Genesis 45 (BOATCB2)
1 Afei, na Yosef yɛ ne ho hwee a, ɛnyɛ yiye wɔ nʼasomfo no nyinaa anim. Enti ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Obiara mfi ha nkɔ.” Enti bere a oyii ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom no, na asomfo no mu biara nni hɔ. 2 Osuu denneennen maa Misraimfo no tee, Farao fifo tee asɛm no. 3 Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Mene Yosef! Mʼagya te ase ana?” Nanso asɛm no bɔɔ wɔn piriw ma wɔtotɔɔ mum wɔ nʼanim. 4 Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Montwiw mmɛn me.” Wotwiw bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔn me ma wɔde me kɔɔ Misraim no. 5 Mommma biribiara nhaw mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔn me ma wɔde me baa ha. Onyankopɔn na ɔyɛe. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ mimmegye mo nkwa. 6 Mfe abien ni a ɔkɔm baa asase yi so. Mfe anum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa. 7 Onyankopɔn asoma me ha sɛ memma mo ne mo fifo ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛse. 8 “Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufo ne ne fi sohwɛfo, na ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa. 9 Afei, monka mo ho nkɔ mʼagya nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Sɛnea wo babarima Yosef se ni, Onyankopɔn ayɛ me Misraiman nyinaa sohwɛfo. Enti ntwentwɛn wʼanan ase koraa, na bra Misraim! 10 Wobɛba abɛtena Gosen asase so, na woabɛn me. Fa wo mma, wo nananom, wo nguan ne wʼanantwi ne biribiara a wowɔ bra. 11 Sɛ woba hɔ a, mɛhwɛ wo, efisɛ aka saa ɔkɔm kɛse yi mfe anum. Sɛ anyɛ saa a, wo ne wo fifo ne wɔn a wɔka wo ho nyinaa bedi hia buruburoo.’ 12 “Mo ne me nua Benyamin nyinaa di adanse sɛ, ampa ara, ɛyɛ me Yosef na me ne morekasa yi. 13 Monka anuonyam a Onyame adom nti, wɔahyɛ me wɔ Misraim asase so ne biribiara a mo ankasa mode mo ani abehu no nyinaa ho asɛm nkyerɛ mʼagya. Monkɔfa mʼagya nsian mmrɛ me ntɛm.” 14 Ɔyɛɛ Benyamin atuu, sui, a anigye ne awerɛhow adi afra. Benyamin nso fii ase sui. 15 Ofifew ne nuanom no nyinaa ano sui, na ɛno akyi no, wotumi ne no kasae. 16 Bere a wɔtee wɔ Farao fi sɛ Yosef nuanom no aba no, Farao ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho no nyinaa ani gyei. 17 Farao ka kyerɛɛ Yosef se, “Ka kyerɛ wo nuanom no se, wɔmfa nneɛma nsoasoa wɔn mmoa no, na wɔnkɔ Kanaan asase so, 18 na wɔnkɔfa wɔn agya ne wɔn abusuafo nyinaa mmra Misraim asase so ha mmɛtena ha. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Farao bɛma mo Misraim asase no fa a eye pa ara atena so. Wobedi asase no so nnepa!’ 19 “Ka kyerɛ wɔn se, ‘Momfa nteaseɛnam mfi Misraim ha nkɔfa mo yerenom ne mo mma. Momfa mo agya nso nka ho mmra. 20 Monnhaw mo ho wɔ mo agyapade ho, efisɛ mede nnepa a ɛwɔ Misraim asase so nyinaa no bi bɛma mo.’ ” 21 Enti Yosef maa wɔn nteaseɛnam ne nnuan a wobedi wɔ ɔkwan so, sɛnea Farao hyɛe no. 22 Ɔmaa ne nuanom no mu biara atade foforo, nanso Benyamin de, ɔmaa no ntade ahorow anum ne dwetɛ kilogram abiɛsa ne fa. 23 Saa nneɛma a edidi so yi nso na Yosef de kɔmaa nʼagya Israel: mfurumnini du a wɔahyehyɛ Misraim nneɛma pa wɔ wɔn so, mfurummmere du a wɔsoso aburow, brodo ne nnuan ahorow ne nʼakwansoduan. 24 Ogyaa ne nuanom no kwan, na akwannya no mu no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monnkɔkasakasa wɔ ɔkwan so.” 25 Enti wofii Misraimman mu kɔɔ wɔn agya Israel nkyɛn wɔ Kanaan asase so. 26 Wodui no, wɔde anigye bɔɔ wɔn agya amanneɛ se, “Yosef te ase! Nokwasɛm ni, ɔno na odi Misraiman nyinaa so!” Israel tee saa asɛm no, ne ho dwiriw no. Wannye anni. 27 Na bere a wɔkaa nsɛm a Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛka no wiee no, na ohuu nteaseɛnam a Yosef de somaa sɛ wɔmfa mmɛfa no no, wɔn agya Yakob ho san no. 28 Na Israel kae se, “Magye nsɛm no nyinaa adi. Me ba Yosef da so te ase. Mɛkɔ akohu no ansa na mawu.”
In Other Versions
Genesis 45 in the ANGEFD
Genesis 45 in the ANTPNG2D
Genesis 45 in the AS21
Genesis 45 in the BAGH
Genesis 45 in the BBPNG
Genesis 45 in the BBT1E
Genesis 45 in the BDS
Genesis 45 in the BEV
Genesis 45 in the BHAD
Genesis 45 in the BIB
Genesis 45 in the BLPT
Genesis 45 in the BNT
Genesis 45 in the BNTABOOT
Genesis 45 in the BNTLV
Genesis 45 in the BOATCB
Genesis 45 in the BOBCV
Genesis 45 in the BOCNT
Genesis 45 in the BOECS
Genesis 45 in the BOGWICC
Genesis 45 in the BOHCB
Genesis 45 in the BOHCV
Genesis 45 in the BOHLNT
Genesis 45 in the BOHNTLTAL
Genesis 45 in the BOICB
Genesis 45 in the BOILNTAP
Genesis 45 in the BOITCV
Genesis 45 in the BOKCV
Genesis 45 in the BOKCV2
Genesis 45 in the BOKHWOG
Genesis 45 in the BOKSSV
Genesis 45 in the BOLCB
Genesis 45 in the BOLCB2
Genesis 45 in the BOMCV
Genesis 45 in the BONAV
Genesis 45 in the BONCB
Genesis 45 in the BONLT
Genesis 45 in the BONUT2
Genesis 45 in the BOPLNT
Genesis 45 in the BOSCB
Genesis 45 in the BOSNC
Genesis 45 in the BOTLNT
Genesis 45 in the BOVCB
Genesis 45 in the BOYCB
Genesis 45 in the BPBB
Genesis 45 in the BPH
Genesis 45 in the BSB
Genesis 45 in the CCB
Genesis 45 in the CUV
Genesis 45 in the CUVS
Genesis 45 in the DBT
Genesis 45 in the DGDNT
Genesis 45 in the DHNT
Genesis 45 in the DNT
Genesis 45 in the ELBE
Genesis 45 in the EMTV
Genesis 45 in the ESV
Genesis 45 in the FBV
Genesis 45 in the FEB
Genesis 45 in the GGMNT
Genesis 45 in the GNT
Genesis 45 in the HARY
Genesis 45 in the HNT
Genesis 45 in the IRVA
Genesis 45 in the IRVB
Genesis 45 in the IRVG
Genesis 45 in the IRVH
Genesis 45 in the IRVK
Genesis 45 in the IRVM
Genesis 45 in the IRVM2
Genesis 45 in the IRVO
Genesis 45 in the IRVP
Genesis 45 in the IRVT
Genesis 45 in the IRVT2
Genesis 45 in the IRVU
Genesis 45 in the ISVN
Genesis 45 in the JSNT
Genesis 45 in the KAPI
Genesis 45 in the KBT1ETNIK
Genesis 45 in the KBV
Genesis 45 in the KJV
Genesis 45 in the KNFD
Genesis 45 in the LBA
Genesis 45 in the LBLA
Genesis 45 in the LNT
Genesis 45 in the LSV
Genesis 45 in the MAAL
Genesis 45 in the MBV
Genesis 45 in the MBV2
Genesis 45 in the MHNT
Genesis 45 in the MKNFD
Genesis 45 in the MNG
Genesis 45 in the MNT
Genesis 45 in the MNT2
Genesis 45 in the MRS1T
Genesis 45 in the NAA
Genesis 45 in the NASB
Genesis 45 in the NBLA
Genesis 45 in the NBS
Genesis 45 in the NBVTP
Genesis 45 in the NET2
Genesis 45 in the NIV11
Genesis 45 in the NNT
Genesis 45 in the NNT2
Genesis 45 in the NNT3
Genesis 45 in the PDDPT
Genesis 45 in the PFNT
Genesis 45 in the RMNT
Genesis 45 in the SBIAS
Genesis 45 in the SBIBS
Genesis 45 in the SBIBS2
Genesis 45 in the SBICS
Genesis 45 in the SBIDS
Genesis 45 in the SBIGS
Genesis 45 in the SBIHS
Genesis 45 in the SBIIS
Genesis 45 in the SBIIS2
Genesis 45 in the SBIIS3
Genesis 45 in the SBIKS
Genesis 45 in the SBIKS2
Genesis 45 in the SBIMS
Genesis 45 in the SBIOS
Genesis 45 in the SBIPS
Genesis 45 in the SBISS
Genesis 45 in the SBITS
Genesis 45 in the SBITS2
Genesis 45 in the SBITS3
Genesis 45 in the SBITS4
Genesis 45 in the SBIUS
Genesis 45 in the SBIVS
Genesis 45 in the SBT
Genesis 45 in the SBT1E
Genesis 45 in the SCHL
Genesis 45 in the SNT
Genesis 45 in the SUSU
Genesis 45 in the SUSU2
Genesis 45 in the SYNO
Genesis 45 in the TBIAOTANT
Genesis 45 in the TBT1E
Genesis 45 in the TBT1E2
Genesis 45 in the TFTIP
Genesis 45 in the TFTU
Genesis 45 in the TGNTATF3T
Genesis 45 in the THAI
Genesis 45 in the TNFD
Genesis 45 in the TNT
Genesis 45 in the TNTIK
Genesis 45 in the TNTIL
Genesis 45 in the TNTIN
Genesis 45 in the TNTIP
Genesis 45 in the TNTIZ
Genesis 45 in the TOMA
Genesis 45 in the TTENT
Genesis 45 in the UBG
Genesis 45 in the UGV
Genesis 45 in the UGV2
Genesis 45 in the UGV3
Genesis 45 in the VBL
Genesis 45 in the VDCC
Genesis 45 in the YALU
Genesis 45 in the YAPE
Genesis 45 in the YBVTP
Genesis 45 in the ZBP