Ezekiel 24 (BOATCB2)

1 Afe a ɛto so akron no sram a ɛto so du no nnafua du so no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn se: 2 “Onipa ba, kyerɛw saa da yi, saa da yi ara, efisɛ Babiloniahene atua Yerusalem nnɛ da yi ara. 3 Ka kyerɛ saa atuatewfo yi, ka no wɔ mmebu mu kyerɛ wɔn se: ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se:“ ‘Fa ɔsɛn no si gya so; fa si sona hwie nsu gu mu. 4 Fa namkum no gu mu,namkum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, anan ne abasa.Fa nnompe a ɛte apɔw hyɛ no ma; 5 fa nguankuw no mu nea odi mu.Fa nnyentia hyehyɛ ase ma nnompe no;ma enhuruna noa nnompe a ɛwɔ mu no. 6 “ ‘Na sɛɛ na Otumfo AWURADE se:“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue,nnome nka ɔsɛn a agye nkannare mprempren,na nea ɛwɔ mu aka mu no!Yiyi namkum no mmaako mmaako fi mua wompaw mu koraa. 7 “ ‘Mogya a ohwie guu no wɔ ne mfimfini:ohwie guu ɔbotan wosee so;wanhwie angu fam,baabi a mfutuma bɛkata so. 8 Sɛ ɛbɛhwanyan abufuwhyew ama aweretɔ ntimede ne mogya guu ɔbotan wosee sosɛnea ɛso renkata. 9 “ ‘Enti sɛɛ na Otumfo AWURADE se:“ ‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue!Me nso mɛhyehyɛ nnyansin no ama akɔ sorosoro. 10 Enti hyehyɛ nnyansin nona sɔ gya no.Noa nam no yiye,fa ahuamhuanne fra mu;na ma nnompe no nhyew. 11 Afei fa ɔsɛnhunu no si nnyansramma no sokosi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔsɛnea mu fi no bɛnanna nea ɛwɔ mu no bɛhyew asɛe. 12 Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa;mu fi dodow no ankɔ,ogya mpo antumi anyi. 13 “ ‘Fi a ɛwɔ wo mu no ne aniwu nneyɛe. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho kwan, wo ho remfi bio kosi sɛ mʼabufuwhyew a etia wo no ano bedwo. 14 “ ‘Me AWURADE na maka. Bere aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔbɔ, na merengugow me ho. Wobegyina wo suban ne wo nneyɛe so abu wo atɛn, Otumfo AWURADE asɛm ni.’ ” 15 AWURADE asɛm baa me nkyɛn se: 16 “Onipa ba, merebɛbɔ wo baako na mafa ade a wʼani gye ho yiye. Nanso ntwa adwo, nni awerɛhow na ntew nusu. 17 Si apini komm; nni owufo ho awerɛhow. Ma wʼabotiri mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na nni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow no di.” 18 Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa na nʼanwummere na me yere wui. Ade kyee no, meyɛɛ sɛnea wɔahyɛ me no. 19 Afei nnipa no bisaa me se, “Worenkyerɛ yɛn sɛnea nneyɛe yi si fa yɛn ho ana?” 20 Enti meka kyerɛɛ wɔn se, “AWURADE asɛm baa me nkyɛn se: 21 Ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Merebegu me kronkronbea ho fi; mo bammɔ dennen a mode hoahoa mo ho, nea mo ani gye ho, ade a mo koma da so. Mmabarima ne mmabea a mugyaw wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ afoa ano. 22 Na mobɛyɛ sɛnea mayɛ yi, morenkata mo ano na morenni amanne aduan a wɔn a wodi awerɛhow di. 23 Mobɛkɔ so abɔ mo abotiri ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhow na morensu, mmom mo so bɛtew esiane mo bɔne nti, na mubesisi apini wɔ mo mu. 24 Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama mo, mobɛyɛ sɛnea wayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na eyi si a na mubehu sɛ mene Otumfo AWURADE no.’  25 “Na wo, onipa ba, da a mɛfa wɔn aban dennen, wɔn ahosɛpɛw ne anuonyam, ade a wɔn ani gye ho, wɔn koma so ade, ne wɔn mmabarima ne wɔn mmabea nso no, 26 saa da no okyinkyinfo bi na ɔbɛba abɛka nea asi akyerɛ wo. 27 Saa bere no, wʼano bebue, wo ne no bɛkasa na worenyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnnede ama wɔn, na wobehu sɛ mene AWURADE no.”

In Other Versions

Ezekiel 24 in the ANGEFD

Ezekiel 24 in the ANTPNG2D

Ezekiel 24 in the AS21

Ezekiel 24 in the BAGH

Ezekiel 24 in the BBPNG

Ezekiel 24 in the BBT1E

Ezekiel 24 in the BDS

Ezekiel 24 in the BEV

Ezekiel 24 in the BHAD

Ezekiel 24 in the BIB

Ezekiel 24 in the BLPT

Ezekiel 24 in the BNT

Ezekiel 24 in the BNTABOOT

Ezekiel 24 in the BNTLV

Ezekiel 24 in the BOATCB

Ezekiel 24 in the BOBCV

Ezekiel 24 in the BOCNT

Ezekiel 24 in the BOECS

Ezekiel 24 in the BOGWICC

Ezekiel 24 in the BOHCB

Ezekiel 24 in the BOHCV

Ezekiel 24 in the BOHLNT

Ezekiel 24 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 24 in the BOICB

Ezekiel 24 in the BOILNTAP

Ezekiel 24 in the BOITCV

Ezekiel 24 in the BOKCV

Ezekiel 24 in the BOKCV2

Ezekiel 24 in the BOKHWOG

Ezekiel 24 in the BOKSSV

Ezekiel 24 in the BOLCB

Ezekiel 24 in the BOLCB2

Ezekiel 24 in the BOMCV

Ezekiel 24 in the BONAV

Ezekiel 24 in the BONCB

Ezekiel 24 in the BONLT

Ezekiel 24 in the BONUT2

Ezekiel 24 in the BOPLNT

Ezekiel 24 in the BOSCB

Ezekiel 24 in the BOSNC

Ezekiel 24 in the BOTLNT

Ezekiel 24 in the BOVCB

Ezekiel 24 in the BOYCB

Ezekiel 24 in the BPBB

Ezekiel 24 in the BPH

Ezekiel 24 in the BSB

Ezekiel 24 in the CCB

Ezekiel 24 in the CUV

Ezekiel 24 in the CUVS

Ezekiel 24 in the DBT

Ezekiel 24 in the DGDNT

Ezekiel 24 in the DHNT

Ezekiel 24 in the DNT

Ezekiel 24 in the ELBE

Ezekiel 24 in the EMTV

Ezekiel 24 in the ESV

Ezekiel 24 in the FBV

Ezekiel 24 in the FEB

Ezekiel 24 in the GGMNT

Ezekiel 24 in the GNT

Ezekiel 24 in the HARY

Ezekiel 24 in the HNT

Ezekiel 24 in the IRVA

Ezekiel 24 in the IRVB

Ezekiel 24 in the IRVG

Ezekiel 24 in the IRVH

Ezekiel 24 in the IRVK

Ezekiel 24 in the IRVM

Ezekiel 24 in the IRVM2

Ezekiel 24 in the IRVO

Ezekiel 24 in the IRVP

Ezekiel 24 in the IRVT

Ezekiel 24 in the IRVT2

Ezekiel 24 in the IRVU

Ezekiel 24 in the ISVN

Ezekiel 24 in the JSNT

Ezekiel 24 in the KAPI

Ezekiel 24 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 24 in the KBV

Ezekiel 24 in the KJV

Ezekiel 24 in the KNFD

Ezekiel 24 in the LBA

Ezekiel 24 in the LBLA

Ezekiel 24 in the LNT

Ezekiel 24 in the LSV

Ezekiel 24 in the MAAL

Ezekiel 24 in the MBV

Ezekiel 24 in the MBV2

Ezekiel 24 in the MHNT

Ezekiel 24 in the MKNFD

Ezekiel 24 in the MNG

Ezekiel 24 in the MNT

Ezekiel 24 in the MNT2

Ezekiel 24 in the MRS1T

Ezekiel 24 in the NAA

Ezekiel 24 in the NASB

Ezekiel 24 in the NBLA

Ezekiel 24 in the NBS

Ezekiel 24 in the NBVTP

Ezekiel 24 in the NET2

Ezekiel 24 in the NIV11

Ezekiel 24 in the NNT

Ezekiel 24 in the NNT2

Ezekiel 24 in the NNT3

Ezekiel 24 in the PDDPT

Ezekiel 24 in the PFNT

Ezekiel 24 in the RMNT

Ezekiel 24 in the SBIAS

Ezekiel 24 in the SBIBS

Ezekiel 24 in the SBIBS2

Ezekiel 24 in the SBICS

Ezekiel 24 in the SBIDS

Ezekiel 24 in the SBIGS

Ezekiel 24 in the SBIHS

Ezekiel 24 in the SBIIS

Ezekiel 24 in the SBIIS2

Ezekiel 24 in the SBIIS3

Ezekiel 24 in the SBIKS

Ezekiel 24 in the SBIKS2

Ezekiel 24 in the SBIMS

Ezekiel 24 in the SBIOS

Ezekiel 24 in the SBIPS

Ezekiel 24 in the SBISS

Ezekiel 24 in the SBITS

Ezekiel 24 in the SBITS2

Ezekiel 24 in the SBITS3

Ezekiel 24 in the SBITS4

Ezekiel 24 in the SBIUS

Ezekiel 24 in the SBIVS

Ezekiel 24 in the SBT

Ezekiel 24 in the SBT1E

Ezekiel 24 in the SCHL

Ezekiel 24 in the SNT

Ezekiel 24 in the SUSU

Ezekiel 24 in the SUSU2

Ezekiel 24 in the SYNO

Ezekiel 24 in the TBIAOTANT

Ezekiel 24 in the TBT1E

Ezekiel 24 in the TBT1E2

Ezekiel 24 in the TFTIP

Ezekiel 24 in the TFTU

Ezekiel 24 in the TGNTATF3T

Ezekiel 24 in the THAI

Ezekiel 24 in the TNFD

Ezekiel 24 in the TNT

Ezekiel 24 in the TNTIK

Ezekiel 24 in the TNTIL

Ezekiel 24 in the TNTIN

Ezekiel 24 in the TNTIP

Ezekiel 24 in the TNTIZ

Ezekiel 24 in the TOMA

Ezekiel 24 in the TTENT

Ezekiel 24 in the UBG

Ezekiel 24 in the UGV

Ezekiel 24 in the UGV2

Ezekiel 24 in the UGV3

Ezekiel 24 in the VBL

Ezekiel 24 in the VDCC

Ezekiel 24 in the YALU

Ezekiel 24 in the YAPE

Ezekiel 24 in the YBVTP

Ezekiel 24 in the ZBP