Ezekiel 31 (BOATCB2)

1 Mfe dubaako mu, ɔsram a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn se, 2 “Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne dɔm se:“ ‘Hena ho na wɔde wo kɛseyɛ bɛtoto? 3 Dwene Asiria ho, sida bi a bere bi na ɛwɔ Lebanon,Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwae sonyin kɔɔ soro yiye,ma ne nkɔn mu boro nhaban a ayɛ kusuu no so. 4 Nsu no maa no aduan,mmura a mu dɔ ma enyin kɔɔ soro;wɔn nsuwansuwa sen faa nʼase nyinaade kɔɔ mfuw no so nnua nyinaa ho. 5 Enti ɛkɔɔ sorosorosen mfuw no so nnua nyinaa;ne dubaa dɔɔsone mman nyin yɛɛ atenten,na nsu dodow a enyaa no nti ɛdennanee. 6 Wim nnomaa nyinaayɛɛ wɔn berebuw wɔ ne dubaa no mu,wuram mmoa nyinaawowoo mma wɔ ne mman no aseaman akɛse nyinaatenaa ne nwini ase. 7 Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ,ne dubaa a adennan no nti,na ne ntin nyin kɔɔ famkoduu nsu bebree mu. 8 Sida a ɛwɔ Onyankopɔn turo munto no,na ɔpepaw nnua nsodubaa ne no nyɛ pɛ,na wontumi mfa ɔfo nnua nsontoto ne mman ho,dua biara nni Onyankopɔn turono mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no. 9 Mebɔɔ no ahoɔfɛmaa no mman bebree,na nnua a ɛwɔ Eden nyinaaOnyankopɔn turo no mu noani beree no. 10 “ ‘Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Esiane sɛ enyin kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhaban a abunkam so, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho nti, 11 mede no hyɛɛ amanaman sodifo nsa, sɛ ɔne no nni no sɛnea nʼamumɔyɛ te. Mepoo no, 12 na ananafo aman no mu anuɔdenfo twaa no hwee fam, na ogyaw no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔw ne aku mu; ne mman mu bubuu wɔ subon mu. Asase so aman nyinaa fii ne nwini ase, na wogyaw no hɔ. 13 Wim nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wuram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu. 14 Ɛno nti, nnua a ɛwɔ nsu ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyin nkɔ sorosoro, mmoro nhaban a abunkam so no so. Nnua afoforo biara a enya nsu bebree no rennyin nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bewu akɔ asase ase, wɔ nnipamma a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn. 15 “ ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Da a wɔde no too ɔda mu no, mede awerɛhow kataa nsuwansuwa a mu dɔ no so maa no, na amma ne nsuten no ansen, na misiw ne nsu dodow no kwan. Ne nti mede kusuuyɛ furaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ sare no so nyinaa botowee. 16 Memaa aman no ho popoo wɔ nʼasehwe nnyigyei no ho, bere a mede no baa ɔda mu ne wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no. Afei Eden nnua nyinaa, nea ɛte apɔw na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a enya nsu yiye nyinaa nyaa awerɛkyekye wɔ asase ase. 17 Wɔn a wɔtenaa ne nwini ase, ne ne dɔm a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ ɔda mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ afoa ano no ho. 18 “ ‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu de, ɛwɔ he na ebetumi de ne ho atoto wo ho wɔ anuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso wo nso wobesian wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofo mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no.“ ‘Eyi yɛ Farao ne ne dɔm no, Otumfo AWURADE asɛm ni.’ ”

In Other Versions

Ezekiel 31 in the ANGEFD

Ezekiel 31 in the ANTPNG2D

Ezekiel 31 in the AS21

Ezekiel 31 in the BAGH

Ezekiel 31 in the BBPNG

Ezekiel 31 in the BBT1E

Ezekiel 31 in the BDS

Ezekiel 31 in the BEV

Ezekiel 31 in the BHAD

Ezekiel 31 in the BIB

Ezekiel 31 in the BLPT

Ezekiel 31 in the BNT

Ezekiel 31 in the BNTABOOT

Ezekiel 31 in the BNTLV

Ezekiel 31 in the BOATCB

Ezekiel 31 in the BOBCV

Ezekiel 31 in the BOCNT

Ezekiel 31 in the BOECS

Ezekiel 31 in the BOGWICC

Ezekiel 31 in the BOHCB

Ezekiel 31 in the BOHCV

Ezekiel 31 in the BOHLNT

Ezekiel 31 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 31 in the BOICB

Ezekiel 31 in the BOILNTAP

Ezekiel 31 in the BOITCV

Ezekiel 31 in the BOKCV

Ezekiel 31 in the BOKCV2

Ezekiel 31 in the BOKHWOG

Ezekiel 31 in the BOKSSV

Ezekiel 31 in the BOLCB

Ezekiel 31 in the BOLCB2

Ezekiel 31 in the BOMCV

Ezekiel 31 in the BONAV

Ezekiel 31 in the BONCB

Ezekiel 31 in the BONLT

Ezekiel 31 in the BONUT2

Ezekiel 31 in the BOPLNT

Ezekiel 31 in the BOSCB

Ezekiel 31 in the BOSNC

Ezekiel 31 in the BOTLNT

Ezekiel 31 in the BOVCB

Ezekiel 31 in the BOYCB

Ezekiel 31 in the BPBB

Ezekiel 31 in the BPH

Ezekiel 31 in the BSB

Ezekiel 31 in the CCB

Ezekiel 31 in the CUV

Ezekiel 31 in the CUVS

Ezekiel 31 in the DBT

Ezekiel 31 in the DGDNT

Ezekiel 31 in the DHNT

Ezekiel 31 in the DNT

Ezekiel 31 in the ELBE

Ezekiel 31 in the EMTV

Ezekiel 31 in the ESV

Ezekiel 31 in the FBV

Ezekiel 31 in the FEB

Ezekiel 31 in the GGMNT

Ezekiel 31 in the GNT

Ezekiel 31 in the HARY

Ezekiel 31 in the HNT

Ezekiel 31 in the IRVA

Ezekiel 31 in the IRVB

Ezekiel 31 in the IRVG

Ezekiel 31 in the IRVH

Ezekiel 31 in the IRVK

Ezekiel 31 in the IRVM

Ezekiel 31 in the IRVM2

Ezekiel 31 in the IRVO

Ezekiel 31 in the IRVP

Ezekiel 31 in the IRVT

Ezekiel 31 in the IRVT2

Ezekiel 31 in the IRVU

Ezekiel 31 in the ISVN

Ezekiel 31 in the JSNT

Ezekiel 31 in the KAPI

Ezekiel 31 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 31 in the KBV

Ezekiel 31 in the KJV

Ezekiel 31 in the KNFD

Ezekiel 31 in the LBA

Ezekiel 31 in the LBLA

Ezekiel 31 in the LNT

Ezekiel 31 in the LSV

Ezekiel 31 in the MAAL

Ezekiel 31 in the MBV

Ezekiel 31 in the MBV2

Ezekiel 31 in the MHNT

Ezekiel 31 in the MKNFD

Ezekiel 31 in the MNG

Ezekiel 31 in the MNT

Ezekiel 31 in the MNT2

Ezekiel 31 in the MRS1T

Ezekiel 31 in the NAA

Ezekiel 31 in the NASB

Ezekiel 31 in the NBLA

Ezekiel 31 in the NBS

Ezekiel 31 in the NBVTP

Ezekiel 31 in the NET2

Ezekiel 31 in the NIV11

Ezekiel 31 in the NNT

Ezekiel 31 in the NNT2

Ezekiel 31 in the NNT3

Ezekiel 31 in the PDDPT

Ezekiel 31 in the PFNT

Ezekiel 31 in the RMNT

Ezekiel 31 in the SBIAS

Ezekiel 31 in the SBIBS

Ezekiel 31 in the SBIBS2

Ezekiel 31 in the SBICS

Ezekiel 31 in the SBIDS

Ezekiel 31 in the SBIGS

Ezekiel 31 in the SBIHS

Ezekiel 31 in the SBIIS

Ezekiel 31 in the SBIIS2

Ezekiel 31 in the SBIIS3

Ezekiel 31 in the SBIKS

Ezekiel 31 in the SBIKS2

Ezekiel 31 in the SBIMS

Ezekiel 31 in the SBIOS

Ezekiel 31 in the SBIPS

Ezekiel 31 in the SBISS

Ezekiel 31 in the SBITS

Ezekiel 31 in the SBITS2

Ezekiel 31 in the SBITS3

Ezekiel 31 in the SBITS4

Ezekiel 31 in the SBIUS

Ezekiel 31 in the SBIVS

Ezekiel 31 in the SBT

Ezekiel 31 in the SBT1E

Ezekiel 31 in the SCHL

Ezekiel 31 in the SNT

Ezekiel 31 in the SUSU

Ezekiel 31 in the SUSU2

Ezekiel 31 in the SYNO

Ezekiel 31 in the TBIAOTANT

Ezekiel 31 in the TBT1E

Ezekiel 31 in the TBT1E2

Ezekiel 31 in the TFTIP

Ezekiel 31 in the TFTU

Ezekiel 31 in the TGNTATF3T

Ezekiel 31 in the THAI

Ezekiel 31 in the TNFD

Ezekiel 31 in the TNT

Ezekiel 31 in the TNTIK

Ezekiel 31 in the TNTIL

Ezekiel 31 in the TNTIN

Ezekiel 31 in the TNTIP

Ezekiel 31 in the TNTIZ

Ezekiel 31 in the TOMA

Ezekiel 31 in the TTENT

Ezekiel 31 in the UBG

Ezekiel 31 in the UGV

Ezekiel 31 in the UGV2

Ezekiel 31 in the UGV3

Ezekiel 31 in the VBL

Ezekiel 31 in the VDCC

Ezekiel 31 in the YALU

Ezekiel 31 in the YAPE

Ezekiel 31 in the YBVTP

Ezekiel 31 in the ZBP