Numbers 9 (BOATCB2)
1 Ɔsram a edi kan no mu afe a ɛto so abien no mu a wɔafi Misraim no na AWURADE kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Mose bere a ɔne Israelfo wɔ Sinai sare no so no se, 2 “Ma Israelfo no nni Twam Afahyɛ no wɔ ne bere ano. 3 Munni no wɔ ne bere ano, na mofa ne mmara akwan ahorow no nyinaa so nni wɔ ɔsram yi da a ɛto so dunan no anwummere.” 4 Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se wonni Twam Afahyɛ no, 5 na wɔyɛɛ saa wɔ Sinai Nweatam no so wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Na Israelfo no yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. 6 Nanso na nnipa no bi fi ayi aba a esiane sɛ wɔde wɔn ho aka owufo nti na wɔn ho agu fi. Eyi nti wɔantumi anni Twam Afahyɛ no bi. Enti wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn da no ara 7 bɛka kyerɛɛ Mose se, “Yɛde yɛn ho aka funu ama yɛn ho agu fi, nanso dɛn nti na yɛne Israelfo nyinaa rentumi mfa yɛn afɔrebɔde mmrɛ AWURADE sɛnea nhyehyɛe no te no?” 8 Mose buaa wɔn se, “Montwɛn mma mimmisa sɛnea AWURADE mmara no ka fa mo ho.” 9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, 10 “Ka kyerɛ Israelfo no se, Obiara a obeso funu mu, sɛ ɔyɛ nnɛmma anaa ofi awo ntoatoaso a ɛreba no mu wɔ Twam Afahyɛ bere a ɛbɛma ne ho agu fi anaa ɔnam akwantu so nti wɔantumi amma no tumi di AWURADE Twam Afahyɛ no, 11 nanso ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan no anwummere na ɛsɛ sɛ wodi. Saa bere no na ɛsɛ sɛ wɔwe oguamma no a brodo a mmɔkaw nni mu ka ho a naban nweenwen ka ho. 12 Ɛnsɛ sɛ wogyaw bi ma ade kye so, anaa wɔbɔ ne dompe mu. Na ɛsɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no mmara no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 13 Nanso obiara a ne ho nguu fi anaa obi a ontuu kwan nanso wanni Twam Afahyɛ no wɔ ne bere ano no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu afi Israelfo no mu wɔ afɔre a wamma ammɛbɔ amma AWURADE bere a ɛsɛ mu no nti. Wɔbɛsoa wɔn afɔdi ho sodi. 14 “Ɛsɛ sɛ ɔhɔho a ɔfra mo mu no fa mmara koro no ara so di AWURADE Twam Afahyɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔhɔho ne okuroni nyinaa di mmara koro no so.” 15 Da a wɔmaa Ahyiae Ntamadan no so sii hɔ no, omununkum kataa so. Anwummere no ara, omununkum no dan yɛɛ sɛ ogya na ɛyɛɛ saa ara anadwo mu no nyinaa de kosii adekyee. 16 Saa ara na ɛte bere biara, na edu anadwo a, mununkum no dan yɛ sɛ ogya. 17 Omununkum no maa ne ho so no, Israelfo no dii akyi kosii baabiara a ɛkɔ kogyina ma wɔbɔɔ hɔ atenae. 18 Eyi kyerɛ sɛ, sɛ AWURADE ka se wɔnkɔ a, wɔkɔ, na sɛ ɔka se wonnyina a, wogyina. Na sɛ Omununkum no gyina a, wɔn nso gyina mmere dodow a egyina hɔ no nyinaa. 19 Sɛ egyina baabi kyɛ a, wɔn nso gyina hɔ kyɛ. Na sɛ egyina hɔ nna kakraa bi a, wɔn nso gyina hɔ nna kakraa bi saa ara, efisɛ saa na AWURADE ahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ. 20 Ɛtɔ da bi a, omununkum no tena Ahyiae Ntamadan no so nna kakraa bi. Sɛ ɛba saa a, nnipa no nso tena nna kakraa bi. Na AWURADE nhyɛ mu, wotu fii wɔn atenae. 21 Ɛtɔ da bi nso a, omununkum no tena anadwo na akɔ adekyee. Nanso sɛ ɛyɛ awia anaa anadwo na omununkum no ma ne ho so a, nnipa no tu fi atenae hɔ di akyi. 22 Sɛ omununkum no ba Ahyiae Ntamadan no atifi na edi nnaanu, ɔsram anaa afe a, saa nna no ara so na Israelfo no hwɛ de tena hɔ. Nanso enya tu ara pɛ a, na wɔn nso atu. 23 Eyi kyerɛ sɛ, wɔn nsrabɔ ne wɔn akwantu nyinaa gyina AWURADE mmara a ɔhyɛ ma wɔn no so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no, wɔyɛe.
In Other Versions
Numbers 9 in the ANGEFD
Numbers 9 in the ANTPNG2D
Numbers 9 in the AS21
Numbers 9 in the BAGH
Numbers 9 in the BBPNG
Numbers 9 in the BBT1E
Numbers 9 in the BDS
Numbers 9 in the BEV
Numbers 9 in the BHAD
Numbers 9 in the BIB
Numbers 9 in the BLPT
Numbers 9 in the BNT
Numbers 9 in the BNTABOOT
Numbers 9 in the BNTLV
Numbers 9 in the BOATCB
Numbers 9 in the BOBCV
Numbers 9 in the BOCNT
Numbers 9 in the BOECS
Numbers 9 in the BOGWICC
Numbers 9 in the BOHCB
Numbers 9 in the BOHCV
Numbers 9 in the BOHLNT
Numbers 9 in the BOHNTLTAL
Numbers 9 in the BOICB
Numbers 9 in the BOILNTAP
Numbers 9 in the BOITCV
Numbers 9 in the BOKCV
Numbers 9 in the BOKCV2
Numbers 9 in the BOKHWOG
Numbers 9 in the BOKSSV
Numbers 9 in the BOLCB
Numbers 9 in the BOLCB2
Numbers 9 in the BOMCV
Numbers 9 in the BONAV
Numbers 9 in the BONCB
Numbers 9 in the BONLT
Numbers 9 in the BONUT2
Numbers 9 in the BOPLNT
Numbers 9 in the BOSCB
Numbers 9 in the BOSNC
Numbers 9 in the BOTLNT
Numbers 9 in the BOVCB
Numbers 9 in the BOYCB
Numbers 9 in the BPBB
Numbers 9 in the BPH
Numbers 9 in the BSB
Numbers 9 in the CCB
Numbers 9 in the CUV
Numbers 9 in the CUVS
Numbers 9 in the DBT
Numbers 9 in the DGDNT
Numbers 9 in the DHNT
Numbers 9 in the DNT
Numbers 9 in the ELBE
Numbers 9 in the EMTV
Numbers 9 in the ESV
Numbers 9 in the FBV
Numbers 9 in the FEB
Numbers 9 in the GGMNT
Numbers 9 in the GNT
Numbers 9 in the HARY
Numbers 9 in the HNT
Numbers 9 in the IRVA
Numbers 9 in the IRVB
Numbers 9 in the IRVG
Numbers 9 in the IRVH
Numbers 9 in the IRVK
Numbers 9 in the IRVM
Numbers 9 in the IRVM2
Numbers 9 in the IRVO
Numbers 9 in the IRVP
Numbers 9 in the IRVT
Numbers 9 in the IRVT2
Numbers 9 in the IRVU
Numbers 9 in the ISVN
Numbers 9 in the JSNT
Numbers 9 in the KAPI
Numbers 9 in the KBT1ETNIK
Numbers 9 in the KBV
Numbers 9 in the KJV
Numbers 9 in the KNFD
Numbers 9 in the LBA
Numbers 9 in the LBLA
Numbers 9 in the LNT
Numbers 9 in the LSV
Numbers 9 in the MAAL
Numbers 9 in the MBV
Numbers 9 in the MBV2
Numbers 9 in the MHNT
Numbers 9 in the MKNFD
Numbers 9 in the MNG
Numbers 9 in the MNT
Numbers 9 in the MNT2
Numbers 9 in the MRS1T
Numbers 9 in the NAA
Numbers 9 in the NASB
Numbers 9 in the NBLA
Numbers 9 in the NBS
Numbers 9 in the NBVTP
Numbers 9 in the NET2
Numbers 9 in the NIV11
Numbers 9 in the NNT
Numbers 9 in the NNT2
Numbers 9 in the NNT3
Numbers 9 in the PDDPT
Numbers 9 in the PFNT
Numbers 9 in the RMNT
Numbers 9 in the SBIAS
Numbers 9 in the SBIBS
Numbers 9 in the SBIBS2
Numbers 9 in the SBICS
Numbers 9 in the SBIDS
Numbers 9 in the SBIGS
Numbers 9 in the SBIHS
Numbers 9 in the SBIIS
Numbers 9 in the SBIIS2
Numbers 9 in the SBIIS3
Numbers 9 in the SBIKS
Numbers 9 in the SBIKS2
Numbers 9 in the SBIMS
Numbers 9 in the SBIOS
Numbers 9 in the SBIPS
Numbers 9 in the SBISS
Numbers 9 in the SBITS
Numbers 9 in the SBITS2
Numbers 9 in the SBITS3
Numbers 9 in the SBITS4
Numbers 9 in the SBIUS
Numbers 9 in the SBIVS
Numbers 9 in the SBT
Numbers 9 in the SBT1E
Numbers 9 in the SCHL
Numbers 9 in the SNT
Numbers 9 in the SUSU
Numbers 9 in the SUSU2
Numbers 9 in the SYNO
Numbers 9 in the TBIAOTANT
Numbers 9 in the TBT1E
Numbers 9 in the TBT1E2
Numbers 9 in the TFTIP
Numbers 9 in the TFTU
Numbers 9 in the TGNTATF3T
Numbers 9 in the THAI
Numbers 9 in the TNFD
Numbers 9 in the TNT
Numbers 9 in the TNTIK
Numbers 9 in the TNTIL
Numbers 9 in the TNTIN
Numbers 9 in the TNTIP
Numbers 9 in the TNTIZ
Numbers 9 in the TOMA
Numbers 9 in the TTENT
Numbers 9 in the UBG
Numbers 9 in the UGV
Numbers 9 in the UGV2
Numbers 9 in the UGV3
Numbers 9 in the VBL
Numbers 9 in the VDCC
Numbers 9 in the YALU
Numbers 9 in the YAPE
Numbers 9 in the YBVTP
Numbers 9 in the ZBP