Ephesians 6 (BOATCB2)

1 Mma, muntie mo awofo asɛm wɔ Awurade mu efisɛ saa na eye. 2 “Di wʼagya ne wo na ni,” eyi ne mmaransɛm a edi kan a bɔhyɛ ka ho, 3 “na asi wo yiye na wo nna nso aware wɔ asase yi so.” 4 Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw. Na mmom montetew wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu. 5 Nkoa, momfa obu ne osuro mfi koma pa mu nyɛ osetie mma mo honam fam wuranom, sɛnea mobɛyɛ osetie ama Kristo no ara. 6 Monyɛ osetie mma wɔn, ɛnyɛ sɛ mobɛsɔ wɔn ani wɔ bere a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom monyɛ sɛ Kristo nkoa a mufi mo koma mu reyɛ Onyankopɔn apɛde. 7 Momfa mo koma nyinaa nsom sɛnea moresom Awurade a ɛnyɛ nnipa, 8 efisɛ munim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfo anaa ɔde ne ho no, Awurade betua no so ka. 9 Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfo. Munnyae wɔn ahunahuna efisɛ mo ne mo asomfo nyinaa wɔ owura baako a ɔwɔ ɔsoro; na ɔno de, ɔnhwɛ anim. 10 Nea etwa to ne sɛ, monyɛ den wɔ ne tumi kɛse no mu. 11 Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛe ano. 12 Efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya. 13 Eyi nti, monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a moatumi agyina, na muwie biribiara a moagyina pintinn. 14 Enti munnyina pintinn na momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo, 15 na momfa Asɛmpa no asomdwoe no nhyehyɛ mo anan. 16 Eyinom nyinaa akyi no, momfa gyidi kyɛm, nea mode bedum ɔbɔnefo bɛma a ɛredɛw no. 17 Momfa nkwagye dade kyɛw ne Honhom no afoa a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no. 18 Mommɔ mpae mmere nyinaa mu wɔ Honhom mu, mpaebɔ ahorow ne nkotosrɛ mu. Eyi nti monna mo ho so, na mommɔ mpae mma ahotefo. 19 Mommɔ mpae mma me nso na sɛ mibue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi. 20 Mprempren meyɛ ho nanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno nti, mommɔ mpae mma me na matumi de akokoduru apae mu aka no sɛnea ɛsɛ sɛ meka no. 21 Yɛn nua dɔfo Tihiko a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu somfo nokwafo no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu sɛnea me ho te ne dwuma a meredi. 22 Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahu sɛnea yɛn ho te, na wahyɛ mo nkuran nso. 23 Asomdwoe nka anuanom nyinaa, na Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokware dɔ. 24 Onyankopɔn adom nka wɔn a wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo daa nyinaa no.

In Other Versions

Ephesians 6 in the ANGEFD

Ephesians 6 in the ANTPNG2D

Ephesians 6 in the AS21

Ephesians 6 in the BAGH

Ephesians 6 in the BBPNG

Ephesians 6 in the BBT1E

Ephesians 6 in the BDS

Ephesians 6 in the BEV

Ephesians 6 in the BHAD

Ephesians 6 in the BIB

Ephesians 6 in the BLPT

Ephesians 6 in the BNT

Ephesians 6 in the BNTABOOT

Ephesians 6 in the BNTLV

Ephesians 6 in the BOATCB

Ephesians 6 in the BOBCV

Ephesians 6 in the BOCNT

Ephesians 6 in the BOECS

Ephesians 6 in the BOGWICC

Ephesians 6 in the BOHCB

Ephesians 6 in the BOHCV

Ephesians 6 in the BOHLNT

Ephesians 6 in the BOHNTLTAL

Ephesians 6 in the BOICB

Ephesians 6 in the BOILNTAP

Ephesians 6 in the BOITCV

Ephesians 6 in the BOKCV

Ephesians 6 in the BOKCV2

Ephesians 6 in the BOKHWOG

Ephesians 6 in the BOKSSV

Ephesians 6 in the BOLCB

Ephesians 6 in the BOLCB2

Ephesians 6 in the BOMCV

Ephesians 6 in the BONAV

Ephesians 6 in the BONCB

Ephesians 6 in the BONLT

Ephesians 6 in the BONUT2

Ephesians 6 in the BOPLNT

Ephesians 6 in the BOSCB

Ephesians 6 in the BOSNC

Ephesians 6 in the BOTLNT

Ephesians 6 in the BOVCB

Ephesians 6 in the BOYCB

Ephesians 6 in the BPBB

Ephesians 6 in the BPH

Ephesians 6 in the BSB

Ephesians 6 in the CCB

Ephesians 6 in the CUV

Ephesians 6 in the CUVS

Ephesians 6 in the DBT

Ephesians 6 in the DGDNT

Ephesians 6 in the DHNT

Ephesians 6 in the DNT

Ephesians 6 in the ELBE

Ephesians 6 in the EMTV

Ephesians 6 in the ESV

Ephesians 6 in the FBV

Ephesians 6 in the FEB

Ephesians 6 in the GGMNT

Ephesians 6 in the GNT

Ephesians 6 in the HARY

Ephesians 6 in the HNT

Ephesians 6 in the IRVA

Ephesians 6 in the IRVB

Ephesians 6 in the IRVG

Ephesians 6 in the IRVH

Ephesians 6 in the IRVK

Ephesians 6 in the IRVM

Ephesians 6 in the IRVM2

Ephesians 6 in the IRVO

Ephesians 6 in the IRVP

Ephesians 6 in the IRVT

Ephesians 6 in the IRVT2

Ephesians 6 in the IRVU

Ephesians 6 in the ISVN

Ephesians 6 in the JSNT

Ephesians 6 in the KAPI

Ephesians 6 in the KBT1ETNIK

Ephesians 6 in the KBV

Ephesians 6 in the KJV

Ephesians 6 in the KNFD

Ephesians 6 in the LBA

Ephesians 6 in the LBLA

Ephesians 6 in the LNT

Ephesians 6 in the LSV

Ephesians 6 in the MAAL

Ephesians 6 in the MBV

Ephesians 6 in the MBV2

Ephesians 6 in the MHNT

Ephesians 6 in the MKNFD

Ephesians 6 in the MNG

Ephesians 6 in the MNT

Ephesians 6 in the MNT2

Ephesians 6 in the MRS1T

Ephesians 6 in the NAA

Ephesians 6 in the NASB

Ephesians 6 in the NBLA

Ephesians 6 in the NBS

Ephesians 6 in the NBVTP

Ephesians 6 in the NET2

Ephesians 6 in the NIV11

Ephesians 6 in the NNT

Ephesians 6 in the NNT2

Ephesians 6 in the NNT3

Ephesians 6 in the PDDPT

Ephesians 6 in the PFNT

Ephesians 6 in the RMNT

Ephesians 6 in the SBIAS

Ephesians 6 in the SBIBS

Ephesians 6 in the SBIBS2

Ephesians 6 in the SBICS

Ephesians 6 in the SBIDS

Ephesians 6 in the SBIGS

Ephesians 6 in the SBIHS

Ephesians 6 in the SBIIS

Ephesians 6 in the SBIIS2

Ephesians 6 in the SBIIS3

Ephesians 6 in the SBIKS

Ephesians 6 in the SBIKS2

Ephesians 6 in the SBIMS

Ephesians 6 in the SBIOS

Ephesians 6 in the SBIPS

Ephesians 6 in the SBISS

Ephesians 6 in the SBITS

Ephesians 6 in the SBITS2

Ephesians 6 in the SBITS3

Ephesians 6 in the SBITS4

Ephesians 6 in the SBIUS

Ephesians 6 in the SBIVS

Ephesians 6 in the SBT

Ephesians 6 in the SBT1E

Ephesians 6 in the SCHL

Ephesians 6 in the SNT

Ephesians 6 in the SUSU

Ephesians 6 in the SUSU2

Ephesians 6 in the SYNO

Ephesians 6 in the TBIAOTANT

Ephesians 6 in the TBT1E

Ephesians 6 in the TBT1E2

Ephesians 6 in the TFTIP

Ephesians 6 in the TFTU

Ephesians 6 in the TGNTATF3T

Ephesians 6 in the THAI

Ephesians 6 in the TNFD

Ephesians 6 in the TNT

Ephesians 6 in the TNTIK

Ephesians 6 in the TNTIL

Ephesians 6 in the TNTIN

Ephesians 6 in the TNTIP

Ephesians 6 in the TNTIZ

Ephesians 6 in the TOMA

Ephesians 6 in the TTENT

Ephesians 6 in the UBG

Ephesians 6 in the UGV

Ephesians 6 in the UGV2

Ephesians 6 in the UGV3

Ephesians 6 in the VBL

Ephesians 6 in the VDCC

Ephesians 6 in the YALU

Ephesians 6 in the YAPE

Ephesians 6 in the YBVTP

Ephesians 6 in the ZBP