Philemon 1 (BOATCB)

1 Nwoma yi firi Paulo a ɛsiane Kristo Yesu enti, meyɛ odeduani no ne yɛn nuabarima Timoteo nkyɛn, Yɛde kɔma yɛn adamfo ne yɛn yɔnko Filemon 2 ne asafo a wɔhyia wɔ wo fie no ne yɛn nuabaa Apia ne yɛn yɔnko ɔsraani Arkipo no: 3 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. 4 Onua Filemon, ɛberɛ biara a mebɔ mpaeɛ no, mebɔ bi ma wo na meda me Onyankopɔn nso ase. 5 Mete ɔdɔ a wodɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne gyidie a wowɔ wɔ Awurade Yesu mu no. 6 Mebɔ mpaeɛ sɛ wobɛkɔ so abɔ wo gyidie no ho dawuro akyerɛ afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛhunu nhyira a Kristo de ama yɛn no nyinaa. 7 Onua pa, wo dɔ no ama me anigyeɛ na ahyɛ me nkuran nso. Woakanyane Onyankopɔn nkurɔfoɔ. 8 Sɛ meyɛ wo nua wɔ Kristo mu enti, mɛtumi de akokoɔduru ahyɛ wo, ama woayɛ deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ, 9 nanso ɔdɔ so, me Paulo a meyɛ akɔkoraa ɛne Kristo Yesu deduani seesei, 10 meresrɛ wo ama me ba Onesimo a ɔbɛyɛɛ me ba ɛberɛ a na meda afiase no. 11 Ɛberɛ bi a atwam no na ne ho nni mfasoɔ mma wo, nanso seesei deɛ, ne ho wɔ mfasoɔ ma me ne wo. 12 Merema ɔno a ɔyɛ mʼankasa mʼakoma no asane nʼakyi aba wo nkyɛn. 13 Esiane asɛmpa no enti, mepɛɛ sɛ ɔtena me nkyɛn ɛberɛ a meda afiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛsi wʼananmu aboa me. 14 Nanso, mempɛ sɛ mehyɛ wo sɛ boa me. Mmom, mepɛ sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu boa me. Ɛno enti, merenyɛ biribiara gye sɛ wopene so. 15 Ebia na Onesimo firii wo nkyɛn ɛberɛ tiawa bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛgye no ato mu bio afebɔɔ. 16 Seesei ɔnyɛ ɔsomfoɔ kɛkɛ ɛfiri sɛ, ɔkyɛn ɔsomfoɔ. Ɔyɛ onua pa wɔ Kristo mu. Ɔsom bo ma me. Saa ara nso na ɔbɛsom bo ama wo sɛ ɔsomfoɔ ne onua wɔ Awurade mu. 17 Enti, sɛ wodwene me ho sɛ wo fafafoɔ a, saa ara nso na gye no awaawaatuu sɛdeɛ wobɛgye me no ara. 18 Sɛ wayɛ wo biribi anaasɛ ɔde wo ka bi a, mɛtua wo ka. 19 Me Paulo, mede mʼankasa me nsa retwerɛ sɛ mɛtua wo ka, na mmom mma wo werɛ mfiri sɛ wo nso wode me ka, a ɛyɛ wʼankasa wo nkwa. 20 Enti, me nua, mesrɛ wo sɛ, Awurade enti, yɛ me saa adɔeɛ yi; ka mʼakoma hye sɛ wo nua wɔ Kristo mu. 21 Mewɔ anidasoɔ sɛ, deɛ meretwerɛ wo yi, wobɛyɛ ama aboro deɛ merebisa wo yi so. 22 Afei pɛ ɛdan ma me, ɛfiri sɛ, menim sɛ Onyankopɔn bɛtie mo mpaeɛbɔ ama mabɛka mo ho bio. 23 Epafra a Kristo Yesu enti ɔne me da afiase no kyea wo. 24 Saa ara nso na Marko, Aristarko, Dema ne Luka nso kyea wo. 25 Awurade Kristo adom nka mo nyinaa.

In Other Versions

Philemon 1 in the ANGEFD

Philemon 1 in the ANTPNG2D

Philemon 1 in the AS21

Philemon 1 in the BAGH

Philemon 1 in the BBPNG

Philemon 1 in the BBT1E

Philemon 1 in the BDS

Philemon 1 in the BEV

Philemon 1 in the BHAD

Philemon 1 in the BIB

Philemon 1 in the BLPT

Philemon 1 in the BNT

Philemon 1 in the BNTABOOT

Philemon 1 in the BNTLV

Philemon 1 in the BOATCB2

Philemon 1 in the BOBCV

Philemon 1 in the BOCNT

Philemon 1 in the BOECS

Philemon 1 in the BOGWICC

Philemon 1 in the BOHCB

Philemon 1 in the BOHCV

Philemon 1 in the BOHLNT

Philemon 1 in the BOHNTLTAL

Philemon 1 in the BOICB

Philemon 1 in the BOILNTAP

Philemon 1 in the BOITCV

Philemon 1 in the BOKCV

Philemon 1 in the BOKCV2

Philemon 1 in the BOKHWOG

Philemon 1 in the BOKSSV

Philemon 1 in the BOLCB

Philemon 1 in the BOLCB2

Philemon 1 in the BOMCV

Philemon 1 in the BONAV

Philemon 1 in the BONCB

Philemon 1 in the BONLT

Philemon 1 in the BONUT2

Philemon 1 in the BOPLNT

Philemon 1 in the BOSCB

Philemon 1 in the BOSNC

Philemon 1 in the BOTLNT

Philemon 1 in the BOVCB

Philemon 1 in the BOYCB

Philemon 1 in the BPBB

Philemon 1 in the BPH

Philemon 1 in the BSB

Philemon 1 in the CCB

Philemon 1 in the CUV

Philemon 1 in the CUVS

Philemon 1 in the DBT

Philemon 1 in the DGDNT

Philemon 1 in the DHNT

Philemon 1 in the DNT

Philemon 1 in the ELBE

Philemon 1 in the EMTV

Philemon 1 in the ESV

Philemon 1 in the FBV

Philemon 1 in the FEB

Philemon 1 in the GGMNT

Philemon 1 in the GNT

Philemon 1 in the HARY

Philemon 1 in the HNT

Philemon 1 in the IRVA

Philemon 1 in the IRVB

Philemon 1 in the IRVG

Philemon 1 in the IRVH

Philemon 1 in the IRVK

Philemon 1 in the IRVM

Philemon 1 in the IRVM2

Philemon 1 in the IRVO

Philemon 1 in the IRVP

Philemon 1 in the IRVT

Philemon 1 in the IRVT2

Philemon 1 in the IRVU

Philemon 1 in the ISVN

Philemon 1 in the JSNT

Philemon 1 in the KAPI

Philemon 1 in the KBT1ETNIK

Philemon 1 in the KBV

Philemon 1 in the KJV

Philemon 1 in the KNFD

Philemon 1 in the LBA

Philemon 1 in the LBLA

Philemon 1 in the LNT

Philemon 1 in the LSV

Philemon 1 in the MAAL

Philemon 1 in the MBV

Philemon 1 in the MBV2

Philemon 1 in the MHNT

Philemon 1 in the MKNFD

Philemon 1 in the MNG

Philemon 1 in the MNT

Philemon 1 in the MNT2

Philemon 1 in the MRS1T

Philemon 1 in the NAA

Philemon 1 in the NASB

Philemon 1 in the NBLA

Philemon 1 in the NBS

Philemon 1 in the NBVTP

Philemon 1 in the NET2

Philemon 1 in the NIV11

Philemon 1 in the NNT

Philemon 1 in the NNT2

Philemon 1 in the NNT3

Philemon 1 in the PDDPT

Philemon 1 in the PFNT

Philemon 1 in the RMNT

Philemon 1 in the SBIAS

Philemon 1 in the SBIBS

Philemon 1 in the SBIBS2

Philemon 1 in the SBICS

Philemon 1 in the SBIDS

Philemon 1 in the SBIGS

Philemon 1 in the SBIHS

Philemon 1 in the SBIIS

Philemon 1 in the SBIIS2

Philemon 1 in the SBIIS3

Philemon 1 in the SBIKS

Philemon 1 in the SBIKS2

Philemon 1 in the SBIMS

Philemon 1 in the SBIOS

Philemon 1 in the SBIPS

Philemon 1 in the SBISS

Philemon 1 in the SBITS

Philemon 1 in the SBITS2

Philemon 1 in the SBITS3

Philemon 1 in the SBITS4

Philemon 1 in the SBIUS

Philemon 1 in the SBIVS

Philemon 1 in the SBT

Philemon 1 in the SBT1E

Philemon 1 in the SCHL

Philemon 1 in the SNT

Philemon 1 in the SUSU

Philemon 1 in the SUSU2

Philemon 1 in the SYNO

Philemon 1 in the TBIAOTANT

Philemon 1 in the TBT1E

Philemon 1 in the TBT1E2

Philemon 1 in the TFTIP

Philemon 1 in the TFTU

Philemon 1 in the TGNTATF3T

Philemon 1 in the THAI

Philemon 1 in the TNFD

Philemon 1 in the TNT

Philemon 1 in the TNTIK

Philemon 1 in the TNTIL

Philemon 1 in the TNTIN

Philemon 1 in the TNTIP

Philemon 1 in the TNTIZ

Philemon 1 in the TOMA

Philemon 1 in the TTENT

Philemon 1 in the UBG

Philemon 1 in the UGV

Philemon 1 in the UGV2

Philemon 1 in the UGV3

Philemon 1 in the VBL

Philemon 1 in the VDCC

Philemon 1 in the YALU

Philemon 1 in the YAPE

Philemon 1 in the YBVTP

Philemon 1 in the ZBP