Revelation 19 (BOATCB)
1 Yei akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam sɛ,“Haleluia!Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Onyankopɔn, 2 ɛfiri sɛ, nʼatemmuo yɛ nokorɛna ɛyɛ sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛa ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn.Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkumm nʼasomfoɔ.” 3 Na afei, wɔteaam bio sɛ,“Haleluia!Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa.” 4 Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ,“Amen, Haleluia!” 5 Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ,“Monkamfo yɛn Onyankopɔn,mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa,mo a mosuro no,akɛseɛ ne nkumaa!” 6 Afei, metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworosoɔ ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛreteam sɛ,“Haleluia!Yɛn Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn di ɔhene. 7 Momma yɛn ho nsɛpɛ yɛn na yɛn ani nnyena yɛnhyɛ no animuonyam!Ɛfiri sɛ Odwammaa no ayeforɔhyia aduru,na nʼayefokunu asiesie ne ho. 8 Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani teɛmaa no sɛ ɔnhyɛ.”(Nwera no kyerɛ ahotefoɔ tenenee nneyɛɛ.) 9 Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn Odwammaa no ayeforɔhyia anwummerɛ apontoɔ ase.” Ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.” 10 Mebutuu ne nan ase pɛɛ sɛ mesom no. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa, ɛfiri sɛ, meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo ne wo nuanom a wɔdi Yesu ho adanseɛ no. Som Onyankopɔn ɛfiri sɛ, nokorɛ a Yesu daa no adi no na ɛhyɛ adiyifoɔ no nkuran.” 11 Afei, mehunuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no edin de “Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ.” Nokorɛ na ɔgyina so bu atɛn na ɔko ne ko. 12 Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛrederɛ na ɔhyɛ ahenkyɛ bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu ne ho, nanso na obiara nnim edin no nkyerɛaseɛ ka ne ho. 13 Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm” 14 Ɔsoro asraafoɔ a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani te a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi. 15 Akofena a ano yɛ nnam yie a ɔde bɛdi aman so firii nʼanom baeɛ. Dadeɛ poma na ɔde bɛdi wɔn so. Sɛdeɛ wɔtiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamena mu no so no, saa ara na ɔbɛtiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Otumfoɔ no abufuo. 16 Na wɔatwerɛ edin agu nʼatadeɛ mu ne ne srɛ ho sɛ:ahene mu ɔhene ne awuranom mu awurade. 17 Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina owia mu. Ɔteaam guu nnomaa a wɔnam ewiem nyinaa so sɛ, “Mommra mmɛhyiam wɔ Onyankopɔn apontoɔ kɛseɛ no ase. 18 Mommɛdi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfoɔ nam ne apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ nam ne adehyeɛ ne nkoa ne akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nam.” 19 Afei, mehunuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm. 20 Wɔkyeree aboa no ne nʼatorɔdiyifoɔ a ɔyɛɛ anwanwadeɛ maa no no. Saa anwanwadeɛ no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyiraeɛ ne wɔn a wɔsom aboa no ohoni no. Wɔtoo aboa no ne atorɔdiyifoɔ no anikann guu ogya ɔtadeɛ a sɔfe na na ɛrederɛ wɔ mu no mu. 21 Wɔde akofena a ɛfiri ɔpɔnkɔkafoɔ no anom kunkumm wɔn asraafoɔ, na nnomaa no dii wɔn nam sɛdeɛ wɔbɛtumi.
In Other Versions
Revelation 19 in the ANGEFD
Revelation 19 in the ANTPNG2D
Revelation 19 in the AS21
Revelation 19 in the BAGH
Revelation 19 in the BBPNG
Revelation 19 in the BBT1E
Revelation 19 in the BDS
Revelation 19 in the BEV
Revelation 19 in the BHAD
Revelation 19 in the BIB
Revelation 19 in the BLPT
Revelation 19 in the BNT
Revelation 19 in the BNTABOOT
Revelation 19 in the BNTLV
Revelation 19 in the BOATCB2
Revelation 19 in the BOBCV
Revelation 19 in the BOCNT
Revelation 19 in the BOECS
Revelation 19 in the BOGWICC
Revelation 19 in the BOHCB
Revelation 19 in the BOHCV
Revelation 19 in the BOHLNT
Revelation 19 in the BOHNTLTAL
Revelation 19 in the BOICB
Revelation 19 in the BOILNTAP
Revelation 19 in the BOITCV
Revelation 19 in the BOKCV
Revelation 19 in the BOKCV2
Revelation 19 in the BOKHWOG
Revelation 19 in the BOKSSV
Revelation 19 in the BOLCB
Revelation 19 in the BOLCB2
Revelation 19 in the BOMCV
Revelation 19 in the BONAV
Revelation 19 in the BONCB
Revelation 19 in the BONLT
Revelation 19 in the BONUT2
Revelation 19 in the BOPLNT
Revelation 19 in the BOSCB
Revelation 19 in the BOSNC
Revelation 19 in the BOTLNT
Revelation 19 in the BOVCB
Revelation 19 in the BOYCB
Revelation 19 in the BPBB
Revelation 19 in the BPH
Revelation 19 in the BSB
Revelation 19 in the CCB
Revelation 19 in the CUV
Revelation 19 in the CUVS
Revelation 19 in the DBT
Revelation 19 in the DGDNT
Revelation 19 in the DHNT
Revelation 19 in the DNT
Revelation 19 in the ELBE
Revelation 19 in the EMTV
Revelation 19 in the ESV
Revelation 19 in the FBV
Revelation 19 in the FEB
Revelation 19 in the GGMNT
Revelation 19 in the GNT
Revelation 19 in the HARY
Revelation 19 in the HNT
Revelation 19 in the IRVA
Revelation 19 in the IRVB
Revelation 19 in the IRVG
Revelation 19 in the IRVH
Revelation 19 in the IRVK
Revelation 19 in the IRVM
Revelation 19 in the IRVM2
Revelation 19 in the IRVO
Revelation 19 in the IRVP
Revelation 19 in the IRVT
Revelation 19 in the IRVT2
Revelation 19 in the IRVU
Revelation 19 in the ISVN
Revelation 19 in the JSNT
Revelation 19 in the KAPI
Revelation 19 in the KBT1ETNIK
Revelation 19 in the KBV
Revelation 19 in the KJV
Revelation 19 in the KNFD
Revelation 19 in the LBA
Revelation 19 in the LBLA
Revelation 19 in the LNT
Revelation 19 in the LSV
Revelation 19 in the MAAL
Revelation 19 in the MBV
Revelation 19 in the MBV2
Revelation 19 in the MHNT
Revelation 19 in the MKNFD
Revelation 19 in the MNG
Revelation 19 in the MNT
Revelation 19 in the MNT2
Revelation 19 in the MRS1T
Revelation 19 in the NAA
Revelation 19 in the NASB
Revelation 19 in the NBLA
Revelation 19 in the NBS
Revelation 19 in the NBVTP
Revelation 19 in the NET2
Revelation 19 in the NIV11
Revelation 19 in the NNT
Revelation 19 in the NNT2
Revelation 19 in the NNT3
Revelation 19 in the PDDPT
Revelation 19 in the PFNT
Revelation 19 in the RMNT
Revelation 19 in the SBIAS
Revelation 19 in the SBIBS
Revelation 19 in the SBIBS2
Revelation 19 in the SBICS
Revelation 19 in the SBIDS
Revelation 19 in the SBIGS
Revelation 19 in the SBIHS
Revelation 19 in the SBIIS
Revelation 19 in the SBIIS2
Revelation 19 in the SBIIS3
Revelation 19 in the SBIKS
Revelation 19 in the SBIKS2
Revelation 19 in the SBIMS
Revelation 19 in the SBIOS
Revelation 19 in the SBIPS
Revelation 19 in the SBISS
Revelation 19 in the SBITS
Revelation 19 in the SBITS2
Revelation 19 in the SBITS3
Revelation 19 in the SBITS4
Revelation 19 in the SBIUS
Revelation 19 in the SBIVS
Revelation 19 in the SBT
Revelation 19 in the SBT1E
Revelation 19 in the SCHL
Revelation 19 in the SNT
Revelation 19 in the SUSU
Revelation 19 in the SUSU2
Revelation 19 in the SYNO
Revelation 19 in the TBIAOTANT
Revelation 19 in the TBT1E
Revelation 19 in the TBT1E2
Revelation 19 in the TFTIP
Revelation 19 in the TFTU
Revelation 19 in the TGNTATF3T
Revelation 19 in the THAI
Revelation 19 in the TNFD
Revelation 19 in the TNT
Revelation 19 in the TNTIK
Revelation 19 in the TNTIL
Revelation 19 in the TNTIN
Revelation 19 in the TNTIP
Revelation 19 in the TNTIZ
Revelation 19 in the TOMA
Revelation 19 in the TTENT
Revelation 19 in the UBG
Revelation 19 in the UGV
Revelation 19 in the UGV2
Revelation 19 in the UGV3
Revelation 19 in the VBL
Revelation 19 in the VDCC
Revelation 19 in the YALU
Revelation 19 in the YAPE
Revelation 19 in the YBVTP
Revelation 19 in the ZBP