Numbers 8 (BOATCB)
1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Ka kyerɛ Aaron sɛ, sɛ ɔsɔ nkanea nson a ɛwɔ kaneadua no so no a, ɔnsɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛto ne hann no akɔ nʼanim.” 3 Enti, Aaron yɛɛ saa. 4 Kaneadua no ne nhwiren a wɔde asiesie nʼase ne ne mman no nyinaa, sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛeɛ. Wɔyɛɛ no sɛdeɛ AWURADE kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no no. 5 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 6 “Yi Lewifoɔ no firi Israelfoɔ no mu na te wɔn ho. 7 Fa ahodwira nsuo pete wɔn so. Ma wɔnyi wɔn ho nwi nyinaa, na wɔnsi wɔn nneɛma nyinaa, afei wɔn ho bɛte. 8 Afei, ma wɔmfa nantwinini ba ne aduane afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra a nantwinini ba baako ka ho a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ mmra. 9 Afei, frɛ Israelfoɔ no nyinaa hyia na fa Lewifoɔ no bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛpono ano. 10 Ɛhɔ, wɔ AWURADE anim, mpanimfoɔ a wɔtuatua mmusuakuo no ano no de wɔn nsa bɛgu wɔn so 11 na Aaron ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi sɛ ɔde wɔn rema AWURADE sɛ akyɛdeɛ a ɛfiri Israel manfoɔ nyinaa nkyɛn. Lewifoɔ bɛsi nnipa no nyinaa anan asom AWURADE. 12 “Afei, Lewifoɔ mpanimfoɔ no de wɔn nsa bɛgu nantwie mma no apampam na wɔde wɔn ama AWURADE. Wɔde baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na wɔde baako nso abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ de ayɛ mpatadeɛ ama Lewifoɔ no. 13 Afei, wɔde Lewifoɔ no bɛma Aaron ne ne mma te sɛ deɛ wɔde afɔrebɔdeɛ biara fa asɔfoɔ so de ma AWURADE no. 14 Monam saa ɛkwan yi so bɛyi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu ama me, na wɔayɛ me dea. 15 “Sɛ mote wɔn ho na mofa saa ɛkwan yi so de wɔn ma me a, afei, wɔbɛdi ahyɛnfirie wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, adi wɔn dwuma. 16 Israelfoɔ mu nyinaa, wɔn na wɔyɛ me nkurɔfoɔ, na magye wɔn atom asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan. Mafa Lewifoɔ no sɛ wɔn ananmusifoɔ. 17 Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ mmakan nyinaa yɛ me dea—nnipa ne mmoa nyinaa. Anadwo a mekumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa no ara na mefaa wɔn de wɔn yɛɛ me nkurɔfoɔ. 18 Mafa Lewifoɔ no asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu. 19 Na mede Lewifoɔ no bɛkyɛ Aaron ne ne mmammarima. Lewifoɔ no na wɔbɛyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu nnwuma kronkron a anka ɛsɛ sɛ Israelfoɔ no na wɔyɛ, na wɔn na wɔbɛbɔ afɔdeɛ ama nkurɔfoɔ de ayɛ mpatadeɛ ama wɔn. Ɔyaredɔm biara renka Israelfoɔ no, nanso sɛ nnipa afoforɔ biara kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu a, wɔbɛyareyare.” 20 Enti, Mose ne Aaron ne Israelfoɔ no nyinaa faa ɛkwan a AWURADE kyerɛɛ Mose no so pɛpɛɛpɛ de Lewifoɔ no maa Awurade. 21 Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho, sii wɔn nneɛma ɛnna Aaron de wɔn hyɛɛ AWURADE nsa. Ɔyɛɛ wɔn ho mpatadwuma de tee wɔn ho. 22 Ɛno akyi, wɔkɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ Aaron ne ne mmammarima aboafoɔ. Wɔyɛɛ biribiara sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no. 23 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 24 “Sɛ Lewini biara di mfeɛ aduonu enum a, ma no mfiri aseɛ nsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu, 25 na wɔdi mfeɛ aduonum a, wɔapɔn wɔn ho. 26 Sɛ wɔpɔn wɔn ho a, wɔtumi di dwuma nketenkete wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ. Wɔrenyɛ nnwuma a daa ɛbɛgye wɔn berɛ.”
In Other Versions
Numbers 8 in the ANGEFD
Numbers 8 in the ANTPNG2D
Numbers 8 in the AS21
Numbers 8 in the BAGH
Numbers 8 in the BBPNG
Numbers 8 in the BBT1E
Numbers 8 in the BDS
Numbers 8 in the BEV
Numbers 8 in the BHAD
Numbers 8 in the BIB
Numbers 8 in the BLPT
Numbers 8 in the BNT
Numbers 8 in the BNTABOOT
Numbers 8 in the BNTLV
Numbers 8 in the BOATCB2
Numbers 8 in the BOBCV
Numbers 8 in the BOCNT
Numbers 8 in the BOECS
Numbers 8 in the BOGWICC
Numbers 8 in the BOHCB
Numbers 8 in the BOHCV
Numbers 8 in the BOHLNT
Numbers 8 in the BOHNTLTAL
Numbers 8 in the BOICB
Numbers 8 in the BOILNTAP
Numbers 8 in the BOITCV
Numbers 8 in the BOKCV
Numbers 8 in the BOKCV2
Numbers 8 in the BOKHWOG
Numbers 8 in the BOKSSV
Numbers 8 in the BOLCB
Numbers 8 in the BOLCB2
Numbers 8 in the BOMCV
Numbers 8 in the BONAV
Numbers 8 in the BONCB
Numbers 8 in the BONLT
Numbers 8 in the BONUT2
Numbers 8 in the BOPLNT
Numbers 8 in the BOSCB
Numbers 8 in the BOSNC
Numbers 8 in the BOTLNT
Numbers 8 in the BOVCB
Numbers 8 in the BOYCB
Numbers 8 in the BPBB
Numbers 8 in the BPH
Numbers 8 in the BSB
Numbers 8 in the CCB
Numbers 8 in the CUV
Numbers 8 in the CUVS
Numbers 8 in the DBT
Numbers 8 in the DGDNT
Numbers 8 in the DHNT
Numbers 8 in the DNT
Numbers 8 in the ELBE
Numbers 8 in the EMTV
Numbers 8 in the ESV
Numbers 8 in the FBV
Numbers 8 in the FEB
Numbers 8 in the GGMNT
Numbers 8 in the GNT
Numbers 8 in the HARY
Numbers 8 in the HNT
Numbers 8 in the IRVA
Numbers 8 in the IRVB
Numbers 8 in the IRVG
Numbers 8 in the IRVH
Numbers 8 in the IRVK
Numbers 8 in the IRVM
Numbers 8 in the IRVM2
Numbers 8 in the IRVO
Numbers 8 in the IRVP
Numbers 8 in the IRVT
Numbers 8 in the IRVT2
Numbers 8 in the IRVU
Numbers 8 in the ISVN
Numbers 8 in the JSNT
Numbers 8 in the KAPI
Numbers 8 in the KBT1ETNIK
Numbers 8 in the KBV
Numbers 8 in the KJV
Numbers 8 in the KNFD
Numbers 8 in the LBA
Numbers 8 in the LBLA
Numbers 8 in the LNT
Numbers 8 in the LSV
Numbers 8 in the MAAL
Numbers 8 in the MBV
Numbers 8 in the MBV2
Numbers 8 in the MHNT
Numbers 8 in the MKNFD
Numbers 8 in the MNG
Numbers 8 in the MNT
Numbers 8 in the MNT2
Numbers 8 in the MRS1T
Numbers 8 in the NAA
Numbers 8 in the NASB
Numbers 8 in the NBLA
Numbers 8 in the NBS
Numbers 8 in the NBVTP
Numbers 8 in the NET2
Numbers 8 in the NIV11
Numbers 8 in the NNT
Numbers 8 in the NNT2
Numbers 8 in the NNT3
Numbers 8 in the PDDPT
Numbers 8 in the PFNT
Numbers 8 in the RMNT
Numbers 8 in the SBIAS
Numbers 8 in the SBIBS
Numbers 8 in the SBIBS2
Numbers 8 in the SBICS
Numbers 8 in the SBIDS
Numbers 8 in the SBIGS
Numbers 8 in the SBIHS
Numbers 8 in the SBIIS
Numbers 8 in the SBIIS2
Numbers 8 in the SBIIS3
Numbers 8 in the SBIKS
Numbers 8 in the SBIKS2
Numbers 8 in the SBIMS
Numbers 8 in the SBIOS
Numbers 8 in the SBIPS
Numbers 8 in the SBISS
Numbers 8 in the SBITS
Numbers 8 in the SBITS2
Numbers 8 in the SBITS3
Numbers 8 in the SBITS4
Numbers 8 in the SBIUS
Numbers 8 in the SBIVS
Numbers 8 in the SBT
Numbers 8 in the SBT1E
Numbers 8 in the SCHL
Numbers 8 in the SNT
Numbers 8 in the SUSU
Numbers 8 in the SUSU2
Numbers 8 in the SYNO
Numbers 8 in the TBIAOTANT
Numbers 8 in the TBT1E
Numbers 8 in the TBT1E2
Numbers 8 in the TFTIP
Numbers 8 in the TFTU
Numbers 8 in the TGNTATF3T
Numbers 8 in the THAI
Numbers 8 in the TNFD
Numbers 8 in the TNT
Numbers 8 in the TNTIK
Numbers 8 in the TNTIL
Numbers 8 in the TNTIN
Numbers 8 in the TNTIP
Numbers 8 in the TNTIZ
Numbers 8 in the TOMA
Numbers 8 in the TTENT
Numbers 8 in the UBG
Numbers 8 in the UGV
Numbers 8 in the UGV2
Numbers 8 in the UGV3
Numbers 8 in the VBL
Numbers 8 in the VDCC
Numbers 8 in the YALU
Numbers 8 in the YAPE
Numbers 8 in the YBVTP
Numbers 8 in the ZBP