Galatians 5 (BOATCB2)
1 Ahofadi nti na Kristo ama yɛade yɛn ho no. Munnyina pintinn. Mommma ho kwan mma wɔmmfa mo nyɛ nkoa bio. 2 Muntie! Me Paulo, meka kyerɛ mo se, sɛ moma ho kwan ma wotwa mo twetia a, na ɛkyerɛ sɛ Kristo so amma mfaso biara amma mo koraa. 3 Mebɔ mo kɔkɔ bio sɛ obiara a ɔbɛma ho kwan ama wɔatwa no twetia no, na ɛsɛ sɛ odi mmara no nyinaa so. 4 Mo a mopɛ sɛ wɔde mmara no bu mo bem no atew mo ho afi Kristo ho. Adom no nni mo so bio. 5 Nanso yefi gyidi mu nam Honhom no so twɛn trenee a yɛn ani da so no. 6 Kristo Yesu mu no, twetiatwa ne momonotoyɛ so nni mfaso. Nea ɛho hia ne gyidi a ɛnam ɔdɔ so da ne ho adi. 7 Na anka moresi mmirikakan no yiye! Na hena na otwintwan mo anan mu ma mugyaee nokware no tie? 8 Saa nnaadaa no mfi nea ɔfrɛ mo no. 9 “Mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no nyinaa tu.” 10 Mewɔ anidaso wɔ Awurade mu sɛ morennwen adwene foforo bi. Onipa ko a ɔde sakasakayɛ reba mo mu no, wobetua ne so ka. 11 Anuanom, sɛ migu so ka twetiatwa ho asɛm a, adɛn nti na wɔda so taa me? Na sɛ ɛno na ɛyɛ nokware a, anka mʼasɛm a meka fa Kristo asennua ho no renkɔfa ɔhaw mma. Ɛno de, na anka asennua no ho hintidua biara nni hɔ bio. 12 Sɛ ɛkaa me nko a anka wɔn a wɔhaw mo no atwa wɔn ho atwitwa wɔn ho wɔn ho. 13 Me nuanom, mo de, wɔfrɛɛ mo sɛ mommɛde mo ho. Nanso mommma saa ahofadi yi mmɔ ɔkwan mma bɔne; mmom momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho. 14 Efisɛ Mmara no nyinaa tiaatwa ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 15 Na sɛ mokeka na momemene mo ho mo ho a, ɛno de monhwɛ yiye na moansɛe mo ho mo ho. 16 Na mise montena ase wɔ Honhom mu, na moremma ɔhonam akɔnnɔ ho kwan. 17 Efisɛ nea ɔhonam pɛ no tia nea Honhom no pɛ; saa ara nso na nea Honhom no pɛ no, ɔhonam no tia. Nʼabien no bɔ abira, enti ɛnsɛ sɛ moyɛ nea mopɛ. 18 Sɛ monantew Honhom mu a, na monnhyɛ Mmara ase. 19 Dwuma a bɔne su di no da adi pefee. Eyinom ne aguamammɔ, efi, ahohwi, 20 abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, aperepere, kunsunkunsun, mpaapaemu, 21 nitan, nsabow, agobɔne, ne nneɛma a ɛtete saa. Mebɔ mo kɔkɔ sɛnea mabɔ mo dedaw no se, wɔn a wɔtena ase saa no renkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. 22 Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, 23 odwo ne ahohyɛso. Mmara biara nni hɔ a etia eyinom. 24 Na wɔn a wɔyɛ Kristo de no abɔ wɔn nipasu no ne honam akɔnnɔ asennua mu. 25 Sɛ yɛte Honhom mu yi, momma yɛnnantew Honhom mu. 26 Ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa yɛn ho, yiyi yɛn ho yɛn ho abufuw, anaa yɛma yɛn ani bere yɛn ho yɛn ho.
In Other Versions
Galatians 5 in the ANGEFD
Galatians 5 in the ANTPNG2D
Galatians 5 in the AS21
Galatians 5 in the BAGH
Galatians 5 in the BBPNG
Galatians 5 in the BBT1E
Galatians 5 in the BDS
Galatians 5 in the BEV
Galatians 5 in the BHAD
Galatians 5 in the BIB
Galatians 5 in the BLPT
Galatians 5 in the BNT
Galatians 5 in the BNTABOOT
Galatians 5 in the BNTLV
Galatians 5 in the BOATCB
Galatians 5 in the BOBCV
Galatians 5 in the BOCNT
Galatians 5 in the BOECS
Galatians 5 in the BOGWICC
Galatians 5 in the BOHCB
Galatians 5 in the BOHCV
Galatians 5 in the BOHLNT
Galatians 5 in the BOHNTLTAL
Galatians 5 in the BOICB
Galatians 5 in the BOILNTAP
Galatians 5 in the BOITCV
Galatians 5 in the BOKCV
Galatians 5 in the BOKCV2
Galatians 5 in the BOKHWOG
Galatians 5 in the BOKSSV
Galatians 5 in the BOLCB
Galatians 5 in the BOLCB2
Galatians 5 in the BOMCV
Galatians 5 in the BONAV
Galatians 5 in the BONCB
Galatians 5 in the BONLT
Galatians 5 in the BONUT2
Galatians 5 in the BOPLNT
Galatians 5 in the BOSCB
Galatians 5 in the BOSNC
Galatians 5 in the BOTLNT
Galatians 5 in the BOVCB
Galatians 5 in the BOYCB
Galatians 5 in the BPBB
Galatians 5 in the BPH
Galatians 5 in the BSB
Galatians 5 in the CCB
Galatians 5 in the CUV
Galatians 5 in the CUVS
Galatians 5 in the DBT
Galatians 5 in the DGDNT
Galatians 5 in the DHNT
Galatians 5 in the DNT
Galatians 5 in the ELBE
Galatians 5 in the EMTV
Galatians 5 in the ESV
Galatians 5 in the FBV
Galatians 5 in the FEB
Galatians 5 in the GGMNT
Galatians 5 in the GNT
Galatians 5 in the HARY
Galatians 5 in the HNT
Galatians 5 in the IRVA
Galatians 5 in the IRVB
Galatians 5 in the IRVG
Galatians 5 in the IRVH
Galatians 5 in the IRVK
Galatians 5 in the IRVM
Galatians 5 in the IRVM2
Galatians 5 in the IRVO
Galatians 5 in the IRVP
Galatians 5 in the IRVT
Galatians 5 in the IRVT2
Galatians 5 in the IRVU
Galatians 5 in the ISVN
Galatians 5 in the JSNT
Galatians 5 in the KAPI
Galatians 5 in the KBT1ETNIK
Galatians 5 in the KBV
Galatians 5 in the KJV
Galatians 5 in the KNFD
Galatians 5 in the LBA
Galatians 5 in the LBLA
Galatians 5 in the LNT
Galatians 5 in the LSV
Galatians 5 in the MAAL
Galatians 5 in the MBV
Galatians 5 in the MBV2
Galatians 5 in the MHNT
Galatians 5 in the MKNFD
Galatians 5 in the MNG
Galatians 5 in the MNT
Galatians 5 in the MNT2
Galatians 5 in the MRS1T
Galatians 5 in the NAA
Galatians 5 in the NASB
Galatians 5 in the NBLA
Galatians 5 in the NBS
Galatians 5 in the NBVTP
Galatians 5 in the NET2
Galatians 5 in the NIV11
Galatians 5 in the NNT
Galatians 5 in the NNT2
Galatians 5 in the NNT3
Galatians 5 in the PDDPT
Galatians 5 in the PFNT
Galatians 5 in the RMNT
Galatians 5 in the SBIAS
Galatians 5 in the SBIBS
Galatians 5 in the SBIBS2
Galatians 5 in the SBICS
Galatians 5 in the SBIDS
Galatians 5 in the SBIGS
Galatians 5 in the SBIHS
Galatians 5 in the SBIIS
Galatians 5 in the SBIIS2
Galatians 5 in the SBIIS3
Galatians 5 in the SBIKS
Galatians 5 in the SBIKS2
Galatians 5 in the SBIMS
Galatians 5 in the SBIOS
Galatians 5 in the SBIPS
Galatians 5 in the SBISS
Galatians 5 in the SBITS
Galatians 5 in the SBITS2
Galatians 5 in the SBITS3
Galatians 5 in the SBITS4
Galatians 5 in the SBIUS
Galatians 5 in the SBIVS
Galatians 5 in the SBT
Galatians 5 in the SBT1E
Galatians 5 in the SCHL
Galatians 5 in the SNT
Galatians 5 in the SUSU
Galatians 5 in the SUSU2
Galatians 5 in the SYNO
Galatians 5 in the TBIAOTANT
Galatians 5 in the TBT1E
Galatians 5 in the TBT1E2
Galatians 5 in the TFTIP
Galatians 5 in the TFTU
Galatians 5 in the TGNTATF3T
Galatians 5 in the THAI
Galatians 5 in the TNFD
Galatians 5 in the TNT
Galatians 5 in the TNTIK
Galatians 5 in the TNTIL
Galatians 5 in the TNTIN
Galatians 5 in the TNTIP
Galatians 5 in the TNTIZ
Galatians 5 in the TOMA
Galatians 5 in the TTENT
Galatians 5 in the UBG
Galatians 5 in the UGV
Galatians 5 in the UGV2
Galatians 5 in the UGV3
Galatians 5 in the VBL
Galatians 5 in the VDCC
Galatians 5 in the YALU
Galatians 5 in the YAPE
Galatians 5 in the YBVTP
Galatians 5 in the ZBP