2 Chronicles 14 (BOATCB2)

1 Abia wu ma wosiee no wɔ Dawid kurom. Ne babarima Asa na odii nʼade sɛ ɔhene. Asomdwoe baa asase no so mfe du. 2 Asa yɛɛ nea ɛsɔ AWURADE, ne Nyankopɔn no, ani. 3 Otutuu abosonsomfo afɔremuka ne wɔn abosonnan nyinaa gui. Odwiriw wɔn afadum, twitwaa Asera nnua nyinaa. 4 Ɔhyɛɛ ɔmanfo a wɔwɔ Yuda se, wɔnhwehwɛ AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara ne nʼahyɛde nyinaa so. 5 Asa san bubuu abosonnan ne nnuhuam afɔremuka fii Yuda nkurow nyinaa mu. Ɛno nti, wonyaa asomdwoe wɔ Asa ahenni mu. 6 Saa asomdwoe mfe no mu no, otumi siesiee bammɔ nkuropɔn a ɛwɔ Yudaman mu nyinaa. Obiara anyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛko atia no saa bere yi, efisɛ na AWURADE rema no ahomegye wɔ nʼatamfo nsam. 7 Asa ka kyerɛɛ Yudafo se, “Momma yɛnkyekye nkurow, na yentwa afasu mfa ho mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apon, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, efisɛ yɛsrɛɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn, na wama yɛn ahomegye wɔ yɛn atamfo nsam.” Enti wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awiei. 8 Na ɔhene Asa wɔ akofo mpem ahaasa a wofi Yuda abusuakuw mu a wɔwɔ nkatabo ne mpeaw akɛse. Afei, na ɔwɔ akofo mpem ahannu aduɔwɔtwe a wofi Benyamin abusua mu a wokurakura nkatabo ne agyan nketewa. Na akofo akokodurufo wɔ saa asraafodɔm abien yi mu. 9 Bere bi, Etiopiani bi a wɔfrɛ no Serah de asraafodɔm ɔpepem baako ne nteaseɛnam ahaasa, kɔtow hyɛɛ Yuda so. Wɔkɔ koduu Maresa kuropɔn mu. 10 Asa nso boaa nʼakofo ano ne wɔn kɔkoo wɔ Sefata bon mu a ɛbɛn Maresa. 11 Asa teɛɛ mu, frɛɛ AWURADE ne Nyankopɔn se, “AWURADE, wo nko ara na wubetumi aboa nea ɔyɛ mmerɛw na watumi ako atia ɔhoɔdenfo! Boa yɛn, AWURADE, yɛn Nyankopɔn, efisɛ wo nko ara ne yɛn anidaso. Wo din mu na yɛrehyia dɔm kɛse yi. AWURADE, woyɛ yɛn Nyankopɔn, na mma kwan mma nnipa teta nsɔre ntia wo!” 12 Na AWURADE dii Etiopiafo no so nkonim wɔ Asa ne Yuda asraafodɔm no anim, na atamfo no guanee. 13 Asa ne nʼakofo no taa wɔn ara kosii Gerar, maa Etiopiafo no bebree totɔe a wɔantumi ammoa wɔn ho ano. AWURADE ne nʼakofo dwerɛw wɔn, na Yuda asraafo no nyaa asade bebree kɔe. 14 Bere a wɔwɔ Gerar no, wɔtow hyɛɛ nkurow a ɛwɔ beae hɔ nyinaa so, na AWURADE ho huboa tɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no so. Awiei no, wonyaa asade bebree wɔ saa nkurow no so nso. 15 Wɔsan tow hyɛɛ mmoahwɛfo atenae, kyekyeree nguan ne yoma, ansa na wɔresan akɔ Yerusalem.

In Other Versions

2 Chronicles 14 in the ANGEFD

2 Chronicles 14 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 14 in the AS21

2 Chronicles 14 in the BAGH

2 Chronicles 14 in the BBPNG

2 Chronicles 14 in the BBT1E

2 Chronicles 14 in the BDS

2 Chronicles 14 in the BEV

2 Chronicles 14 in the BHAD

2 Chronicles 14 in the BIB

2 Chronicles 14 in the BLPT

2 Chronicles 14 in the BNT

2 Chronicles 14 in the BNTABOOT

2 Chronicles 14 in the BNTLV

2 Chronicles 14 in the BOATCB

2 Chronicles 14 in the BOBCV

2 Chronicles 14 in the BOCNT

2 Chronicles 14 in the BOECS

2 Chronicles 14 in the BOGWICC

2 Chronicles 14 in the BOHCB

2 Chronicles 14 in the BOHCV

2 Chronicles 14 in the BOHLNT

2 Chronicles 14 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 14 in the BOICB

2 Chronicles 14 in the BOILNTAP

2 Chronicles 14 in the BOITCV

2 Chronicles 14 in the BOKCV

2 Chronicles 14 in the BOKCV2

2 Chronicles 14 in the BOKHWOG

2 Chronicles 14 in the BOKSSV

2 Chronicles 14 in the BOLCB

2 Chronicles 14 in the BOLCB2

2 Chronicles 14 in the BOMCV

2 Chronicles 14 in the BONAV

2 Chronicles 14 in the BONCB

2 Chronicles 14 in the BONLT

2 Chronicles 14 in the BONUT2

2 Chronicles 14 in the BOPLNT

2 Chronicles 14 in the BOSCB

2 Chronicles 14 in the BOSNC

2 Chronicles 14 in the BOTLNT

2 Chronicles 14 in the BOVCB

2 Chronicles 14 in the BOYCB

2 Chronicles 14 in the BPBB

2 Chronicles 14 in the BPH

2 Chronicles 14 in the BSB

2 Chronicles 14 in the CCB

2 Chronicles 14 in the CUV

2 Chronicles 14 in the CUVS

2 Chronicles 14 in the DBT

2 Chronicles 14 in the DGDNT

2 Chronicles 14 in the DHNT

2 Chronicles 14 in the DNT

2 Chronicles 14 in the ELBE

2 Chronicles 14 in the EMTV

2 Chronicles 14 in the ESV

2 Chronicles 14 in the FBV

2 Chronicles 14 in the FEB

2 Chronicles 14 in the GGMNT

2 Chronicles 14 in the GNT

2 Chronicles 14 in the HARY

2 Chronicles 14 in the HNT

2 Chronicles 14 in the IRVA

2 Chronicles 14 in the IRVB

2 Chronicles 14 in the IRVG

2 Chronicles 14 in the IRVH

2 Chronicles 14 in the IRVK

2 Chronicles 14 in the IRVM

2 Chronicles 14 in the IRVM2

2 Chronicles 14 in the IRVO

2 Chronicles 14 in the IRVP

2 Chronicles 14 in the IRVT

2 Chronicles 14 in the IRVT2

2 Chronicles 14 in the IRVU

2 Chronicles 14 in the ISVN

2 Chronicles 14 in the JSNT

2 Chronicles 14 in the KAPI

2 Chronicles 14 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 14 in the KBV

2 Chronicles 14 in the KJV

2 Chronicles 14 in the KNFD

2 Chronicles 14 in the LBA

2 Chronicles 14 in the LBLA

2 Chronicles 14 in the LNT

2 Chronicles 14 in the LSV

2 Chronicles 14 in the MAAL

2 Chronicles 14 in the MBV

2 Chronicles 14 in the MBV2

2 Chronicles 14 in the MHNT

2 Chronicles 14 in the MKNFD

2 Chronicles 14 in the MNG

2 Chronicles 14 in the MNT

2 Chronicles 14 in the MNT2

2 Chronicles 14 in the MRS1T

2 Chronicles 14 in the NAA

2 Chronicles 14 in the NASB

2 Chronicles 14 in the NBLA

2 Chronicles 14 in the NBS

2 Chronicles 14 in the NBVTP

2 Chronicles 14 in the NET2

2 Chronicles 14 in the NIV11

2 Chronicles 14 in the NNT

2 Chronicles 14 in the NNT2

2 Chronicles 14 in the NNT3

2 Chronicles 14 in the PDDPT

2 Chronicles 14 in the PFNT

2 Chronicles 14 in the RMNT

2 Chronicles 14 in the SBIAS

2 Chronicles 14 in the SBIBS

2 Chronicles 14 in the SBIBS2

2 Chronicles 14 in the SBICS

2 Chronicles 14 in the SBIDS

2 Chronicles 14 in the SBIGS

2 Chronicles 14 in the SBIHS

2 Chronicles 14 in the SBIIS

2 Chronicles 14 in the SBIIS2

2 Chronicles 14 in the SBIIS3

2 Chronicles 14 in the SBIKS

2 Chronicles 14 in the SBIKS2

2 Chronicles 14 in the SBIMS

2 Chronicles 14 in the SBIOS

2 Chronicles 14 in the SBIPS

2 Chronicles 14 in the SBISS

2 Chronicles 14 in the SBITS

2 Chronicles 14 in the SBITS2

2 Chronicles 14 in the SBITS3

2 Chronicles 14 in the SBITS4

2 Chronicles 14 in the SBIUS

2 Chronicles 14 in the SBIVS

2 Chronicles 14 in the SBT

2 Chronicles 14 in the SBT1E

2 Chronicles 14 in the SCHL

2 Chronicles 14 in the SNT

2 Chronicles 14 in the SUSU

2 Chronicles 14 in the SUSU2

2 Chronicles 14 in the SYNO

2 Chronicles 14 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 14 in the TBT1E

2 Chronicles 14 in the TBT1E2

2 Chronicles 14 in the TFTIP

2 Chronicles 14 in the TFTU

2 Chronicles 14 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 14 in the THAI

2 Chronicles 14 in the TNFD

2 Chronicles 14 in the TNT

2 Chronicles 14 in the TNTIK

2 Chronicles 14 in the TNTIL

2 Chronicles 14 in the TNTIN

2 Chronicles 14 in the TNTIP

2 Chronicles 14 in the TNTIZ

2 Chronicles 14 in the TOMA

2 Chronicles 14 in the TTENT

2 Chronicles 14 in the UBG

2 Chronicles 14 in the UGV

2 Chronicles 14 in the UGV2

2 Chronicles 14 in the UGV3

2 Chronicles 14 in the VBL

2 Chronicles 14 in the VDCC

2 Chronicles 14 in the YALU

2 Chronicles 14 in the YAPE

2 Chronicles 14 in the YBVTP

2 Chronicles 14 in the ZBP