Ezekiel 38 (BOATCB2)
1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn se, 2 “Onipa ba, fa wʼani si Gog, a ɛwɔ Magog asase so no so, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn no; hyɛ nkɔm tia no 3 na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Me ne wo anya. Gog, Mesek ne Tubal birɛmpɔn. 4 Mekyinkyim wo na mede nnarewa asuso wʼabogye mu na mede wo ne wʼasraafo nyinaa, wʼapɔnkɔ, wʼapɔnkɔsotefo a wɔhyehyɛ akotade ne dɔm kɛse a wokurakura akokyɛm akɛse ne nketewa a wɔn nyinaa rehinhim wɔn afoa, apue. 5 Persia, Kus ne Put a wɔn nyinaa kurakura nkatabo na wɔhyehyɛ wɔn nnadekyɛw bɛka wɔn ho, 6 afei Gomer ne nʼasraafo nyinaa ne Bet-Togarma a wofi atifi fam akyirikyiri ne nʼasraafo, aman bebree bɛka wo ho. 7 “ ‘Siesie wo ho, yɛ krado, wo ne nnipakuw a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ wo nkyɛn nyinaa na yɛ wɔn so hwɛfo. 8 Nna bebree akyi no, wobɛtwe atuo. Mfe bi akyi no wobɛko afa asase bi a wafi ɔko mu afi na wɔaboaboa so nnipa afi amanaman so aba Israel mmepɔw a ada mpan akyɛ no so. Wɔde wɔn fi amanaman no mu, na mprempren wɔn nyinaa te asomdwoe mu. 9 Wo ne wʼasraafo nyinaa ne aman bebrebe a wɔwɔ wo nkyɛn no bɛforo akɔ mo anim sɛ ahum. Mobɛyɛ sɛ omununkum akata asase no so. 10 “ ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Saa da no, nsusuwii bi bɛba wo tirim na wubeguan nhyehyɛe bɔne bi. 11 Wobɛka se, “Mɛko afa asase a wɔntoo so nkuraa ho fasu, mɛtow ahyɛ nnipa a wɔwɔ asomdwoe na wɔnnwene hwee so, a wɔn mu biara nni ɔfasu, apon ne akyi adaban. 12 Mɛfom na mawia na madan me nsa atia amamfo a nnipa abɛtena so ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afi amanaman so, nnipa a nyɛmmoa ne aguade abu wɔn so na wɔtete asase no mfimfini no.” 13 Seba ne Dedan ne Tarsis aguadifo ne ne nkuraa nyinaa bebisa wo se, “Woaba sɛ worebɛfom ana? Woaboa wo dɔm ano sɛ morebewia na moasoa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nyɛmmoa ne aguade akɔ na moafa asade bebree abran so ana?” ’ 14 “Ɛno nti, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Gog se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Saa da no, bere a me nkurɔfo Israelfo te hɔ asomdwoe mu no, woanhu ana? 15 Wubefi wʼasase so wɔ atifi fam nohɔ tɔnn, wo ne aman bebree a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, nnipadɔm kɛse, asraafodɔm a ɛso. 16 Mubetu ateɛ akɔ me nkurɔfo Israelfo so te sɛ omununkum a ɛkata asase no so. Nna a ɛbɛba no mu. Gog, mɛma woasɔre atia mʼasase, sɛnea aman no behu me, bere a menam wo so bɛda me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn anim no. 17 “ ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Ɛnyɛ wo ne nea menam mʼasomfo Israel adiyifo so kaa wo ho asɛm nna a atwa mu no ana? Saa bere no, wɔde mfe bebree hyɛɛ nkɔm se mɛma wo so de atia wɔn. 18 Eyi ne nea ebesi saa da no. Sɛ Gog tow hyɛ Israel asase so a, mʼabufuwhyew bɛsɔre, Otumfo AWURADE asɛm ni. 19 Mʼanem ne mʼabufuwhyew mu, mepae mu ka se, saa bere no asasewosow kɛse bɛba Israel asase so. 20 Po mu mpataa, wim nnomaa, wuram mmoa, abɔde biara a ɛwea wɔ asase so ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho bɛpopo wɔ mʼanim. Mmepɔw betutu agu, abotan bedwiriw na afasu nyinaa abubu agu fam. 21 Mɛfrɛ afoa aba Gog so wɔ me mmepɔw nyinaa so, Otumfo AWURADE asɛm ni. Wɔde afoa bɛsɔre atia wɔn ho wɔn ho. 22 Mede ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bebu no atɛn, mehwie osuhweam, mparuwbo, ogya ne sufre a ɛdɛw agu ɔno ne nʼasraafo ne aman bebree a wɔka ne ho no so. 23 Enti mɛda me kɛseyɛ ne me kronkronyɛ adi, na mama amanaman ahu me. Afei wobehu sɛ mene AWURADE no.’
In Other Versions
Ezekiel 38 in the ANGEFD
Ezekiel 38 in the ANTPNG2D
Ezekiel 38 in the AS21
Ezekiel 38 in the BAGH
Ezekiel 38 in the BBPNG
Ezekiel 38 in the BBT1E
Ezekiel 38 in the BDS
Ezekiel 38 in the BEV
Ezekiel 38 in the BHAD
Ezekiel 38 in the BIB
Ezekiel 38 in the BLPT
Ezekiel 38 in the BNT
Ezekiel 38 in the BNTABOOT
Ezekiel 38 in the BNTLV
Ezekiel 38 in the BOATCB
Ezekiel 38 in the BOBCV
Ezekiel 38 in the BOCNT
Ezekiel 38 in the BOECS
Ezekiel 38 in the BOGWICC
Ezekiel 38 in the BOHCB
Ezekiel 38 in the BOHCV
Ezekiel 38 in the BOHLNT
Ezekiel 38 in the BOHNTLTAL
Ezekiel 38 in the BOICB
Ezekiel 38 in the BOILNTAP
Ezekiel 38 in the BOITCV
Ezekiel 38 in the BOKCV
Ezekiel 38 in the BOKCV2
Ezekiel 38 in the BOKHWOG
Ezekiel 38 in the BOKSSV
Ezekiel 38 in the BOLCB
Ezekiel 38 in the BOLCB2
Ezekiel 38 in the BOMCV
Ezekiel 38 in the BONAV
Ezekiel 38 in the BONCB
Ezekiel 38 in the BONLT
Ezekiel 38 in the BONUT2
Ezekiel 38 in the BOPLNT
Ezekiel 38 in the BOSCB
Ezekiel 38 in the BOSNC
Ezekiel 38 in the BOTLNT
Ezekiel 38 in the BOVCB
Ezekiel 38 in the BOYCB
Ezekiel 38 in the BPBB
Ezekiel 38 in the BPH
Ezekiel 38 in the BSB
Ezekiel 38 in the CCB
Ezekiel 38 in the CUV
Ezekiel 38 in the CUVS
Ezekiel 38 in the DBT
Ezekiel 38 in the DGDNT
Ezekiel 38 in the DHNT
Ezekiel 38 in the DNT
Ezekiel 38 in the ELBE
Ezekiel 38 in the EMTV
Ezekiel 38 in the ESV
Ezekiel 38 in the FBV
Ezekiel 38 in the FEB
Ezekiel 38 in the GGMNT
Ezekiel 38 in the GNT
Ezekiel 38 in the HARY
Ezekiel 38 in the HNT
Ezekiel 38 in the IRVA
Ezekiel 38 in the IRVB
Ezekiel 38 in the IRVG
Ezekiel 38 in the IRVH
Ezekiel 38 in the IRVK
Ezekiel 38 in the IRVM
Ezekiel 38 in the IRVM2
Ezekiel 38 in the IRVO
Ezekiel 38 in the IRVP
Ezekiel 38 in the IRVT
Ezekiel 38 in the IRVT2
Ezekiel 38 in the IRVU
Ezekiel 38 in the ISVN
Ezekiel 38 in the JSNT
Ezekiel 38 in the KAPI
Ezekiel 38 in the KBT1ETNIK
Ezekiel 38 in the KBV
Ezekiel 38 in the KJV
Ezekiel 38 in the KNFD
Ezekiel 38 in the LBA
Ezekiel 38 in the LBLA
Ezekiel 38 in the LNT
Ezekiel 38 in the LSV
Ezekiel 38 in the MAAL
Ezekiel 38 in the MBV
Ezekiel 38 in the MBV2
Ezekiel 38 in the MHNT
Ezekiel 38 in the MKNFD
Ezekiel 38 in the MNG
Ezekiel 38 in the MNT
Ezekiel 38 in the MNT2
Ezekiel 38 in the MRS1T
Ezekiel 38 in the NAA
Ezekiel 38 in the NASB
Ezekiel 38 in the NBLA
Ezekiel 38 in the NBS
Ezekiel 38 in the NBVTP
Ezekiel 38 in the NET2
Ezekiel 38 in the NIV11
Ezekiel 38 in the NNT
Ezekiel 38 in the NNT2
Ezekiel 38 in the NNT3
Ezekiel 38 in the PDDPT
Ezekiel 38 in the PFNT
Ezekiel 38 in the RMNT
Ezekiel 38 in the SBIAS
Ezekiel 38 in the SBIBS
Ezekiel 38 in the SBIBS2
Ezekiel 38 in the SBICS
Ezekiel 38 in the SBIDS
Ezekiel 38 in the SBIGS
Ezekiel 38 in the SBIHS
Ezekiel 38 in the SBIIS
Ezekiel 38 in the SBIIS2
Ezekiel 38 in the SBIIS3
Ezekiel 38 in the SBIKS
Ezekiel 38 in the SBIKS2
Ezekiel 38 in the SBIMS
Ezekiel 38 in the SBIOS
Ezekiel 38 in the SBIPS
Ezekiel 38 in the SBISS
Ezekiel 38 in the SBITS
Ezekiel 38 in the SBITS2
Ezekiel 38 in the SBITS3
Ezekiel 38 in the SBITS4
Ezekiel 38 in the SBIUS
Ezekiel 38 in the SBIVS
Ezekiel 38 in the SBT
Ezekiel 38 in the SBT1E
Ezekiel 38 in the SCHL
Ezekiel 38 in the SNT
Ezekiel 38 in the SUSU
Ezekiel 38 in the SUSU2
Ezekiel 38 in the SYNO
Ezekiel 38 in the TBIAOTANT
Ezekiel 38 in the TBT1E
Ezekiel 38 in the TBT1E2
Ezekiel 38 in the TFTIP
Ezekiel 38 in the TFTU
Ezekiel 38 in the TGNTATF3T
Ezekiel 38 in the THAI
Ezekiel 38 in the TNFD
Ezekiel 38 in the TNT
Ezekiel 38 in the TNTIK
Ezekiel 38 in the TNTIL
Ezekiel 38 in the TNTIN
Ezekiel 38 in the TNTIP
Ezekiel 38 in the TNTIZ
Ezekiel 38 in the TOMA
Ezekiel 38 in the TTENT
Ezekiel 38 in the UBG
Ezekiel 38 in the UGV
Ezekiel 38 in the UGV2
Ezekiel 38 in the UGV3
Ezekiel 38 in the VBL
Ezekiel 38 in the VDCC
Ezekiel 38 in the YALU
Ezekiel 38 in the YAPE
Ezekiel 38 in the YBVTP
Ezekiel 38 in the ZBP