Psalms 87 (BOATCB)
undefined Kora mma dwom. 1 AWURADE ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so; 2 AWURADE dɔ Sion apono nosene Yakob atenaeɛ nyinaa. 3 Wɔka wo ho animuonyamsɛmAo Onyankopɔn kuropɔn: 4 “Mede Rahab ne Babiloniabɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho,Filistia, Tiro ne Kus nsomɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’ ” 5 Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ,“Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu,na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.” 6 AWURADE bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ,“Wɔwoo yei wɔ Sion.” 7 Na wɔbɛto dwom sɛ,“Me nhini nyinaa wɔ wo mu.”Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo so.