Exodus 36 (BOATCB2)

1 Adwumfo a wɔaka a Onyankopɔn ama wɔn ɔdom akyɛde no nyinaa bɛboa Besaleel ne Oholiab na wɔasi asiesie Ahyiae Ntamadan no mu sɛnea AWURADE ahyɛ no.” 2 Enti Mose ka kyerɛɛ Besaleel ne Oholiab ne wɔn a wɔaka na wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔboa dwumadi no sɛ womfiti ase. 3 Mose de nneɛma a nnipa no de bɛkyɛɛ no maa wɔn, na adekyee biara nso, na wonya akyɛde foforo. 4 Akyiri no, adwumayɛfo no nyinaa gyaee wɔn adwumayɛ no 5 kɔɔ Mose nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Nneɛma a yɛn nsa aka no dɔɔso sen nea yehia.” 6 Enti Mose somaa obi maa ɔkɔɔ wɔn nyinaa so kɔka kyerɛɛ wɔn se, afei de, obiara mmmɛkyɛ wɔn ade bio. Na obiara amfa hwee amma bio. 7 Efisɛ na nneɛma a wɔwɔ no bɛso dwuma no di ama aboro so mpo. 8 Wɔn a wonim adwinni pa ara no de asaawa a wɔanwen yɛɛ Ntamadan no nsɛnanotam du a emu bi yɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔayɛ kerubim agu mu. 9 Nkataano du no nyinaa kɛse yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan abien na ne trɛw nso yɛ anammɔn asia. 10 Wɔkekaa ntama bamma anum sisii anim nyaa nkataano baako. Na wɔkekaa ntama bamma anum a aka no nso sisii anim nyaa nkataano foforo. 11 Wɔde ntama bibiri bamma aduonum wurawuraa nkataano a wɔkeka sisii anim no mu biara ano 12 a hentia baako biara ne baako di nhwɛanim. 13 Afei, wɔyɛɛ sika nkɔtɔkoro aduonum de susoo nkɔtɔkoro no mu maa nkataano ahorow abien no yɛɛ nkataano baako. 14 Wɔde ntama nkataso dubaako a wɔde mmirekyi nwi na ayɛ 15 a ne nyinaa tenten yɛ anammɔn aduanan anum na ne trɛw yɛ anammɔn asia kataa Ntamadan no so. 16 Besaleel kekaa saa nkataso yi anum sisii anim ma ɛyɛɛ bamma tenten baako na ɔsan de afoforo asia sisii anim maa ɛno nso yɛɛ bamma tenten baako. 17 Afei, ɔbobɔɔ nkɔtɔkoro aduonum wɔ emu biara ano 18 na ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkoro aduonum de koakoaa nkɔtɔkoro no, sɛnea ɛbɛma nkataho no akyere pintinn. 19 Wosiesiee nneɛma ahorow abien de bɔɔ ɔdan no so. Nea edi kan no yɛ odwennini were a wahyɛ no kɔkɔɔ, nea ɛto so abien yɛ abirekyi were a ɛsɔ. 20 Wɔde ɔkanto yɛɛ ntaaboo de twaa Ahyiae Ntamadan no ho. 21 Mpuran biara sorokɔ nyɛ anammɔn dunum na ne trɛw nyɛ anammɔn abien ne kakra, 22 nkɔtɔkoro abien wɔ mpuran biara ase, na mpuran biara yɛ pɛ. 23 Na Ahyiae Ntamadan no ntaaboo aduonu kyerɛ nʼanafo 24 a wɔn ase sisi dwetɛ nnyinaso aduanan so. Nnyinaso no abien abien hyehyɛ mpuran biara ase. 25 Ahyiae Ntamadan no atifi fam nso, na wɔde ntaaboo aduonu atwa ho 26 a esisi dwetɛ nnyinaso aduanan so a mpuran baako besi nnyinaso abien so. 27 Ahyiae Ntamadan no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no yɛ nʼakyi. Ɛno nso, wɔde ntaaboo asia na atwa ho, 28 na ne twɔtwɔw biara so nso ntaaboo abien sisi hɔ. 29 Na mpuran a ɛbobɔ so abien abien sisi twɔtwɔw abien no biara so fi ase de kosi soro a wɔde nkaa asuso mu a ne nyinaa yɛ pɛ. 30 Enti mpuran awotwe ne dwetɛ nnyinaso dunsia a abien wɔ mpuran biara ase na wɔde yɛe. 31 Afei, ɔyɛɛ ɔkanto nnua bi de beabeaa ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no anum kɔ mpuran no fa baako. 32 Wɔyɛɛ afoforo anum nso kɔɔ ɔfa baako. Na mmeamu nnua no anum bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntamadan no akyi a ani kyerɛ atɔe fam. 33 Wɔbɔɔ mmeamu dua baako de bɔɔ ntaaboo no mfimfini. Wɔde twaa mu fi ti kɔkaa ti. 34 Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ntaaboo no ho, na wɔde sikakɔkɔɔ nkaa asuso mmeamu dua no mu ama no agyina. Na sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho. 35 Wɔde ntama pa a ɛyɛ tuntum, bibiri ne koogyan a wɔanwen kerubim agu mu fɛfɛɛfɛ na ayɛ ntwamtam no wɔ Ntamadan no mu. 36 Na wɔyɛɛ ɔkanto nnua afadum anan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho ne sikakɔkɔɔ nsusomu anan maa ntwamtam no. Na afadum anan no mu biara si dwetɛ nnyinaso anan no baako so. 37 Afei, wɔyɛɛ Ahyiae Ntamadan no ano nkataanim. Wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan adi mu adwinni na ɛyɛe. 38 Wɔde nkɔtɔkoro anum na asuso saa nkataanim yi mu de akyekyere nnua anum no. Nnua no ne ɛho nneɛma ne pema no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura ho na ne nnyinaso anum no nso, wɔde kɔbere na ɛyɛe.

In Other Versions

Exodus 36 in the ANGEFD

Exodus 36 in the ANTPNG2D

Exodus 36 in the AS21

Exodus 36 in the BAGH

Exodus 36 in the BBPNG

Exodus 36 in the BBT1E

Exodus 36 in the BDS

Exodus 36 in the BEV

Exodus 36 in the BHAD

Exodus 36 in the BIB

Exodus 36 in the BLPT

Exodus 36 in the BNT

Exodus 36 in the BNTABOOT

Exodus 36 in the BNTLV

Exodus 36 in the BOATCB

Exodus 36 in the BOBCV

Exodus 36 in the BOCNT

Exodus 36 in the BOECS

Exodus 36 in the BOGWICC

Exodus 36 in the BOHCB

Exodus 36 in the BOHCV

Exodus 36 in the BOHLNT

Exodus 36 in the BOHNTLTAL

Exodus 36 in the BOICB

Exodus 36 in the BOILNTAP

Exodus 36 in the BOITCV

Exodus 36 in the BOKCV

Exodus 36 in the BOKCV2

Exodus 36 in the BOKHWOG

Exodus 36 in the BOKSSV

Exodus 36 in the BOLCB

Exodus 36 in the BOLCB2

Exodus 36 in the BOMCV

Exodus 36 in the BONAV

Exodus 36 in the BONCB

Exodus 36 in the BONLT

Exodus 36 in the BONUT2

Exodus 36 in the BOPLNT

Exodus 36 in the BOSCB

Exodus 36 in the BOSNC

Exodus 36 in the BOTLNT

Exodus 36 in the BOVCB

Exodus 36 in the BOYCB

Exodus 36 in the BPBB

Exodus 36 in the BPH

Exodus 36 in the BSB

Exodus 36 in the CCB

Exodus 36 in the CUV

Exodus 36 in the CUVS

Exodus 36 in the DBT

Exodus 36 in the DGDNT

Exodus 36 in the DHNT

Exodus 36 in the DNT

Exodus 36 in the ELBE

Exodus 36 in the EMTV

Exodus 36 in the ESV

Exodus 36 in the FBV

Exodus 36 in the FEB

Exodus 36 in the GGMNT

Exodus 36 in the GNT

Exodus 36 in the HARY

Exodus 36 in the HNT

Exodus 36 in the IRVA

Exodus 36 in the IRVB

Exodus 36 in the IRVG

Exodus 36 in the IRVH

Exodus 36 in the IRVK

Exodus 36 in the IRVM

Exodus 36 in the IRVM2

Exodus 36 in the IRVO

Exodus 36 in the IRVP

Exodus 36 in the IRVT

Exodus 36 in the IRVT2

Exodus 36 in the IRVU

Exodus 36 in the ISVN

Exodus 36 in the JSNT

Exodus 36 in the KAPI

Exodus 36 in the KBT1ETNIK

Exodus 36 in the KBV

Exodus 36 in the KJV

Exodus 36 in the KNFD

Exodus 36 in the LBA

Exodus 36 in the LBLA

Exodus 36 in the LNT

Exodus 36 in the LSV

Exodus 36 in the MAAL

Exodus 36 in the MBV

Exodus 36 in the MBV2

Exodus 36 in the MHNT

Exodus 36 in the MKNFD

Exodus 36 in the MNG

Exodus 36 in the MNT

Exodus 36 in the MNT2

Exodus 36 in the MRS1T

Exodus 36 in the NAA

Exodus 36 in the NASB

Exodus 36 in the NBLA

Exodus 36 in the NBS

Exodus 36 in the NBVTP

Exodus 36 in the NET2

Exodus 36 in the NIV11

Exodus 36 in the NNT

Exodus 36 in the NNT2

Exodus 36 in the NNT3

Exodus 36 in the PDDPT

Exodus 36 in the PFNT

Exodus 36 in the RMNT

Exodus 36 in the SBIAS

Exodus 36 in the SBIBS

Exodus 36 in the SBIBS2

Exodus 36 in the SBICS

Exodus 36 in the SBIDS

Exodus 36 in the SBIGS

Exodus 36 in the SBIHS

Exodus 36 in the SBIIS

Exodus 36 in the SBIIS2

Exodus 36 in the SBIIS3

Exodus 36 in the SBIKS

Exodus 36 in the SBIKS2

Exodus 36 in the SBIMS

Exodus 36 in the SBIOS

Exodus 36 in the SBIPS

Exodus 36 in the SBISS

Exodus 36 in the SBITS

Exodus 36 in the SBITS2

Exodus 36 in the SBITS3

Exodus 36 in the SBITS4

Exodus 36 in the SBIUS

Exodus 36 in the SBIVS

Exodus 36 in the SBT

Exodus 36 in the SBT1E

Exodus 36 in the SCHL

Exodus 36 in the SNT

Exodus 36 in the SUSU

Exodus 36 in the SUSU2

Exodus 36 in the SYNO

Exodus 36 in the TBIAOTANT

Exodus 36 in the TBT1E

Exodus 36 in the TBT1E2

Exodus 36 in the TFTIP

Exodus 36 in the TFTU

Exodus 36 in the TGNTATF3T

Exodus 36 in the THAI

Exodus 36 in the TNFD

Exodus 36 in the TNT

Exodus 36 in the TNTIK

Exodus 36 in the TNTIL

Exodus 36 in the TNTIN

Exodus 36 in the TNTIP

Exodus 36 in the TNTIZ

Exodus 36 in the TOMA

Exodus 36 in the TTENT

Exodus 36 in the UBG

Exodus 36 in the UGV

Exodus 36 in the UGV2

Exodus 36 in the UGV3

Exodus 36 in the VBL

Exodus 36 in the VDCC

Exodus 36 in the YALU

Exodus 36 in the YAPE

Exodus 36 in the YBVTP

Exodus 36 in the ZBP