Romans 10 (BOATCB)

1 Anuanom, deɛ mʼakoma pere hwehwɛ yɛ me mpaeɛ a mebɔ srɛ Onyankopɔn ma Israelfoɔ sɛ wɔbɛnya nkwagyeɛ. 2 Mɛtumi madi wɔn ho adanseɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde mmɔdemmɔ som Onyankopɔn sɛdeɛ ɛsɛ. Nanso, wɔn som no mfiri nimdeɛ mu. 3 Wɔammu tenenee a ɛfiri Onyankopɔn no, na mmom wɔpɛɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nimdeɛ so. Yei amma wɔamfa wɔn ho anhyɛ Onyankopɔn pɛ a ɔnam so ma onipa wie pɛyɛ no ase. 4 Kristo ne mmara no awieeɛ, enti obiara a ɔgye die no bɛyɛ ɔteneneeni. 5 Mose kyerɛɛ sɛ, sɛ onipa di mmara no so a, ɔbɛtumi asɔ Onyankopɔn ani, ɛberɛ a ɔtwerɛeɛ sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔnya nkwa a, ɔnyɛ deɛ mmara no ka no nyinaa.” 6 Nanso wɔn a wɔn gyidie enti Onyankopɔn agye wɔn no, mma wɔmmisa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ ɔsoro akɔfa Kristo aba?” 7 Ɛnna wɔremmisa nso sɛ, “Hwan na ɔbɛkɔ awufoɔ asase so akɔnyane no aba nkwa mu”? 8 Deɛ Atwerɛsɛm no ka nie, “Onyankopɔn asɛm no abɛn wo, ɛda wʼano na ɛwɔ wʼakoma mu.” Yei ne asɛm a ɛfa gyidie ho a yɛka no. 9 Sɛ wopae mu ka sɛ, “Yesu ne Awurade”, na wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔnyanee no firii awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa. 10 Na yɛfiri akoma mu gye di na wɔabu yɛn bem, na yɛde yɛn ano pae mu ka na yɛanya nkwagyeɛ. 11 Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔde ne ho to no soɔ no, nʼanim rengu ase.” 12 Nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Aman amanmuni ntam. Awurade baako no yɛ Awurade ma wɔn nyinaa na, ɔhyira wɔn a wɔsufrɛ no. 13 Sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.” 14 Ɛbɛyɛ dɛn na nnipa bɛnya gyidie wɔ Awurade mu na wɔabisa no nkwagyeɛ? Na ɛbɛyɛ dɛn na wɔate, gye sɛ obi ka kyerɛ wɔn. 15 Na sɛ wɔansoma wɔn nso a, wɔbɛyɛ dɛn na wɔaka Asɛmpa no? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ, “Wɔn a wɔde Asɛmpa no reba no nan yɛ fɛ.” 16 Nanso ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔagye Asɛmpa no adi, sɛdeɛ Yesaia kaa sɛ, “Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adi?” 17 Ɛnneɛ na gyidie no firi asɛm no tie mu, deɛ yɛte firi Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no mu. 18 Nanso, mebisa sɛ, Wɔante anaa? Wɔteeɛ:“Wɔn nne akɔduru asase so mmaa nyinaa,na wɔn nsɛm nso akɔduru asase ano.” 19 Mebisa bio sɛ, Israelfoɔ te aseɛ anaa wɔante aseɛ? Deɛ ɛdi ɛkan, Mose ka sɛ,“Mɛma moatwe aman a wɔnyɛ me ɔman mpo ho ninkunu.Mede ɔman a wɔnni nteaseɛ bɛhyɛ mo abufuo.” 20 Na Yesaia de akokoɔduru ka sɛ,“Wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me;medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔmmisaa mʼase no.” 21 Na deɛ ɔka faa Israelfoɔ ho ne sɛ,“Ɛda mu nyinaa matrɛ me nsa muama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano.”

In Other Versions

Romans 10 in the ANGEFD

Romans 10 in the ANTPNG2D

Romans 10 in the AS21

Romans 10 in the BAGH

Romans 10 in the BBPNG

Romans 10 in the BBT1E

Romans 10 in the BDS

Romans 10 in the BEV

Romans 10 in the BHAD

Romans 10 in the BIB

Romans 10 in the BLPT

Romans 10 in the BNT

Romans 10 in the BNTABOOT

Romans 10 in the BNTLV

Romans 10 in the BOATCB2

Romans 10 in the BOBCV

Romans 10 in the BOCNT

Romans 10 in the BOECS

Romans 10 in the BOGWICC

Romans 10 in the BOHCB

Romans 10 in the BOHCV

Romans 10 in the BOHLNT

Romans 10 in the BOHNTLTAL

Romans 10 in the BOICB

Romans 10 in the BOILNTAP

Romans 10 in the BOITCV

Romans 10 in the BOKCV

Romans 10 in the BOKCV2

Romans 10 in the BOKHWOG

Romans 10 in the BOKSSV

Romans 10 in the BOLCB

Romans 10 in the BOLCB2

Romans 10 in the BOMCV

Romans 10 in the BONAV

Romans 10 in the BONCB

Romans 10 in the BONLT

Romans 10 in the BONUT2

Romans 10 in the BOPLNT

Romans 10 in the BOSCB

Romans 10 in the BOSNC

Romans 10 in the BOTLNT

Romans 10 in the BOVCB

Romans 10 in the BOYCB

Romans 10 in the BPBB

Romans 10 in the BPH

Romans 10 in the BSB

Romans 10 in the CCB

Romans 10 in the CUV

Romans 10 in the CUVS

Romans 10 in the DBT

Romans 10 in the DGDNT

Romans 10 in the DHNT

Romans 10 in the DNT

Romans 10 in the ELBE

Romans 10 in the EMTV

Romans 10 in the ESV

Romans 10 in the FBV

Romans 10 in the FEB

Romans 10 in the GGMNT

Romans 10 in the GNT

Romans 10 in the HARY

Romans 10 in the HNT

Romans 10 in the IRVA

Romans 10 in the IRVB

Romans 10 in the IRVG

Romans 10 in the IRVH

Romans 10 in the IRVK

Romans 10 in the IRVM

Romans 10 in the IRVM2

Romans 10 in the IRVO

Romans 10 in the IRVP

Romans 10 in the IRVT

Romans 10 in the IRVT2

Romans 10 in the IRVU

Romans 10 in the ISVN

Romans 10 in the JSNT

Romans 10 in the KAPI

Romans 10 in the KBT1ETNIK

Romans 10 in the KBV

Romans 10 in the KJV

Romans 10 in the KNFD

Romans 10 in the LBA

Romans 10 in the LBLA

Romans 10 in the LNT

Romans 10 in the LSV

Romans 10 in the MAAL

Romans 10 in the MBV

Romans 10 in the MBV2

Romans 10 in the MHNT

Romans 10 in the MKNFD

Romans 10 in the MNG

Romans 10 in the MNT

Romans 10 in the MNT2

Romans 10 in the MRS1T

Romans 10 in the NAA

Romans 10 in the NASB

Romans 10 in the NBLA

Romans 10 in the NBS

Romans 10 in the NBVTP

Romans 10 in the NET2

Romans 10 in the NIV11

Romans 10 in the NNT

Romans 10 in the NNT2

Romans 10 in the NNT3

Romans 10 in the PDDPT

Romans 10 in the PFNT

Romans 10 in the RMNT

Romans 10 in the SBIAS

Romans 10 in the SBIBS

Romans 10 in the SBIBS2

Romans 10 in the SBICS

Romans 10 in the SBIDS

Romans 10 in the SBIGS

Romans 10 in the SBIHS

Romans 10 in the SBIIS

Romans 10 in the SBIIS2

Romans 10 in the SBIIS3

Romans 10 in the SBIKS

Romans 10 in the SBIKS2

Romans 10 in the SBIMS

Romans 10 in the SBIOS

Romans 10 in the SBIPS

Romans 10 in the SBISS

Romans 10 in the SBITS

Romans 10 in the SBITS2

Romans 10 in the SBITS3

Romans 10 in the SBITS4

Romans 10 in the SBIUS

Romans 10 in the SBIVS

Romans 10 in the SBT

Romans 10 in the SBT1E

Romans 10 in the SCHL

Romans 10 in the SNT

Romans 10 in the SUSU

Romans 10 in the SUSU2

Romans 10 in the SYNO

Romans 10 in the TBIAOTANT

Romans 10 in the TBT1E

Romans 10 in the TBT1E2

Romans 10 in the TFTIP

Romans 10 in the TFTU

Romans 10 in the TGNTATF3T

Romans 10 in the THAI

Romans 10 in the TNFD

Romans 10 in the TNT

Romans 10 in the TNTIK

Romans 10 in the TNTIL

Romans 10 in the TNTIN

Romans 10 in the TNTIP

Romans 10 in the TNTIZ

Romans 10 in the TOMA

Romans 10 in the TTENT

Romans 10 in the UBG

Romans 10 in the UGV

Romans 10 in the UGV2

Romans 10 in the UGV3

Romans 10 in the VBL

Romans 10 in the VDCC

Romans 10 in the YALU

Romans 10 in the YAPE

Romans 10 in the YBVTP

Romans 10 in the ZBP