Psalms 47 (BOATCB)
undefined Kora mma dwom. 1 Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam;momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn. 2 AWURADE Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa,Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so! 3 Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase,na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn nan ase. 4 Ɔyii yɛn agyapadeɛ maa yɛn,deɛ ɛyɛ Yakob a ɔdɔ noɔ no ahohoahoadeɛ. 5 Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu. AWURADE wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu. 6 To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom;to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom. 7 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Ɔhene.Monto ahurisie nnwom mma no. 8 Onyankopɔn di ɔhene wɔ amanaman no soOnyankopɔn te nʼahennwa kronkron so. 9 Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho anosɛ Abraham Onyankopɔn nkurɔfoɔ,ɛfiri sɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn dea;na wɔma no so yɛ no kɛseɛ.