baako nso kura akode mu, 18 na adansifo no mu biara wɔ afoa a ɛbɔ nʼataaso. Torobɛntohyɛnni no gyinaa me nkyɛn, na biribi si a, wahyɛn nʼabɛn. 19 Afei, mekyerɛɛ mu kyerɛɛ atitiriw ne adwumayɛfo ne ɔmanfo no nyinaa se, “Adwuma no atrɛw, na yɛn ntam nso woware wɔ ɔfasu no so. 20 Na sɛ mote torobɛnto no nnyigyei a, monyɛ ntɛm nkɔ baabi a nnyigyei no wɔ. Na yɛn Nyankopɔn bɛko ama yɛn.” 21 Yɛkɔɔ adwuma ntɛm tenaa so kyɛe fi bere a owia pue kosi bere a owia kɔtɔ. Na bere biara na nnipa no mu fa rewɛn. 22 Saa bere no meka kyerɛɛ wɔn a wɔtete ɔfasu no akyi no nso se, “Obiara ne ne boafo ntu nkɔ Yerusalem anadwo na ama wɔatumi awɛn anadwo, na wɔayɛ adwuma awia.” 23 Saa bere no, yɛn mu biara, sɛ ɛyɛ me anaa me fifo anaa mʼasomfo anaa awɛmfo a na wɔne me wɔ hɔ no anworɔw ne ntade da. Sɛ yɛrekɔpɛ nsu mpo a na yekurakura yɛn akode.
In Other Versions
Nehemiah 4 in the ANGEFD
Nehemiah 4 in the ANTPNG2D
Nehemiah 4 in the AS21
Nehemiah 4 in the BAGH
Nehemiah 4 in the BBPNG
Nehemiah 4 in the BBT1E
Nehemiah 4 in the BDS
Nehemiah 4 in the BEV
Nehemiah 4 in the BHAD
Nehemiah 4 in the BIB
Nehemiah 4 in the BLPT
Nehemiah 4 in the BNT
Nehemiah 4 in the BNTABOOT
Nehemiah 4 in the BNTLV
Nehemiah 4 in the BOATCB
Nehemiah 4 in the BOBCV
Nehemiah 4 in the BOCNT
Nehemiah 4 in the BOECS
Nehemiah 4 in the BOGWICC
Nehemiah 4 in the BOHCB
Nehemiah 4 in the BOHCV
Nehemiah 4 in the BOHLNT
Nehemiah 4 in the BOHNTLTAL
Nehemiah 4 in the BOICB
Nehemiah 4 in the BOILNTAP
Nehemiah 4 in the BOITCV
Nehemiah 4 in the BOKCV
Nehemiah 4 in the BOKCV2
Nehemiah 4 in the BOKHWOG
Nehemiah 4 in the BOKSSV
Nehemiah 4 in the BOLCB
Nehemiah 4 in the BOLCB2
Nehemiah 4 in the BOMCV
Nehemiah 4 in the BONAV
Nehemiah 4 in the BONCB
Nehemiah 4 in the BONLT
Nehemiah 4 in the BONUT2
Nehemiah 4 in the BOPLNT
Nehemiah 4 in the BOSCB
Nehemiah 4 in the BOSNC
Nehemiah 4 in the BOTLNT
Nehemiah 4 in the BOVCB
Nehemiah 4 in the BOYCB
Nehemiah 4 in the BPBB
Nehemiah 4 in the BPH
Nehemiah 4 in the BSB
Nehemiah 4 in the CCB
Nehemiah 4 in the CUV
Nehemiah 4 in the CUVS
Nehemiah 4 in the DBT
Nehemiah 4 in the DGDNT
Nehemiah 4 in the DHNT
Nehemiah 4 in the DNT
Nehemiah 4 in the ELBE
Nehemiah 4 in the EMTV
Nehemiah 4 in the ESV
Nehemiah 4 in the FBV
Nehemiah 4 in the FEB
Nehemiah 4 in the GGMNT
Nehemiah 4 in the GNT
Nehemiah 4 in the HARY
Nehemiah 4 in the HNT
Nehemiah 4 in the IRVA
Nehemiah 4 in the IRVB
Nehemiah 4 in the IRVG
Nehemiah 4 in the IRVH
Nehemiah 4 in the IRVK
Nehemiah 4 in the IRVM
Nehemiah 4 in the IRVM2
Nehemiah 4 in the IRVO
Nehemiah 4 in the IRVP
Nehemiah 4 in the IRVT
Nehemiah 4 in the IRVT2
Nehemiah 4 in the IRVU
Nehemiah 4 in the ISVN
Nehemiah 4 in the JSNT
Nehemiah 4 in the KAPI
Nehemiah 4 in the KBT1ETNIK
Nehemiah 4 in the KBV
Nehemiah 4 in the KJV
Nehemiah 4 in the KNFD
Nehemiah 4 in the LBA
Nehemiah 4 in the LBLA
Nehemiah 4 in the LNT
Nehemiah 4 in the LSV
Nehemiah 4 in the MAAL
Nehemiah 4 in the MBV
Nehemiah 4 in the MBV2
Nehemiah 4 in the MHNT
Nehemiah 4 in the MKNFD
Nehemiah 4 in the MNG
Nehemiah 4 in the MNT
Nehemiah 4 in the MNT2
Nehemiah 4 in the MRS1T
Nehemiah 4 in the NAA
Nehemiah 4 in the NASB
Nehemiah 4 in the NBLA
Nehemiah 4 in the NBS
Nehemiah 4 in the NBVTP
Nehemiah 4 in the NET2
Nehemiah 4 in the NIV11
Nehemiah 4 in the NNT
Nehemiah 4 in the NNT2
Nehemiah 4 in the NNT3
Nehemiah 4 in the PDDPT
Nehemiah 4 in the PFNT
Nehemiah 4 in the RMNT
Nehemiah 4 in the SBIAS
Nehemiah 4 in the SBIBS
Nehemiah 4 in the SBIBS2
Nehemiah 4 in the SBICS
Nehemiah 4 in the SBIDS
Nehemiah 4 in the SBIGS
Nehemiah 4 in the SBIHS
Nehemiah 4 in the SBIIS
Nehemiah 4 in the SBIIS2
Nehemiah 4 in the SBIIS3
Nehemiah 4 in the SBIKS
Nehemiah 4 in the SBIKS2
Nehemiah 4 in the SBIMS
Nehemiah 4 in the SBIOS
Nehemiah 4 in the SBIPS
Nehemiah 4 in the SBISS
Nehemiah 4 in the SBITS
Nehemiah 4 in the SBITS2
Nehemiah 4 in the SBITS3
Nehemiah 4 in the SBITS4
Nehemiah 4 in the SBIUS
Nehemiah 4 in the SBIVS
Nehemiah 4 in the SBT
Nehemiah 4 in the SBT1E
Nehemiah 4 in the SCHL
Nehemiah 4 in the SNT
Nehemiah 4 in the SUSU
Nehemiah 4 in the SUSU2
Nehemiah 4 in the SYNO
Nehemiah 4 in the TBIAOTANT
Nehemiah 4 in the TBT1E
Nehemiah 4 in the TBT1E2
Nehemiah 4 in the TFTIP
Nehemiah 4 in the TFTU
Nehemiah 4 in the TGNTATF3T
Nehemiah 4 in the THAI
Nehemiah 4 in the TNFD
Nehemiah 4 in the TNT
Nehemiah 4 in the TNTIK
Nehemiah 4 in the TNTIL
Nehemiah 4 in the TNTIN
Nehemiah 4 in the TNTIP
Nehemiah 4 in the TNTIZ
Nehemiah 4 in the TOMA
Nehemiah 4 in the TTENT
Nehemiah 4 in the UBG
Nehemiah 4 in the UGV
Nehemiah 4 in the UGV2
Nehemiah 4 in the UGV3
Nehemiah 4 in the VBL
Nehemiah 4 in the VDCC
Nehemiah 4 in the YALU
Nehemiah 4 in the YAPE
Nehemiah 4 in the YBVTP
Nehemiah 4 in the ZBP