Ezekiel 17 (BOATCB2)
1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn se, 2 “Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa yɛ abebusɛm na ka kyerɛ Israelfi. 3 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Ɔkɔre kɛse bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wɔ mu ne ntakra atenten bebree a ɛwɔ ahosu ahorow baa Lebanon. Okosii sida dua nkɔn mu, 4 buu ne mman a ɛwɔ atifi pa ara na ɔde kɔɔ aguadifo asase bi so koduaa wɔ wɔn kuropɔn mu. 5 “ ‘Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔtebere mu. Oduaa no sɛ ɔfɔsɔw dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho, 6 na ɛfefɛw bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛw wɔ fam. Ne mman no dannan kyerɛɛ ne so, nanso ne ntin no nyin kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a so wɔ nhaban a ɛyɛ fɛ. 7 “ ‘Nanso na ɔkɔre kɛse foforo bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no dannan ne ntin fii beae a woduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔre no na ɔtrɛw ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsu. 8 Wɔadua bobe wɔ asase pa a ɛbɛn nsuwansuwa ho, sɛnea ebeyiyi mman na asow aba na afei abɛyɛ bobe dua a edi mu.’ 9 “Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Ɛbɛyɛ yiye ana? Wɔrentu nʼase ntetew ne so aba mma entwintwam ana? Nea afefɛw wɔ ho nyinaa betwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na wɔatu nʼase. 10 Sɛ wotu bobe no tɛw a, ɛbɛyɛ yiye ana? Sɛ apuei mframa bɔ no a, ɛrentwintwam ana? Ebewu wɔ asase pa a woduaa wɔ so ma enyinii yiye no so.’ ” 11 Afei AWURADE asɛm baa me nkyɛn se: 12 “Ka kyerɛ saa atuatewfo yi se, ‘Munnim nea saa nneɛma yi kyerɛ ana?’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne hene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia. 13 Oyii ɔdehye baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofo ne atitiriw a wɔwɔ asase no so nso kɔe, 14 sɛnea ɛbɛyɛ a ahenni no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban. 15 Nanso ɔhene no somaa ananmusifo kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ asraafo dɔm kɛse ne apɔnkɔ bebree nam so tew atua. Obedi nkonim ana? Nea ɔyɛ saa nneɛma yi benya ne ti adidi mu ana? Obebu apam no so na wanya ne ti nso adidi mu ana? 16 “ ‘Sɛ mete ase yi, Otumfo AWURADE na ose, obewu wɔ Babilonia, ɔhene a ɔde no sii ahengua so no asase so, nea ɔtoo ne ntam na obuu nʼapam so no. 17 Farao ne ne dɔmmarima ne nnipadɔm so remma no mfaso biara wɔ ɔko mu, bere a Babilonia asisi pampim na wayɛ ntuano nnwuma a ɔde rebɛsɛe bebree nkwa no. 18 Obuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane sɛ ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ eyinom nyinaa nti, ɔremfa ne ho nni. 19 “ ‘Enti sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Sɛ mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtoe, ne mʼapam a obuu so no abɔ ne ti so. 20 Mɛtrɛw mʼasau mu wɔ ne so na mʼafiri beyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn wɔ hɔ, efisɛ wanni me nokware. 21 Nʼakofo a wɔreguan nyinaa bɛtotɔ wɔ afoa ano, na wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wubehu sɛ me AWURADE makasa. 22 “ ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Mʼankasa mɛpan mman afi sida dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afi ne nkɔn mu akodua wɔ bepɔw tenten bi so. 23 Medua wɔ Israel sorɔnsorɔmmea, ebeyiyi mman na asow aba na ayɛ sida dua a edi mu. Nnomaa ahorow bɛyɛ wɔn mmerebuw wɔ so na wɔanya ahomegyebea wɔ mman no nwini mu. 24 Nwura mu nnua nyinaa behu sɛ me AWURADE, na mitwa dua tenten to fam na mema dua a ɛyɛ tiaa nyin yɛ tenten. Mema duamono twintwam na mema nea atwintwam nso yɛ frɔmfrɔm.“ ‘Me AWURADE na maka, na mɛyɛ.’ ”
In Other Versions
Ezekiel 17 in the ANGEFD
Ezekiel 17 in the ANTPNG2D
Ezekiel 17 in the AS21
Ezekiel 17 in the BAGH
Ezekiel 17 in the BBPNG
Ezekiel 17 in the BBT1E
Ezekiel 17 in the BDS
Ezekiel 17 in the BEV
Ezekiel 17 in the BHAD
Ezekiel 17 in the BIB
Ezekiel 17 in the BLPT
Ezekiel 17 in the BNT
Ezekiel 17 in the BNTABOOT
Ezekiel 17 in the BNTLV
Ezekiel 17 in the BOATCB
Ezekiel 17 in the BOBCV
Ezekiel 17 in the BOCNT
Ezekiel 17 in the BOECS
Ezekiel 17 in the BOGWICC
Ezekiel 17 in the BOHCB
Ezekiel 17 in the BOHCV
Ezekiel 17 in the BOHLNT
Ezekiel 17 in the BOHNTLTAL
Ezekiel 17 in the BOICB
Ezekiel 17 in the BOILNTAP
Ezekiel 17 in the BOITCV
Ezekiel 17 in the BOKCV
Ezekiel 17 in the BOKCV2
Ezekiel 17 in the BOKHWOG
Ezekiel 17 in the BOKSSV
Ezekiel 17 in the BOLCB
Ezekiel 17 in the BOLCB2
Ezekiel 17 in the BOMCV
Ezekiel 17 in the BONAV
Ezekiel 17 in the BONCB
Ezekiel 17 in the BONLT
Ezekiel 17 in the BONUT2
Ezekiel 17 in the BOPLNT
Ezekiel 17 in the BOSCB
Ezekiel 17 in the BOSNC
Ezekiel 17 in the BOTLNT
Ezekiel 17 in the BOVCB
Ezekiel 17 in the BOYCB
Ezekiel 17 in the BPBB
Ezekiel 17 in the BPH
Ezekiel 17 in the BSB
Ezekiel 17 in the CCB
Ezekiel 17 in the CUV
Ezekiel 17 in the CUVS
Ezekiel 17 in the DBT
Ezekiel 17 in the DGDNT
Ezekiel 17 in the DHNT
Ezekiel 17 in the DNT
Ezekiel 17 in the ELBE
Ezekiel 17 in the EMTV
Ezekiel 17 in the ESV
Ezekiel 17 in the FBV
Ezekiel 17 in the FEB
Ezekiel 17 in the GGMNT
Ezekiel 17 in the GNT
Ezekiel 17 in the HARY
Ezekiel 17 in the HNT
Ezekiel 17 in the IRVA
Ezekiel 17 in the IRVB
Ezekiel 17 in the IRVG
Ezekiel 17 in the IRVH
Ezekiel 17 in the IRVK
Ezekiel 17 in the IRVM
Ezekiel 17 in the IRVM2
Ezekiel 17 in the IRVO
Ezekiel 17 in the IRVP
Ezekiel 17 in the IRVT
Ezekiel 17 in the IRVT2
Ezekiel 17 in the IRVU
Ezekiel 17 in the ISVN
Ezekiel 17 in the JSNT
Ezekiel 17 in the KAPI
Ezekiel 17 in the KBT1ETNIK
Ezekiel 17 in the KBV
Ezekiel 17 in the KJV
Ezekiel 17 in the KNFD
Ezekiel 17 in the LBA
Ezekiel 17 in the LBLA
Ezekiel 17 in the LNT
Ezekiel 17 in the LSV
Ezekiel 17 in the MAAL
Ezekiel 17 in the MBV
Ezekiel 17 in the MBV2
Ezekiel 17 in the MHNT
Ezekiel 17 in the MKNFD
Ezekiel 17 in the MNG
Ezekiel 17 in the MNT
Ezekiel 17 in the MNT2
Ezekiel 17 in the MRS1T
Ezekiel 17 in the NAA
Ezekiel 17 in the NASB
Ezekiel 17 in the NBLA
Ezekiel 17 in the NBS
Ezekiel 17 in the NBVTP
Ezekiel 17 in the NET2
Ezekiel 17 in the NIV11
Ezekiel 17 in the NNT
Ezekiel 17 in the NNT2
Ezekiel 17 in the NNT3
Ezekiel 17 in the PDDPT
Ezekiel 17 in the PFNT
Ezekiel 17 in the RMNT
Ezekiel 17 in the SBIAS
Ezekiel 17 in the SBIBS
Ezekiel 17 in the SBIBS2
Ezekiel 17 in the SBICS
Ezekiel 17 in the SBIDS
Ezekiel 17 in the SBIGS
Ezekiel 17 in the SBIHS
Ezekiel 17 in the SBIIS
Ezekiel 17 in the SBIIS2
Ezekiel 17 in the SBIIS3
Ezekiel 17 in the SBIKS
Ezekiel 17 in the SBIKS2
Ezekiel 17 in the SBIMS
Ezekiel 17 in the SBIOS
Ezekiel 17 in the SBIPS
Ezekiel 17 in the SBISS
Ezekiel 17 in the SBITS
Ezekiel 17 in the SBITS2
Ezekiel 17 in the SBITS3
Ezekiel 17 in the SBITS4
Ezekiel 17 in the SBIUS
Ezekiel 17 in the SBIVS
Ezekiel 17 in the SBT
Ezekiel 17 in the SBT1E
Ezekiel 17 in the SCHL
Ezekiel 17 in the SNT
Ezekiel 17 in the SUSU
Ezekiel 17 in the SUSU2
Ezekiel 17 in the SYNO
Ezekiel 17 in the TBIAOTANT
Ezekiel 17 in the TBT1E
Ezekiel 17 in the TBT1E2
Ezekiel 17 in the TFTIP
Ezekiel 17 in the TFTU
Ezekiel 17 in the TGNTATF3T
Ezekiel 17 in the THAI
Ezekiel 17 in the TNFD
Ezekiel 17 in the TNT
Ezekiel 17 in the TNTIK
Ezekiel 17 in the TNTIL
Ezekiel 17 in the TNTIN
Ezekiel 17 in the TNTIP
Ezekiel 17 in the TNTIZ
Ezekiel 17 in the TOMA
Ezekiel 17 in the TTENT
Ezekiel 17 in the UBG
Ezekiel 17 in the UGV
Ezekiel 17 in the UGV2
Ezekiel 17 in the UGV3
Ezekiel 17 in the VBL
Ezekiel 17 in the VDCC
Ezekiel 17 in the YALU
Ezekiel 17 in the YAPE
Ezekiel 17 in the YBVTP
Ezekiel 17 in the ZBP