Revelation 13 (BOATCB)

1 Afei, mehunuu sɛ aboa bi apue ɛpo no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn edu ne tire nson a na ahenkyɛ hyehyɛ mmɛn no biara so na edin a ɛgu Onyankopɔn ho fi bobɔ etire no ho. 2 Aboa a mehunuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ a ne nan te sɛ sisi, na nʼano nso te sɛ gyata. Ɔtweaseɛ no de ɔno ankasa ahoɔden ne nʼahennwa ne ne tumi nyinaa maa aboa no. 3 Mehunuu sɛ wɔapira ne tiri no baako a ayɛ sɛ wɔrentumi nkum kuro no, nanso na kuro no awu. Aboa no ho yɛɛ ewiasefoɔ nyinaa nwanwa, enti wɔtu dii nʼakyi. 4 Nnipa nyinaa somm ɔtweaseɛ no, ɛfiri sɛ, ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsomm aboa no nso kaa sɛ, “Hwan na ɔte sɛ aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?” 5 Wɔmaa aboa no kwan maa ɔkaa abususɛm akɛseakɛseɛ tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi sɛ ɔnyɛ deɛ ɔpɛ biara abosome aduanan mmienu. 6 Ɔhyɛɛ aseɛ domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte ɔsoro nyinaa. 7 Wɔmaa no ɛkwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfoɔ koeɛ sɛ ɔbɛdi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu so tumi. 8 Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no: obiara a wantwerɛ ne din anhyɛ ateasefoɔ nwoma a ɛwɔ Odwammaa a wɔkumm no no mu ansa na wɔrebɔ ewiase. 9 “Tie, wo a wowɔ aso, bɛtie. 10 “Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no,wɔbɛkyere no.Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkum no akofena ano no,wɔbɛkum no.”Yei mu boasetɔ ne gyidie ho hia Onyankopɔn nkurɔfoɔ. 11 Afei, mehunuu aboa foforɔ a ɔrepue afiri asase mu. Na ɔwɔ mmɛn mmienu te sɛ nnwammaa, nanso na ɔkasa te sɛ ɔtweaseɛ no. 12 Ɔsii aboa a ɔdi ɛkan no ananmu de ne tumi kɛseɛ no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne ɛso nnipa sɛ wɔnsom deɛ nʼapirakuro no awu no. 13 Aboa a ɔtɔ so mmienu yi yɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree. Ɔmaa ogya firi ɔsoro baa asase so wɔ nnipa nyinaa anim. 14 Na ɔnam anwanwadeɛ a wɔmaa no ho ɛkwan yɛeɛ wɔ aboa a ɔdi ɛkan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ ewiase nnipa nyinaa sɛ, wɔnsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde akofena piraa no nanso nʼapirakuro no awu na ɔte ase no animuonyam. 15 Wɔmaa aboa a ɔtɔ so mmienu no ɛkwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a ɔdi ɛkan ohoni no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ohoni no bɛtumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no. 16 Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛseɛ; adefoɔ ne ahiafoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyiraeɛ. 17 Obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn, gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina hɔ ma edin no hyɛ ne ho agyiraeɛ. 18 Yei hia ma nyansa. Obiara a ɔnim nyansa no bɛtumi ahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina hɔ ma aboa no ase, ɛfiri sɛ, nsɛnkyerɛnneɛ no gyina hɔ ma onipa edin. Ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ahansia aduosia nsia.

In Other Versions

Revelation 13 in the ANGEFD

Revelation 13 in the ANTPNG2D

Revelation 13 in the AS21

Revelation 13 in the BAGH

Revelation 13 in the BBPNG

Revelation 13 in the BBT1E

Revelation 13 in the BDS

Revelation 13 in the BEV

Revelation 13 in the BHAD

Revelation 13 in the BIB

Revelation 13 in the BLPT

Revelation 13 in the BNT

Revelation 13 in the BNTABOOT

Revelation 13 in the BNTLV

Revelation 13 in the BOATCB2

Revelation 13 in the BOBCV

Revelation 13 in the BOCNT

Revelation 13 in the BOECS

Revelation 13 in the BOGWICC

Revelation 13 in the BOHCB

Revelation 13 in the BOHCV

Revelation 13 in the BOHLNT

Revelation 13 in the BOHNTLTAL

Revelation 13 in the BOICB

Revelation 13 in the BOILNTAP

Revelation 13 in the BOITCV

Revelation 13 in the BOKCV

Revelation 13 in the BOKCV2

Revelation 13 in the BOKHWOG

Revelation 13 in the BOKSSV

Revelation 13 in the BOLCB

Revelation 13 in the BOLCB2

Revelation 13 in the BOMCV

Revelation 13 in the BONAV

Revelation 13 in the BONCB

Revelation 13 in the BONLT

Revelation 13 in the BONUT2

Revelation 13 in the BOPLNT

Revelation 13 in the BOSCB

Revelation 13 in the BOSNC

Revelation 13 in the BOTLNT

Revelation 13 in the BOVCB

Revelation 13 in the BOYCB

Revelation 13 in the BPBB

Revelation 13 in the BPH

Revelation 13 in the BSB

Revelation 13 in the CCB

Revelation 13 in the CUV

Revelation 13 in the CUVS

Revelation 13 in the DBT

Revelation 13 in the DGDNT

Revelation 13 in the DHNT

Revelation 13 in the DNT

Revelation 13 in the ELBE

Revelation 13 in the EMTV

Revelation 13 in the ESV

Revelation 13 in the FBV

Revelation 13 in the FEB

Revelation 13 in the GGMNT

Revelation 13 in the GNT

Revelation 13 in the HARY

Revelation 13 in the HNT

Revelation 13 in the IRVA

Revelation 13 in the IRVB

Revelation 13 in the IRVG

Revelation 13 in the IRVH

Revelation 13 in the IRVK

Revelation 13 in the IRVM

Revelation 13 in the IRVM2

Revelation 13 in the IRVO

Revelation 13 in the IRVP

Revelation 13 in the IRVT

Revelation 13 in the IRVT2

Revelation 13 in the IRVU

Revelation 13 in the ISVN

Revelation 13 in the JSNT

Revelation 13 in the KAPI

Revelation 13 in the KBT1ETNIK

Revelation 13 in the KBV

Revelation 13 in the KJV

Revelation 13 in the KNFD

Revelation 13 in the LBA

Revelation 13 in the LBLA

Revelation 13 in the LNT

Revelation 13 in the LSV

Revelation 13 in the MAAL

Revelation 13 in the MBV

Revelation 13 in the MBV2

Revelation 13 in the MHNT

Revelation 13 in the MKNFD

Revelation 13 in the MNG

Revelation 13 in the MNT

Revelation 13 in the MNT2

Revelation 13 in the MRS1T

Revelation 13 in the NAA

Revelation 13 in the NASB

Revelation 13 in the NBLA

Revelation 13 in the NBS

Revelation 13 in the NBVTP

Revelation 13 in the NET2

Revelation 13 in the NIV11

Revelation 13 in the NNT

Revelation 13 in the NNT2

Revelation 13 in the NNT3

Revelation 13 in the PDDPT

Revelation 13 in the PFNT

Revelation 13 in the RMNT

Revelation 13 in the SBIAS

Revelation 13 in the SBIBS

Revelation 13 in the SBIBS2

Revelation 13 in the SBICS

Revelation 13 in the SBIDS

Revelation 13 in the SBIGS

Revelation 13 in the SBIHS

Revelation 13 in the SBIIS

Revelation 13 in the SBIIS2

Revelation 13 in the SBIIS3

Revelation 13 in the SBIKS

Revelation 13 in the SBIKS2

Revelation 13 in the SBIMS

Revelation 13 in the SBIOS

Revelation 13 in the SBIPS

Revelation 13 in the SBISS

Revelation 13 in the SBITS

Revelation 13 in the SBITS2

Revelation 13 in the SBITS3

Revelation 13 in the SBITS4

Revelation 13 in the SBIUS

Revelation 13 in the SBIVS

Revelation 13 in the SBT

Revelation 13 in the SBT1E

Revelation 13 in the SCHL

Revelation 13 in the SNT

Revelation 13 in the SUSU

Revelation 13 in the SUSU2

Revelation 13 in the SYNO

Revelation 13 in the TBIAOTANT

Revelation 13 in the TBT1E

Revelation 13 in the TBT1E2

Revelation 13 in the TFTIP

Revelation 13 in the TFTU

Revelation 13 in the TGNTATF3T

Revelation 13 in the THAI

Revelation 13 in the TNFD

Revelation 13 in the TNT

Revelation 13 in the TNTIK

Revelation 13 in the TNTIL

Revelation 13 in the TNTIN

Revelation 13 in the TNTIP

Revelation 13 in the TNTIZ

Revelation 13 in the TOMA

Revelation 13 in the TTENT

Revelation 13 in the UBG

Revelation 13 in the UGV

Revelation 13 in the UGV2

Revelation 13 in the UGV3

Revelation 13 in the VBL

Revelation 13 in the VDCC

Revelation 13 in the YALU

Revelation 13 in the YAPE

Revelation 13 in the YBVTP

Revelation 13 in the ZBP