1 Samuel 11 (BOATCB2)
1 Ɛbɛyɛ ɔsram akyi, Amonhene Nahas dii nʼakofo anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma srɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfo.” 2 Nanso Amonni Nahas buae se, “Eye, na ade baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, metu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.” 3 Na Yabes mpanyin no buae se, “Ma yɛn nnanson, na yɛmfa nsoma abɔfo mfa Israel nyinaa, na sɛ yɛn abusuafo amma ammegye yɛn de a, yɛbɛpene wo nhyehyɛe no so.” 4 Abɔfo no beduu Gibea a ɛyɛ Saulo kurom, bɛkaa asɛm a ato wɔn no kyerɛɛ ɔmanfo maa wɔn nyinaa sui. 5 Saa bere no, na Saulo refuntum nʼafuw. Na ɔbaa fie no, obisae se, “Dɛn asɛm na asi? Adɛn nti na nusu abu obiara kɔn yi?” Enti wɔbɔɔ asɛm a efi Yabes aba no ho amanneɛ. 6 Onyankopɔn honhom besii Saulo so denneennen. Na ne bo fuw yiye. 7 Ɔfaa anantwi abien, twitwaa wɔn asinasin, na wɔmaa abɔfo no soa kyinii Israel nyinaa, kae se, “Obiara a wanni Saulo ne Samuel akyi ankɔ ɔko no, saa ara na ne nantwi bɛyɛ!” Na AWURADE maa nnipa no suroo Saulo abufuw no. Enti wɔn nyinaa bɛboaa wɔn ho ano. 8 Bere a Saulo boaa wɔn ano wɔ Besek a ɔkan wɔn no, na Israel mmarima dodow yɛ mpem ahaasa na Yudafo nso dodow yɛ mpem aduasa. 9 Saulo somaa abɔfo no ma wɔsan wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Enkosi ɔkyena awia owigyinae bere mu no, yebeyi mo afi mo ahokyere no mu.” Abɔfo no kɔka eyi kyerɛɛ Yabes mmarima no, wɔn ani gyei. 10 Na Yabes mmarima ka kyerɛɛ wɔn atamfo no se, “Ɔkyena yɛbɛba mo so, na nea mopɛ no, monyɛ yɛn.” 11 Nanso ansa na ade bɛkye no, na Saulo adu hɔ dedaw. Ɔkyekyɛɛ nʼakofo no mu akuw abiɛsa. Ɔtow hyɛɛ Amonfo no so mpofirim, kunkum wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn asraafo nkae no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhu sɛ wɔn mu baanu bi gyina faako. 12 Afei, nnipa no teɛɛ mu frɛɛ Samuel se, “Nnipa a wɔka se ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so hene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yenkum wɔn.” 13 Nanso Saulo buae se, “Wɔrenkum obiara nnɛ, efisɛ, AWURADE agye Israel nnɛ.” 14 Na Samuel ka kyerɛɛ nnipa no se, “Mommra na yɛn nyinaa nkɔ Gilgal nkosi Saulo ahenni no so dua.” 15 Enti wɔn nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔhyɛɛ Saulo ahenkyɛw wɔ AWURADE anim. Na wɔbɔɔ asomdwoe afɔre maa AWURADE, na Saulo ne Israelfo nyinaa gyee wɔn ani.
In Other Versions
1 Samuel 11 in the ANGEFD
1 Samuel 11 in the ANTPNG2D
1 Samuel 11 in the AS21
1 Samuel 11 in the BAGH
1 Samuel 11 in the BBPNG
1 Samuel 11 in the BBT1E
1 Samuel 11 in the BDS
1 Samuel 11 in the BEV
1 Samuel 11 in the BHAD
1 Samuel 11 in the BIB
1 Samuel 11 in the BLPT
1 Samuel 11 in the BNT
1 Samuel 11 in the BNTABOOT
1 Samuel 11 in the BNTLV
1 Samuel 11 in the BOATCB
1 Samuel 11 in the BOBCV
1 Samuel 11 in the BOCNT
1 Samuel 11 in the BOECS
1 Samuel 11 in the BOGWICC
1 Samuel 11 in the BOHCB
1 Samuel 11 in the BOHCV
1 Samuel 11 in the BOHLNT
1 Samuel 11 in the BOHNTLTAL
1 Samuel 11 in the BOICB
1 Samuel 11 in the BOILNTAP
1 Samuel 11 in the BOITCV
1 Samuel 11 in the BOKCV
1 Samuel 11 in the BOKCV2
1 Samuel 11 in the BOKHWOG
1 Samuel 11 in the BOKSSV
1 Samuel 11 in the BOLCB
1 Samuel 11 in the BOLCB2
1 Samuel 11 in the BOMCV
1 Samuel 11 in the BONAV
1 Samuel 11 in the BONCB
1 Samuel 11 in the BONLT
1 Samuel 11 in the BONUT2
1 Samuel 11 in the BOPLNT
1 Samuel 11 in the BOSCB
1 Samuel 11 in the BOSNC
1 Samuel 11 in the BOTLNT
1 Samuel 11 in the BOVCB
1 Samuel 11 in the BOYCB
1 Samuel 11 in the BPBB
1 Samuel 11 in the BPH
1 Samuel 11 in the BSB
1 Samuel 11 in the CCB
1 Samuel 11 in the CUV
1 Samuel 11 in the CUVS
1 Samuel 11 in the DBT
1 Samuel 11 in the DGDNT
1 Samuel 11 in the DHNT
1 Samuel 11 in the DNT
1 Samuel 11 in the ELBE
1 Samuel 11 in the EMTV
1 Samuel 11 in the ESV
1 Samuel 11 in the FBV
1 Samuel 11 in the FEB
1 Samuel 11 in the GGMNT
1 Samuel 11 in the GNT
1 Samuel 11 in the HARY
1 Samuel 11 in the HNT
1 Samuel 11 in the IRVA
1 Samuel 11 in the IRVB
1 Samuel 11 in the IRVG
1 Samuel 11 in the IRVH
1 Samuel 11 in the IRVK
1 Samuel 11 in the IRVM
1 Samuel 11 in the IRVM2
1 Samuel 11 in the IRVO
1 Samuel 11 in the IRVP
1 Samuel 11 in the IRVT
1 Samuel 11 in the IRVT2
1 Samuel 11 in the IRVU
1 Samuel 11 in the ISVN
1 Samuel 11 in the JSNT
1 Samuel 11 in the KAPI
1 Samuel 11 in the KBT1ETNIK
1 Samuel 11 in the KBV
1 Samuel 11 in the KJV
1 Samuel 11 in the KNFD
1 Samuel 11 in the LBA
1 Samuel 11 in the LBLA
1 Samuel 11 in the LNT
1 Samuel 11 in the LSV
1 Samuel 11 in the MAAL
1 Samuel 11 in the MBV
1 Samuel 11 in the MBV2
1 Samuel 11 in the MHNT
1 Samuel 11 in the MKNFD
1 Samuel 11 in the MNG
1 Samuel 11 in the MNT
1 Samuel 11 in the MNT2
1 Samuel 11 in the MRS1T
1 Samuel 11 in the NAA
1 Samuel 11 in the NASB
1 Samuel 11 in the NBLA
1 Samuel 11 in the NBS
1 Samuel 11 in the NBVTP
1 Samuel 11 in the NET2
1 Samuel 11 in the NIV11
1 Samuel 11 in the NNT
1 Samuel 11 in the NNT2
1 Samuel 11 in the NNT3
1 Samuel 11 in the PDDPT
1 Samuel 11 in the PFNT
1 Samuel 11 in the RMNT
1 Samuel 11 in the SBIAS
1 Samuel 11 in the SBIBS
1 Samuel 11 in the SBIBS2
1 Samuel 11 in the SBICS
1 Samuel 11 in the SBIDS
1 Samuel 11 in the SBIGS
1 Samuel 11 in the SBIHS
1 Samuel 11 in the SBIIS
1 Samuel 11 in the SBIIS2
1 Samuel 11 in the SBIIS3
1 Samuel 11 in the SBIKS
1 Samuel 11 in the SBIKS2
1 Samuel 11 in the SBIMS
1 Samuel 11 in the SBIOS
1 Samuel 11 in the SBIPS
1 Samuel 11 in the SBISS
1 Samuel 11 in the SBITS
1 Samuel 11 in the SBITS2
1 Samuel 11 in the SBITS3
1 Samuel 11 in the SBITS4
1 Samuel 11 in the SBIUS
1 Samuel 11 in the SBIVS
1 Samuel 11 in the SBT
1 Samuel 11 in the SBT1E
1 Samuel 11 in the SCHL
1 Samuel 11 in the SNT
1 Samuel 11 in the SUSU
1 Samuel 11 in the SUSU2
1 Samuel 11 in the SYNO
1 Samuel 11 in the TBIAOTANT
1 Samuel 11 in the TBT1E
1 Samuel 11 in the TBT1E2
1 Samuel 11 in the TFTIP
1 Samuel 11 in the TFTU
1 Samuel 11 in the TGNTATF3T
1 Samuel 11 in the THAI
1 Samuel 11 in the TNFD
1 Samuel 11 in the TNT
1 Samuel 11 in the TNTIK
1 Samuel 11 in the TNTIL
1 Samuel 11 in the TNTIN
1 Samuel 11 in the TNTIP
1 Samuel 11 in the TNTIZ
1 Samuel 11 in the TOMA
1 Samuel 11 in the TTENT
1 Samuel 11 in the UBG
1 Samuel 11 in the UGV
1 Samuel 11 in the UGV2
1 Samuel 11 in the UGV3
1 Samuel 11 in the VBL
1 Samuel 11 in the VDCC
1 Samuel 11 in the YALU
1 Samuel 11 in the YAPE
1 Samuel 11 in the YBVTP
1 Samuel 11 in the ZBP