Genesis 49 (BOATCB2)
1 Yakob frɛɛ ne mmabarima nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Mummetwa me ho nhyia, na menka mo nea ɛbɛba mo so daakye. 2 “Yakob mmabarima, mommoaboa mo ho ano, na muntie;muntie mo agya Israel. 3 “Ruben, wo na woyɛ mʼabakan.Wo na woyɛ me tumi ne mʼahoɔden nsɛnkyerɛnne a edi kan aɛboro anuonyam ne tumi so. 4 Woyɛ kitikiti sɛ asorɔkye, nanso worenkɔ so bio,efisɛ woforoo wʼagya mpa ne ne yere kɔdae,de guu mʼanim ase. 5 “Simeon ne Lewi yɛ anuanom.Wogyina hɔ ma basabasayɛ ne asisi. 6 Mma me nkɔka wɔn agyinatu ho,efisɛ wɔnam wɔn abufuw so akunkum nnipa,na wokunkum anantwi de gyee wɔn ani. 7 Nnome nka wɔn abufuw, efisɛ ano yɛ den,na ɛyɛ atirimɔdensɛm!Ɛno nti, mɛbɔ wɔn asefo ahweteIsraelman mu nyinaa. 8 “Yuda, wo nuabarimanom beyi wo ayɛ.Wobɛsɛe wʼatamfo nyinaa.Wʼagya mmabarima bɛkotow wo. 9 Yuda, woyɛ gyata ba awoawe wʼatamfo nam awie.Wote sɛ gyata a wabutuw.Hena na obetumi akɔka no? 10 Ahempema remfi Yuda nsam,na saa ara nso na ahempema remfi nʼanan ntam,kosi sɛ, nea ɛyɛ ne dea a aman nyinaa betie no no bɛba. 11 Ɔbɛsa nʼafurum wɔ bobe dua mu.Ɔde nʼafurum ba bɛsa bobe pa mman mu.Ɔbɛhoro ne ntama wɔ nsa mu,na wahoro nʼatade nso wɔ bobesa kɔɔ mu. 12 Nʼaniwa aba bebiri asen bobesa.Ne se bɛyɛ fitaa asen nufusu. 13 “Sebulon bɛtena mpoano.Obesisi ahyɛngyinabea ama ahyɛn.Nʼahye so bɛtrɛw akosi Sidon. 14 “Isakar yɛ afurum hoɔdenfo aobutuw hɔ rehome wɔ nguankuw mu. 15 Sɛ ohu sɛnea nʼahomegyebea ye fa,ne sɛnea nʼasase no so dwo a,obekuntun agye adesoa,na wapene so sɛ akoa ama ɔhyɛ adwuma. 16 “Dan bebu ne manfo atɛnsɛ Israel mmusuakuw no baako. 17 Dan bɛyɛ sɛ ɔwɔ a ɔda kwankyɛn;ɔbɛyɛ sɛ ahurutoa a ɔnam ɔtempɔn mu aɔka ɔpɔnkɔ nantin,sɛnea ɛbɛma ne sotefo atew ahwe nʼakyi. 18 “AWURADE, wo nkwagye na meretwɛn. 19 “Nnipa bɔnefo bɛtow ahyɛ Gad so,na ɔno nso betiw wɔn atow ahyɛ wɔn so. 20 “Aser aduan a odi no bɛyɛ aduan pa.Na ɔbɛma ahennuan a ɛyɛ akɔnnɔ. 21 “Naftali te sɛ ɔforote a wɔagyaa no aɔwo mma ahoɔfɛfo. 22 “Yosef yɛ ngodua a ɛsow aba,a esi asuten ho,na ne mman tra afasu. 23 Agyantowfo kaa no hyɛe,de abufuw tow hyɛɛ ne so. 24 Nanso ne bɛma no gyinaa pintinn,na ne basa mu yɛɛ den;esiane Otumfo Nyankopɔn a Yakob som no noa ɔyɛ oguanhwɛfo ne Israel botantim no; 25 esiane Onyankopɔn a wʼagya som no a ɔboa wo no;Otumfo a ɔde ɔsoro nhyira behyira wo;nhyira a efi asase ase pɛɛ;nhyira a efi nufu ne ɔyafunu mu no. 26 Wʼagya nhyira a wɔahyira no nobɛdɔɔso asen tete nteredee mmepɔwne nkoko a etintim hɔ daa no so nnɔbae.Eyinom nyinaa mmra Yosef ti so,engugu anuanom no mu nea wɔapaw no no anintɔn so. 27 “Benyamin yɛ pataku a ɔyɛ nam;ɔbɔ aporɔw anɔpa, kyere ne hanam we,na edu anwummere a, ɔkyekyɛ nam nkae no.” 28 Eyi ne nhyira a Israel mmusuakuw dumien no agya de hyiraa wɔn; obiara ne sɛnea ɛfata no. 29 Yakob rebewu no, ɔka kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn se, “Aka kakraa bi, na wɔrebɛfa me akɔka me mpanyimfo ho. Sɛ miwu a, munsie me wɔ ɔboda a ɛwɔ Hetini Efron afuw a wosiee me mpanyimfo wɔ mu no mu. 30 Ɛno ne ɔboda ne afuw a ɛwɔ Makpela, a ɛbɛn Mamrɛ a ɛwɔ Kanaan asase so no. Abraham tɔɔ saa ɔboda no fii Hetini Efron nkyɛn, de yɛɛ amusiei. 31 Saa ɔboda no mu na wosiee Abraham ne ne yere Sara. Ɛhɔ ara nso na wosiee Isak ne ne yere Rebeka, na misiee Lea nso. 32 Me nena Abraham tɔɔ afuw no ne ɔboda a ɛka ho no nyinaa fii Hetifo no nkyɛn.” 33 Bere a Yakob kasa kyerɛɛ ne mma no wiee no, ɔmaa ne nan so guu ne mpa so wui. Wokosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn.
In Other Versions
Genesis 49 in the ANGEFD
Genesis 49 in the ANTPNG2D
Genesis 49 in the AS21
Genesis 49 in the BAGH
Genesis 49 in the BBPNG
Genesis 49 in the BBT1E
Genesis 49 in the BDS
Genesis 49 in the BEV
Genesis 49 in the BHAD
Genesis 49 in the BIB
Genesis 49 in the BLPT
Genesis 49 in the BNT
Genesis 49 in the BNTABOOT
Genesis 49 in the BNTLV
Genesis 49 in the BOATCB
Genesis 49 in the BOBCV
Genesis 49 in the BOCNT
Genesis 49 in the BOECS
Genesis 49 in the BOGWICC
Genesis 49 in the BOHCB
Genesis 49 in the BOHCV
Genesis 49 in the BOHLNT
Genesis 49 in the BOHNTLTAL
Genesis 49 in the BOICB
Genesis 49 in the BOILNTAP
Genesis 49 in the BOITCV
Genesis 49 in the BOKCV
Genesis 49 in the BOKCV2
Genesis 49 in the BOKHWOG
Genesis 49 in the BOKSSV
Genesis 49 in the BOLCB
Genesis 49 in the BOLCB2
Genesis 49 in the BOMCV
Genesis 49 in the BONAV
Genesis 49 in the BONCB
Genesis 49 in the BONLT
Genesis 49 in the BONUT2
Genesis 49 in the BOPLNT
Genesis 49 in the BOSCB
Genesis 49 in the BOSNC
Genesis 49 in the BOTLNT
Genesis 49 in the BOVCB
Genesis 49 in the BOYCB
Genesis 49 in the BPBB
Genesis 49 in the BPH
Genesis 49 in the BSB
Genesis 49 in the CCB
Genesis 49 in the CUV
Genesis 49 in the CUVS
Genesis 49 in the DBT
Genesis 49 in the DGDNT
Genesis 49 in the DHNT
Genesis 49 in the DNT
Genesis 49 in the ELBE
Genesis 49 in the EMTV
Genesis 49 in the ESV
Genesis 49 in the FBV
Genesis 49 in the FEB
Genesis 49 in the GGMNT
Genesis 49 in the GNT
Genesis 49 in the HARY
Genesis 49 in the HNT
Genesis 49 in the IRVA
Genesis 49 in the IRVB
Genesis 49 in the IRVG
Genesis 49 in the IRVH
Genesis 49 in the IRVK
Genesis 49 in the IRVM
Genesis 49 in the IRVM2
Genesis 49 in the IRVO
Genesis 49 in the IRVP
Genesis 49 in the IRVT
Genesis 49 in the IRVT2
Genesis 49 in the IRVU
Genesis 49 in the ISVN
Genesis 49 in the JSNT
Genesis 49 in the KAPI
Genesis 49 in the KBT1ETNIK
Genesis 49 in the KBV
Genesis 49 in the KJV
Genesis 49 in the KNFD
Genesis 49 in the LBA
Genesis 49 in the LBLA
Genesis 49 in the LNT
Genesis 49 in the LSV
Genesis 49 in the MAAL
Genesis 49 in the MBV
Genesis 49 in the MBV2
Genesis 49 in the MHNT
Genesis 49 in the MKNFD
Genesis 49 in the MNG
Genesis 49 in the MNT
Genesis 49 in the MNT2
Genesis 49 in the MRS1T
Genesis 49 in the NAA
Genesis 49 in the NASB
Genesis 49 in the NBLA
Genesis 49 in the NBS
Genesis 49 in the NBVTP
Genesis 49 in the NET2
Genesis 49 in the NIV11
Genesis 49 in the NNT
Genesis 49 in the NNT2
Genesis 49 in the NNT3
Genesis 49 in the PDDPT
Genesis 49 in the PFNT
Genesis 49 in the RMNT
Genesis 49 in the SBIAS
Genesis 49 in the SBIBS
Genesis 49 in the SBIBS2
Genesis 49 in the SBICS
Genesis 49 in the SBIDS
Genesis 49 in the SBIGS
Genesis 49 in the SBIHS
Genesis 49 in the SBIIS
Genesis 49 in the SBIIS2
Genesis 49 in the SBIIS3
Genesis 49 in the SBIKS
Genesis 49 in the SBIKS2
Genesis 49 in the SBIMS
Genesis 49 in the SBIOS
Genesis 49 in the SBIPS
Genesis 49 in the SBISS
Genesis 49 in the SBITS
Genesis 49 in the SBITS2
Genesis 49 in the SBITS3
Genesis 49 in the SBITS4
Genesis 49 in the SBIUS
Genesis 49 in the SBIVS
Genesis 49 in the SBT
Genesis 49 in the SBT1E
Genesis 49 in the SCHL
Genesis 49 in the SNT
Genesis 49 in the SUSU
Genesis 49 in the SUSU2
Genesis 49 in the SYNO
Genesis 49 in the TBIAOTANT
Genesis 49 in the TBT1E
Genesis 49 in the TBT1E2
Genesis 49 in the TFTIP
Genesis 49 in the TFTU
Genesis 49 in the TGNTATF3T
Genesis 49 in the THAI
Genesis 49 in the TNFD
Genesis 49 in the TNT
Genesis 49 in the TNTIK
Genesis 49 in the TNTIL
Genesis 49 in the TNTIN
Genesis 49 in the TNTIP
Genesis 49 in the TNTIZ
Genesis 49 in the TOMA
Genesis 49 in the TTENT
Genesis 49 in the UBG
Genesis 49 in the UGV
Genesis 49 in the UGV2
Genesis 49 in the UGV3
Genesis 49 in the VBL
Genesis 49 in the VDCC
Genesis 49 in the YALU
Genesis 49 in the YAPE
Genesis 49 in the YBVTP
Genesis 49 in the ZBP