Revelation 17 (BOATCB)

1 Abɔfoɔ baason no mu baako a ɔkura nkuruwa nson no baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra na menkyerɛ wo kwan a wɔbɛfa so atwe odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so no aso. 2 Ewiase ahene ne no bɔɔ adwaman, na asase so nnipa aboto wɔ nʼadwaman nsã no mu.” 3 Honhom no faa me maa ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ ɛserɛ so. Ɛhɔ na mehunuu ɔbaa bi sɛ ɔte aboa kɔkɔɔ bi a wɔatwerɛ edin a ɛyɛ abususɛm agu ne ho nyinaa. Na aboa no wɔ tire nson, ne mmɛn edu. 4 Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne kɔkɔɔ a ɔde sikakɔkɔɔ aboɔ ne nhweneɛ a ne boɔ yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na ɔkura sika kuruwa a afideɛ ne adwamammɔ ho nneɛma ayɛ no ma tɔ. 5 Na wɔatwerɛ edin bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛaseɛ no wɔ ahintasɛm mu sɛ,“Babilonia kɛseɛasase so adwamanfoɔne akyiwadeɛ maame.” 6 Na mehunuu sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne Yesu akyidifoɔ a wɔkumm wɔn no mogya aboro no.Mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa. 7 Ɔbɔfoɔ no bisaa me sɛ, “Adɛn enti na ɛyɛ wo nwanwa? Mɛkyerɛ wo ahintasɛm nkyerɛaseɛ a ɛwɔ ɔbaa no ne aboa no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn edu a ɔte ne so no ho. 8 Aboa a wohunuu no no na ɔte ase, nanso ɔnte ase bio. Ɔrebɛfiri bunu no mu aba ama wɔasɛe no. Nnipa a wɔte asase so a wɔantwerɛ wɔn din angu ateasefoɔ nwoma no mu ansa na wɔrebɔ ewiase no, sɛ wɔhunu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa. Ɛberɛ bi na ɔte ase, nanso seesei ɔnte ase na ɔbɛsane aba. 9 “Nyansa ne nteaseɛ ho hia wɔ ha. Etire nson no gyina hɔ ma mmepɔ nson, mmepɔ a ɔbaa no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso 10 a wɔn mu baanum awuwu, na wɔn mu baako da so di ɔhene na ɔbaako a ɔka wɔn ho no mmaeɛ. Na sɛ ɔba a ɔbɛdi ɔhene kakra. 11 Aboa no a anka na ɔte ase na afei deɛ, ɔnte ase no yɛ ɔhene a ɔtɔ so nwɔtwe a ɔka baason a wɔdi ɛkan no ho a ɔrekɔ ne sɛeɛ mu. 12 “Mmɛn edu a wohunuiɛ no yɛ ahene edu a wɔmfirii wɔn ahennie ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi ɔhene dɔnhwereɛ no. 13 Wɔn nyinaa wɔ botaeɛ baako, na wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn tumi bɛma aboa no. 14 Wɔbɛko atia Odwammaa no, na ɔno ne nʼakyidifoɔ, agyidifoɔ ne nokwafoɔ a wɔafrɛ wɔn no bɛdi wɔn so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Ɔhene.” 15 Ɔbɔfoɔ no nso ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuo a wohunuiɛ a odwamanfoɔ no te so no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa hodoɔ. 16 Mmɛn edu ne aboa no a wohunuiɛ no bɛkyiri odwamanfoɔ no. Wɔbɛfa biribiara a ɛwɔ ne ho ama wada adagya. Wɔbɛwe ne nam na wɔde ogya ahye no. 17 Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi ɔhene kɔsi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botaeɛ no ma. 18 Ɔbaa a wohunuu no no yɛ kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahene so.”

In Other Versions

Revelation 17 in the ANGEFD

Revelation 17 in the ANTPNG2D

Revelation 17 in the AS21

Revelation 17 in the BAGH

Revelation 17 in the BBPNG

Revelation 17 in the BBT1E

Revelation 17 in the BDS

Revelation 17 in the BEV

Revelation 17 in the BHAD

Revelation 17 in the BIB

Revelation 17 in the BLPT

Revelation 17 in the BNT

Revelation 17 in the BNTABOOT

Revelation 17 in the BNTLV

Revelation 17 in the BOATCB2

Revelation 17 in the BOBCV

Revelation 17 in the BOCNT

Revelation 17 in the BOECS

Revelation 17 in the BOGWICC

Revelation 17 in the BOHCB

Revelation 17 in the BOHCV

Revelation 17 in the BOHLNT

Revelation 17 in the BOHNTLTAL

Revelation 17 in the BOICB

Revelation 17 in the BOILNTAP

Revelation 17 in the BOITCV

Revelation 17 in the BOKCV

Revelation 17 in the BOKCV2

Revelation 17 in the BOKHWOG

Revelation 17 in the BOKSSV

Revelation 17 in the BOLCB

Revelation 17 in the BOLCB2

Revelation 17 in the BOMCV

Revelation 17 in the BONAV

Revelation 17 in the BONCB

Revelation 17 in the BONLT

Revelation 17 in the BONUT2

Revelation 17 in the BOPLNT

Revelation 17 in the BOSCB

Revelation 17 in the BOSNC

Revelation 17 in the BOTLNT

Revelation 17 in the BOVCB

Revelation 17 in the BOYCB

Revelation 17 in the BPBB

Revelation 17 in the BPH

Revelation 17 in the BSB

Revelation 17 in the CCB

Revelation 17 in the CUV

Revelation 17 in the CUVS

Revelation 17 in the DBT

Revelation 17 in the DGDNT

Revelation 17 in the DHNT

Revelation 17 in the DNT

Revelation 17 in the ELBE

Revelation 17 in the EMTV

Revelation 17 in the ESV

Revelation 17 in the FBV

Revelation 17 in the FEB

Revelation 17 in the GGMNT

Revelation 17 in the GNT

Revelation 17 in the HARY

Revelation 17 in the HNT

Revelation 17 in the IRVA

Revelation 17 in the IRVB

Revelation 17 in the IRVG

Revelation 17 in the IRVH

Revelation 17 in the IRVK

Revelation 17 in the IRVM

Revelation 17 in the IRVM2

Revelation 17 in the IRVO

Revelation 17 in the IRVP

Revelation 17 in the IRVT

Revelation 17 in the IRVT2

Revelation 17 in the IRVU

Revelation 17 in the ISVN

Revelation 17 in the JSNT

Revelation 17 in the KAPI

Revelation 17 in the KBT1ETNIK

Revelation 17 in the KBV

Revelation 17 in the KJV

Revelation 17 in the KNFD

Revelation 17 in the LBA

Revelation 17 in the LBLA

Revelation 17 in the LNT

Revelation 17 in the LSV

Revelation 17 in the MAAL

Revelation 17 in the MBV

Revelation 17 in the MBV2

Revelation 17 in the MHNT

Revelation 17 in the MKNFD

Revelation 17 in the MNG

Revelation 17 in the MNT

Revelation 17 in the MNT2

Revelation 17 in the MRS1T

Revelation 17 in the NAA

Revelation 17 in the NASB

Revelation 17 in the NBLA

Revelation 17 in the NBS

Revelation 17 in the NBVTP

Revelation 17 in the NET2

Revelation 17 in the NIV11

Revelation 17 in the NNT

Revelation 17 in the NNT2

Revelation 17 in the NNT3

Revelation 17 in the PDDPT

Revelation 17 in the PFNT

Revelation 17 in the RMNT

Revelation 17 in the SBIAS

Revelation 17 in the SBIBS

Revelation 17 in the SBIBS2

Revelation 17 in the SBICS

Revelation 17 in the SBIDS

Revelation 17 in the SBIGS

Revelation 17 in the SBIHS

Revelation 17 in the SBIIS

Revelation 17 in the SBIIS2

Revelation 17 in the SBIIS3

Revelation 17 in the SBIKS

Revelation 17 in the SBIKS2

Revelation 17 in the SBIMS

Revelation 17 in the SBIOS

Revelation 17 in the SBIPS

Revelation 17 in the SBISS

Revelation 17 in the SBITS

Revelation 17 in the SBITS2

Revelation 17 in the SBITS3

Revelation 17 in the SBITS4

Revelation 17 in the SBIUS

Revelation 17 in the SBIVS

Revelation 17 in the SBT

Revelation 17 in the SBT1E

Revelation 17 in the SCHL

Revelation 17 in the SNT

Revelation 17 in the SUSU

Revelation 17 in the SUSU2

Revelation 17 in the SYNO

Revelation 17 in the TBIAOTANT

Revelation 17 in the TBT1E

Revelation 17 in the TBT1E2

Revelation 17 in the TFTIP

Revelation 17 in the TFTU

Revelation 17 in the TGNTATF3T

Revelation 17 in the THAI

Revelation 17 in the TNFD

Revelation 17 in the TNT

Revelation 17 in the TNTIK

Revelation 17 in the TNTIL

Revelation 17 in the TNTIN

Revelation 17 in the TNTIP

Revelation 17 in the TNTIZ

Revelation 17 in the TOMA

Revelation 17 in the TTENT

Revelation 17 in the UBG

Revelation 17 in the UGV

Revelation 17 in the UGV2

Revelation 17 in the UGV3

Revelation 17 in the VBL

Revelation 17 in the VDCC

Revelation 17 in the YALU

Revelation 17 in the YAPE

Revelation 17 in the YBVTP

Revelation 17 in the ZBP