Proverbs 28 (BOATCB)
1 Omumuyɛfoɔ dwane ɛberɛ a obiara ntaa no,nanso teneneefoɔ koko yɛ duru sɛ agyata. 2 Atuateɛ ɔman nya sodifoɔ pii,nanso onipa a ɔwɔ nhunumu ne nimdeɛ ma mmara yɛ adwuma. 3 Sodifoɔ a ɔhyɛ ahiafoɔ so note sɛ brampɔnsuo a ɛsɛe mfudeɛ. 4 Wɔn a wɔpo mmara no kamfo amumuyɛfoɔ,na wɔn a wɔdi mmara so no si wɔn kwan. 5 Abɔnefoɔ nte atɛntenenee ase,nanso wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no, te aseɛ yie. 6 Ohiani a ne nanteɛ ho nni asɛmyɛ sene ɔdefoɔ a nʼakwan yɛ kɔntɔnkye. 7 Deɛ ɔdi mmara so yɛ ɔba a ɔwɔ nhunumu,nanso deɛ ɔne adidibradafoɔ bɔ no gu nʼagya anim ase. 8 Deɛ ɔgye mfɛntom mmorosoɔ de nya ne ho noɔboaboa ano ma deɛ ɔbɛyɛ ahiafoɔ adɔeɛ. 9 Sɛ obi nni mmara so a,ne mpaeɛbɔ mpo yɛ akyiwadeɛ. 10 Deɛ ɔdi teneneefoɔ anim de wɔn fa ɛkwan bɔne so nobɛhwe ɔno ankasa afidie mu,nanso wɔn a wɔn ho nni asɛm no bɛnya agyapadeɛ a ɛyɛ. 11 Ɔdefoɔ tumi yɛ onyansafoɔ wɔ nʼankasa ani so,nanso ohiani a ɔwɔ nhunumu no hunu sɛdeɛ ɔteɛ. 12 Sɛ teneneefoɔ di nkonim a, nnipa di ahurisie pii;nanso sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a nnipa kɔhinta. 13 Onipa a ɔkata ne bɔne soɔ no nnya nkɔsoɔ,na deɛ ɔka ne bɔne na ɔgyae yɛ no nya ahummɔborɔ. 14 Nhyira nka deɛ ɔsuro AWURADE ɛberɛ nyinaa,nanso deɛ ɔpirim nʼakoma no tɔ amaneɛ mu. 15 Omumuyɛfoɔ a ɔdi nnipa a wɔnni mmoa so note sɛ gyata a ɔbobɔm anaa sisire a nʼani abereɛ. 16 Sodifoɔ tirimuɔdenfoɔ nni adwene,na deɛ ɔkyiri mfasoɔ a wɔnam ɛkwan bɔne so nya no bɛnya nkwa tenten. 17 Deɛ awudie ma ne tiboa bu no fɔ no,ɔbɛyɛ ɔkobɔfoɔ akɔsi ne wu da;mma obiara mmɔ ne ho ban. 18 Deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, wɔgye no firi ɔhaw mu,nanso deɛ nʼakwan yɛ kɔntɔnkye no bɛhwe ase mpofirim. 19 Deɛ ɔyɛ nʼasase so adwuma no bɛnya aduane pii,nanso deɛ ɔdwene nneɛma hunu ho no bɛnya ne so ne ne hia. 20 Wɔbɛhyira onipa nokwafoɔ pii,na deɛ ɔpere pɛ ahonyadeɛ no remfa ne ho nni. 21 Animhwɛ nyɛ,nanso aduane kakra enti nnipa yɛ bɔne. 22 Deɛ ɔyɛ pɛpɛɛ pere sɛ ɔbɛyɛ ɔdefoɔna ɔnnim sɛ ohia retwɛn no. 23 Deɛ ɔka obi anim no bɛsɔ nnipa ani akyireasene deɛ ɔwɔ tɛkrɛmadɛ. 24 Deɛ ɔbɔ nʼagya anaa ne maame korɔnona ɔka sɛ, “Ɛnyɛ bɔne” no,ɔne ɔsɛefoɔ na ɛbɔ. 25 Ɔdifodepɛfoɔ de mpaapaemu bana deɛ ɔde ne ho to AWURADE so no bɛnya nkɔsoɔ. 26 Deɛ ɔgye ne ho die no yɛ ɔkwasea,na deɛ ɔnante nyansa mu no wɔbɛgye no. 27 Deɛ ɔma ahiafoɔ no, hwee renhia no,nanso deɛ ɔbu nʼani gu wɔn so no nya nnome pii. 28 Sɛ amumuyɛfoɔ nya tumi a, nnipa kɔhinta;na sɛ amumuyɛfoɔ ase tɔre a, teneneefoɔ ase dɔre.
In Other Versions
Proverbs 28 in the ANGEFD
Proverbs 28 in the ANTPNG2D
Proverbs 28 in the AS21
Proverbs 28 in the BAGH
Proverbs 28 in the BBPNG
Proverbs 28 in the BBT1E
Proverbs 28 in the BDS
Proverbs 28 in the BEV
Proverbs 28 in the BHAD
Proverbs 28 in the BIB
Proverbs 28 in the BLPT
Proverbs 28 in the BNT
Proverbs 28 in the BNTABOOT
Proverbs 28 in the BNTLV
Proverbs 28 in the BOATCB2
Proverbs 28 in the BOBCV
Proverbs 28 in the BOCNT
Proverbs 28 in the BOECS
Proverbs 28 in the BOGWICC
Proverbs 28 in the BOHCB
Proverbs 28 in the BOHCV
Proverbs 28 in the BOHLNT
Proverbs 28 in the BOHNTLTAL
Proverbs 28 in the BOICB
Proverbs 28 in the BOILNTAP
Proverbs 28 in the BOITCV
Proverbs 28 in the BOKCV
Proverbs 28 in the BOKCV2
Proverbs 28 in the BOKHWOG
Proverbs 28 in the BOKSSV
Proverbs 28 in the BOLCB
Proverbs 28 in the BOLCB2
Proverbs 28 in the BOMCV
Proverbs 28 in the BONAV
Proverbs 28 in the BONCB
Proverbs 28 in the BONLT
Proverbs 28 in the BONUT2
Proverbs 28 in the BOPLNT
Proverbs 28 in the BOSCB
Proverbs 28 in the BOSNC
Proverbs 28 in the BOTLNT
Proverbs 28 in the BOVCB
Proverbs 28 in the BOYCB
Proverbs 28 in the BPBB
Proverbs 28 in the BPH
Proverbs 28 in the BSB
Proverbs 28 in the CCB
Proverbs 28 in the CUV
Proverbs 28 in the CUVS
Proverbs 28 in the DBT
Proverbs 28 in the DGDNT
Proverbs 28 in the DHNT
Proverbs 28 in the DNT
Proverbs 28 in the ELBE
Proverbs 28 in the EMTV
Proverbs 28 in the ESV
Proverbs 28 in the FBV
Proverbs 28 in the FEB
Proverbs 28 in the GGMNT
Proverbs 28 in the GNT
Proverbs 28 in the HARY
Proverbs 28 in the HNT
Proverbs 28 in the IRVA
Proverbs 28 in the IRVB
Proverbs 28 in the IRVG
Proverbs 28 in the IRVH
Proverbs 28 in the IRVK
Proverbs 28 in the IRVM
Proverbs 28 in the IRVM2
Proverbs 28 in the IRVO
Proverbs 28 in the IRVP
Proverbs 28 in the IRVT
Proverbs 28 in the IRVT2
Proverbs 28 in the IRVU
Proverbs 28 in the ISVN
Proverbs 28 in the JSNT
Proverbs 28 in the KAPI
Proverbs 28 in the KBT1ETNIK
Proverbs 28 in the KBV
Proverbs 28 in the KJV
Proverbs 28 in the KNFD
Proverbs 28 in the LBA
Proverbs 28 in the LBLA
Proverbs 28 in the LNT
Proverbs 28 in the LSV
Proverbs 28 in the MAAL
Proverbs 28 in the MBV
Proverbs 28 in the MBV2
Proverbs 28 in the MHNT
Proverbs 28 in the MKNFD
Proverbs 28 in the MNG
Proverbs 28 in the MNT
Proverbs 28 in the MNT2
Proverbs 28 in the MRS1T
Proverbs 28 in the NAA
Proverbs 28 in the NASB
Proverbs 28 in the NBLA
Proverbs 28 in the NBS
Proverbs 28 in the NBVTP
Proverbs 28 in the NET2
Proverbs 28 in the NIV11
Proverbs 28 in the NNT
Proverbs 28 in the NNT2
Proverbs 28 in the NNT3
Proverbs 28 in the PDDPT
Proverbs 28 in the PFNT
Proverbs 28 in the RMNT
Proverbs 28 in the SBIAS
Proverbs 28 in the SBIBS
Proverbs 28 in the SBIBS2
Proverbs 28 in the SBICS
Proverbs 28 in the SBIDS
Proverbs 28 in the SBIGS
Proverbs 28 in the SBIHS
Proverbs 28 in the SBIIS
Proverbs 28 in the SBIIS2
Proverbs 28 in the SBIIS3
Proverbs 28 in the SBIKS
Proverbs 28 in the SBIKS2
Proverbs 28 in the SBIMS
Proverbs 28 in the SBIOS
Proverbs 28 in the SBIPS
Proverbs 28 in the SBISS
Proverbs 28 in the SBITS
Proverbs 28 in the SBITS2
Proverbs 28 in the SBITS3
Proverbs 28 in the SBITS4
Proverbs 28 in the SBIUS
Proverbs 28 in the SBIVS
Proverbs 28 in the SBT
Proverbs 28 in the SBT1E
Proverbs 28 in the SCHL
Proverbs 28 in the SNT
Proverbs 28 in the SUSU
Proverbs 28 in the SUSU2
Proverbs 28 in the SYNO
Proverbs 28 in the TBIAOTANT
Proverbs 28 in the TBT1E
Proverbs 28 in the TBT1E2
Proverbs 28 in the TFTIP
Proverbs 28 in the TFTU
Proverbs 28 in the TGNTATF3T
Proverbs 28 in the THAI
Proverbs 28 in the TNFD
Proverbs 28 in the TNT
Proverbs 28 in the TNTIK
Proverbs 28 in the TNTIL
Proverbs 28 in the TNTIN
Proverbs 28 in the TNTIP
Proverbs 28 in the TNTIZ
Proverbs 28 in the TOMA
Proverbs 28 in the TTENT
Proverbs 28 in the UBG
Proverbs 28 in the UGV
Proverbs 28 in the UGV2
Proverbs 28 in the UGV3
Proverbs 28 in the VBL
Proverbs 28 in the VDCC
Proverbs 28 in the YALU
Proverbs 28 in the YAPE
Proverbs 28 in the YBVTP
Proverbs 28 in the ZBP