Ezekiel 33 (BOATCB2)

1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn se: 2 “Onipa ba, kasa kyerɛ wo manmma na ka kyerɛ wɔn se: ‘Sɛ metwe mʼafoa wɔ asase bi so, na sɛ asase no so nnipa yi wɔn mmarima no mu baako sɛ ɔnyɛ ɔwɛmfo mma wɔn, 3 na ohu sɛ afoa reba abɛko atia asase no a, ɔhyɛn torobɛnto de bɔ nnipa no kɔkɔ. 4 Na sɛ obi te torobɛnto no nnyigyei na wanna ne ho so, na sɛ afoa no bekum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa ti so. 5 Esiane sɛ ɔtee torobɛnto no nnyigyei na wantie kɔkɔbɔ no nti, ne mogya bɛbɔ nʼankasa ti so. Sɛ otiee kɔkɔbɔ no a, anka onyaa ne ti didii mu. 6 Nanso sɛ ɔwɛmfo no hu sɛ afoa no reba na wanhyɛn torobɛnto no ammɔ nnipa no kɔkɔ, na sɛ afoa no ba bekum wɔn mu baako a, wɔbɛfa saa onipa no akɔ wɔ ne bɔne nti, nanso mɛma ɔwɛmfo no abu owufo no mogya ho akontaa.’  7 “Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfo ama Israelfi, ɛno nti tie mʼanom nsɛm na fa kɔkɔbɔ a efi me nkyɛn ma wɔn. 8 Sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Wo omumɔyɛfo, owu na wubewu,’ na sɛ woankasa ankyerɛ no amma wamfi nʼakwan so a, saa omumɔyɛfo no bewu ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akontaa. 9 Nanso sɛ wobɔ omumɔyɛfo no kɔkɔ sɛ omfi nʼakwan so na sɛ wanyɛ a, ne bɔne nti, obewu, nanso worenni ne mogya ho fɔ. 10 “Onipa ba, ka kyerɛ Israelfi se: ‘Sɛɛ ne nea moreka: “Yɛn mfomso ne yɛn nnebɔne hyɛ yɛn so, yɛresɛe, esiane eyinom nti. Na dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?” ’ 11 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛ mete ase yi, Otumfo AWURADE asɛm ni, mʼani nnye amumɔyɛfo wu ho, na mmom mepɛ sɛ wɔdan fi wɔn akwan so na wonya nkwa. Monnan! Monnan mfi mo amumɔyɛ akwan no so! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwuwu, Israelfi?’  12 “Ɛno nti onipa ba, ka kyerɛ wo manmma se, ‘Ɔtreneeni trenee rentumi nnye no nkwa wɔ bere a ɔnyɛ osetie; na omumɔyɛfo amumɔyɛ remma ɔnhwe ase wɔ bere a ɔdan fi ho. Sɛ ɔtreneeni yɛ bɔne a, ɔrennya nkwa wɔ ne kan treneeyɛ nti.’ 13 Sɛ meka kyerɛ ɔtreneeni sɛ obenya nkwa, na afei ɔde ne ho to ne treneeyɛ so na ɔyɛ bɔne a, wɔrenkae ne kan trenee nneyɛe biara. Obewu wɔ ne bɔne a wayɛ nti. 14 Na sɛ meka kyerɛ omumɔyɛfo se, ‘Owu na wubewu,’ na afei ɔdan fi ne nnebɔne ho na ɔyɛ nea eye na ɛteɛ, 15 na sɛ ɔsan de bosea ho awowaside ma, na ɔsan de nea wawia ma, na odi ahyɛde a ɛma nkwa so, na wanyɛ bɔne a, ampa ara obenya nkwa, na ɔrenwu. 16 Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ nea eye na ɛteɛ, ampa ara obenya nkwa. 17 “Nanso wo manmma ka se, ‘AWURADE akwan nteɛ.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteɛ. 18 Sɛ ɔtreneeni fi ne trenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno nti obewu. 19 Na sɛ omumɔyɛfo dan fi ne nnebɔne ho na ɔyɛ nea eye na ɛteɛ a, obenya nkwa. 20 Nanso Israelfi, moka se, ‘Awurade akwan nteɛ.’ Nanso mebu obiara atɛn sɛnea nʼakwan te.” 21 Yɛn asutwa afe a ɛto so dumien no sram a ɛto so du no nnaanum so, ɔbarima bi a waguan afi Yerusalem baa me nkyɛn bɛkae se, “Kuropɔn no ahwe ase!” 22 Na anwummere a ade rebɛkye ama ɔbarima no aba no, na AWURADE nsa wɔ me so na obuee mʼano ansa na ɔbarima no baa anɔpa. Enti na mʼano abue a mitumi kasa. 23 Afei AWURADE asɛm baa me nkyɛn se, 24 “Onipa ba, nnipa a wɔtete saa nnwiriwii so wɔ Israel asase no so no reka se, ‘Abraham yɛ onipa baako, nanso onyaa asase no nyinaa. Nanso yɛdɔɔso, na nokware wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛn agyapade.’ 25 Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Sɛ mowe nam a mogya wɔ mu, mosom mo anyame na muhwie mogya gu nti, ɛsɛ sɛ mofa asase no ana? 26 Mode mo ho to mo afoa so. Moyɛ akyiwade na mo mu biara gu ne yɔnko yere ho fi. Ɛsɛ sɛ munya asase no ana?’  27 “Ka eyi kyerɛ wɔn se, ‘Nea Otumfo AWURADE se ni: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kurow no nnwiriwii mu no bɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a wɔwɔ wuram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandennen ne abodan mu no, ɔyaredɔm bekunkum wɔn. 28 Mɛsɛe asase no ama ayɛ amamfo, na nʼahomaso ahoɔden no bɛba awiei na Israel mmepɔw no bɛda mpan a obiara rentwa mu wɔ hɔ. 29 Afei wobehu sɛ mene AWURADE no, bere a mama asase no ada mpan wɔ akyiwade a wɔayɛ nyinaa nti.’ 30 “Wo de, onipa ba, wo manmma reka wo ho nsɛm wɔ afasu ho ne afi apon ano kyerɛ wɔn ho wɔn ho se, ‘Mommra mmetie asɛm a efi AWURADE nkyɛn aba.’ 31 Me nkurɔfo ba wo nkyɛn, sɛnea wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim betie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn koma mu de, wɔn ani bere asisi mu adenya. 32 Nokware, wɔn de, wote sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔde nnwontode to ɔdɔ nnwom, efisɛ wɔte wo nsɛm nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. 33 “Sɛ eyinom nyinaa ba mu a, na nokware ɛbɛba mu nso, na afei wobehu sɛ odiyifo bi baa wɔn mu.”

In Other Versions

Ezekiel 33 in the ANGEFD

Ezekiel 33 in the ANTPNG2D

Ezekiel 33 in the AS21

Ezekiel 33 in the BAGH

Ezekiel 33 in the BBPNG

Ezekiel 33 in the BBT1E

Ezekiel 33 in the BDS

Ezekiel 33 in the BEV

Ezekiel 33 in the BHAD

Ezekiel 33 in the BIB

Ezekiel 33 in the BLPT

Ezekiel 33 in the BNT

Ezekiel 33 in the BNTABOOT

Ezekiel 33 in the BNTLV

Ezekiel 33 in the BOATCB

Ezekiel 33 in the BOBCV

Ezekiel 33 in the BOCNT

Ezekiel 33 in the BOECS

Ezekiel 33 in the BOGWICC

Ezekiel 33 in the BOHCB

Ezekiel 33 in the BOHCV

Ezekiel 33 in the BOHLNT

Ezekiel 33 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 33 in the BOICB

Ezekiel 33 in the BOILNTAP

Ezekiel 33 in the BOITCV

Ezekiel 33 in the BOKCV

Ezekiel 33 in the BOKCV2

Ezekiel 33 in the BOKHWOG

Ezekiel 33 in the BOKSSV

Ezekiel 33 in the BOLCB

Ezekiel 33 in the BOLCB2

Ezekiel 33 in the BOMCV

Ezekiel 33 in the BONAV

Ezekiel 33 in the BONCB

Ezekiel 33 in the BONLT

Ezekiel 33 in the BONUT2

Ezekiel 33 in the BOPLNT

Ezekiel 33 in the BOSCB

Ezekiel 33 in the BOSNC

Ezekiel 33 in the BOTLNT

Ezekiel 33 in the BOVCB

Ezekiel 33 in the BOYCB

Ezekiel 33 in the BPBB

Ezekiel 33 in the BPH

Ezekiel 33 in the BSB

Ezekiel 33 in the CCB

Ezekiel 33 in the CUV

Ezekiel 33 in the CUVS

Ezekiel 33 in the DBT

Ezekiel 33 in the DGDNT

Ezekiel 33 in the DHNT

Ezekiel 33 in the DNT

Ezekiel 33 in the ELBE

Ezekiel 33 in the EMTV

Ezekiel 33 in the ESV

Ezekiel 33 in the FBV

Ezekiel 33 in the FEB

Ezekiel 33 in the GGMNT

Ezekiel 33 in the GNT

Ezekiel 33 in the HARY

Ezekiel 33 in the HNT

Ezekiel 33 in the IRVA

Ezekiel 33 in the IRVB

Ezekiel 33 in the IRVG

Ezekiel 33 in the IRVH

Ezekiel 33 in the IRVK

Ezekiel 33 in the IRVM

Ezekiel 33 in the IRVM2

Ezekiel 33 in the IRVO

Ezekiel 33 in the IRVP

Ezekiel 33 in the IRVT

Ezekiel 33 in the IRVT2

Ezekiel 33 in the IRVU

Ezekiel 33 in the ISVN

Ezekiel 33 in the JSNT

Ezekiel 33 in the KAPI

Ezekiel 33 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 33 in the KBV

Ezekiel 33 in the KJV

Ezekiel 33 in the KNFD

Ezekiel 33 in the LBA

Ezekiel 33 in the LBLA

Ezekiel 33 in the LNT

Ezekiel 33 in the LSV

Ezekiel 33 in the MAAL

Ezekiel 33 in the MBV

Ezekiel 33 in the MBV2

Ezekiel 33 in the MHNT

Ezekiel 33 in the MKNFD

Ezekiel 33 in the MNG

Ezekiel 33 in the MNT

Ezekiel 33 in the MNT2

Ezekiel 33 in the MRS1T

Ezekiel 33 in the NAA

Ezekiel 33 in the NASB

Ezekiel 33 in the NBLA

Ezekiel 33 in the NBS

Ezekiel 33 in the NBVTP

Ezekiel 33 in the NET2

Ezekiel 33 in the NIV11

Ezekiel 33 in the NNT

Ezekiel 33 in the NNT2

Ezekiel 33 in the NNT3

Ezekiel 33 in the PDDPT

Ezekiel 33 in the PFNT

Ezekiel 33 in the RMNT

Ezekiel 33 in the SBIAS

Ezekiel 33 in the SBIBS

Ezekiel 33 in the SBIBS2

Ezekiel 33 in the SBICS

Ezekiel 33 in the SBIDS

Ezekiel 33 in the SBIGS

Ezekiel 33 in the SBIHS

Ezekiel 33 in the SBIIS

Ezekiel 33 in the SBIIS2

Ezekiel 33 in the SBIIS3

Ezekiel 33 in the SBIKS

Ezekiel 33 in the SBIKS2

Ezekiel 33 in the SBIMS

Ezekiel 33 in the SBIOS

Ezekiel 33 in the SBIPS

Ezekiel 33 in the SBISS

Ezekiel 33 in the SBITS

Ezekiel 33 in the SBITS2

Ezekiel 33 in the SBITS3

Ezekiel 33 in the SBITS4

Ezekiel 33 in the SBIUS

Ezekiel 33 in the SBIVS

Ezekiel 33 in the SBT

Ezekiel 33 in the SBT1E

Ezekiel 33 in the SCHL

Ezekiel 33 in the SNT

Ezekiel 33 in the SUSU

Ezekiel 33 in the SUSU2

Ezekiel 33 in the SYNO

Ezekiel 33 in the TBIAOTANT

Ezekiel 33 in the TBT1E

Ezekiel 33 in the TBT1E2

Ezekiel 33 in the TFTIP

Ezekiel 33 in the TFTU

Ezekiel 33 in the TGNTATF3T

Ezekiel 33 in the THAI

Ezekiel 33 in the TNFD

Ezekiel 33 in the TNT

Ezekiel 33 in the TNTIK

Ezekiel 33 in the TNTIL

Ezekiel 33 in the TNTIN

Ezekiel 33 in the TNTIP

Ezekiel 33 in the TNTIZ

Ezekiel 33 in the TOMA

Ezekiel 33 in the TTENT

Ezekiel 33 in the UBG

Ezekiel 33 in the UGV

Ezekiel 33 in the UGV2

Ezekiel 33 in the UGV3

Ezekiel 33 in the VBL

Ezekiel 33 in the VDCC

Ezekiel 33 in the YALU

Ezekiel 33 in the YAPE

Ezekiel 33 in the YBVTP

Ezekiel 33 in the ZBP