1 Kings 19 (BOATCB2)
1 Bere a Ahab duu fie no, ɔkaa nea Elia ayɛ nyinaa ne sɛnea wakunkum Baal adiyifo nyinaa no kyerɛɛ Isebel. 2 Enti Isebel de saa nkra yi kɔmaa Elia se, “Sɛ ɔkyena sesɛɛ na minkum wo, sɛnea woakum nkurɔfo yi a, anyame no nkum me bi.” 3 Elia tee nkra no, osuroe, enti oguan de peree ne ti. Ɔkɔɔ kurow bi a ɛwɔ Yuda a wɔfrɛ no Beer-Seba, gyaw ne somfo wɔ hɔ, 4 na nʼankasa nantew da mu nyinaa kɔɔ sare so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmfrɔm ase, na ɔbɔɔ mpae sɛ anka onwu. Ɔkae se, “Nea mahu no ara dɔɔ me so, AWURADE. Twa me nkwa so na minnye nsen mʼagyanom.” 5 Na ɔdaa dua no ase.Na ne nna mu no, ɔbɔfo bɛkaa no, ka kyerɛɛ no se, “Sɔre na didi.” 6 Ɔhwɛɛ ne ho hyia huu brodo bi a wɔato no nnyansramma so, ne kuruwa a nsu wɔ mu. Enti odidii, nom nsu no, san daa bio. 7 Na AWURADE bɔfo no san baa bio bɛkaa no kae se, “Sɔre na didi pii ka ho, na ɔkwan a ɛda wʼanim no ware.” 8 Enti ɔsɔre didi nomee. Aduan no maa no nyaa ahoɔden a ɔde betwa kwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔw no so. 9 Okoduu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no.Na AWURADE bisaa no se, “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?” 10 Elia buae se, “Mede ahoɔden asom Asafo AWURADE Nyankopɔn. Nanso Israelfo abu apam a wɔne wo hyehyɛe no so, nam so abubu wʼafɔremuka nyinaa, akunkum wʼadiyifo a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrehwehwɛ me akum me nso.” 11 AWURADE ka kyerɛɛ no se, “Fi adi kogyina mʼanim wɔ bepɔw no so.” Na bere a Elia gyina hɔ no, AWURADE bɛfaa hɔ, na mframa dennen bi bɔ sii bepɔw no mu.Na mframa no ano den no twitwaa abotan no mu. Nanso na AWURADE nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asase wosowee. Nanso na AWURADE nni asasewosow no mu. 12 Na asasewosow no akyi, ogya puei. Nanso na AWURADE nni ogya no mu. Na ogya no akyi, nne bi a ɛyɛ bɔkɔɔ te sɛ nea wɔde ka asomsɛm bae. 13 Elia tee nne no, ɔde nʼatade kataa nʼanim na ofi ɔbodan no mu, kogyinaa ano kwan no ano.Na nne bi bisae se, “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?” 14 Obuaa bio se, “Mede ahoɔden asom Asafo AWURADE Nyankopɔn. Nanso Israelfo abu apam a wɔne wo hyehyɛe no so, nam so abubu wʼafɔremuka nyinaa, akunkum wʼadiyifo a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrehwehwɛ me akum me nso.” 15 Na AWURADE ka kyerɛɛ no se, “San wʼakyi kɔ faako a wufi bae, na kɔ Damasko sare so. Na sɛ wudu hɔ a, sra Hasael ngo, si no Aramhene. 16 Afei, sra Nimsi babarima Yehu, na ɔnyɛ Israelhene, na sra Safat babarima Elisa a ofi Abel-Mehola, na onsi wʼanan mu sɛ me diyifo. 17 Obiara a obeguan afi Hasael ho no, Yehu bekum no, na obiara a obeguan afi Yehu ho nso no, Elisa bekum no. 18 Eyinom akyi no, mɛbɔ nnipa afoforo mpem ason bi a wɔwɔ Israel a wɔnkotow Baal, mfew nʼano da, no ho ban.” 19 Na Elia fii hɔ kɔ kohuu Safat babarima Elisa, na ɔde anantwi mpamho dumien refuntum afuw a nʼankasa reka mpamho a ɛto so dumien no. Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtow nʼatade guu ne so. 20 Elisa gyaw anantwi no hɔ, tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no se, “Ma menkɔkra mʼagya ne me na ansa na me ne wo akɔ.”Elia buae se, “San kɔ. Dɛn na mayɛ wo?” 21 Afei, Elisa san kɔɔ anantwi no ho kokunkum wɔn. Ɔde funtumfiri no ho nnua no yɛɛ nnyansin de noaa nam no de maa mmarima no ma wɔwee. Afei ɔkɔ kodii Elia akyi ma ɔbɛyɛɛ ne somfo.
In Other Versions
1 Kings 19 in the ANGEFD
1 Kings 19 in the ANTPNG2D
1 Kings 19 in the AS21
1 Kings 19 in the BAGH
1 Kings 19 in the BBPNG
1 Kings 19 in the BBT1E
1 Kings 19 in the BDS
1 Kings 19 in the BEV
1 Kings 19 in the BHAD
1 Kings 19 in the BIB
1 Kings 19 in the BLPT
1 Kings 19 in the BNT
1 Kings 19 in the BNTABOOT
1 Kings 19 in the BNTLV
1 Kings 19 in the BOATCB
1 Kings 19 in the BOBCV
1 Kings 19 in the BOCNT
1 Kings 19 in the BOECS
1 Kings 19 in the BOGWICC
1 Kings 19 in the BOHCB
1 Kings 19 in the BOHCV
1 Kings 19 in the BOHLNT
1 Kings 19 in the BOHNTLTAL
1 Kings 19 in the BOICB
1 Kings 19 in the BOILNTAP
1 Kings 19 in the BOITCV
1 Kings 19 in the BOKCV
1 Kings 19 in the BOKCV2
1 Kings 19 in the BOKHWOG
1 Kings 19 in the BOKSSV
1 Kings 19 in the BOLCB
1 Kings 19 in the BOLCB2
1 Kings 19 in the BOMCV
1 Kings 19 in the BONAV
1 Kings 19 in the BONCB
1 Kings 19 in the BONLT
1 Kings 19 in the BONUT2
1 Kings 19 in the BOPLNT
1 Kings 19 in the BOSCB
1 Kings 19 in the BOSNC
1 Kings 19 in the BOTLNT
1 Kings 19 in the BOVCB
1 Kings 19 in the BOYCB
1 Kings 19 in the BPBB
1 Kings 19 in the BPH
1 Kings 19 in the BSB
1 Kings 19 in the CCB
1 Kings 19 in the CUV
1 Kings 19 in the CUVS
1 Kings 19 in the DBT
1 Kings 19 in the DGDNT
1 Kings 19 in the DHNT
1 Kings 19 in the DNT
1 Kings 19 in the ELBE
1 Kings 19 in the EMTV
1 Kings 19 in the ESV
1 Kings 19 in the FBV
1 Kings 19 in the FEB
1 Kings 19 in the GGMNT
1 Kings 19 in the GNT
1 Kings 19 in the HARY
1 Kings 19 in the HNT
1 Kings 19 in the IRVA
1 Kings 19 in the IRVB
1 Kings 19 in the IRVG
1 Kings 19 in the IRVH
1 Kings 19 in the IRVK
1 Kings 19 in the IRVM
1 Kings 19 in the IRVM2
1 Kings 19 in the IRVO
1 Kings 19 in the IRVP
1 Kings 19 in the IRVT
1 Kings 19 in the IRVT2
1 Kings 19 in the IRVU
1 Kings 19 in the ISVN
1 Kings 19 in the JSNT
1 Kings 19 in the KAPI
1 Kings 19 in the KBT1ETNIK
1 Kings 19 in the KBV
1 Kings 19 in the KJV
1 Kings 19 in the KNFD
1 Kings 19 in the LBA
1 Kings 19 in the LBLA
1 Kings 19 in the LNT
1 Kings 19 in the LSV
1 Kings 19 in the MAAL
1 Kings 19 in the MBV
1 Kings 19 in the MBV2
1 Kings 19 in the MHNT
1 Kings 19 in the MKNFD
1 Kings 19 in the MNG
1 Kings 19 in the MNT
1 Kings 19 in the MNT2
1 Kings 19 in the MRS1T
1 Kings 19 in the NAA
1 Kings 19 in the NASB
1 Kings 19 in the NBLA
1 Kings 19 in the NBS
1 Kings 19 in the NBVTP
1 Kings 19 in the NET2
1 Kings 19 in the NIV11
1 Kings 19 in the NNT
1 Kings 19 in the NNT2
1 Kings 19 in the NNT3
1 Kings 19 in the PDDPT
1 Kings 19 in the PFNT
1 Kings 19 in the RMNT
1 Kings 19 in the SBIAS
1 Kings 19 in the SBIBS
1 Kings 19 in the SBIBS2
1 Kings 19 in the SBICS
1 Kings 19 in the SBIDS
1 Kings 19 in the SBIGS
1 Kings 19 in the SBIHS
1 Kings 19 in the SBIIS
1 Kings 19 in the SBIIS2
1 Kings 19 in the SBIIS3
1 Kings 19 in the SBIKS
1 Kings 19 in the SBIKS2
1 Kings 19 in the SBIMS
1 Kings 19 in the SBIOS
1 Kings 19 in the SBIPS
1 Kings 19 in the SBISS
1 Kings 19 in the SBITS
1 Kings 19 in the SBITS2
1 Kings 19 in the SBITS3
1 Kings 19 in the SBITS4
1 Kings 19 in the SBIUS
1 Kings 19 in the SBIVS
1 Kings 19 in the SBT
1 Kings 19 in the SBT1E
1 Kings 19 in the SCHL
1 Kings 19 in the SNT
1 Kings 19 in the SUSU
1 Kings 19 in the SUSU2
1 Kings 19 in the SYNO
1 Kings 19 in the TBIAOTANT
1 Kings 19 in the TBT1E
1 Kings 19 in the TBT1E2
1 Kings 19 in the TFTIP
1 Kings 19 in the TFTU
1 Kings 19 in the TGNTATF3T
1 Kings 19 in the THAI
1 Kings 19 in the TNFD
1 Kings 19 in the TNT
1 Kings 19 in the TNTIK
1 Kings 19 in the TNTIL
1 Kings 19 in the TNTIN
1 Kings 19 in the TNTIP
1 Kings 19 in the TNTIZ
1 Kings 19 in the TOMA
1 Kings 19 in the TTENT
1 Kings 19 in the UBG
1 Kings 19 in the UGV
1 Kings 19 in the UGV2
1 Kings 19 in the UGV3
1 Kings 19 in the VBL
1 Kings 19 in the VDCC
1 Kings 19 in the YALU
1 Kings 19 in the YAPE
1 Kings 19 in the YBVTP
1 Kings 19 in the ZBP