Psalms 100 (BOATCB)
undefined Ayɛyie Dwom. 1 Mommɔ ose mma AWURADE, asase nyinaa 2 Momfa ahosɛpɛ nsom AWURADE;momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim. 3 Monhunu sɛ AWURADE yɛ Onyankopɔn;ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea;yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan. 4 Momfa aseda nhyɛne nʼapono muna momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ;momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. 5 AWURADE yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa;ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.