Psalms 111 (BOATCB)
1 Monkamfo AWURADE! Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama AWURADE sowɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu. 2 AWURADE nnwuma yɛ kɛseɛ;wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho. 3 Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam,na ne tenenee wɔ hɔ daa. 4 Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ; AWURADE yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ. 5 Ɔma wɔn a wosuro no no aduane;ɔkae nʼapam no daa. 6 Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu,sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn. 7 Ne nsa ano nnwuma yɛ nokorɛ na ɛtene;nʼahyɛdeɛ nyinaa mu wɔ ahotosoɔ. 8 Ɛtim hɔ daa daa,nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ. 9 Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ;ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ,ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu. 10 AWURADE suro yɛ nyansa mfitiaseɛ;wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa.Ɔno na daa ayɛyie wɔ no.