Psalms 119 (BOATCB)

1 Nhyira nka wɔn a wɔn akwan yɛ pɛna wɔnante sɛdeɛ AWURADE mmara kyerɛ. 2 Nhyira nka wɔn a wɔkora nʼahyɛdeɛ,na wɔfiri wɔn akoma nyinaa mu hwehwɛ no. 3 Wɔnnyɛ mfomsoɔ biara;na wɔnam nʼakwan so. 4 Woayɛ nkyerɛkyerɛ pa ato hɔa ɛsɛ sɛ wɔdi so pɛpɛɛpɛ. 5 Ao sɛ mʼakwan bɛyɛ teesɛdeɛ wo ɔhyɛ nsɛm no teɛ. 6 Sɛ mehwɛ wʼahyɛdeɛ no aɛnneɛ, anka mʼanim rengu ase. 7 Mede akoma a emu teɛ bɛkamfo woɛberɛ a meresua wo mmara a ɛtene no. 8 Mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm so;na nnya me korakora. 9 Aberanteɛ bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho ate?Ɛsɛ sɛ ɔdi wʼasɛm so. 10 Mede mʼakoma nyinaa hwehwɛ wo;mma me mmane mfiri wo mmaransɛm ho. 11 Mede wʼasɛm asie mʼakoma musɛdeɛ merenyɛ bɔne ntia wo. 12 Ao AWURADE, nkamfo wɔ wo;kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 13 Mede mʼano ka mmaraa ɛfiri wʼanomu nyinaa. 14 Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ sote sɛdeɛ obi anigye ahonya bebree ho no. 15 Medwendwene wo nkyerɛkyerɛ hona mehwehwɛ wʼakwan mu. 16 Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho;na merentoto wʼasɛm ase. 17 Yɛ wo ɔsomfoɔ yie;na matena ase adi wʼasɛm so. 18 Bue mʼani na menhunu anwanwadeɛ aɛwɔ wo mmara no mu. 19 Meyɛ ɔnanani wɔ asase so;mfa wo mmaransɛm no nhinta me. 20 Me kra tɔ baha ɛberɛ biarawɔ wo mmara ho anigyina enti. 21 Woka ahantanfoɔ anim, wɔn a wɔadome wɔn,na wɔmane firi wo mmaransɛm ho no. 22 Yi kasatia ne animtiabuo firi me mu,ɛfiri sɛ medi wʼahyɛdeɛ so. 23 Ɛwom sɛ sodifoɔ hyia di me ho nsekuro,nanso wo ɔsomfoɔ bɛdwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho. 24 Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼanigyedeɛna ɛyɛ me fotufoɔ. 25 Woabrɛ me ase ma meda mfuturo mu.Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. 26 Mesesee mʼakwan na wogyee me so;kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 27 Ma mente deɛ ɛwɔ wo nkyerɛkyerɛ mu ase;na mɛdwendwene wʼanwanwadeɛ ho. 28 Awerɛhoɔ ama me ɔkra atɔ baha;hyɛ me den sɛdeɛ wʼasɛm no kyerɛ. 29 Yi me firi nnaadaa akwan so;na fa wo mmara so dom me. 30 Mafa nokorɛ kwan no so;mede mʼakoma adi wo mmara akyi. 31 Ao AWURADE, mekura wo nkyerɛkyerɛ mu dendenmma mʼanim ngu ase. 32 Metu mmirika wɔ wo mmaransɛm kwan no so,ɛfiri sɛ wama mʼakoma atɔ me yam. 33 Kyerɛkyerɛ me, Ao AWURADE, na menni wo ɔhyɛ nsɛm so,na mɛdi so akɔsi awieeɛ. 34 Ma me nteaseɛ, na mɛdi wo mmara so,na mede mʼakoma nyinaa bɛdi so. 35 Kyerɛ me wo mmaransɛm kwan nona ɛhɔ na menya anigyeɛ. 36 Dane mʼakoma kɔ wʼahyɛdeɛ hona ɛmfiri pɛsɛmenkomenya ho. 37 Yi mʼani firi nneɛma hunu so;na kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼasɛm teɛ. 38 Di ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no so,na wasuro wo. 39 Yi animguaseɛ a ɛbɔ me hu no firi hɔ,ɛfiri sɛ wo mmara yɛ papa. 40 Mʼani agyina wo nkyerɛkyerɛ no!Kyɛe me nkwa so wɔ wo tenenee mu. 41 Ao AWURADE, ma wo dɔ a ɛnsa da no mmra me so,wo nkwagyeɛ no sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. 42 Afei, mɛbua deɛ ɔyi me ahi no,ɛfiri sɛ mewɔ wʼasɛm mu ahotosoɔ. 43 Nyi nokwasɛm no mfiri mʼanom,ɛfiri sɛ mʼanidasoɔ wɔ wo mmara mu. 44 Mɛdi wo mmara so ɛberɛ biaraakɔsi daa apem. 45 Mede ahofadie bɛnanteɛfiri sɛ mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ. 46 Mɛka wʼahyɛdeɛ ho asɛm wɔ ahemfo animna mʼanim rengu ase, 47 ɛfiri sɛ mʼani gye wo mmaransɛm hona medɔ no. 48 Mede anidie ma wo mmaransɛm a medɔ no,na medwendwene wo ɔhyɛ nsɛm ho. 49 Kae asɛm a woaka akyerɛ wo ɔsomfoɔ,ɛfiri sɛ woama me anidasoɔ. 50 Mʼawerɛkyekyerɛ wɔ mʼamanehunu mu ne sɛ:Wo bɔhyɛ kyɛe me nkwa so. 51 Ahantanfoɔ bu me animtia bebree,nanso mennane mfiri wo mmara ho. 52 Ao AWURADE mekae wo tete mmara no,na menya awerɛkyekyerɛ wɔ mu. 53 Abufuo hyɛ me ma, ɛsiane amumuyɛfoɔa wɔapo wo mmara enti. 54 Wo ɔhyɛ nsɛm yɛ me dwom tibanwɔ baabiara a mesoɛ. 55 Ao AWURADE, anadwo mekae wo din,na mɛdi wo mmara so. 56 Yei ne adeɛ a meyɛ da biara,medi wo nkyerɛkyerɛ so. 57 Ao AWURADE, wone me kyɛfa;mahyɛ bɔ sɛ mɛdi wo nsɛm so. 58 Mede mʼakoma nyinaa ahwehwɛ wo;hunu me mmɔbɔ sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. 59 Madwene mʼakwan hona madane mʼanammɔntuo akyerɛ wʼahyɛdeɛ. 60 Mɛyɛ ntɛm, merentwentwɛnsɛ mɛdi wo mmaransɛm soɔ. 61 Ɛwom sɛ amumuyɛfoɔ de ahoma kyekyere menanso me werɛ remfiri wo mmara. 62 Ɔdasuom, mesɔre de wʼaseda ma wowo mmara a ɛtene enti. 63 Meyɛ wɔn a wɔsuro woɔ nyinaa adamfo,wɔn a wɔdi wo nkyerɛkyerɛ soɔ nyinaa. 64 Ao AWURADE, wʼadɔeɛ ahyɛ asase so ma;kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 65 Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no yiesɛdeɛ wʼasɛm teɛ, Ao AWURADE. 66 Kyerɛkyerɛ me nimdeɛ ne atemmuo pa,ɛfiri sɛ megye wo mmaransɛm no di. 67 Ansa na merebɛhunu amane no, mefomm ɛkwan,na seesei deɛ, medi wʼasɛm so. 68 Woyɛ, na deɛ woyɛ nso yɛ;kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 69 Ahantanfoɔ de atorɔ afɔre me ho,nanso mede mʼakoma nyinaa di wo nkyerɛkyerɛ so. 70 Wɔn akoma yɛ den na wɔnni tema,nanso mʼani gye wo mmara ho. 71 Ɛyɛ sɛ mehunuu amanesɛdeɛ mɛsua wo ɔhyɛ nsɛm. 72 Mmara a ɛfiri wʼanomu no som bo ma mesene dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpempem. 73 Wo nsa na ɛbɔɔ me na ɛnwonoo me;ma me nteaseɛ a mede bɛsua wo mmaransɛm. 74 Sɛ wɔn a wɔsuro wo no hunu me a, ma wɔn ani nnye,ɛfiri sɛ mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. 75 Ao AWURADE, menim sɛ wo mmara tene,na nokorɛdie mu na woatwe mʼaso. 76 Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da nkyekyere me werɛsɛdeɛ ɛbɔ a woahyɛ wo ɔsomfoɔ no teɛ. 77 Ma wʼayamhyehyeɛ mmra me so, na mennya nkwa,ɛfiri sɛ mʼani ka wo mmara ho. 78 Ma ahantanfoɔ ani nwu wɔ bɔne a wɔyɛɛ me,nanso, mɛdwendwene wo nkyerɛkyerɛ ho. 79 Ma wɔn a wɔsuro wo no mmra me nkyɛn,wɔn a wɔte wo mmara ase no. 80 Ma mʼakoma nnya bembuo wɔ wo ɔhyɛ nsɛm ho,na mʼanim angu ase. 81 Wo nkwagyeɛ ho anigyina ama me ɔkra atɔ baha,nanso mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. 82 Mahwɛ wo bɔhyɛ anim ama mʼani abu;meka sɛ, “Da bɛn na wobɛkyekyere me werɛ?” 83 Ɛwom sɛ mete sɛ nsã kotokuo a ɛsɛn wisie ano deɛ,nanso me werɛ remfiri wo ɔhyɛ nsɛm. 84 Wo ɔsomfoɔ ntwɛn nkɔsi da bɛn?Da bɛn na wobɛtwe wɔn a wɔtaa me no aso? 85 Ahantanfoɔ atu amena de asum me afidie,a ɛne wo mmara bɔ abira. 86 Wo mmaransɛm nyinaa mu wɔ ahotosoɔ;boa me ɛfiri sɛ nnipa teetee me kwa. 87 Ɛkaa kakra bi na wɔyi me firi asase so,nanso mennyaa wo nkyerɛkyerɛ so die. 88 Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ,na mɛdi nkyerɛkyerɛ a ɛfiri wʼanomu no so. 89 Ao AWURADE, wʼasɛm no tim hɔ daa;ɛgyina hɔ pintinn wɔ ɔsorosoro. 90 Wo nokorɛdie kɔ so wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;wode asase sii hɔ, na ɛtim hɔ. 91 Wo mmara wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ,na nneɛma nyinaa som wo. 92 Sɛ mʼani anka wo mmara no ho a,anka mʼamanehunu akum me. 93 Me werɛ remfiri wo nkyerɛkyerɛ no,ɛfiri sɛ ɛno so na wonam akyɛe me nkwa so. 94 Gye me nkwa, na meyɛ wo dea;na mahwehwɛ wo nkyerɛkyerɛ no. 95 Amumuyɛfoɔ retwɛn sɛ wɔbɛsɛe me,nanso, mɛdwendwene wʼahyɛdeɛ ho. 96 Mahunu sɛ pɛyɛ nyinaa wɔ deɛ ɛkɔpem;nanso wo mmaransɛm no nni hyeɛ. 97 Ao medɔ wo mmara no!Medwendwene ho ɛda mu nyinaa. 98 Wo mmaransɛm ma me hunu nyansa sene mʼatamfoɔ,ɛfiri sɛ ɛwɔ me nkyɛn daa. 99 Mewɔ nhunumu sene mʼakyerɛkyerɛfoɔ nyinaa,ɛfiri sɛ medwendwene wʼahyɛdeɛ ho. 100 Mewɔ nteaseɛ sene mpanimfoɔ,ɛfiri sɛ medi wo nkyerɛkyerɛ so. 101 Memfaa me nan nsii ɛkwan bɔne biara sosɛdeɛ mɛtumi ayɛ ɔsetie ama wʼasɛm. 102 Memmane memfirii wo mmara ho,ɛfiri sɛ wʼankasa na woakyerɛkyerɛ me. 103 Wo nsɛm yɛ me dɛ,ɛyɛ dɛ sene ɛwoɔ wɔ mʼanom. 104 Menya nteaseɛ firi wo nkyerɛkyerɛ mu;enti mekyiri ɛkwan bɔne biara. 105 Wʼasɛm yɛ me nan ase kaneane mʼakwan so hann. 106 Maka ntam ahyɛ mu kena sɛmɛdi wo tenenee mmara no so. 107 Mahunu amane bebree;kyɛe me nkwa so, Ao AWURADE, sɛdeɛ wʼasɛm teɛ. 108 Ao AWURADE, ma wʼani nsɔ mʼanom nkamfo a ɛfiri me pɛ mu,na kyerɛkyerɛ me wo mmara. 109 Ɛwom sɛ daa metoto me nkwa ase,nanso me werɛ remfiri wo mmara. 110 Amumuyɛfoɔ asum me afidienanso memfom memfirii wo nkyerɛkyerɛ ho. 111 Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ;ɛma mʼakoma ani gye. 112 Mʼakoma ayɛ krado sɛ ɛbɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm soakɔsi awieeɛ. 113 Mekyiri nnipa a wɔn adwene yɛ wɔn ntanta,na medɔ wo mmara. 114 Wone me dwanekɔbea ne me kyɛm;mede mʼanidasoɔ ahyɛ wʼasɛm mu. 115 Momfiri me so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ,na menni me Onyankopɔn mmaransɛm so! 116 Wowa me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ, na mɛtena nkwa mu;mma mʼanidasoɔ nyɛ kwa. 117 Sɔ me mu, na menya nkwagyeɛ;na ɛberɛ biara mɛhwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no. 118 Wopo wɔn a wɔfom wo ɔhyɛ nsɛm nyinaa,na wɔn nnaadaa no yɛ ɔkwa. 119 Woyi amumuyɛfoɔ nyinaa si nkyɛn sɛ dadeben;enti medɔ wʼahyɛdeɛ. 120 Wo ho suro ma me ho popo;wo mmara abɔ me hu. 121 Mayɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ pɛ.Nnyaa me mma wɔn a wɔhyɛ me soɔ! 122 Hwɛ ma wo ɔsomfoɔ nni yie;mma ahantanfoɔ nhyɛ me so. 123 Mahwɛ wo nkwagyeɛ anim ama mʼani abu,ɛrehwehwɛ wo bɔhyɛ a ɛtene no. 124 Wo ne wo ɔsomfoɔ nni no sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛna kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 125 Meyɛ wo ɔsomfoɔ; ma me nhunumuna mate wʼahyɛdeɛ ase. 126 Ao AWURADE, ɛberɛ aso sɛ woyɛ biribi;wɔrebu wo mmara so. 127 Esiane sɛ medɔ wo mmaransɛmsene sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ amapa, 128 na medwene sɛ wo nkyerɛkyerɛ nyinaa yɛ entimekyiri ɛkwan bɔne biara. 129 Wʼahyɛdeɛ yɛ nwanwa;enti medi so. 130 Wo nsɛm ase teɛ ma hann;na ɛma ntetekwaa nya nteaseɛ. 131 Mebue mʼanom na megu ahome,na mʼani gyina wo mmaransɛm. 132 Dane wʼani hwɛ me na hunu me mmɔbɔsɛdeɛ woyɛ daa ma wɔn a wɔdɔ wo din no. 133 Tutu mʼanammɔn sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ.Mma bɔne biara nni me so. 134 Gye me firi nnipa nhyɛsoɔ mu,na madi wo nkyerɛkyerɛ so. 135 Ma wʼanim nhyerɛn wo ɔsomfoɔ sona kyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 136 Nisuo adware me sɛ asuteneɛfiri sɛ nnipa nni wo mmara so. 137 Ɔteneneeni ne wo, Ao AWURADE,na wo mmara nso yɛ pɛ. 138 Ahyɛdeɛ a woayɛ no tene;ɛyɛ deɛ wɔnya mu ahotosoɔ pa ara. 139 Abufuo ahyɛ me ma,ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ bu wɔn ani gu wo nsɛm no. 140 Wɔasɔ wo bɔhyɛ ahodoɔ no ahwɛ pa ara,na wo ɔsomfoɔ dɔ wɔn. 141 Ɛwom sɛ mennka hwee na memfra deɛ,nanso me werɛ mfiri wo nkyerɛkyerɛ. 142 Wo tenenee wɔ hɔ daana wo mmara no yɛ nokorɛ. 143 Ɔhaw ne ahohiahia aduru me,nanso wo mmaransɛm ma me ahosɛpɛ. 144 Wʼahyɛdeɛ yɛ nokorɛ daa;ma me nteaseɛ na manya nkwa. 145 Ao AWURADE, mede mʼakoma nyinaa mefrɛ wo, gye me so,na mɛdi wo ɔhyɛ nsɛm no so. 146 Mesu mefrɛ wo, gye me nkwana medi wʼahyɛdeɛ so. 147 Mesɔre anɔpahema, na mesu pɛ mmoa;mede me werɛ ahyɛ wo nsɛm mu. 148 Mʼani gu so anadwo nyinaa,na mɛdwendwene wo bɔhyɛ ho. 149 Tie me nne sɛdeɛ wʼadɔeɛ no teɛ;Ao AWURADE, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara teɛ. 150 Wɔn a wɔhyehyɛ atirimuɔdensɛm no abɛn,nanso wɔne wo mmara ntam ware. 151 Ao AWURADE, wo deɛ, wobɛn me,na wo mmaransɛm nyinaa yɛ nokorɛ. 152 Mmerɛ bi a atwam no, mesuaa wʼahyɛdeɛa wode timiiɛ hɔ sɛ ɛntena hɔ daa no. 153 Hwɛ mʼamanehunu na gye me nkwaɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmara no. 154 Di mʼasɛm ma me na gye me.Kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. 155 Nkwagyeɛ ne atirimuɔdenfoɔ ntam kwan ware,ɛfiri sɛ wɔnhwehwɛ wo ɔhyɛ nsɛm no. 156 Ao AWURADE, wʼayamhyehyeɛ yɛ kɛseɛ;kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wo mmara no teɛ. 157 Atamfoɔ a wɔteetee me dɔɔso,nanso memmane memfirii wo nhyehyɛeɛ ho. 158 Mehwɛ wɔn a wɔnni gyidie no a, wɔn ho yɛ me nwunu,ɛfiri sɛ wɔnni wʼasɛm so. 159 Hwɛ sɛdeɛ mʼani gye wo nkyerɛkyerɛ ho;Ao AWURADE, kyɛe me nkwa so sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ. 160 Wo nsɛm nyinaa yɛ nokorɛ;na wo mmara a ɛtene no to rentwa da. 161 Sodifoɔ taataa me kwa,nanso ɛyɛ wʼasɛm nko ara na mesuro. 162 Mʼani gye wo bɔhyɛ hote sɛ obi a wanya asadeɛ kɛseɛ. 163 Mekyiri nkontompona medɔ wo mmara. 164 Mekamfo wo mprɛnson da biarawo mmara a ɛtene no enti. 165 Wɔn a wɔdɔ wo mmara no wɔ asomdwoeɛ mmoroso,na biribiara rentumi mma wɔnsunti. 166 Ao AWURADE, metwɛn wo nkwagyeɛ,na medi wo mmaransɛm so. 167 Medi wʼahyɛdeɛ sona medɔ no yie. 168 Medi wo nkyerɛkyerɛ ne wʼahyɛdeɛ so,na wonim mʼakwan nyinaa. 169 Ao AWURADE, ma me sufrɛ nnuru wʼanim;ma me nteaseɛ sɛdeɛ wʼasɛm no teɛ. 170 Ma me nkotosrɛ nnuru wʼanim;na gye me sɛdeɛ wo bɔhyɛ no teɛ. 171 Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma;ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm. 172 Ma me tɛkrɛma nto wʼasɛm ho dwom,ɛfiri sɛ wo mmaransɛm nyinaa tene. 173 Yɛ ahoboa bɛboa me,ɛfiri sɛ masɔ wo nkyerɛkyerɛ no mu. 174 Ao AWURADE, mʼani agyina wo nkwagyeɛ,na wo mmara yɛ mʼanigyedeɛ. 175 Ma me ntena nkwa mu na matumi akamfo wo,na wo mmara nso awowa me. 176 Mafom ɛkwan sɛ odwan a wayera.Hwehwɛ wo ɔsomfoɔ,ɛfiri sɛ me werɛ mfirii wo mmaransɛm no.

In Other Versions

Psalms 119 in the ANGEFD

Psalms 119 in the ANTPNG2D

Psalms 119 in the AS21

Psalms 119 in the BAGH

Psalms 119 in the BBPNG

Psalms 119 in the BBT1E

Psalms 119 in the BDS

Psalms 119 in the BEV

Psalms 119 in the BHAD

Psalms 119 in the BIB

Psalms 119 in the BLPT

Psalms 119 in the BNT

Psalms 119 in the BNTABOOT

Psalms 119 in the BNTLV

Psalms 119 in the BOATCB2

Psalms 119 in the BOBCV

Psalms 119 in the BOCNT

Psalms 119 in the BOECS

Psalms 119 in the BOGWICC

Psalms 119 in the BOHCB

Psalms 119 in the BOHCV

Psalms 119 in the BOHLNT

Psalms 119 in the BOHNTLTAL

Psalms 119 in the BOICB

Psalms 119 in the BOILNTAP

Psalms 119 in the BOITCV

Psalms 119 in the BOKCV

Psalms 119 in the BOKCV2

Psalms 119 in the BOKHWOG

Psalms 119 in the BOKSSV

Psalms 119 in the BOLCB

Psalms 119 in the BOLCB2

Psalms 119 in the BOMCV

Psalms 119 in the BONAV

Psalms 119 in the BONCB

Psalms 119 in the BONLT

Psalms 119 in the BONUT2

Psalms 119 in the BOPLNT

Psalms 119 in the BOSCB

Psalms 119 in the BOSNC

Psalms 119 in the BOTLNT

Psalms 119 in the BOVCB

Psalms 119 in the BOYCB

Psalms 119 in the BPBB

Psalms 119 in the BPH

Psalms 119 in the BSB

Psalms 119 in the CCB

Psalms 119 in the CUV

Psalms 119 in the CUVS

Psalms 119 in the DBT

Psalms 119 in the DGDNT

Psalms 119 in the DHNT

Psalms 119 in the DNT

Psalms 119 in the ELBE

Psalms 119 in the EMTV

Psalms 119 in the ESV

Psalms 119 in the FBV

Psalms 119 in the FEB

Psalms 119 in the GGMNT

Psalms 119 in the GNT

Psalms 119 in the HARY

Psalms 119 in the HNT

Psalms 119 in the IRVA

Psalms 119 in the IRVB

Psalms 119 in the IRVG

Psalms 119 in the IRVH

Psalms 119 in the IRVK

Psalms 119 in the IRVM

Psalms 119 in the IRVM2

Psalms 119 in the IRVO

Psalms 119 in the IRVP

Psalms 119 in the IRVT

Psalms 119 in the IRVT2

Psalms 119 in the IRVU

Psalms 119 in the ISVN

Psalms 119 in the JSNT

Psalms 119 in the KAPI

Psalms 119 in the KBT1ETNIK

Psalms 119 in the KBV

Psalms 119 in the KJV

Psalms 119 in the KNFD

Psalms 119 in the LBA

Psalms 119 in the LBLA

Psalms 119 in the LNT

Psalms 119 in the LSV

Psalms 119 in the MAAL

Psalms 119 in the MBV

Psalms 119 in the MBV2

Psalms 119 in the MHNT

Psalms 119 in the MKNFD

Psalms 119 in the MNG

Psalms 119 in the MNT

Psalms 119 in the MNT2

Psalms 119 in the MRS1T

Psalms 119 in the NAA

Psalms 119 in the NASB

Psalms 119 in the NBLA

Psalms 119 in the NBS

Psalms 119 in the NBVTP

Psalms 119 in the NET2

Psalms 119 in the NIV11

Psalms 119 in the NNT

Psalms 119 in the NNT2

Psalms 119 in the NNT3

Psalms 119 in the PDDPT

Psalms 119 in the PFNT

Psalms 119 in the RMNT

Psalms 119 in the SBIAS

Psalms 119 in the SBIBS

Psalms 119 in the SBIBS2

Psalms 119 in the SBICS

Psalms 119 in the SBIDS

Psalms 119 in the SBIGS

Psalms 119 in the SBIHS

Psalms 119 in the SBIIS

Psalms 119 in the SBIIS2

Psalms 119 in the SBIIS3

Psalms 119 in the SBIKS

Psalms 119 in the SBIKS2

Psalms 119 in the SBIMS

Psalms 119 in the SBIOS

Psalms 119 in the SBIPS

Psalms 119 in the SBISS

Psalms 119 in the SBITS

Psalms 119 in the SBITS2

Psalms 119 in the SBITS3

Psalms 119 in the SBITS4

Psalms 119 in the SBIUS

Psalms 119 in the SBIVS

Psalms 119 in the SBT

Psalms 119 in the SBT1E

Psalms 119 in the SCHL

Psalms 119 in the SNT

Psalms 119 in the SUSU

Psalms 119 in the SUSU2

Psalms 119 in the SYNO

Psalms 119 in the TBIAOTANT

Psalms 119 in the TBT1E

Psalms 119 in the TBT1E2

Psalms 119 in the TFTIP

Psalms 119 in the TFTU

Psalms 119 in the TGNTATF3T

Psalms 119 in the THAI

Psalms 119 in the TNFD

Psalms 119 in the TNT

Psalms 119 in the TNTIK

Psalms 119 in the TNTIL

Psalms 119 in the TNTIN

Psalms 119 in the TNTIP

Psalms 119 in the TNTIZ

Psalms 119 in the TOMA

Psalms 119 in the TTENT

Psalms 119 in the UBG

Psalms 119 in the UGV

Psalms 119 in the UGV2

Psalms 119 in the UGV3

Psalms 119 in the VBL

Psalms 119 in the VDCC

Psalms 119 in the YALU

Psalms 119 in the YAPE

Psalms 119 in the YBVTP

Psalms 119 in the ZBP