Galatians 2 (BOATCB2)

1 Me ne Barnaba san kɔɔ Yerusalem Mfe dunan akyi. Mede Tito nso kaa me ho. 2 Mekɔe, efisɛ Onyankopɔn na ɔdaa no adi kyerɛɛ me se menkɔ. Me ne mpanyimfo no yɛɛ nhyiamu wɔ kokoa mu kyerɛkyerɛɛ asɛmpa a meka kyerɛɛ amanamanmufo no kyerɛɛ wɔn. Na mempɛ sɛ mʼadwuma a mayɛ dedaw ne nea migu so reyɛ no yɛ ɔkwa. 3 Ɛwɔ mu sɛ me boafo Tito yɛ Helani de, nanso wɔanhyɛ no sɛ ontwa twetia. 4 Asɛm yi sii, efisɛ na anuanom bi a wɔnyɛ nokwafo awia wɔn ho abɛfra yɛn mu a wɔrehwehwɛ ahofadi a yɛwɔ wɔ Kristo Yesu mu, na wɔde yɛn ayɛ nkoa. 5 Yɛamma wɔn mu kwan koraa, esiane pɛ a na yɛpɛ sɛ nokware a ɛwɔ Asɛmpa no mu no bɛtena mo mu no nti. 6 Sɛnea wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔyɛ atitiriw no te biara no, meka se minhu wɔn ntam nsonoe biara. Onyankopɔn nhwɛ nnipa ho mmu atɛn; saa mpanyimfo no mfaa adwene foforo biara mmɛkaa mʼasɛm no ho. 7 Na mmom wohuu sɛ Onyankopɔn de adwuma no ahyɛ me nsa sɛ menka Asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufo sɛnea ɔde adwuma no hyɛɛ Petro nsa sɛ ɔnka Asɛmpa no nkyerɛ Yudafo no ara pɛ. 8 Na Onyankopɔn a ɔnam Petro so yɛ adwuma sɛ Yudafo mu somafo no ara na ɔnam me so yɛ adwuma wɔ amanamanmufo mu, sɛnea Petro yɛ Yudafo mu adwuma no pɛ. 9 Yakobo, Petro ne Yohane a na wɔfa no sɛ wɔyɛ mpanyimfo no gye too mu se, Onyankopɔn ama me adwuma sononko bi sɛ minni, enti wokyiaa me ne Barnaba. Wɔpenee so se yɛnyɛ adwuma wɔ amanamanmufo no mu na wɔn nso wɔnyɛ adwuma wɔ Yudafo no mu. 10 Nea wɔkae ara ne sɛ yɛnkae ahiafo wɔ wɔn kuw no mu sɛnea mepɛ sɛ meyɛ no. 11 Bere a Petro baa Antiokia no, mesɔre tiaa nea ɔreyɛ no mu wɔ bagua mu, efisɛ na ɔreyɛ mfomso. 12 Ansa na mmarima bi a Yakobo somaa wɔn no beduu hɔ no, na Petro ne anuanom amanamanmufo no to nsa didi. Nanso akyiri a nnipa no bedui no, ɔtwee ne ho a ɔne wɔn annidi bio, efisɛ na osuro wɔn a wɔpɛ sɛ wotwa amanamanmufo twetia no. 13 Anuanom Yudafo a wɔaka no yɛɛ sɛ ahufo de wɔn ho bɔɔ Petro maa Barnaba nso de ne ho kɔbataa wɔn. 14 Mihuu sɛ nea wɔreyɛ no ne Asɛmpa no bɔ abira no, mekaa wɔ Petro ne bagua no anim se, “Woyɛ Yudani a mprempren wunni Yudafo amanne so bio. Adɛn nti na wohyɛ amanamanmufo sɛ wonni Yudafo amanne so? 15 “Yɛn a yɛyɛ Yudafo fi yɛn awo mu a yɛnyɛ amanamanmufo nnebɔneyɛfo no 16 nim sɛ ansa na obi bedi bem wɔ Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ nea mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛnea yɛnam so bedi bem wɔ Onyankopɔn anim; efisɛ ɛnam gyidi so na wobebu yɛn bem, na ɛnyɛ mmara no apɛde a yɛyɛ no so. 17 “Sɛ yɛpɛ sɛ wobu yɛn bem wɔ Kristo mu na sɛ ɛda adi sɛ yɛn nso yɛyɛ nnebɔneyɛfo a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo pene bɔne so? Ɛnte saa koraa. 18 Na sɛ mifi ase yɛ nea magyae a, na ɛkyerɛ sɛ meyɛ mmaratofo. 19 “Efisɛ mpɛn dodow a mepɛɛ sɛ medi mmara no so no, mmara no buu me fɔ. Mmara no ankasa akum me. Ɛno nti minni mmara no tumi ase bio, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛtena ase ama Onyankopɔn mmom. Wɔabɔ me ne Kristo asennua mu, 20 enti ɛnyɛ me na mete ase bio, na mmom Kristo no na ɔte me mu. Saa asetena a mete mu mprempren yi, mete ase wɔ Onyankopɔn Ba no a ɔdɔ me na ɔde ne nkwa maa me no gyidi mu. 21 Mempo Onyankopɔn adom no. Sɛ onipa nam Mmara so fata Onyankopɔn anim a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo wu a owui no yɛ ɔkwa.”

In Other Versions

Galatians 2 in the ANGEFD

Galatians 2 in the ANTPNG2D

Galatians 2 in the AS21

Galatians 2 in the BAGH

Galatians 2 in the BBPNG

Galatians 2 in the BBT1E

Galatians 2 in the BDS

Galatians 2 in the BEV

Galatians 2 in the BHAD

Galatians 2 in the BIB

Galatians 2 in the BLPT

Galatians 2 in the BNT

Galatians 2 in the BNTABOOT

Galatians 2 in the BNTLV

Galatians 2 in the BOATCB

Galatians 2 in the BOBCV

Galatians 2 in the BOCNT

Galatians 2 in the BOECS

Galatians 2 in the BOGWICC

Galatians 2 in the BOHCB

Galatians 2 in the BOHCV

Galatians 2 in the BOHLNT

Galatians 2 in the BOHNTLTAL

Galatians 2 in the BOICB

Galatians 2 in the BOILNTAP

Galatians 2 in the BOITCV

Galatians 2 in the BOKCV

Galatians 2 in the BOKCV2

Galatians 2 in the BOKHWOG

Galatians 2 in the BOKSSV

Galatians 2 in the BOLCB

Galatians 2 in the BOLCB2

Galatians 2 in the BOMCV

Galatians 2 in the BONAV

Galatians 2 in the BONCB

Galatians 2 in the BONLT

Galatians 2 in the BONUT2

Galatians 2 in the BOPLNT

Galatians 2 in the BOSCB

Galatians 2 in the BOSNC

Galatians 2 in the BOTLNT

Galatians 2 in the BOVCB

Galatians 2 in the BOYCB

Galatians 2 in the BPBB

Galatians 2 in the BPH

Galatians 2 in the BSB

Galatians 2 in the CCB

Galatians 2 in the CUV

Galatians 2 in the CUVS

Galatians 2 in the DBT

Galatians 2 in the DGDNT

Galatians 2 in the DHNT

Galatians 2 in the DNT

Galatians 2 in the ELBE

Galatians 2 in the EMTV

Galatians 2 in the ESV

Galatians 2 in the FBV

Galatians 2 in the FEB

Galatians 2 in the GGMNT

Galatians 2 in the GNT

Galatians 2 in the HARY

Galatians 2 in the HNT

Galatians 2 in the IRVA

Galatians 2 in the IRVB

Galatians 2 in the IRVG

Galatians 2 in the IRVH

Galatians 2 in the IRVK

Galatians 2 in the IRVM

Galatians 2 in the IRVM2

Galatians 2 in the IRVO

Galatians 2 in the IRVP

Galatians 2 in the IRVT

Galatians 2 in the IRVT2

Galatians 2 in the IRVU

Galatians 2 in the ISVN

Galatians 2 in the JSNT

Galatians 2 in the KAPI

Galatians 2 in the KBT1ETNIK

Galatians 2 in the KBV

Galatians 2 in the KJV

Galatians 2 in the KNFD

Galatians 2 in the LBA

Galatians 2 in the LBLA

Galatians 2 in the LNT

Galatians 2 in the LSV

Galatians 2 in the MAAL

Galatians 2 in the MBV

Galatians 2 in the MBV2

Galatians 2 in the MHNT

Galatians 2 in the MKNFD

Galatians 2 in the MNG

Galatians 2 in the MNT

Galatians 2 in the MNT2

Galatians 2 in the MRS1T

Galatians 2 in the NAA

Galatians 2 in the NASB

Galatians 2 in the NBLA

Galatians 2 in the NBS

Galatians 2 in the NBVTP

Galatians 2 in the NET2

Galatians 2 in the NIV11

Galatians 2 in the NNT

Galatians 2 in the NNT2

Galatians 2 in the NNT3

Galatians 2 in the PDDPT

Galatians 2 in the PFNT

Galatians 2 in the RMNT

Galatians 2 in the SBIAS

Galatians 2 in the SBIBS

Galatians 2 in the SBIBS2

Galatians 2 in the SBICS

Galatians 2 in the SBIDS

Galatians 2 in the SBIGS

Galatians 2 in the SBIHS

Galatians 2 in the SBIIS

Galatians 2 in the SBIIS2

Galatians 2 in the SBIIS3

Galatians 2 in the SBIKS

Galatians 2 in the SBIKS2

Galatians 2 in the SBIMS

Galatians 2 in the SBIOS

Galatians 2 in the SBIPS

Galatians 2 in the SBISS

Galatians 2 in the SBITS

Galatians 2 in the SBITS2

Galatians 2 in the SBITS3

Galatians 2 in the SBITS4

Galatians 2 in the SBIUS

Galatians 2 in the SBIVS

Galatians 2 in the SBT

Galatians 2 in the SBT1E

Galatians 2 in the SCHL

Galatians 2 in the SNT

Galatians 2 in the SUSU

Galatians 2 in the SUSU2

Galatians 2 in the SYNO

Galatians 2 in the TBIAOTANT

Galatians 2 in the TBT1E

Galatians 2 in the TBT1E2

Galatians 2 in the TFTIP

Galatians 2 in the TFTU

Galatians 2 in the TGNTATF3T

Galatians 2 in the THAI

Galatians 2 in the TNFD

Galatians 2 in the TNT

Galatians 2 in the TNTIK

Galatians 2 in the TNTIL

Galatians 2 in the TNTIN

Galatians 2 in the TNTIP

Galatians 2 in the TNTIZ

Galatians 2 in the TOMA

Galatians 2 in the TTENT

Galatians 2 in the UBG

Galatians 2 in the UGV

Galatians 2 in the UGV2

Galatians 2 in the UGV3

Galatians 2 in the VBL

Galatians 2 in the VDCC

Galatians 2 in the YALU

Galatians 2 in the YAPE

Galatians 2 in the YBVTP

Galatians 2 in the ZBP