Revelation 19 (BOATCB2)
1 Eyi akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuw a wɔwɔ ɔsoro teɛ mu se,“Haleluya!Nkwagye ne anuonyam ne tumi wɔ yɛn Nyankopɔn, 2 efisɛ nʼatemmu yɛ nokware,na eye sɛ obuu oguamanfo kɛsea ɔde nʼaguamammɔ asɛe asase no atɛn.Onyankopɔn atwe nʼaso, efisɛ okum nʼasomfo.” 3 Na afei wɔteɛɛ mu bio se,“Haleluya!Wusiw befi kurow no mu akɔ ɔsoro daa daa.” 4 Mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahengua so no anim som no. Na wɔteɛɛ mu se,“Amen, Haleluya!” 5 Afei nne bi fi ahengua no so bae se,“Monkamfo yɛn Nyankopɔn,mo a moyɛ nʼasomfo nyinaa,mo a musuro no,akɛse ne nkumaa!” 6 Afei metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ asuworo ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛteɛ mu se,“Haleluya!Yɛn Tumfo Awurade Nyankopɔn di hene. 7 Momma yɛn ho nsɛpɛw yɛn na yɛn ani nnyena yɛnhyɛ no anuonyamefisɛ Oguamma no ayeforohyia adua nʼayeforokunu asiesie ne ho. 8 Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani tewmaa no sɛ ɔnhyɛ.”(Nwera no kyerɛ ahotefo trenee nneyɛe.) 9 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Kyerɛw sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn wɔ Oguamma no ayeforohyia anwummere aponto ase.” Ɔka kaa ho se, “Eyi yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.” 10 Mibutuw ne nan ase pɛɛ sɛ mesom no. Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa, efisɛ meyɛ ɔsomfo te sɛ wo ne wo nuanom a wodi Yesu ho adanse no. Som Onyankopɔn efisɛ nokware a Yesu daa no adi no na ɛhyɛ adiyifo no nkuran.” 11 Afei mihuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no din de “Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafo.” Nokware na ogyina so bu atɛn na ɔko ne ko. 12 Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛredɛw na ɔhyɛ ahenkyɛw bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw agu ne ho, nanso na obiara nnim din no nkyerɛase ka ne ho. 13 Na ɔhyɛ atade bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm” 14 Ɔsoro asraafo a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani tew a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi. 15 Afoa a ano yɛ nnam yiye a ɔde bedi aman so no fii nʼanom bae. Dade pema na ɔde bedi wɔn so. Sɛnea wotiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamoa mu no so no, saa ara na obetiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Tumfo no abufuw. 16 Na wɔakyerɛw din agu nʼatade mu ne ne srɛ ho se,Ahene mu Hene ne Awuranom mu Awurade. 17 Afei, mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Ɔteɛɛ mu guu nnomaa a wɔnam wim nyinaa so se, “Mommra mmehyia mu wɔ Onyankopɔn aponto kɛse no ase. 18 Mummedi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfo nam ne apɔnkɔ ne wɔn sotefo nam ne adehye ne nkoa ne akɛse ne nketewa nyinaa nam.” 19 Afei mihuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafo a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia nea ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm. 20 Wɔkyeree aboa no ne nʼatoro adiyifo a ɔyɛɛ anwonwade maa no no. Saa anwonwade no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyirae ne wɔn a wɔsom aboa no honi no. Wɔtow aboa no ne atoro adiyifo no anikann guu ogya ɔtare a sufre na na ɛredɛw wɔ mu no mu. 21 Wɔde afoa a efi ɔpɔnkɔkafo no anom kunkum wɔn asraafo, na nnomaa no dii wɔn nam sɛnea wobetumi.
In Other Versions
Revelation 19 in the ANGEFD
Revelation 19 in the ANTPNG2D
Revelation 19 in the AS21
Revelation 19 in the BAGH
Revelation 19 in the BBPNG
Revelation 19 in the BBT1E
Revelation 19 in the BDS
Revelation 19 in the BEV
Revelation 19 in the BHAD
Revelation 19 in the BIB
Revelation 19 in the BLPT
Revelation 19 in the BNT
Revelation 19 in the BNTABOOT
Revelation 19 in the BNTLV
Revelation 19 in the BOATCB
Revelation 19 in the BOBCV
Revelation 19 in the BOCNT
Revelation 19 in the BOECS
Revelation 19 in the BOGWICC
Revelation 19 in the BOHCB
Revelation 19 in the BOHCV
Revelation 19 in the BOHLNT
Revelation 19 in the BOHNTLTAL
Revelation 19 in the BOICB
Revelation 19 in the BOILNTAP
Revelation 19 in the BOITCV
Revelation 19 in the BOKCV
Revelation 19 in the BOKCV2
Revelation 19 in the BOKHWOG
Revelation 19 in the BOKSSV
Revelation 19 in the BOLCB
Revelation 19 in the BOLCB2
Revelation 19 in the BOMCV
Revelation 19 in the BONAV
Revelation 19 in the BONCB
Revelation 19 in the BONLT
Revelation 19 in the BONUT2
Revelation 19 in the BOPLNT
Revelation 19 in the BOSCB
Revelation 19 in the BOSNC
Revelation 19 in the BOTLNT
Revelation 19 in the BOVCB
Revelation 19 in the BOYCB
Revelation 19 in the BPBB
Revelation 19 in the BPH
Revelation 19 in the BSB
Revelation 19 in the CCB
Revelation 19 in the CUV
Revelation 19 in the CUVS
Revelation 19 in the DBT
Revelation 19 in the DGDNT
Revelation 19 in the DHNT
Revelation 19 in the DNT
Revelation 19 in the ELBE
Revelation 19 in the EMTV
Revelation 19 in the ESV
Revelation 19 in the FBV
Revelation 19 in the FEB
Revelation 19 in the GGMNT
Revelation 19 in the GNT
Revelation 19 in the HARY
Revelation 19 in the HNT
Revelation 19 in the IRVA
Revelation 19 in the IRVB
Revelation 19 in the IRVG
Revelation 19 in the IRVH
Revelation 19 in the IRVK
Revelation 19 in the IRVM
Revelation 19 in the IRVM2
Revelation 19 in the IRVO
Revelation 19 in the IRVP
Revelation 19 in the IRVT
Revelation 19 in the IRVT2
Revelation 19 in the IRVU
Revelation 19 in the ISVN
Revelation 19 in the JSNT
Revelation 19 in the KAPI
Revelation 19 in the KBT1ETNIK
Revelation 19 in the KBV
Revelation 19 in the KJV
Revelation 19 in the KNFD
Revelation 19 in the LBA
Revelation 19 in the LBLA
Revelation 19 in the LNT
Revelation 19 in the LSV
Revelation 19 in the MAAL
Revelation 19 in the MBV
Revelation 19 in the MBV2
Revelation 19 in the MHNT
Revelation 19 in the MKNFD
Revelation 19 in the MNG
Revelation 19 in the MNT
Revelation 19 in the MNT2
Revelation 19 in the MRS1T
Revelation 19 in the NAA
Revelation 19 in the NASB
Revelation 19 in the NBLA
Revelation 19 in the NBS
Revelation 19 in the NBVTP
Revelation 19 in the NET2
Revelation 19 in the NIV11
Revelation 19 in the NNT
Revelation 19 in the NNT2
Revelation 19 in the NNT3
Revelation 19 in the PDDPT
Revelation 19 in the PFNT
Revelation 19 in the RMNT
Revelation 19 in the SBIAS
Revelation 19 in the SBIBS
Revelation 19 in the SBIBS2
Revelation 19 in the SBICS
Revelation 19 in the SBIDS
Revelation 19 in the SBIGS
Revelation 19 in the SBIHS
Revelation 19 in the SBIIS
Revelation 19 in the SBIIS2
Revelation 19 in the SBIIS3
Revelation 19 in the SBIKS
Revelation 19 in the SBIKS2
Revelation 19 in the SBIMS
Revelation 19 in the SBIOS
Revelation 19 in the SBIPS
Revelation 19 in the SBISS
Revelation 19 in the SBITS
Revelation 19 in the SBITS2
Revelation 19 in the SBITS3
Revelation 19 in the SBITS4
Revelation 19 in the SBIUS
Revelation 19 in the SBIVS
Revelation 19 in the SBT
Revelation 19 in the SBT1E
Revelation 19 in the SCHL
Revelation 19 in the SNT
Revelation 19 in the SUSU
Revelation 19 in the SUSU2
Revelation 19 in the SYNO
Revelation 19 in the TBIAOTANT
Revelation 19 in the TBT1E
Revelation 19 in the TBT1E2
Revelation 19 in the TFTIP
Revelation 19 in the TFTU
Revelation 19 in the TGNTATF3T
Revelation 19 in the THAI
Revelation 19 in the TNFD
Revelation 19 in the TNT
Revelation 19 in the TNTIK
Revelation 19 in the TNTIL
Revelation 19 in the TNTIN
Revelation 19 in the TNTIP
Revelation 19 in the TNTIZ
Revelation 19 in the TOMA
Revelation 19 in the TTENT
Revelation 19 in the UBG
Revelation 19 in the UGV
Revelation 19 in the UGV2
Revelation 19 in the UGV3
Revelation 19 in the VBL
Revelation 19 in the VDCC
Revelation 19 in the YALU
Revelation 19 in the YAPE
Revelation 19 in the YBVTP
Revelation 19 in the ZBP