1 Chronicles 21 (BOATCB2)

1 Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, maa Dawid kan Israelfo. 2 Dawid hyɛɛ Yoab ne nʼasahene sɛ, “Monkan nnipa a wɔwɔ asase yi so nyinaa efi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam, na momfa wɔn dodow mmrɛ me, na ɛmma minhu wɔn ano.” 3 Na Yoab kae se, “AWURADE mmɔ ne nkurɔfo no dodow ho mpɛn ɔha ɔha! Na me wura, adɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ saa? Wɔn nyinaa nyɛ wʼasomfo ana? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ma Israel yɛ bɔne?” 4 Nanso ɔhene no kae se, nea ɛte biara ɛsɛ sɛ Yoab kan nnipa no. Enti Yoab kyinkyinii Israel nyinaa kan nnipa no. Na ɔsan baa Yerusalem 5 bɛkaa nnipa no dodow kyerɛɛ Dawid. Na wɔn dodow yɛ mmarima ɔpepem baako ne mpem ɔha a wɔaso ɔsakɔ wɔ Israel ne mpem ahannan aduɔson wɔ Yuda. 6 Nanso Yoab amfa Lewi ne Benyamin mmusuakuw anka nnipakan no ho, efisɛ na nea ɔhene ahyɛ no sɛ ɔnyɛ no yɛ no ahometew. 7 Onyankopɔn ampɛ nnipakan no koraa, enti ɔtwee Israel aso wɔ ho. 8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Mayɛ bɔne kɛse. Anka ɛnsɛ sɛ mekan nnipa no. Mesrɛ wo, fa me nkwaseade a mayɛ no kyɛ me.” 9 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Gad a ɔyɛ Dawid ɔdehufo no se, 10 “Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid se, ‘Sɛnea AWURADE se ni: Merema wo nsɛm ahorow abiɛsa. Paw emu baako na menyɛ ntia wo.’ ” 11 Enti Gad baa Dawid nkyɛn bɛkae se, “Sɛnea AWURADE se ni: ‘Paw emu nea wopɛ: 12 mfe abiɛsa a ɔkɔm kɛse bɛba anaa asram abiɛsa a wʼatamfo bekunkum mo anaa nnansa a ɔyaredɔm a ano yɛ den yiye a, AWURADE bɔfo nam so de ɔsɛe bɛba Israel asase so.’ Afei dwene eyi ho, na ma minhu mmuae ko a memfa nkɔma AWURADE.” 13 Dawid buaa Gad se, “Mewɔ ahohiahia mu. Ma mentɔ AWURADE nsam, efisɛ nʼahummɔbɔ no so. Mma me nkɔtɔ nnipa nsam.” 14 Na AWURADE maa ɔyaredɔm baa Israel so, maa nnipa mpem aduɔson wuwui. 15 Afei, Onyankopɔn somaa ɔsoro ɔbɔfo sɛ ɔnkɔsɛe Yerusalem. Na bɔfo no reyɛ no, AWURADE nyaa ahummɔbɔ ka kyerɛɛ owu ɔbɔfo no se, “Gyae! Ɛno ara dɔɔso!” Saa bere no na ɔbɔfo no gyina Yebusini Arauna awiporowbea hɔ. 16 Dawid pagyaw nʼani huu sɛ AWURADE bɔfo no gyina ɔsoro ne asase ntam a, watwe nʼafoa de akyerɛ Yerusalem so. Enti Dawid ne Israel mpanyimfo furaa atweaatam de kyerɛɛ wɔn ahoyeraw, na wɔhwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ. 17 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn se, “Me na mede nnipakan no ho asɛm bae! Me ne obi a mayɛ bɔne na mafom. Saa nkurɔfo yi de, ɛso bi nna wɔn so. Dɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wʼabufuw mmra me ne me fifo so, na nsɛe wo nkurɔfo.” 18 Na AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Gad se ɔnka nkyerɛ Dawid mma onsi afɔremuka mma AWURADE wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ. 19 Na Dawid yɛɛ nea AWURADE nam Gad so ka kyerɛɛ no no. 20 Arauna a saa bere no na nʼani abere reporow nʼatoko so no dan ne ho huu ɔbɔfo no wɔ hɔ. Ne mmabarima baanan a na wɔka ne ho wɔ hɔ no guan kohintawee. 21 Bere a Arauna huu sɛ ɔhene Dawid reba awiporowbea hɔ no, ofi hɔ kɔkotow nʼanim. 22 Na Dawid ka kyerɛɛ Arauna se, “Tɔn awiporowbea yi ma me sɛnea ne bo te. Na mesi afɔremuka ama AWURADE wɔ hɔ sɛnea obesiw ɔyaredɔm no ano.” 23 Arauna ka kyerɛɛ Dawid se, “Fa, me wura, na fa yɛ nea wopɛ. Anantwi a wode bɛbɔ afɔre ni. Wubetumi de awiporowbea nnua yi ayɛ nnyina de asɔ gya wɔ afɔremuka no so. Fa atoko no nso bɔ atoko afɔre. Mede ne nyinaa bɛma wo.” 24 Na ɔhene no buaa Arauna se, “Dabi! Mepɛ sɛ mitua nea ɛfata ma wo. Merentumi nnye wʼagyapade mfa mma AWURADE. Meremmɔ ɔhyew afɔre a memmɔɔ ho ka.” 25 Enti Dawid tuaa sikakɔkɔɔ kilogram ason maa Arauna, de tɔɔ awiporowbea no. 26 Dawid sii afɔremuka wɔ hɔ maa AWURADE, bɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Na Dawid bɔɔ mpae no, AWURADE tiee no, nam so de ogya fi soro bɛhyew afɔrebɔde a ɛwɔ afɔremuka no so no. 27 Afei, AWURADE kasa kyerɛɛ ɔbɔfo no ma ɔsan de nʼafoa no hyɛɛ ne boha mu. 28 Bere a Dawid huu sɛ AWURADE atie ne mpaebɔ no, ɔbɔɔ afɔre pii wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ. 29 Saa bere no na AWURADE Ahyiae Ntamadan ne afɔremuka a Mose sii wɔ sare so hɔ no sisi Gibeon sorɔnsorɔmmea hɔ. 30 Nanso Dawid antumi ankɔ hɔ ankobisa Onyankopɔn ase, efisɛ afoa a AWURADE bɔfo no twee no bɔɔ no hu.

In Other Versions

1 Chronicles 21 in the ANGEFD

1 Chronicles 21 in the ANTPNG2D

1 Chronicles 21 in the AS21

1 Chronicles 21 in the BAGH

1 Chronicles 21 in the BBPNG

1 Chronicles 21 in the BBT1E

1 Chronicles 21 in the BDS

1 Chronicles 21 in the BEV

1 Chronicles 21 in the BHAD

1 Chronicles 21 in the BIB

1 Chronicles 21 in the BLPT

1 Chronicles 21 in the BNT

1 Chronicles 21 in the BNTABOOT

1 Chronicles 21 in the BNTLV

1 Chronicles 21 in the BOATCB

1 Chronicles 21 in the BOBCV

1 Chronicles 21 in the BOCNT

1 Chronicles 21 in the BOECS

1 Chronicles 21 in the BOGWICC

1 Chronicles 21 in the BOHCB

1 Chronicles 21 in the BOHCV

1 Chronicles 21 in the BOHLNT

1 Chronicles 21 in the BOHNTLTAL

1 Chronicles 21 in the BOICB

1 Chronicles 21 in the BOILNTAP

1 Chronicles 21 in the BOITCV

1 Chronicles 21 in the BOKCV

1 Chronicles 21 in the BOKCV2

1 Chronicles 21 in the BOKHWOG

1 Chronicles 21 in the BOKSSV

1 Chronicles 21 in the BOLCB

1 Chronicles 21 in the BOLCB2

1 Chronicles 21 in the BOMCV

1 Chronicles 21 in the BONAV

1 Chronicles 21 in the BONCB

1 Chronicles 21 in the BONLT

1 Chronicles 21 in the BONUT2

1 Chronicles 21 in the BOPLNT

1 Chronicles 21 in the BOSCB

1 Chronicles 21 in the BOSNC

1 Chronicles 21 in the BOTLNT

1 Chronicles 21 in the BOVCB

1 Chronicles 21 in the BOYCB

1 Chronicles 21 in the BPBB

1 Chronicles 21 in the BPH

1 Chronicles 21 in the BSB

1 Chronicles 21 in the CCB

1 Chronicles 21 in the CUV

1 Chronicles 21 in the CUVS

1 Chronicles 21 in the DBT

1 Chronicles 21 in the DGDNT

1 Chronicles 21 in the DHNT

1 Chronicles 21 in the DNT

1 Chronicles 21 in the ELBE

1 Chronicles 21 in the EMTV

1 Chronicles 21 in the ESV

1 Chronicles 21 in the FBV

1 Chronicles 21 in the FEB

1 Chronicles 21 in the GGMNT

1 Chronicles 21 in the GNT

1 Chronicles 21 in the HARY

1 Chronicles 21 in the HNT

1 Chronicles 21 in the IRVA

1 Chronicles 21 in the IRVB

1 Chronicles 21 in the IRVG

1 Chronicles 21 in the IRVH

1 Chronicles 21 in the IRVK

1 Chronicles 21 in the IRVM

1 Chronicles 21 in the IRVM2

1 Chronicles 21 in the IRVO

1 Chronicles 21 in the IRVP

1 Chronicles 21 in the IRVT

1 Chronicles 21 in the IRVT2

1 Chronicles 21 in the IRVU

1 Chronicles 21 in the ISVN

1 Chronicles 21 in the JSNT

1 Chronicles 21 in the KAPI

1 Chronicles 21 in the KBT1ETNIK

1 Chronicles 21 in the KBV

1 Chronicles 21 in the KJV

1 Chronicles 21 in the KNFD

1 Chronicles 21 in the LBA

1 Chronicles 21 in the LBLA

1 Chronicles 21 in the LNT

1 Chronicles 21 in the LSV

1 Chronicles 21 in the MAAL

1 Chronicles 21 in the MBV

1 Chronicles 21 in the MBV2

1 Chronicles 21 in the MHNT

1 Chronicles 21 in the MKNFD

1 Chronicles 21 in the MNG

1 Chronicles 21 in the MNT

1 Chronicles 21 in the MNT2

1 Chronicles 21 in the MRS1T

1 Chronicles 21 in the NAA

1 Chronicles 21 in the NASB

1 Chronicles 21 in the NBLA

1 Chronicles 21 in the NBS

1 Chronicles 21 in the NBVTP

1 Chronicles 21 in the NET2

1 Chronicles 21 in the NIV11

1 Chronicles 21 in the NNT

1 Chronicles 21 in the NNT2

1 Chronicles 21 in the NNT3

1 Chronicles 21 in the PDDPT

1 Chronicles 21 in the PFNT

1 Chronicles 21 in the RMNT

1 Chronicles 21 in the SBIAS

1 Chronicles 21 in the SBIBS

1 Chronicles 21 in the SBIBS2

1 Chronicles 21 in the SBICS

1 Chronicles 21 in the SBIDS

1 Chronicles 21 in the SBIGS

1 Chronicles 21 in the SBIHS

1 Chronicles 21 in the SBIIS

1 Chronicles 21 in the SBIIS2

1 Chronicles 21 in the SBIIS3

1 Chronicles 21 in the SBIKS

1 Chronicles 21 in the SBIKS2

1 Chronicles 21 in the SBIMS

1 Chronicles 21 in the SBIOS

1 Chronicles 21 in the SBIPS

1 Chronicles 21 in the SBISS

1 Chronicles 21 in the SBITS

1 Chronicles 21 in the SBITS2

1 Chronicles 21 in the SBITS3

1 Chronicles 21 in the SBITS4

1 Chronicles 21 in the SBIUS

1 Chronicles 21 in the SBIVS

1 Chronicles 21 in the SBT

1 Chronicles 21 in the SBT1E

1 Chronicles 21 in the SCHL

1 Chronicles 21 in the SNT

1 Chronicles 21 in the SUSU

1 Chronicles 21 in the SUSU2

1 Chronicles 21 in the SYNO

1 Chronicles 21 in the TBIAOTANT

1 Chronicles 21 in the TBT1E

1 Chronicles 21 in the TBT1E2

1 Chronicles 21 in the TFTIP

1 Chronicles 21 in the TFTU

1 Chronicles 21 in the TGNTATF3T

1 Chronicles 21 in the THAI

1 Chronicles 21 in the TNFD

1 Chronicles 21 in the TNT

1 Chronicles 21 in the TNTIK

1 Chronicles 21 in the TNTIL

1 Chronicles 21 in the TNTIN

1 Chronicles 21 in the TNTIP

1 Chronicles 21 in the TNTIZ

1 Chronicles 21 in the TOMA

1 Chronicles 21 in the TTENT

1 Chronicles 21 in the UBG

1 Chronicles 21 in the UGV

1 Chronicles 21 in the UGV2

1 Chronicles 21 in the UGV3

1 Chronicles 21 in the VBL

1 Chronicles 21 in the VDCC

1 Chronicles 21 in the YALU

1 Chronicles 21 in the YAPE

1 Chronicles 21 in the YBVTP

1 Chronicles 21 in the ZBP