Psalms 106 (BOATCB)
1 Monkamfo AWURADE! Monna AWURADE ase na ɔyɛ;na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa. 2 Hwan na ɔbɛtumi aka nneɛma akɛseɛ a AWURADE ayɛ?Anaasɛ ɔbɛtumi aka ne nkamfo awie? 3 Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntenenee,na daa wɔyɛ deɛ ɛyɛ. 4 Ao AWURADE, sɛ wohunu wo nkurɔfoɔ mmɔbɔ a kae me.Sɛ wogye wɔn nkwa a, boa me, 5 na manya wɔn a wapa wɔn no yiedie mu kyɛfa,na manya wo manfoɔ anigyeɛ no mu kyɛfana me ne wʼagyapadeɛ no abɔ mu de nkamfo ama wo. 6 Yɛayɛ bɔne sɛdeɛ yɛn nananom yɛeɛ no;yɛayɛ mfomsoɔ na yɛadi atirimuɔdensɛm. 7 Ɛberɛ a yɛn nananom wɔ Misraim no,wɔannwene wo nsɛnkyerɛnneɛ ho;wɔankae wʼadɔeɛ bebrebe no,na wɔtee atua wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho. 8 Nanso, ne din enti ɔgyee wɔn nkwa,sɛdeɛ ɔbɛda ne tumi kɛseɛ no adi. 9 Ɔteaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ma ɛwee;ɔde wɔn faa abunu mu te sɛ ɛserɛ so. 10 Ɔgyee wɔn firii ɔtamfoɔ no nsam;deɛ ɔtane wɔn nsam na ɔyii wɔn firiiɛ. 11 Nsuo kataa wɔn atamfoɔ so;na ɔbaako mpo annya nkwa. 12 Afei wɔgyee ne bɔhyɛ no diiɛna wɔtoo nʼayɛyie dwom. 13 Nanso, ntɛm so, wɔn werɛ firii deɛ wayɛna wɔantwɛn nʼagyinatuo. 14 Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ ɛserɛ so hɔ,na wɔ asase paradada no so, wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ, 15 enti ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ,nanso, ɔde ɔfɔn yadeɛ baa wɔn so. 16 Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mosene Aaron a AWURADE ate ne ho no. 17 Asase mu buee na ɛmenee Datanna ɛsiee Abiram asafo no. 18 Egya tɔɔ wɔn akyidifoɔ no mu;ogyaframa hyee amumuyɛfoɔ no. 19 Wɔyɛɛ nantwie ba wɔ Horebna wɔkotoo ohoni a wɔde fagudeɛ ayɛ. 20 Wɔsesaa wɔn Animuonyam.Wɔde nantwinini, a ɔwe ɛserɛ nsɛsodeɛ. 21 Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn nkwa,deɛ ɔyɛɛ nneɛma akɛseɛ wɔ Misraim no, 22 nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ wɔ Ham asase sone nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ ho no. 23 Enti ɔkaa sɛ ɔbɛsɛe wɔn,nanso Mose a ɔyɛ deɛ wapa noɔ nosɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam;ɔsrɛɛ no, dwodwoo nʼabufuo no ano sɛdeɛ ɔrensɛe wɔn. 24 Afei, wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no;na wɔannye ne bɔhyɛ anni. 25 Wɔnwiinwii wɔ wɔn ntomadan muna wɔannyɛ ɔsetie amma AWURADE. 26 Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn sɛɔbɛma wɔn atotɔ wɔ ɛserɛ no so, 27 ɔbɛma wɔn asefoɔ atotɔ wɔ amanaman muna wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so. 28 Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor hona wɔdii afɔrebɔdeɛ a wɔde ama anyame a wɔnni nkwa; 29 wɔde wɔn atirimuɔdensɛm hyɛɛ AWURADE abufuona ɔyaredɔm sii wɔn mu. 30 Na Pinehas sɔre dii agyinamu,na AWURADE sii ɔyaredɔm no ano. 31 Wɔde yei yɛɛ tenenee maa Pinehaswɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛnni awieeɛ a ɛbɛba no mu. 32 Meriba nsuo ho nso, wɔhyɛɛ AWURADE abufuo,na wɔn enti, ɔhaw baa Mose so, 33 ɛfiri sɛ wɔtee Onyankopɔn Honhom anim atua,na asɛm a wannwene ho firii Mose anomu. 34 Wɔansɛe nnipa nosɛdeɛ AWURADE hyɛɛ wɔn no, 35 nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman noyɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi. 36 Wɔsomm wɔn ahonina ɛbɛyɛɛ afidie maa wɔn. 37 Wɔde wɔn mmammarimane wɔn mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa abosom. 38 Wɔkaa mogya a ɛdi bem guiɛ;wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa mogya awɔde bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni nomaa asase no ho guu fi. 39 Wɔde deɛ wɔyɛeɛ no guu wɔn ankasa ho fi;wɔnam deɛ wɔyɛeɛ no so bɔɔ adwaman. 40 Enti, AWURADE bo fuu ne nkurɔfoɔ;na ɔkyirii nʼagyapadeɛ. 41 Ɔdanee wɔn maa amanaman no,na wɔn atamfoɔ dii wɔn so. 42 Wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn sona wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase. 43 Mpɛn bebree, AWURADE gyee wɔn,nanso wɔkɔɔ so tee atuana wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu. 44 Nanso ɔhunuu wɔn ahohiahiaɛberɛ a wɔsu frɛɛ noɔ no; 45 Wɔn enti, ɔkaee nʼapam nona ɔfirii nʼadɔeɛ kɛseɛ no mu hunuu wɔn mmɔbɔ. 46 Ɔmaa sodifoɔ a wɔafa wɔn nnommum nonyaa ahummɔborɔ maa wɔn. 47 Gye yɛn, Ao AWURADE yɛn nkwagyeɛ Onyankopɔn,na boaboa yɛn ano firi amanaman so,na yɛada wo din kronkron no ase,na yɛde nkamfo ahyɛ wo animuonyam. 48 Ayɛyie nka AWURADE, Israel Onyankopɔn,ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten. Momma nnipa no nyinaa nka sɛ, “Amen!” Monkamfo AWURADE.
In Other Versions
Psalms 106 in the ANGEFD
Psalms 106 in the ANTPNG2D
Psalms 106 in the AS21
Psalms 106 in the BAGH
Psalms 106 in the BBPNG
Psalms 106 in the BBT1E
Psalms 106 in the BDS
Psalms 106 in the BEV
Psalms 106 in the BHAD
Psalms 106 in the BIB
Psalms 106 in the BLPT
Psalms 106 in the BNT
Psalms 106 in the BNTABOOT
Psalms 106 in the BNTLV
Psalms 106 in the BOATCB2
Psalms 106 in the BOBCV
Psalms 106 in the BOCNT
Psalms 106 in the BOECS
Psalms 106 in the BOGWICC
Psalms 106 in the BOHCB
Psalms 106 in the BOHCV
Psalms 106 in the BOHLNT
Psalms 106 in the BOHNTLTAL
Psalms 106 in the BOICB
Psalms 106 in the BOILNTAP
Psalms 106 in the BOITCV
Psalms 106 in the BOKCV
Psalms 106 in the BOKCV2
Psalms 106 in the BOKHWOG
Psalms 106 in the BOKSSV
Psalms 106 in the BOLCB
Psalms 106 in the BOLCB2
Psalms 106 in the BOMCV
Psalms 106 in the BONAV
Psalms 106 in the BONCB
Psalms 106 in the BONLT
Psalms 106 in the BONUT2
Psalms 106 in the BOPLNT
Psalms 106 in the BOSCB
Psalms 106 in the BOSNC
Psalms 106 in the BOTLNT
Psalms 106 in the BOVCB
Psalms 106 in the BOYCB
Psalms 106 in the BPBB
Psalms 106 in the BPH
Psalms 106 in the BSB
Psalms 106 in the CCB
Psalms 106 in the CUV
Psalms 106 in the CUVS
Psalms 106 in the DBT
Psalms 106 in the DGDNT
Psalms 106 in the DHNT
Psalms 106 in the DNT
Psalms 106 in the ELBE
Psalms 106 in the EMTV
Psalms 106 in the ESV
Psalms 106 in the FBV
Psalms 106 in the FEB
Psalms 106 in the GGMNT
Psalms 106 in the GNT
Psalms 106 in the HARY
Psalms 106 in the HNT
Psalms 106 in the IRVA
Psalms 106 in the IRVB
Psalms 106 in the IRVG
Psalms 106 in the IRVH
Psalms 106 in the IRVK
Psalms 106 in the IRVM
Psalms 106 in the IRVM2
Psalms 106 in the IRVO
Psalms 106 in the IRVP
Psalms 106 in the IRVT
Psalms 106 in the IRVT2
Psalms 106 in the IRVU
Psalms 106 in the ISVN
Psalms 106 in the JSNT
Psalms 106 in the KAPI
Psalms 106 in the KBT1ETNIK
Psalms 106 in the KBV
Psalms 106 in the KJV
Psalms 106 in the KNFD
Psalms 106 in the LBA
Psalms 106 in the LBLA
Psalms 106 in the LNT
Psalms 106 in the LSV
Psalms 106 in the MAAL
Psalms 106 in the MBV
Psalms 106 in the MBV2
Psalms 106 in the MHNT
Psalms 106 in the MKNFD
Psalms 106 in the MNG
Psalms 106 in the MNT
Psalms 106 in the MNT2
Psalms 106 in the MRS1T
Psalms 106 in the NAA
Psalms 106 in the NASB
Psalms 106 in the NBLA
Psalms 106 in the NBS
Psalms 106 in the NBVTP
Psalms 106 in the NET2
Psalms 106 in the NIV11
Psalms 106 in the NNT
Psalms 106 in the NNT2
Psalms 106 in the NNT3
Psalms 106 in the PDDPT
Psalms 106 in the PFNT
Psalms 106 in the RMNT
Psalms 106 in the SBIAS
Psalms 106 in the SBIBS
Psalms 106 in the SBIBS2
Psalms 106 in the SBICS
Psalms 106 in the SBIDS
Psalms 106 in the SBIGS
Psalms 106 in the SBIHS
Psalms 106 in the SBIIS
Psalms 106 in the SBIIS2
Psalms 106 in the SBIIS3
Psalms 106 in the SBIKS
Psalms 106 in the SBIKS2
Psalms 106 in the SBIMS
Psalms 106 in the SBIOS
Psalms 106 in the SBIPS
Psalms 106 in the SBISS
Psalms 106 in the SBITS
Psalms 106 in the SBITS2
Psalms 106 in the SBITS3
Psalms 106 in the SBITS4
Psalms 106 in the SBIUS
Psalms 106 in the SBIVS
Psalms 106 in the SBT
Psalms 106 in the SBT1E
Psalms 106 in the SCHL
Psalms 106 in the SNT
Psalms 106 in the SUSU
Psalms 106 in the SUSU2
Psalms 106 in the SYNO
Psalms 106 in the TBIAOTANT
Psalms 106 in the TBT1E
Psalms 106 in the TBT1E2
Psalms 106 in the TFTIP
Psalms 106 in the TFTU
Psalms 106 in the TGNTATF3T
Psalms 106 in the THAI
Psalms 106 in the TNFD
Psalms 106 in the TNT
Psalms 106 in the TNTIK
Psalms 106 in the TNTIL
Psalms 106 in the TNTIN
Psalms 106 in the TNTIP
Psalms 106 in the TNTIZ
Psalms 106 in the TOMA
Psalms 106 in the TTENT
Psalms 106 in the UBG
Psalms 106 in the UGV
Psalms 106 in the UGV2
Psalms 106 in the UGV3
Psalms 106 in the VBL
Psalms 106 in the VDCC
Psalms 106 in the YALU
Psalms 106 in the YAPE
Psalms 106 in the YBVTP
Psalms 106 in the ZBP