Revelation 14 (BOATCB)
1 Afei, mehwɛeɛ na mehunuu sɛ Odwammaa no gyina Sion bepɔ so. Na nnipa ɔpeha aduanan ɛnan ka ne ho a wɔatwerɛ ne din ne nʼAgya din wɔ wɔn moma so. 2 Na metee nne bi firi ɔsoro a na ɛworo so te sɛ nsuworoeɛ a ano yɛ den, na ɛte sɛ aprannaa. Ɛnne a meteeɛ no te sɛ dwom a sankubɔfoɔ bi rebɔ wɔ ne sankuo so. 3 Wɔtoo dwom foforɔ bi wɔ ahennwa no ne ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no anim. Nnipa ɔpeha aduanan ɛnan a wɔagye wɔn afiri asase so no nko ara na wɔtumi suaeɛ. 4 Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmaa angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabunu. Baabiara a Odwammaa no bɛkɔ no na wɔdi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afiri nnipa mu na wɔne nnipa a wɔdi ɛkan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Odwammaa no. 5 Wɔnka atorɔsɛm, na mfomsoɔ nni wɔn ho. 6 Afei mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ watu nam ɔsorosoro a ɔrekɔka Asɛmpa a ɛntwam da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuo ne kasa ne nkurɔfoɔ nyinaa ka ho. 7 Ɔteaam sɛ, “Monsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ no aduru sɛ ɔbu adasamma atɛn. Monsom deɛ ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne nsutire no!” 8 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu dii deɛ ɔdi ɛkan no akyi kaa sɛ. “Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase! Ɛfiri sɛ, wama amanaman nyinaa anom nʼadwamammɔ nsã no bi.” 9 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔdi baanu a wɔdi ɛkan no akyi teaam kaa sɛ, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyiraeɛ 10 no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsã, nʼabufuo nsã a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuo kuruwa mu no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ahoyera wɔ ogya ne sɔfe mu wɔ abɔfoɔ ne Odwammaa no anim. 11 Na ogya no wisie a ɛhyɛ wɔn ahoyera no kɔ ɔsoro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegyeɛ nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyiraeɛ no.” 12 Yei enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so, na wɔgye Yesu di no nya boasetɔ no. 13 Afei, metee nne bi firi ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Twerɛ yei. Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekɔ yi.”Honhom no se, “Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.” 14 Mehunuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte sɛ Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ no na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi wɔ ne nsam. 15 Afei, ɔbɔfoɔ foforɔ bi firii asɔredan no mu pueeɛ, teaam kyerɛɛ deɛ ɔte omununkum no so no sɛ, “Fa wo kantankrankyi no twa ɛfiri sɛ otwaberɛ no aduru, asase no aso aba a ɛsɛ sɛ wɔtwa!” 16 Enti, deɛ ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi asase so maa ɛtwaa asase so nnɔbaeɛ. 17 Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro asɔredan mu apue a ɔno nso kura kantankrankyi nnamnnam bi. 18 Ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔno nso hwɛ ogya no firi afɔrebukyia no mu pueeɛ. Ɔteaa ɔbɔfoɔ a ɔkura kantankrankyi nnamnnam no sɛ, “Fa wo kantankrankyi nnamnnam no twa asase so bobe no esia esia ɛfiri sɛ, nʼaba no abere.” 19 Enti, ɔbɔfoɔ no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde kɔguu Onyankopɔn abufuo nsakyiamena kɛseɛ no mu. 20 Wɔtiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamena a ɛwɔ kuropɔn no mfikyire, na mogya firii bobe no mu teneeɛ sɛ asubɔnten akwansini ahaanu a emu dɔ nso bɛyɛ anammɔn enum.
In Other Versions
Revelation 14 in the ANGEFD
Revelation 14 in the ANTPNG2D
Revelation 14 in the AS21
Revelation 14 in the BAGH
Revelation 14 in the BBPNG
Revelation 14 in the BBT1E
Revelation 14 in the BDS
Revelation 14 in the BEV
Revelation 14 in the BHAD
Revelation 14 in the BIB
Revelation 14 in the BLPT
Revelation 14 in the BNT
Revelation 14 in the BNTABOOT
Revelation 14 in the BNTLV
Revelation 14 in the BOATCB2
Revelation 14 in the BOBCV
Revelation 14 in the BOCNT
Revelation 14 in the BOECS
Revelation 14 in the BOGWICC
Revelation 14 in the BOHCB
Revelation 14 in the BOHCV
Revelation 14 in the BOHLNT
Revelation 14 in the BOHNTLTAL
Revelation 14 in the BOICB
Revelation 14 in the BOILNTAP
Revelation 14 in the BOITCV
Revelation 14 in the BOKCV
Revelation 14 in the BOKCV2
Revelation 14 in the BOKHWOG
Revelation 14 in the BOKSSV
Revelation 14 in the BOLCB
Revelation 14 in the BOLCB2
Revelation 14 in the BOMCV
Revelation 14 in the BONAV
Revelation 14 in the BONCB
Revelation 14 in the BONLT
Revelation 14 in the BONUT2
Revelation 14 in the BOPLNT
Revelation 14 in the BOSCB
Revelation 14 in the BOSNC
Revelation 14 in the BOTLNT
Revelation 14 in the BOVCB
Revelation 14 in the BOYCB
Revelation 14 in the BPBB
Revelation 14 in the BPH
Revelation 14 in the BSB
Revelation 14 in the CCB
Revelation 14 in the CUV
Revelation 14 in the CUVS
Revelation 14 in the DBT
Revelation 14 in the DGDNT
Revelation 14 in the DHNT
Revelation 14 in the DNT
Revelation 14 in the ELBE
Revelation 14 in the EMTV
Revelation 14 in the ESV
Revelation 14 in the FBV
Revelation 14 in the FEB
Revelation 14 in the GGMNT
Revelation 14 in the GNT
Revelation 14 in the HARY
Revelation 14 in the HNT
Revelation 14 in the IRVA
Revelation 14 in the IRVB
Revelation 14 in the IRVG
Revelation 14 in the IRVH
Revelation 14 in the IRVK
Revelation 14 in the IRVM
Revelation 14 in the IRVM2
Revelation 14 in the IRVO
Revelation 14 in the IRVP
Revelation 14 in the IRVT
Revelation 14 in the IRVT2
Revelation 14 in the IRVU
Revelation 14 in the ISVN
Revelation 14 in the JSNT
Revelation 14 in the KAPI
Revelation 14 in the KBT1ETNIK
Revelation 14 in the KBV
Revelation 14 in the KJV
Revelation 14 in the KNFD
Revelation 14 in the LBA
Revelation 14 in the LBLA
Revelation 14 in the LNT
Revelation 14 in the LSV
Revelation 14 in the MAAL
Revelation 14 in the MBV
Revelation 14 in the MBV2
Revelation 14 in the MHNT
Revelation 14 in the MKNFD
Revelation 14 in the MNG
Revelation 14 in the MNT
Revelation 14 in the MNT2
Revelation 14 in the MRS1T
Revelation 14 in the NAA
Revelation 14 in the NASB
Revelation 14 in the NBLA
Revelation 14 in the NBS
Revelation 14 in the NBVTP
Revelation 14 in the NET2
Revelation 14 in the NIV11
Revelation 14 in the NNT
Revelation 14 in the NNT2
Revelation 14 in the NNT3
Revelation 14 in the PDDPT
Revelation 14 in the PFNT
Revelation 14 in the RMNT
Revelation 14 in the SBIAS
Revelation 14 in the SBIBS
Revelation 14 in the SBIBS2
Revelation 14 in the SBICS
Revelation 14 in the SBIDS
Revelation 14 in the SBIGS
Revelation 14 in the SBIHS
Revelation 14 in the SBIIS
Revelation 14 in the SBIIS2
Revelation 14 in the SBIIS3
Revelation 14 in the SBIKS
Revelation 14 in the SBIKS2
Revelation 14 in the SBIMS
Revelation 14 in the SBIOS
Revelation 14 in the SBIPS
Revelation 14 in the SBISS
Revelation 14 in the SBITS
Revelation 14 in the SBITS2
Revelation 14 in the SBITS3
Revelation 14 in the SBITS4
Revelation 14 in the SBIUS
Revelation 14 in the SBIVS
Revelation 14 in the SBT
Revelation 14 in the SBT1E
Revelation 14 in the SCHL
Revelation 14 in the SNT
Revelation 14 in the SUSU
Revelation 14 in the SUSU2
Revelation 14 in the SYNO
Revelation 14 in the TBIAOTANT
Revelation 14 in the TBT1E
Revelation 14 in the TBT1E2
Revelation 14 in the TFTIP
Revelation 14 in the TFTU
Revelation 14 in the TGNTATF3T
Revelation 14 in the THAI
Revelation 14 in the TNFD
Revelation 14 in the TNT
Revelation 14 in the TNTIK
Revelation 14 in the TNTIL
Revelation 14 in the TNTIN
Revelation 14 in the TNTIP
Revelation 14 in the TNTIZ
Revelation 14 in the TOMA
Revelation 14 in the TTENT
Revelation 14 in the UBG
Revelation 14 in the UGV
Revelation 14 in the UGV2
Revelation 14 in the UGV3
Revelation 14 in the VBL
Revelation 14 in the VDCC
Revelation 14 in the YALU
Revelation 14 in the YAPE
Revelation 14 in the YBVTP
Revelation 14 in the ZBP