Numbers 8 (BOATCB2)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 2 “Ka kyerɛ Aaron se, ‘Sɛ wosɔ akanea ason a ɛwɔ kaneadua no so no a, sɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a, ɛbɛtow ne hann no akɔ kaneadua no nʼanim.’ ” 3 Aaron yɛɛ saa; ɔsɔɔ akanea no ma ɛtow hann kɔɔ kaneadua no anim, sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no. 4 Sɛnea Wosi yɛɛ kaneadua no ni: Sikakɔkɔɔ a wɔaboro na wɔde yɛ fii nʼase kosi ne soro. Wɔyɛɛ no sɛnea AWURADE kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no ara pɛ. 5 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 6 “Yi Lewifo no fi Israelfo no mu na tew wɔn ho. 7 Sɛ ɛbɛyɛ a wɔn ho ni yɛ eyi: Fa ahodwira nsu pete wɔn so. Ma wonyi wɔn ho nwi nyinaa, na wɔnhoro wɔn nneɛma nyinaa, na ama wɔn ho atew. 8 Afei, ma wɔmfa nantwinini ba ne aduan afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra a nantwinini ba baako ka ho a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre mmra. 9 Frɛ Israelfo no nyinaa hyia na fa Lewifo no bra Ahyiae Ntamadan no pon ano. 10 Ɛhɔ na mpanyimfo a wotuatua mmusuakuw no ano no de wɔn nsa begu wɔn so. 11 Ɛsɛ sɛ Aaron yɛ nsɛnkyerɛnne bi sɛ ɔde wɔn rema AWURADE sɛ akyɛde a efi Israel manfo nyinaa nkyɛn, na asiesie Lewifo no ama wɔayɛ AWURADE adwuma. 12 “Afei, Lewifo mpanyimfo no de wɔn nsa begu nantwimma no apampam na wɔde wɔn ama AWURADE. Wɔde ɔbaako bɛbɔ bɔne ho afɔre na wɔde ɔbaako nso abɔ ɔhyew afɔre de ayɛ mpata ama Lewifo no. 13 Afei, wɔde Lewifo no bɛma Aaron ne ne mma te sɛnea wɔde afɔrebɔde biara fa asɔfo so de ma AWURADE no.” 14 Mobɛfa saa kwan yi so ayi Lewifo no afi Israelfo no mu ama me, na wɔayɛ me dea. 15 “Sɛ motew wɔn ho na mofa saa kwan yi so de wɔn ma me a, afei, wobedi ahyɛmfiri wɔ Ahyiae Ntamadan no mu, adi wɔn dwuma. 16 Israelfo mu nyinaa, wɔn na wɔyɛ me nkurɔfo, na magye wɔn ato mu asi Israelfo mmakan nyinaa anan, Israelni bea biara abakan barima. 17 Israel abakan biara yɛ me de; nnipa ne mmoa nyinaa. Bere a mikunkum Misraimfo mmakan nyinaa no ara na mefaa wɔn de wɔn yɛɛ me nkurɔfo. 18 Mafa Lewifo no asi Israelfo mmakan nyinaa anan mu. 19 Na mede Lewifo no bɛkyɛ Aaron ne ne mmabarima. Lewifo no na wɔbɛyɛ Ahyiae Ntamadan no mu nnwuma kronkron a anka ɛsɛ sɛ Israelfo no na wɔyɛ, na wɔn na wɔbɛbɔ afɔre ama nkurɔfo de ayɛ mpata ama wɔn sɛnea sɛ Israelfo no kɔ kronkronbea hɔ a ɔyaredɔm biara renka wɔn.” 20 Mose ne Aaron ne Israelfo no nyinaa faa ɔkwan a AWURADE kyerɛɛ Mose no so pɛpɛɛpɛ de Lewifo no maa Awurade. 21 Lewifo no dwiraa wɔn ho, horoo wɔn nneɛma. Na Aaron de wɔn hyɛɛ AWURADE nsa sɛ ohim afɔre na ɔyɛɛ wɔn ho mpata adwuma de tew wɔn ho. 22 Ɛno akyi no, Lewifo no kɔyɛɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu a na Aaron ne ne mmabarima no hwɛ wɔn so Wɔyɛɛ biribiara sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no. 23 AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 24 “Eyi kɔ ma Lewifo no: Sɛ Lewini barima biara di mfe aduonu anum a, ma no nsom wɔ Ahyiae Ntamadan mu, 25 na sɛ wodi mfe aduonum a, ɛsɛ sɛ wɔapɔn fi adwuma mu a wɔnnyɛ adwuma bio. 26 Sɛ wɔpɔn a, wotumi adi dwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ de boa wɔn nuanom, mmom wɔn ankasa de, ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ da yɛ adwuma. Eyi ne ɔkwan a momfa so mma Lewifo no adwuma nyɛ.”

In Other Versions

Numbers 8 in the ANGEFD

Numbers 8 in the ANTPNG2D

Numbers 8 in the AS21

Numbers 8 in the BAGH

Numbers 8 in the BBPNG

Numbers 8 in the BBT1E

Numbers 8 in the BDS

Numbers 8 in the BEV

Numbers 8 in the BHAD

Numbers 8 in the BIB

Numbers 8 in the BLPT

Numbers 8 in the BNT

Numbers 8 in the BNTABOOT

Numbers 8 in the BNTLV

Numbers 8 in the BOATCB

Numbers 8 in the BOBCV

Numbers 8 in the BOCNT

Numbers 8 in the BOECS

Numbers 8 in the BOGWICC

Numbers 8 in the BOHCB

Numbers 8 in the BOHCV

Numbers 8 in the BOHLNT

Numbers 8 in the BOHNTLTAL

Numbers 8 in the BOICB

Numbers 8 in the BOILNTAP

Numbers 8 in the BOITCV

Numbers 8 in the BOKCV

Numbers 8 in the BOKCV2

Numbers 8 in the BOKHWOG

Numbers 8 in the BOKSSV

Numbers 8 in the BOLCB

Numbers 8 in the BOLCB2

Numbers 8 in the BOMCV

Numbers 8 in the BONAV

Numbers 8 in the BONCB

Numbers 8 in the BONLT

Numbers 8 in the BONUT2

Numbers 8 in the BOPLNT

Numbers 8 in the BOSCB

Numbers 8 in the BOSNC

Numbers 8 in the BOTLNT

Numbers 8 in the BOVCB

Numbers 8 in the BOYCB

Numbers 8 in the BPBB

Numbers 8 in the BPH

Numbers 8 in the BSB

Numbers 8 in the CCB

Numbers 8 in the CUV

Numbers 8 in the CUVS

Numbers 8 in the DBT

Numbers 8 in the DGDNT

Numbers 8 in the DHNT

Numbers 8 in the DNT

Numbers 8 in the ELBE

Numbers 8 in the EMTV

Numbers 8 in the ESV

Numbers 8 in the FBV

Numbers 8 in the FEB

Numbers 8 in the GGMNT

Numbers 8 in the GNT

Numbers 8 in the HARY

Numbers 8 in the HNT

Numbers 8 in the IRVA

Numbers 8 in the IRVB

Numbers 8 in the IRVG

Numbers 8 in the IRVH

Numbers 8 in the IRVK

Numbers 8 in the IRVM

Numbers 8 in the IRVM2

Numbers 8 in the IRVO

Numbers 8 in the IRVP

Numbers 8 in the IRVT

Numbers 8 in the IRVT2

Numbers 8 in the IRVU

Numbers 8 in the ISVN

Numbers 8 in the JSNT

Numbers 8 in the KAPI

Numbers 8 in the KBT1ETNIK

Numbers 8 in the KBV

Numbers 8 in the KJV

Numbers 8 in the KNFD

Numbers 8 in the LBA

Numbers 8 in the LBLA

Numbers 8 in the LNT

Numbers 8 in the LSV

Numbers 8 in the MAAL

Numbers 8 in the MBV

Numbers 8 in the MBV2

Numbers 8 in the MHNT

Numbers 8 in the MKNFD

Numbers 8 in the MNG

Numbers 8 in the MNT

Numbers 8 in the MNT2

Numbers 8 in the MRS1T

Numbers 8 in the NAA

Numbers 8 in the NASB

Numbers 8 in the NBLA

Numbers 8 in the NBS

Numbers 8 in the NBVTP

Numbers 8 in the NET2

Numbers 8 in the NIV11

Numbers 8 in the NNT

Numbers 8 in the NNT2

Numbers 8 in the NNT3

Numbers 8 in the PDDPT

Numbers 8 in the PFNT

Numbers 8 in the RMNT

Numbers 8 in the SBIAS

Numbers 8 in the SBIBS

Numbers 8 in the SBIBS2

Numbers 8 in the SBICS

Numbers 8 in the SBIDS

Numbers 8 in the SBIGS

Numbers 8 in the SBIHS

Numbers 8 in the SBIIS

Numbers 8 in the SBIIS2

Numbers 8 in the SBIIS3

Numbers 8 in the SBIKS

Numbers 8 in the SBIKS2

Numbers 8 in the SBIMS

Numbers 8 in the SBIOS

Numbers 8 in the SBIPS

Numbers 8 in the SBISS

Numbers 8 in the SBITS

Numbers 8 in the SBITS2

Numbers 8 in the SBITS3

Numbers 8 in the SBITS4

Numbers 8 in the SBIUS

Numbers 8 in the SBIVS

Numbers 8 in the SBT

Numbers 8 in the SBT1E

Numbers 8 in the SCHL

Numbers 8 in the SNT

Numbers 8 in the SUSU

Numbers 8 in the SUSU2

Numbers 8 in the SYNO

Numbers 8 in the TBIAOTANT

Numbers 8 in the TBT1E

Numbers 8 in the TBT1E2

Numbers 8 in the TFTIP

Numbers 8 in the TFTU

Numbers 8 in the TGNTATF3T

Numbers 8 in the THAI

Numbers 8 in the TNFD

Numbers 8 in the TNT

Numbers 8 in the TNTIK

Numbers 8 in the TNTIL

Numbers 8 in the TNTIN

Numbers 8 in the TNTIP

Numbers 8 in the TNTIZ

Numbers 8 in the TOMA

Numbers 8 in the TTENT

Numbers 8 in the UBG

Numbers 8 in the UGV

Numbers 8 in the UGV2

Numbers 8 in the UGV3

Numbers 8 in the VBL

Numbers 8 in the VDCC

Numbers 8 in the YALU

Numbers 8 in the YAPE

Numbers 8 in the YBVTP

Numbers 8 in the ZBP