Psalms 100 (BOATCB2)
undefined Ayeyi Dwom. 1 Mommɔ ose mma AWURADE, asase nyinaa. 2 Momfa ahosɛpɛw nsom AWURADE;momfa anigye nnwom mmra nʼanim. 3 Munhu sɛ AWURADE yɛ Onyankopɔn;ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de;yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan. 4 Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu,na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo;momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. 5 AWURADE ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa;ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.