1 Chronicles 15 (BOATCB2)

1 Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, osiesiee baabi, sii ntamadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no besi. 2 Afei, ɔhyɛɛ se, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi gye Lewifo no nko ara. AWURADE ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa AWURADE Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.” 3 Dawid frɛɛ Israelfo nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Apam Adaka no nkosi faako a wɔasiesie ama no no. 4 Eyinom ne asɔfo ne Lewifo a wɔfrɛɛ wɔn no: 5 Wɔn a wofi Kohat abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduonu a Uriel tua wɔn ano. 6 Wɔn a wofi Merari abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ahannu aduonu (220), a Asaia da wɔn ano. 7 Wɔn a wofi Gersom abusua mu no, na wɔn dodow yɛ ɔha aduasa (130), a Yoel da wɔn ano. 8 Na Elisafan asefo yɛ ahannu (200) a Semaia da wɔn ano. 9 Na Hebron asefo yɛ aduɔwɔtwe (80) a Eliel tua wɔn ano. 10 Na Usiel asefo yɛ ɔha ne dumien (112) a Aminadab tua wɔn ano. 11 Afei, Dawid frɛɛ asɔfo Sadok ne Abiatar ne saa Lewifo mpanyimfo yi: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab. 12 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo na moyɛ Lewifo mmusua mu ntuanofo. Mo ne Lewifo a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mubetumi de AWURADE, Israel Nyankopɔn, Apam Adaka no bɛba beae a masiesie ama no no. 13 Esiane sɛ kan no mo Lewifo ansoa Apam Adaka no nti, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, abufuw sɔre tiaa yɛn. Yɛammisa Onyankopɔn ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so soa.” 14 Enti asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de AWURADE, Israel Nyankopɔn Apam Adaka no akɔ Yerusalem. 15 Na Lewifo no soaa Onyankopɔn Apam Adaka no wɔ wɔn mmati so a, nnua a wɔde soa no hyehyɛ ho pɛpɛɛpɛ, sɛnea Mose hyɛɛ wɔn no. 16 Dawid hyɛɛ Lewifo mpanyimfo no nso sɛ wɔntew Lewifo nnwontofo kuw, wɔn a wonim nnwonto, ne wɔn a wɔwɔ nnwonto ho nimdeɛ na wɔmfa mmɛnta, mmɛn, asankuten ne kyɛnkyɛn mmɛto anigye nnwom. 17 Na Lewifo no yii Yoel babarima Heman, Berekia babarima Asaf ne Kusaia babarima Etan a wofi Merari abusua mu, ma wodii nnwontofo no anim. 18 Woyii saa mmarima yi sɛ wɔn aboafo: Sakaria, Ben, Yaasiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Maaseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne apon ano ahwɛfo Obed-Edom ne Yeiel. 19 Woyii Heman, Asaf ne Etan sɛ wɔmmɔ kɔbere mfrafrae kyɛnkyɛn no. 20 Woyii Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia sɛ wɔmmɔ mmɛnta no. 21 Woyii Matitia, Elifelehu, Miknela, Obed-Edom, Yeiel ne Asasia sɛ wɔmmɔ asankuten no. 22 Woyii Kenania a ɔyɛ Lewifo panyin no sɛ ɔnna nnwontokuw no ano, esiane ne nimdeɛ nti. 23 Woyii Berekia ne Elkana sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no. 24 Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia ne Elieser a wɔn nyinaa yɛ asɔfo no na wɔbɛto santen adi Onyankopɔn Apam Adaka no anim, ahyɛn ntorobɛnto no. Woyii Obed-Edom ne Yehia sɛ wɔnwɛn Apam Adaka no. 25 Enti Dawid ne Israel mpanyimfo ne asraafo so asahene no de ahokeka a ɛso bi nni kɔɔ Obed-Edom fi sɛ wɔrekɔfa AWURADE Apam Adaka no akɔ Yerusalem. 26 Na esiane sɛ akyinnye biara nni ho sɛ AWURADE ka Lewifo a wɔso AWURADE Apam Adaka no ho no nti, wɔde anantwinini ason ne adwennini ason bɔɔ afɔre. 27 Wɔhyɛɛ Dawid sirikyi atade fɛfɛ bi. Saa ara na Lewifo a wɔsoaa Apam Adaka no, nnwontofo no ne Kenania a ɔyɛ nnwontofo no kwankyerɛfo no nso yɛe. Na Dawid hyɛ asɔfo nguguso bi nso. 28 Enti Israel nyinaa de ahokeka, osebɔ, mmɛnhyɛn ne ntorobɛntohyɛn, akasaewosow, mmɛnta ne asankutenbɔ de AWURADE Apam Adaka no kɔɔ Yerusalem. 29 Na bere a AWURADE Apam Adaka no wuraa Dawid kurow mu no, Saulo babea Mikal too nʼani hwɛɛ fam, fii ne mfɛnsere mu. Bere a ohuu sɛ ɔhene Dawid resaw na ɔde anigye rehuruhuruw no, obuu no animtiaa wɔ ne koma mu.

In Other Versions

1 Chronicles 15 in the ANGEFD

1 Chronicles 15 in the ANTPNG2D

1 Chronicles 15 in the AS21

1 Chronicles 15 in the BAGH

1 Chronicles 15 in the BBPNG

1 Chronicles 15 in the BBT1E

1 Chronicles 15 in the BDS

1 Chronicles 15 in the BEV

1 Chronicles 15 in the BHAD

1 Chronicles 15 in the BIB

1 Chronicles 15 in the BLPT

1 Chronicles 15 in the BNT

1 Chronicles 15 in the BNTABOOT

1 Chronicles 15 in the BNTLV

1 Chronicles 15 in the BOATCB

1 Chronicles 15 in the BOBCV

1 Chronicles 15 in the BOCNT

1 Chronicles 15 in the BOECS

1 Chronicles 15 in the BOGWICC

1 Chronicles 15 in the BOHCB

1 Chronicles 15 in the BOHCV

1 Chronicles 15 in the BOHLNT

1 Chronicles 15 in the BOHNTLTAL

1 Chronicles 15 in the BOICB

1 Chronicles 15 in the BOILNTAP

1 Chronicles 15 in the BOITCV

1 Chronicles 15 in the BOKCV

1 Chronicles 15 in the BOKCV2

1 Chronicles 15 in the BOKHWOG

1 Chronicles 15 in the BOKSSV

1 Chronicles 15 in the BOLCB

1 Chronicles 15 in the BOLCB2

1 Chronicles 15 in the BOMCV

1 Chronicles 15 in the BONAV

1 Chronicles 15 in the BONCB

1 Chronicles 15 in the BONLT

1 Chronicles 15 in the BONUT2

1 Chronicles 15 in the BOPLNT

1 Chronicles 15 in the BOSCB

1 Chronicles 15 in the BOSNC

1 Chronicles 15 in the BOTLNT

1 Chronicles 15 in the BOVCB

1 Chronicles 15 in the BOYCB

1 Chronicles 15 in the BPBB

1 Chronicles 15 in the BPH

1 Chronicles 15 in the BSB

1 Chronicles 15 in the CCB

1 Chronicles 15 in the CUV

1 Chronicles 15 in the CUVS

1 Chronicles 15 in the DBT

1 Chronicles 15 in the DGDNT

1 Chronicles 15 in the DHNT

1 Chronicles 15 in the DNT

1 Chronicles 15 in the ELBE

1 Chronicles 15 in the EMTV

1 Chronicles 15 in the ESV

1 Chronicles 15 in the FBV

1 Chronicles 15 in the FEB

1 Chronicles 15 in the GGMNT

1 Chronicles 15 in the GNT

1 Chronicles 15 in the HARY

1 Chronicles 15 in the HNT

1 Chronicles 15 in the IRVA

1 Chronicles 15 in the IRVB

1 Chronicles 15 in the IRVG

1 Chronicles 15 in the IRVH

1 Chronicles 15 in the IRVK

1 Chronicles 15 in the IRVM

1 Chronicles 15 in the IRVM2

1 Chronicles 15 in the IRVO

1 Chronicles 15 in the IRVP

1 Chronicles 15 in the IRVT

1 Chronicles 15 in the IRVT2

1 Chronicles 15 in the IRVU

1 Chronicles 15 in the ISVN

1 Chronicles 15 in the JSNT

1 Chronicles 15 in the KAPI

1 Chronicles 15 in the KBT1ETNIK

1 Chronicles 15 in the KBV

1 Chronicles 15 in the KJV

1 Chronicles 15 in the KNFD

1 Chronicles 15 in the LBA

1 Chronicles 15 in the LBLA

1 Chronicles 15 in the LNT

1 Chronicles 15 in the LSV

1 Chronicles 15 in the MAAL

1 Chronicles 15 in the MBV

1 Chronicles 15 in the MBV2

1 Chronicles 15 in the MHNT

1 Chronicles 15 in the MKNFD

1 Chronicles 15 in the MNG

1 Chronicles 15 in the MNT

1 Chronicles 15 in the MNT2

1 Chronicles 15 in the MRS1T

1 Chronicles 15 in the NAA

1 Chronicles 15 in the NASB

1 Chronicles 15 in the NBLA

1 Chronicles 15 in the NBS

1 Chronicles 15 in the NBVTP

1 Chronicles 15 in the NET2

1 Chronicles 15 in the NIV11

1 Chronicles 15 in the NNT

1 Chronicles 15 in the NNT2

1 Chronicles 15 in the NNT3

1 Chronicles 15 in the PDDPT

1 Chronicles 15 in the PFNT

1 Chronicles 15 in the RMNT

1 Chronicles 15 in the SBIAS

1 Chronicles 15 in the SBIBS

1 Chronicles 15 in the SBIBS2

1 Chronicles 15 in the SBICS

1 Chronicles 15 in the SBIDS

1 Chronicles 15 in the SBIGS

1 Chronicles 15 in the SBIHS

1 Chronicles 15 in the SBIIS

1 Chronicles 15 in the SBIIS2

1 Chronicles 15 in the SBIIS3

1 Chronicles 15 in the SBIKS

1 Chronicles 15 in the SBIKS2

1 Chronicles 15 in the SBIMS

1 Chronicles 15 in the SBIOS

1 Chronicles 15 in the SBIPS

1 Chronicles 15 in the SBISS

1 Chronicles 15 in the SBITS

1 Chronicles 15 in the SBITS2

1 Chronicles 15 in the SBITS3

1 Chronicles 15 in the SBITS4

1 Chronicles 15 in the SBIUS

1 Chronicles 15 in the SBIVS

1 Chronicles 15 in the SBT

1 Chronicles 15 in the SBT1E

1 Chronicles 15 in the SCHL

1 Chronicles 15 in the SNT

1 Chronicles 15 in the SUSU

1 Chronicles 15 in the SUSU2

1 Chronicles 15 in the SYNO

1 Chronicles 15 in the TBIAOTANT

1 Chronicles 15 in the TBT1E

1 Chronicles 15 in the TBT1E2

1 Chronicles 15 in the TFTIP

1 Chronicles 15 in the TFTU

1 Chronicles 15 in the TGNTATF3T

1 Chronicles 15 in the THAI

1 Chronicles 15 in the TNFD

1 Chronicles 15 in the TNT

1 Chronicles 15 in the TNTIK

1 Chronicles 15 in the TNTIL

1 Chronicles 15 in the TNTIN

1 Chronicles 15 in the TNTIP

1 Chronicles 15 in the TNTIZ

1 Chronicles 15 in the TOMA

1 Chronicles 15 in the TTENT

1 Chronicles 15 in the UBG

1 Chronicles 15 in the UGV

1 Chronicles 15 in the UGV2

1 Chronicles 15 in the UGV3

1 Chronicles 15 in the VBL

1 Chronicles 15 in the VDCC

1 Chronicles 15 in the YALU

1 Chronicles 15 in the YAPE

1 Chronicles 15 in the YBVTP

1 Chronicles 15 in the ZBP