2 Timothy 2 (BOATCB2)

1 Na wo, Timoteo me ba, Kristo Yesu yɛ mmɔborɔhunufo, enti ma ɔnhyɛ wo den. 2 Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansefo bebree no, na fa hyɛ nnipa a wugye wɔn di na wobetumi akyerɛ afoforo nso nsa. 3 Sɛ amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa. 4 Ɔsraani mmfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panyin ani. 5 Saa ara nso na obi a ɔfra akansi mu a otu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ odi akansi no mmara so. 6 Ɛsɛ okuafo mmɔdemmɔfo sɛ odi kan nya ne nnɔbae bi. 7 Dwene nsɛm a mereka yi ho, efisɛ Awurade bɛma woate biribiara ase. 8 Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wonyan no fi awufo mu sɛnea wɔkaa no wɔ Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no. 9 Esiane sɛ meka Asɛmpa no nti mihu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛni. Nanso wonguu Onyankopɔn asɛm no nkɔnsɔnkɔnsɔn ɛ. 10 Ɛno nti, migyina biribiara a ɛbɛba me so no ano ma wɔn a wɔapaw wɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya nkwagye ne anuonyam a enni awiei a ɛwɔ Kristo Yesu mu no bi. 11 Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so ni:“Sɛ yɛne no wui a,yɛne no bɛtena ase. 12 Sɛ yɛampa abaw ayɛne no bedi hene.Sɛ yɛpa no a,ɔno nso bɛpa yɛn. 13 Sɛ yɛnyɛ nokwafo a,ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafoefisɛ ɔrensan nʼasɛm.” 14 Monkae mo nkurɔfo wɔ eyi ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim se wɔnnham wɔn nsɛm ho, na mfaso biara nni so; na ɛsɛe atiefo adwene kɛkɛ. 15 Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛni a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim. 16 Twe wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew ho, efisɛ ɛno na ɛpam nnipa fi Onyankopɔn ho. 17 Nea wɔkyerɛ no te sɛ akisikuru a ɛtrɛw fa ɔhonam no ani. Saa akyerɛkyerɛfo yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto. 18 Wɔaman afi nokware no ho na wɔka kyerɛ agyidifo bi se, yɛn wusɔre no atwam dedaw nam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene. 19 Nanso obi rentumi nhinhim fapem dennen a Onyankopɔn ato no, efisɛ wɔakyerɛw wɔ so se, “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de,” na “Ɛsɛ obiara a ɔka se ɔyɛ Awurade de no sɛ ɔtwe ne ho fi bɔne ho.” 20 Nkuku ne nkaka wɔ ofi kɛse mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, bi nso wɔde sikakɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforo nso wɔde dɔte. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforo nso de di dwuma daa. 21 Sɛ obi tew ne ho fi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko efisɛ watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ odi no, obedi. 22 Guan fi mmerantebere mu akɔnnɔ ho, na tiw nneɛma a ɛho tew te sɛ: trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma pa mu bɔ mu frɛ Awurade ma ɔboa no akyi. 23 Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnye a ɛmfa hwee mma no mu, efisɛ ɛde akasakasa ba. 24 Ɛnsɛ sɛ Awurade somfo ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamye ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a ɔwɔ boasetɔ nso 25 a sɛ wɔn a wɔne no di asi fom a, ɔtɔ ne bo ase teɛ wɔn, sɛ ebia Onyankopɔn bɛsakra wɔn adwene ama wɔahu nokware no. 26 Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔaguan afi ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛde no afiri mu.

In Other Versions

2 Timothy 2 in the ANGEFD

2 Timothy 2 in the ANTPNG2D

2 Timothy 2 in the AS21

2 Timothy 2 in the BAGH

2 Timothy 2 in the BBPNG

2 Timothy 2 in the BBT1E

2 Timothy 2 in the BDS

2 Timothy 2 in the BEV

2 Timothy 2 in the BHAD

2 Timothy 2 in the BIB

2 Timothy 2 in the BLPT

2 Timothy 2 in the BNT

2 Timothy 2 in the BNTABOOT

2 Timothy 2 in the BNTLV

2 Timothy 2 in the BOATCB

2 Timothy 2 in the BOBCV

2 Timothy 2 in the BOCNT

2 Timothy 2 in the BOECS

2 Timothy 2 in the BOGWICC

2 Timothy 2 in the BOHCB

2 Timothy 2 in the BOHCV

2 Timothy 2 in the BOHLNT

2 Timothy 2 in the BOHNTLTAL

2 Timothy 2 in the BOICB

2 Timothy 2 in the BOILNTAP

2 Timothy 2 in the BOITCV

2 Timothy 2 in the BOKCV

2 Timothy 2 in the BOKCV2

2 Timothy 2 in the BOKHWOG

2 Timothy 2 in the BOKSSV

2 Timothy 2 in the BOLCB

2 Timothy 2 in the BOLCB2

2 Timothy 2 in the BOMCV

2 Timothy 2 in the BONAV

2 Timothy 2 in the BONCB

2 Timothy 2 in the BONLT

2 Timothy 2 in the BONUT2

2 Timothy 2 in the BOPLNT

2 Timothy 2 in the BOSCB

2 Timothy 2 in the BOSNC

2 Timothy 2 in the BOTLNT

2 Timothy 2 in the BOVCB

2 Timothy 2 in the BOYCB

2 Timothy 2 in the BPBB

2 Timothy 2 in the BPH

2 Timothy 2 in the BSB

2 Timothy 2 in the CCB

2 Timothy 2 in the CUV

2 Timothy 2 in the CUVS

2 Timothy 2 in the DBT

2 Timothy 2 in the DGDNT

2 Timothy 2 in the DHNT

2 Timothy 2 in the DNT

2 Timothy 2 in the ELBE

2 Timothy 2 in the EMTV

2 Timothy 2 in the ESV

2 Timothy 2 in the FBV

2 Timothy 2 in the FEB

2 Timothy 2 in the GGMNT

2 Timothy 2 in the GNT

2 Timothy 2 in the HARY

2 Timothy 2 in the HNT

2 Timothy 2 in the IRVA

2 Timothy 2 in the IRVB

2 Timothy 2 in the IRVG

2 Timothy 2 in the IRVH

2 Timothy 2 in the IRVK

2 Timothy 2 in the IRVM

2 Timothy 2 in the IRVM2

2 Timothy 2 in the IRVO

2 Timothy 2 in the IRVP

2 Timothy 2 in the IRVT

2 Timothy 2 in the IRVT2

2 Timothy 2 in the IRVU

2 Timothy 2 in the ISVN

2 Timothy 2 in the JSNT

2 Timothy 2 in the KAPI

2 Timothy 2 in the KBT1ETNIK

2 Timothy 2 in the KBV

2 Timothy 2 in the KJV

2 Timothy 2 in the KNFD

2 Timothy 2 in the LBA

2 Timothy 2 in the LBLA

2 Timothy 2 in the LNT

2 Timothy 2 in the LSV

2 Timothy 2 in the MAAL

2 Timothy 2 in the MBV

2 Timothy 2 in the MBV2

2 Timothy 2 in the MHNT

2 Timothy 2 in the MKNFD

2 Timothy 2 in the MNG

2 Timothy 2 in the MNT

2 Timothy 2 in the MNT2

2 Timothy 2 in the MRS1T

2 Timothy 2 in the NAA

2 Timothy 2 in the NASB

2 Timothy 2 in the NBLA

2 Timothy 2 in the NBS

2 Timothy 2 in the NBVTP

2 Timothy 2 in the NET2

2 Timothy 2 in the NIV11

2 Timothy 2 in the NNT

2 Timothy 2 in the NNT2

2 Timothy 2 in the NNT3

2 Timothy 2 in the PDDPT

2 Timothy 2 in the PFNT

2 Timothy 2 in the RMNT

2 Timothy 2 in the SBIAS

2 Timothy 2 in the SBIBS

2 Timothy 2 in the SBIBS2

2 Timothy 2 in the SBICS

2 Timothy 2 in the SBIDS

2 Timothy 2 in the SBIGS

2 Timothy 2 in the SBIHS

2 Timothy 2 in the SBIIS

2 Timothy 2 in the SBIIS2

2 Timothy 2 in the SBIIS3

2 Timothy 2 in the SBIKS

2 Timothy 2 in the SBIKS2

2 Timothy 2 in the SBIMS

2 Timothy 2 in the SBIOS

2 Timothy 2 in the SBIPS

2 Timothy 2 in the SBISS

2 Timothy 2 in the SBITS

2 Timothy 2 in the SBITS2

2 Timothy 2 in the SBITS3

2 Timothy 2 in the SBITS4

2 Timothy 2 in the SBIUS

2 Timothy 2 in the SBIVS

2 Timothy 2 in the SBT

2 Timothy 2 in the SBT1E

2 Timothy 2 in the SCHL

2 Timothy 2 in the SNT

2 Timothy 2 in the SUSU

2 Timothy 2 in the SUSU2

2 Timothy 2 in the SYNO

2 Timothy 2 in the TBIAOTANT

2 Timothy 2 in the TBT1E

2 Timothy 2 in the TBT1E2

2 Timothy 2 in the TFTIP

2 Timothy 2 in the TFTU

2 Timothy 2 in the TGNTATF3T

2 Timothy 2 in the THAI

2 Timothy 2 in the TNFD

2 Timothy 2 in the TNT

2 Timothy 2 in the TNTIK

2 Timothy 2 in the TNTIL

2 Timothy 2 in the TNTIN

2 Timothy 2 in the TNTIP

2 Timothy 2 in the TNTIZ

2 Timothy 2 in the TOMA

2 Timothy 2 in the TTENT

2 Timothy 2 in the UBG

2 Timothy 2 in the UGV

2 Timothy 2 in the UGV2

2 Timothy 2 in the UGV3

2 Timothy 2 in the VBL

2 Timothy 2 in the VDCC

2 Timothy 2 in the YALU

2 Timothy 2 in the YAPE

2 Timothy 2 in the YBVTP

2 Timothy 2 in the ZBP