John 15 (BOATCB2)
1 “Mene nokware bobe no, na mʼAgya ne okuafo no. 2 Dua mman biara a ɛnsow aba no otwa kyene, na dua mman biara a ɛsow no, oyiyi ho na asow aba bebree. 3 Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho afi dedaw. 4 Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua mman biara ankasa rentumi nsow aba gye sɛ ɛfam ne dutan no ho. Saa ara nso na morentumi nsow aba gye sɛ mote me mu. 5 “Mene bobe no; na mo ne dua mman no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛsow aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee. 6 Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua mman a wɔatwa atow akyene a so nni mfaso; ɛwo a wɔboaboa ano de gu ogya mu hyew. 7 Sɛ mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛno de, biribiara a mopɛ a mubebisa no wɔde bɛma mo. 8 Wɔn a wɔyɛ mʼasuafo nokware mu no sow aba bebree de hyɛ mʼAgya anuonyam. 9 “Sɛnea Agya no dɔ me no, saa ara na me nso medɔ mo, Montena me dɔ mu. 10 Sɛ mudi mʼahyɛde so a mobɛtena me dɔ mu sɛnea madi mʼAgya ahyɛde so na ɛno nti ɔda so dɔ me no. 11 Maka eyinom nyinaa akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya mʼanigye no bi na ama mo anigye awie pɛyɛ. 12 Mʼahyɛde ne sɛ monnodɔ mo ho mo ho sɛnea medɔ mo no. 13 Ɔdɔ biara nsen sɛ obi bewu ama ne nnamfonom. 14 Sɛ mudi nea mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a na moyɛ me nnamfonom. 15 Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ. Mmom mefrɛ mo nnamfo, efisɛ maka biribiara a mete fii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo. 16 Ɛnyɛ mo na mpaw me; me na mepaw mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monsow aba; aba a ɛbɛtena hɔ daa, Na biribiara a mode me din bebisa no, Agya no de bɛma mo. 17 Eyi ne mʼahyɛde: Monnodɔ mo ho mo ho. 18 “Sɛ wiase tan mo a, monkae sɛ me na ɛtan me kan ansa na ɛretan mo. 19 Sɛ mote ase ma wiase a ɛno de wiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso miyii mo fii wiasefo mu; ɛno nti monyɛ wiasefo bio; eyi nti na wiasefo tan mo no. 20 Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: ‘Akoa nsen ne wura.’ Sɛ wɔtan me a, mo nso wɔbɛtan mo; sɛ wotie mʼasɛm a meka no a, mo nso wobetie mo. 21 Esiane sɛ moyɛ me dea nti na wɔbɛtaa mo, efisɛ wonnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 22 Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei de, wonni wɔn bɔne ho anoyi biara. 23 Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso. 24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahu nea meyɛe, nso wɔtan me ne mʼAgya. 25 Ɛsɛ sɛ eyi ba mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka se, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu. 26 “Mɛsoma ɔboafo a ɔyɛ nokware Honhom a ofi Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabedi me ho adanse akyerɛ mo. 27 Na mo nso mubedi me ho adanse, efisɛ me ne mo na ɛwɔ hɔ fi mfiase pɛɛ.”
In Other Versions
John 15 in the ANGEFD
John 15 in the ANTPNG2D
John 15 in the AS21
John 15 in the BAGH
John 15 in the BBPNG
John 15 in the BBT1E
John 15 in the BDS
John 15 in the BEV
John 15 in the BHAD
John 15 in the BIB
John 15 in the BLPT
John 15 in the BNT
John 15 in the BNTABOOT
John 15 in the BNTLV
John 15 in the BOATCB
John 15 in the BOBCV
John 15 in the BOCNT
John 15 in the BOECS
John 15 in the BOGWICC
John 15 in the BOHCB
John 15 in the BOHCV
John 15 in the BOHLNT
John 15 in the BOHNTLTAL
John 15 in the BOICB
John 15 in the BOILNTAP
John 15 in the BOITCV
John 15 in the BOKCV
John 15 in the BOKCV2
John 15 in the BOKHWOG
John 15 in the BOKSSV
John 15 in the BOLCB
John 15 in the BOLCB2
John 15 in the BOMCV
John 15 in the BONAV
John 15 in the BONCB
John 15 in the BONLT
John 15 in the BONUT2
John 15 in the BOPLNT
John 15 in the BOSCB
John 15 in the BOSNC
John 15 in the BOTLNT
John 15 in the BOVCB
John 15 in the BOYCB
John 15 in the BPBB
John 15 in the BPH
John 15 in the BSB
John 15 in the CCB
John 15 in the CUV
John 15 in the CUVS
John 15 in the DBT
John 15 in the DGDNT
John 15 in the DHNT
John 15 in the DNT
John 15 in the ELBE
John 15 in the EMTV
John 15 in the ESV
John 15 in the FBV
John 15 in the FEB
John 15 in the GGMNT
John 15 in the GNT
John 15 in the HARY
John 15 in the HNT
John 15 in the IRVA
John 15 in the IRVB
John 15 in the IRVG
John 15 in the IRVH
John 15 in the IRVK
John 15 in the IRVM
John 15 in the IRVM2
John 15 in the IRVO
John 15 in the IRVP
John 15 in the IRVT
John 15 in the IRVT2
John 15 in the IRVU
John 15 in the ISVN
John 15 in the JSNT
John 15 in the KAPI
John 15 in the KBT1ETNIK
John 15 in the KBV
John 15 in the KJV
John 15 in the KNFD
John 15 in the LBA
John 15 in the LBLA
John 15 in the LNT
John 15 in the LSV
John 15 in the MAAL
John 15 in the MBV
John 15 in the MBV2
John 15 in the MHNT
John 15 in the MKNFD
John 15 in the MNG
John 15 in the MNT
John 15 in the MNT2
John 15 in the MRS1T
John 15 in the NAA
John 15 in the NASB
John 15 in the NBLA
John 15 in the NBS
John 15 in the NBVTP
John 15 in the NET2
John 15 in the NIV11
John 15 in the NNT
John 15 in the NNT2
John 15 in the NNT3
John 15 in the PDDPT
John 15 in the PFNT
John 15 in the RMNT
John 15 in the SBIAS
John 15 in the SBIBS
John 15 in the SBIBS2
John 15 in the SBICS
John 15 in the SBIDS
John 15 in the SBIGS
John 15 in the SBIHS
John 15 in the SBIIS
John 15 in the SBIIS2
John 15 in the SBIIS3
John 15 in the SBIKS
John 15 in the SBIKS2
John 15 in the SBIMS
John 15 in the SBIOS
John 15 in the SBIPS
John 15 in the SBISS
John 15 in the SBITS
John 15 in the SBITS2
John 15 in the SBITS3
John 15 in the SBITS4
John 15 in the SBIUS
John 15 in the SBIVS
John 15 in the SBT
John 15 in the SBT1E
John 15 in the SCHL
John 15 in the SNT
John 15 in the SUSU
John 15 in the SUSU2
John 15 in the SYNO
John 15 in the TBIAOTANT
John 15 in the TBT1E
John 15 in the TBT1E2
John 15 in the TFTIP
John 15 in the TFTU
John 15 in the TGNTATF3T
John 15 in the THAI
John 15 in the TNFD
John 15 in the TNT
John 15 in the TNTIK
John 15 in the TNTIL
John 15 in the TNTIN
John 15 in the TNTIP
John 15 in the TNTIZ
John 15 in the TOMA
John 15 in the TTENT
John 15 in the UBG
John 15 in the UGV
John 15 in the UGV2
John 15 in the UGV3
John 15 in the VBL
John 15 in the VDCC
John 15 in the YALU
John 15 in the YAPE
John 15 in the YBVTP
John 15 in the ZBP