Numbers 9 (BOATCB)

1 Bosome a ɛdi ɛkan no mu afe a ɛtɔ so mmienu no mu a wɔafiri Misraim no na AWURADE kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Mose ɛberɛ a ɔne Israelfoɔ wɔ Sinai ɛserɛ no so no sɛ, 2 “Ɛsɛ sɛ afe biara mu bosome a ɛdi ɛkan no dadu nna ɛnan no, Israelfoɔ di Twam Afahyɛ no. 3 Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ afahyɛ no ase owiatɔberɛ. Ɛsɛ sɛ modi mmara biara a ɛfa saa afahyɛ yi die ho so.” 4 Enti Mose kaa sɛ, wɔbɛhyɛ Twam Afahyɛ no die ase ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ 5 wɔ Sinai asase pɔ no so sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no. 6 Na asɛm a ɛsiiɛ ne sɛ, afei na na nnipa no bi firi ayie aba enti, ɛsiane sɛ wɔde wɔn ho aka owufoɔ enti, na wɔn ho agu fi. Yei enti anadwo no, wɔantumi anwe Twam Afahyɛ dwammaa no bi. Wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn 7 bɛkyerɛkyerɛɛ nsɛm a ɛha wɔn mu kyerɛɛ wɔn. Wobisaa sɛ, “Yɛde yɛn ho aka funu, nanso ɛdeɛn enti na yɛne Israelfoɔ nyinaa rentumi mfa yɛn afɔrebɔdeɛ mmrɛ AWURADE sɛdeɛ nhyehyɛeɛ no teɛ no?” 8 Mose kaa sɛ ɔbɛbisa AWURADE. 9 Ɔbisaa AWURADE no, mmuaeɛ a ɔnyaeɛ nie: 10 “Israelni biara a ɔbɛsɔ efunu mu, sɛ ɔyɛ nnɛmma anaa ɔfiri awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu no, sɛ ɛyɛ Twam Afahyɛberɛ a, ne ho agu fi, ɛfiri sɛ, wasɔ efunu mu. Sɛ wɔnam akwantuo mu enti wɔantumi amma a, wɔtumi di AWURADE Twam Afahyɛ no bosome akyi; 11 bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ aseɛ. Saa ɛberɛ no na ɛsɛ sɛ wɔwe odwammaa no a burodo a mmɔreka nni mu ka ho a ahahan nwononwono bi ka ho. 12 Ɛnsɛ sɛ wɔgya bi ma adeɛ kye so. Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ ne dompe mu. Na ɛsɛ sɛ wɔdi Twam Afahyɛ no mmara no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 13 Nanso obiara a ne ho nguu fi anaa obi a ɔntuu kwan no nanso wanni Twam Afahyɛ no wɔ ne berɛ ano no, wɔbɛtwa no asuo afiri Israelfoɔ no mu, ɛfiri sɛ, ɔboa pa sɛ ɔremmɔ afɔdeɛ mma AWURADE ɛberɛ a ɛsɛ mu, enti ɛsɛ sɛ ɛho afɔdie ba ne so. 14 “Sɛ ɔhɔhoɔ bi fra mo mu na ɔpɛ sɛ ɔdi Twam Afahyɛ no bi de hyɛ AWURADE animuonyam a, ɛsɛ sɛ ɔdi mmara korɔ no ara so. Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa.” 15 Ɛda a wɔmaa Ahyiaeɛ Ntomadan no so sii hɔ no, omununkum kataa so. Anwummerɛ no ara, omununkum no dane yɛɛ sɛ ogya na ɛyɛɛ saa ara anadwo mu no nyinaa. 16 Saa ara na ɛte ɛberɛ biara, na ɛduru anadwo a, omununkum no dane yɛ sɛ ogya. 17 Omununkum no maa ne ho so no, Israelfoɔ no dii akyire kɔsii baabiara a ɛkɔ kɔgyinaeɛ ma wɔbɔɔ hɔ atenaeɛ. 18 Yei kyerɛ sɛ, sɛ AWURADE ka sɛ wɔnkɔ a, wɔkɔ, na sɛ ɔka sɛ wɔnnyina a, wɔgyina. Na sɛ Omununkum no gyina a, wɔn nso gyina kɔsi mmerɛ dodoɔ a ɛgyina hɔ no nyinaa. 19 Sɛ ɛgyina baabi kyɛ a, wɔn nso gyina hɔ kyɛ. Na sɛ ɛgyina hɔ nna kakra bi a, wɔn nso gyina hɔ nna kakra bi saa ara, ɛfiri sɛ, saa na AWURADE ahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. 20 Ɛtɔ da bi a, omununkum no tena Ahyiaeɛ Ntomadan no so nna kakraa bi. Sɛ ɛba saa a, nnipa no nso tena nna kakraa bi. Na AWURADE nhyɛ mu, wɔtu firii wɔn atenaeɛ. 21 Ɛtɔ da bi nso a, omununkum no tena anadwo na akɔ adekyeeɛ. Nanso sɛ ɛyɛ awia anaa anadwo na omununkum no ma ne ho so a, nnipa no tu fi atenaeɛ hɔ di akyi. 22 Sɛ omununkum no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi na ɛdi nnanu, bosome anaa afe a, saa nna no ara so na Israelfoɔ no hwɛ de tena hɔ. Nanso ɛnya tu ara pɛ, na wɔn nso atu. 23 Yei kyerɛ sɛ, wɔn atenaseɛbɔ ne wɔn akwantuo nyinaa gyina AWURADE mmara a ɔhyɛ ma wɔn so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no, wɔyɛeɛ.

In Other Versions

Numbers 9 in the ANGEFD

Numbers 9 in the ANTPNG2D

Numbers 9 in the AS21

Numbers 9 in the BAGH

Numbers 9 in the BBPNG

Numbers 9 in the BBT1E

Numbers 9 in the BDS

Numbers 9 in the BEV

Numbers 9 in the BHAD

Numbers 9 in the BIB

Numbers 9 in the BLPT

Numbers 9 in the BNT

Numbers 9 in the BNTABOOT

Numbers 9 in the BNTLV

Numbers 9 in the BOATCB2

Numbers 9 in the BOBCV

Numbers 9 in the BOCNT

Numbers 9 in the BOECS

Numbers 9 in the BOGWICC

Numbers 9 in the BOHCB

Numbers 9 in the BOHCV

Numbers 9 in the BOHLNT

Numbers 9 in the BOHNTLTAL

Numbers 9 in the BOICB

Numbers 9 in the BOILNTAP

Numbers 9 in the BOITCV

Numbers 9 in the BOKCV

Numbers 9 in the BOKCV2

Numbers 9 in the BOKHWOG

Numbers 9 in the BOKSSV

Numbers 9 in the BOLCB

Numbers 9 in the BOLCB2

Numbers 9 in the BOMCV

Numbers 9 in the BONAV

Numbers 9 in the BONCB

Numbers 9 in the BONLT

Numbers 9 in the BONUT2

Numbers 9 in the BOPLNT

Numbers 9 in the BOSCB

Numbers 9 in the BOSNC

Numbers 9 in the BOTLNT

Numbers 9 in the BOVCB

Numbers 9 in the BOYCB

Numbers 9 in the BPBB

Numbers 9 in the BPH

Numbers 9 in the BSB

Numbers 9 in the CCB

Numbers 9 in the CUV

Numbers 9 in the CUVS

Numbers 9 in the DBT

Numbers 9 in the DGDNT

Numbers 9 in the DHNT

Numbers 9 in the DNT

Numbers 9 in the ELBE

Numbers 9 in the EMTV

Numbers 9 in the ESV

Numbers 9 in the FBV

Numbers 9 in the FEB

Numbers 9 in the GGMNT

Numbers 9 in the GNT

Numbers 9 in the HARY

Numbers 9 in the HNT

Numbers 9 in the IRVA

Numbers 9 in the IRVB

Numbers 9 in the IRVG

Numbers 9 in the IRVH

Numbers 9 in the IRVK

Numbers 9 in the IRVM

Numbers 9 in the IRVM2

Numbers 9 in the IRVO

Numbers 9 in the IRVP

Numbers 9 in the IRVT

Numbers 9 in the IRVT2

Numbers 9 in the IRVU

Numbers 9 in the ISVN

Numbers 9 in the JSNT

Numbers 9 in the KAPI

Numbers 9 in the KBT1ETNIK

Numbers 9 in the KBV

Numbers 9 in the KJV

Numbers 9 in the KNFD

Numbers 9 in the LBA

Numbers 9 in the LBLA

Numbers 9 in the LNT

Numbers 9 in the LSV

Numbers 9 in the MAAL

Numbers 9 in the MBV

Numbers 9 in the MBV2

Numbers 9 in the MHNT

Numbers 9 in the MKNFD

Numbers 9 in the MNG

Numbers 9 in the MNT

Numbers 9 in the MNT2

Numbers 9 in the MRS1T

Numbers 9 in the NAA

Numbers 9 in the NASB

Numbers 9 in the NBLA

Numbers 9 in the NBS

Numbers 9 in the NBVTP

Numbers 9 in the NET2

Numbers 9 in the NIV11

Numbers 9 in the NNT

Numbers 9 in the NNT2

Numbers 9 in the NNT3

Numbers 9 in the PDDPT

Numbers 9 in the PFNT

Numbers 9 in the RMNT

Numbers 9 in the SBIAS

Numbers 9 in the SBIBS

Numbers 9 in the SBIBS2

Numbers 9 in the SBICS

Numbers 9 in the SBIDS

Numbers 9 in the SBIGS

Numbers 9 in the SBIHS

Numbers 9 in the SBIIS

Numbers 9 in the SBIIS2

Numbers 9 in the SBIIS3

Numbers 9 in the SBIKS

Numbers 9 in the SBIKS2

Numbers 9 in the SBIMS

Numbers 9 in the SBIOS

Numbers 9 in the SBIPS

Numbers 9 in the SBISS

Numbers 9 in the SBITS

Numbers 9 in the SBITS2

Numbers 9 in the SBITS3

Numbers 9 in the SBITS4

Numbers 9 in the SBIUS

Numbers 9 in the SBIVS

Numbers 9 in the SBT

Numbers 9 in the SBT1E

Numbers 9 in the SCHL

Numbers 9 in the SNT

Numbers 9 in the SUSU

Numbers 9 in the SUSU2

Numbers 9 in the SYNO

Numbers 9 in the TBIAOTANT

Numbers 9 in the TBT1E

Numbers 9 in the TBT1E2

Numbers 9 in the TFTIP

Numbers 9 in the TFTU

Numbers 9 in the TGNTATF3T

Numbers 9 in the THAI

Numbers 9 in the TNFD

Numbers 9 in the TNT

Numbers 9 in the TNTIK

Numbers 9 in the TNTIL

Numbers 9 in the TNTIN

Numbers 9 in the TNTIP

Numbers 9 in the TNTIZ

Numbers 9 in the TOMA

Numbers 9 in the TTENT

Numbers 9 in the UBG

Numbers 9 in the UGV

Numbers 9 in the UGV2

Numbers 9 in the UGV3

Numbers 9 in the VBL

Numbers 9 in the VDCC

Numbers 9 in the YALU

Numbers 9 in the YAPE

Numbers 9 in the YBVTP

Numbers 9 in the ZBP