Deuteronomy 21 (BOATCB2)

1 Sɛ wohu sɛ wɔakum obi da afum wɔ asase a AWURADE, mo Nyankopɔn, de rema mo no so, na sɛ munnim owudifo no a, 2 mo ntuanofo ne atemmufo no bɛkɔ akosusuw ɔkwan a ɛda nea owufo no da hɔ ne kurow a ɛbɛn no ntam. 3 Afei, mpanyimfo a wɔwɔ kurow a ɛbɛn owufo no pɛɛ no mfa nantwi ba a ɔnyɛɛ adwuma da na ɔntwee konnua da 4 na wonni nʼanim mfa no nkɔ subon a womfuntumii anaa wonnuaa hwee wɔ hɔ da na nsu sen wɔ mu. Subon no mu na ɛsɛ sɛ wobu nantwi ba no kɔn mu. 5 Lewifo asɔfo bɛba hɔ, efisɛ AWURADE, mo Nyankopɔn no, paw wɔn sɛ wɔnka asɛm na wonhyira wɔ AWURADE din mu. Na wɔn na wosi ntawntaw ne dɛmdi asenni ne asotwe so dua. 6 Ɛsɛ sɛ kurow a ɛbɛn funu no mu mpanyimfo no hohoro wɔn nsa gu nantwi ba a wobuu ne kɔn mu no so, 7 na wɔaka se, “Ɛnyɛ yɛn nsa na ehwiee mogya yi gui, na yɛn ani anhu nso. 8 AWURADE, gye saa mpata ma wo man Israel a wugyee wɔn no. Mfa mogya a edi bem yi ho so nto wo nkurɔfo Israel so.” Wowie eyi a, na ɛkyerɛ sɛ, wɔayi ɛso a ɛda wɔn so no afi hɔ. 9 Sɛ wodi saa nkyerɛkyerɛ yi so na wɔyɛ nea ɛteɛ wɔ AWURADE ani so a, na moayi awudi no ho afɔbu afi mo atenae hɔ. 10 Sɛ mokɔ ɔko tia mo atamfo na AWURADE, mo Nyankopɔn no, dan wɔn hyɛ mo nsa na mofa wɔn nnommum, 11 na sɛ muhu ɔbea hoɔfɛfo bi wɔ wɔn mu na, mopɛ sɛ mofa no sɛ ɔyere a, mutumi ware no. 12 Momfa no mmra mo fi na munyi ne ti, mmubu ne werɛw, 13 na munyi ntade a na ɔhyɛ wɔ bere a mokyeree no no ngu hɔ. Na ɔntena mo fi nsu nʼagya ne ne na ɔsram akyi ansa na, moatumi akɔ ne ho sɛ ɔyere na wo nso woayɛ no okunu. 14 Sɛ mo ani nnye ne ho a, momma no nkɔ baabiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔ. Monntɔn no na monnyɛ no sɛ afenaa, efisɛ moagu nʼanim ase. 15 Sɛ ɔbarima wɔ yerenom baanu na ɔdɔ ɔbaako kyɛn nea ɔka ho no, na wɔn baanu no mu biara ne no wɔ ɔbabarima, nanso nʼabakan no yɛ ɔbea a ɔmpɛ nʼasɛm no babarima, 16 na sɛ ɔhyɛ nsamansew de ma ne mmabarima a, ɛnsɛ sɛ ɔde kyɛfa kɛse no ma ɔbabarima kumaa a ɔyɛ ne yere a ɔdɔ no no babarima no. 17 Ɔbɛfa ne babarima a ɔyɛ ɔyere a ɔmpɛ nʼasɛm no sɛ nʼabakan no anam so ama no nʼagyapade no mmɔho abien. Saa ɔbabarima no yɛ nʼagya no ahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan. Ɛno nti, abakan kyɛfa yɛ ne dea. 18 Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔbabarima a ɔyɛ asoɔden ne otuatewfo a ontie nʼagya ne ne na asɛm wɔ bere a wɔteɛ no so a, 19 nea ɛsɛ sɛ ɛba ara ne sɛ, agya no ne ɛna no de wɔn babarima no bɛkɔ mpanyimfo a wɔwɔ kurow no pon ano no anim. 20 Wɔbɛpae mu aka akyerɛ mpanyimfo no se, “Yɛn babarima yi yɛ ɔsoɔdenfo ne otuatewfo a ontie yɛn asɛm. Ɔyɛ odidifo ne ɔkɔwensani.” 21 Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ kurow no mu nyinaa siw no abo kum no. Ɛsɛ sɛ mutu bɔne ase fi mo mu. Israel nyinaa bɛte na wɔabɔ hu. 22 Sɛ obi yɛ amumɔyɛsɛm bi a ɛfata owu na enti wokum no na wɔde no sɛn dua so a, 23 ɛnsɛ sɛ nʼamu no sɛn dua no so ma ade kye so. Ɛsɛ sɛ da no ara, musie amu no, efisɛ obiara a wɔsɛn no wɔ dua so no wɔ Onyankopɔn nnome ase. Munngu asase a AWURADE, mo Nyankopɔn no, de rema mo sɛ agyapade no ho fi.

In Other Versions

Deuteronomy 21 in the ANGEFD

Deuteronomy 21 in the ANTPNG2D

Deuteronomy 21 in the AS21

Deuteronomy 21 in the BAGH

Deuteronomy 21 in the BBPNG

Deuteronomy 21 in the BBT1E

Deuteronomy 21 in the BDS

Deuteronomy 21 in the BEV

Deuteronomy 21 in the BHAD

Deuteronomy 21 in the BIB

Deuteronomy 21 in the BLPT

Deuteronomy 21 in the BNT

Deuteronomy 21 in the BNTABOOT

Deuteronomy 21 in the BNTLV

Deuteronomy 21 in the BOATCB

Deuteronomy 21 in the BOBCV

Deuteronomy 21 in the BOCNT

Deuteronomy 21 in the BOECS

Deuteronomy 21 in the BOGWICC

Deuteronomy 21 in the BOHCB

Deuteronomy 21 in the BOHCV

Deuteronomy 21 in the BOHLNT

Deuteronomy 21 in the BOHNTLTAL

Deuteronomy 21 in the BOICB

Deuteronomy 21 in the BOILNTAP

Deuteronomy 21 in the BOITCV

Deuteronomy 21 in the BOKCV

Deuteronomy 21 in the BOKCV2

Deuteronomy 21 in the BOKHWOG

Deuteronomy 21 in the BOKSSV

Deuteronomy 21 in the BOLCB

Deuteronomy 21 in the BOLCB2

Deuteronomy 21 in the BOMCV

Deuteronomy 21 in the BONAV

Deuteronomy 21 in the BONCB

Deuteronomy 21 in the BONLT

Deuteronomy 21 in the BONUT2

Deuteronomy 21 in the BOPLNT

Deuteronomy 21 in the BOSCB

Deuteronomy 21 in the BOSNC

Deuteronomy 21 in the BOTLNT

Deuteronomy 21 in the BOVCB

Deuteronomy 21 in the BOYCB

Deuteronomy 21 in the BPBB

Deuteronomy 21 in the BPH

Deuteronomy 21 in the BSB

Deuteronomy 21 in the CCB

Deuteronomy 21 in the CUV

Deuteronomy 21 in the CUVS

Deuteronomy 21 in the DBT

Deuteronomy 21 in the DGDNT

Deuteronomy 21 in the DHNT

Deuteronomy 21 in the DNT

Deuteronomy 21 in the ELBE

Deuteronomy 21 in the EMTV

Deuteronomy 21 in the ESV

Deuteronomy 21 in the FBV

Deuteronomy 21 in the FEB

Deuteronomy 21 in the GGMNT

Deuteronomy 21 in the GNT

Deuteronomy 21 in the HARY

Deuteronomy 21 in the HNT

Deuteronomy 21 in the IRVA

Deuteronomy 21 in the IRVB

Deuteronomy 21 in the IRVG

Deuteronomy 21 in the IRVH

Deuteronomy 21 in the IRVK

Deuteronomy 21 in the IRVM

Deuteronomy 21 in the IRVM2

Deuteronomy 21 in the IRVO

Deuteronomy 21 in the IRVP

Deuteronomy 21 in the IRVT

Deuteronomy 21 in the IRVT2

Deuteronomy 21 in the IRVU

Deuteronomy 21 in the ISVN

Deuteronomy 21 in the JSNT

Deuteronomy 21 in the KAPI

Deuteronomy 21 in the KBT1ETNIK

Deuteronomy 21 in the KBV

Deuteronomy 21 in the KJV

Deuteronomy 21 in the KNFD

Deuteronomy 21 in the LBA

Deuteronomy 21 in the LBLA

Deuteronomy 21 in the LNT

Deuteronomy 21 in the LSV

Deuteronomy 21 in the MAAL

Deuteronomy 21 in the MBV

Deuteronomy 21 in the MBV2

Deuteronomy 21 in the MHNT

Deuteronomy 21 in the MKNFD

Deuteronomy 21 in the MNG

Deuteronomy 21 in the MNT

Deuteronomy 21 in the MNT2

Deuteronomy 21 in the MRS1T

Deuteronomy 21 in the NAA

Deuteronomy 21 in the NASB

Deuteronomy 21 in the NBLA

Deuteronomy 21 in the NBS

Deuteronomy 21 in the NBVTP

Deuteronomy 21 in the NET2

Deuteronomy 21 in the NIV11

Deuteronomy 21 in the NNT

Deuteronomy 21 in the NNT2

Deuteronomy 21 in the NNT3

Deuteronomy 21 in the PDDPT

Deuteronomy 21 in the PFNT

Deuteronomy 21 in the RMNT

Deuteronomy 21 in the SBIAS

Deuteronomy 21 in the SBIBS

Deuteronomy 21 in the SBIBS2

Deuteronomy 21 in the SBICS

Deuteronomy 21 in the SBIDS

Deuteronomy 21 in the SBIGS

Deuteronomy 21 in the SBIHS

Deuteronomy 21 in the SBIIS

Deuteronomy 21 in the SBIIS2

Deuteronomy 21 in the SBIIS3

Deuteronomy 21 in the SBIKS

Deuteronomy 21 in the SBIKS2

Deuteronomy 21 in the SBIMS

Deuteronomy 21 in the SBIOS

Deuteronomy 21 in the SBIPS

Deuteronomy 21 in the SBISS

Deuteronomy 21 in the SBITS

Deuteronomy 21 in the SBITS2

Deuteronomy 21 in the SBITS3

Deuteronomy 21 in the SBITS4

Deuteronomy 21 in the SBIUS

Deuteronomy 21 in the SBIVS

Deuteronomy 21 in the SBT

Deuteronomy 21 in the SBT1E

Deuteronomy 21 in the SCHL

Deuteronomy 21 in the SNT

Deuteronomy 21 in the SUSU

Deuteronomy 21 in the SUSU2

Deuteronomy 21 in the SYNO

Deuteronomy 21 in the TBIAOTANT

Deuteronomy 21 in the TBT1E

Deuteronomy 21 in the TBT1E2

Deuteronomy 21 in the TFTIP

Deuteronomy 21 in the TFTU

Deuteronomy 21 in the TGNTATF3T

Deuteronomy 21 in the THAI

Deuteronomy 21 in the TNFD

Deuteronomy 21 in the TNT

Deuteronomy 21 in the TNTIK

Deuteronomy 21 in the TNTIL

Deuteronomy 21 in the TNTIN

Deuteronomy 21 in the TNTIP

Deuteronomy 21 in the TNTIZ

Deuteronomy 21 in the TOMA

Deuteronomy 21 in the TTENT

Deuteronomy 21 in the UBG

Deuteronomy 21 in the UGV

Deuteronomy 21 in the UGV2

Deuteronomy 21 in the UGV3

Deuteronomy 21 in the VBL

Deuteronomy 21 in the VDCC

Deuteronomy 21 in the YALU

Deuteronomy 21 in the YAPE

Deuteronomy 21 in the YBVTP

Deuteronomy 21 in the ZBP