John 8 (BOATCB2)

1 Yesu san kɔɔ Ngo Bepɔw no so. 2 Ade kyee anɔpa no ɔsan baa hyiadan no mu. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. 3 Ogu so rekasa no, Yudafo mpanyin ne Farisifo de ɔbea bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ aguaman baa nʼanim. 4 Wɔka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛkyeree ɔbea yi sɛ ɔrebɔ aguaman, 5 nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbea biara a wɔbɛkyere no wɔ saa ɔkwan no so no, ɛsɛ sɛ wosiw no abo. Dɛn na woka wɔ ho?” 6 Wobisaa no eyi de sum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi agyina so atoto nʼano.Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam. 7 Wogu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no nni kan ntow ɔbo mmɔ no.” 8 Ɔsan bɔɔ ne mu ase kyerɛkyerɛw fam. 9 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofii ase fii hɔ mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara. 10 Yesu maa ne mu so no, obisaa ɔbea no se, “Nnipa a wɔde wo bae no wɔ he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?” 11 Ɔbea no buaa Yesu se, “Dabi, Owura.”Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ saa na ɛte de a, ɛno de me nso minni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.” 12 Yesu san toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no se, “Mene wiase hann no. Obiara a odi mʼakyi no rennantew sum mu da, na obenya hann a ɛkyerɛ nnipa kwan ma wɔkɔ nkwa mu.” 13 Farisifo no tee asɛm a Yesu kae no, wɔka kyerɛɛ no se, “Asɛm a woreka yi de, yɛrennye nto mu, efisɛ wo ara na woredi wo ho adanse.” 14 Yesu nso buaa wɔn se, “Sɛ me ara meredi me ho adanse mpo a, asɛm a meka no yɛ nokware, efisɛ minim faako a mifi bae ne faako a merekɔ. Na mo de, munnim faako a mifi bae ne faako a merekɔ nso. 15 Mo ankasa mode mo adwene na ebu atɛn na me de, mimmu obiara atɛn. 16 Nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mibu atɛn a mʼatemmu bɛyɛ atɛntrenee, efisɛ ɛnyɛ me nko na mebu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho. 17 Wɔakyerɛw wɔ mo mmara mu se sɛ nnansefo baanu adanse hyia a, na ɛkyerɛ sɛ wɔn adanse no yɛ nokware. 18 Midi me ho adanse na mʼAgya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.” 19 Nnipa no bisaa no se, “Ɛhe na wʼAgya no wɔ?”Yesu buaa wɔn se, “Munnim me na munnim mʼAgya no nso. Sɛ munim me a, anka mubehu mʼAgya no nso.” 20 Yesu kaa eyinom nyinaa wɔ bere a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan no mu sikakorabea hɔ no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnu ɛ. 21 Yesu san ka kyerɛɛ wɔn se, “Mefi mo nkyɛn akɔ; mobɛhwehwɛ me na morenhu me. Na mo de, mubewu wɔ mo bɔne mu. Faako a merekɔ no morentumi mma hɔ bi.” 22 Yudafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na ɔrekɔ a ose ‘obi rentumi nkɔ hɔ bi no?’ Gyama ɔrekokum ne ho?” 23 Yesu buaa wɔn se, “Mo de, mufi asase so ha nanso me de, mifi ɔsoro na mebae. Mo de, mufi wiase nanso me de, mimfi wiase, 24 Ɛno nti na meka kyerɛ mo se mubewu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ, mene nea mene a, mubewu wɔ mo bɔne mu.” 25 Wobisaa no se, “Wo koraa wone hena?”Yesu buaa wɔn se, “Mene nea daa meka kyerɛ mo se meyɛ. 26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo na asɛm a meka no yɛ nea mate afi ne nkyɛn.” 27 Nnipa no ante no ase sɛ nʼagya ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no. 28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ munya ma Onipa Ba no so wɔ asennua no so a na mubehu sɛ mene nea mene no, na afei mubehu bio sɛ mimfi me ara me pɛ mu nyɛ biribiara, na mmom nea Agya no somaa me sɛ menka no nko ara na meka. 29 Nea ɔsomaa me no ka me ho daa. Onnyaw me da efisɛ meyɛ nea ɛsɔ nʼani.” 30 Nnipa a wɔtee nea Yesu kaa no mu dodow no ara gyee no dii. 31 Yesu ka kyerɛɛ Yudafo a wogyee no dii no se, “Sɛ mudi me nsɛm so a, moyɛ mʼasuafo. 32 Ɛno ansa na mubehu nokware no na nokware no bɛma moade mo ho.” 33 Nnipa no buaa no se, “Yɛn de, yɛyɛ Abraham asefo. Yɛnkɔɔ nkoasom mu da, na adɛn nti na woka se wobɛma yɛade yɛn ho?” 34 Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa. 35 Akoa biara nni kyɛfa wɔ abusua mu nanso ɔba de, daa ɔwɔ kyɛfa wɔ abusua mu. 36 Ɛno nti sɛ ɔba no ma mode mo ho a mobɛde mo ho ampa. 37 Migye to mu sɛ moyɛ Abraham asefo, nanso morehwehwɛ me akum me, efisɛ munni ne nkyerɛkyerɛ so. 38 Nea mʼAgya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm, na mo de, nea mo agya aka akyerɛ mo no na mudi so.” 39 Nnipa no kae se, “Yɛn agya ne Abraham.”Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ Abraham asefo ampa a anka ne nnwuma a ɔyɛe no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ. 40 Nea mayɛ ne sɛ maka nokware a mote fii Agya no nkyɛn akyerɛ mo, nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ eyi. 41 Moreyɛ nea mo agya yɛe.”Nnipa no san kae se, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.” 42 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, efisɛ ne nkyɛn na mifi bae na mewɔ ha. Mamfi me pɛ mu na mebae; ɔno na ɔsomaa me. 43 Adɛn nti na monte nsɛm a mereka yi ase? Efisɛ mompɛ sɛ mote ase. 44 Mo de, ɔbonsam ne mo agya na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifo fi mfiase. Onni nokware da efisɛ ɔnyɛ ɔnokwafo. Sɛ odi atoro a, ɛnyɛ nwonwa efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya. 45 Nanso me de, esiane sɛ meka nokware nti na munnye me nni no. 46 Mo mu hena na obetumi aka se midi bɔne bi ho fɔ? Sɛ meka nokware a adɛn nti na munnye me nni? 47 Obiara a ofi Onyankopɔn mu no tie Onyankopɔn asɛm. Na mo de, esiane sɛ mumfi Onyankopɔn mu no nti na muntie nʼasɛm no.” 48 Yudafo no bisaa Yesu se, “Sɛ yɛka se woyɛ Samariani a honhommɔne ahyɛ wo ma a na yɛboa ana?” 49 Yesu buae se, “Minni honhommɔne. Midi mʼAgya ni na mo de, munni no ni. 50 Memmpere nhwehwɛ anuonyam mma mʼankasa me ho. Obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ ma me na ɔno nso na odi ma me. 51 Meka nokware pefee kyerɛ mo se, obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.” 52 Yudafo no nso ka kyerɛɛ no se, “Afei na yɛahu ampa sɛ wowɔ honhommɔne! Abraham wui. Adiyifo no nso wuwui. Nanso wo de, woka se, ‘Obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.’ 53 Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Abraham ana? Owui; saa ara nso na adiyifo no wuwui. Wususuw sɛ woyɛ hena?” 54 Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mʼankasa mehyɛ me ho anuonyam a, mʼanuonyam no nka hwee. MʼAgya a mo nso moka se ɔyɛ mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔhyɛ me anuonyam. 55 Mo de, munnim no, nanso me de, minim no. Sɛ meka sɛ minnim no a na meyɛ ɔtorofo sɛ mo ara. Minim no na madi nʼasɛm nso so. 56 Mo agya Abraham ani gyee sɛ obehu me ba a mɛba no. Ohui na nʼani gyei.” 57 Yudafo no nso bisaa no se, “Wunnii mfe aduonum koraa na woyɛɛ dɛn na wuhuu Abraham?” 58 Yesu buae se, “Mereka nokware pefee akyerɛ mo se, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.” 59 Yudafo no tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no, nanso Yesu hintawee. Eyi akyi no, ofii asɔredan no mu hɔ kɔe.

In Other Versions

John 8 in the ANGEFD

John 8 in the ANTPNG2D

John 8 in the AS21

John 8 in the BAGH

John 8 in the BBPNG

John 8 in the BBT1E

John 8 in the BDS

John 8 in the BEV

John 8 in the BHAD

John 8 in the BIB

John 8 in the BLPT

John 8 in the BNT

John 8 in the BNTABOOT

John 8 in the BNTLV

John 8 in the BOATCB

John 8 in the BOBCV

John 8 in the BOCNT

John 8 in the BOECS

John 8 in the BOGWICC

John 8 in the BOHCB

John 8 in the BOHCV

John 8 in the BOHLNT

John 8 in the BOHNTLTAL

John 8 in the BOICB

John 8 in the BOILNTAP

John 8 in the BOITCV

John 8 in the BOKCV

John 8 in the BOKCV2

John 8 in the BOKHWOG

John 8 in the BOKSSV

John 8 in the BOLCB

John 8 in the BOLCB2

John 8 in the BOMCV

John 8 in the BONAV

John 8 in the BONCB

John 8 in the BONLT

John 8 in the BONUT2

John 8 in the BOPLNT

John 8 in the BOSCB

John 8 in the BOSNC

John 8 in the BOTLNT

John 8 in the BOVCB

John 8 in the BOYCB

John 8 in the BPBB

John 8 in the BPH

John 8 in the BSB

John 8 in the CCB

John 8 in the CUV

John 8 in the CUVS

John 8 in the DBT

John 8 in the DGDNT

John 8 in the DHNT

John 8 in the DNT

John 8 in the ELBE

John 8 in the EMTV

John 8 in the ESV

John 8 in the FBV

John 8 in the FEB

John 8 in the GGMNT

John 8 in the GNT

John 8 in the HARY

John 8 in the HNT

John 8 in the IRVA

John 8 in the IRVB

John 8 in the IRVG

John 8 in the IRVH

John 8 in the IRVK

John 8 in the IRVM

John 8 in the IRVM2

John 8 in the IRVO

John 8 in the IRVP

John 8 in the IRVT

John 8 in the IRVT2

John 8 in the IRVU

John 8 in the ISVN

John 8 in the JSNT

John 8 in the KAPI

John 8 in the KBT1ETNIK

John 8 in the KBV

John 8 in the KJV

John 8 in the KNFD

John 8 in the LBA

John 8 in the LBLA

John 8 in the LNT

John 8 in the LSV

John 8 in the MAAL

John 8 in the MBV

John 8 in the MBV2

John 8 in the MHNT

John 8 in the MKNFD

John 8 in the MNG

John 8 in the MNT

John 8 in the MNT2

John 8 in the MRS1T

John 8 in the NAA

John 8 in the NASB

John 8 in the NBLA

John 8 in the NBS

John 8 in the NBVTP

John 8 in the NET2

John 8 in the NIV11

John 8 in the NNT

John 8 in the NNT2

John 8 in the NNT3

John 8 in the PDDPT

John 8 in the PFNT

John 8 in the RMNT

John 8 in the SBIAS

John 8 in the SBIBS

John 8 in the SBIBS2

John 8 in the SBICS

John 8 in the SBIDS

John 8 in the SBIGS

John 8 in the SBIHS

John 8 in the SBIIS

John 8 in the SBIIS2

John 8 in the SBIIS3

John 8 in the SBIKS

John 8 in the SBIKS2

John 8 in the SBIMS

John 8 in the SBIOS

John 8 in the SBIPS

John 8 in the SBISS

John 8 in the SBITS

John 8 in the SBITS2

John 8 in the SBITS3

John 8 in the SBITS4

John 8 in the SBIUS

John 8 in the SBIVS

John 8 in the SBT

John 8 in the SBT1E

John 8 in the SCHL

John 8 in the SNT

John 8 in the SUSU

John 8 in the SUSU2

John 8 in the SYNO

John 8 in the TBIAOTANT

John 8 in the TBT1E

John 8 in the TBT1E2

John 8 in the TFTIP

John 8 in the TFTU

John 8 in the TGNTATF3T

John 8 in the THAI

John 8 in the TNFD

John 8 in the TNT

John 8 in the TNTIK

John 8 in the TNTIL

John 8 in the TNTIN

John 8 in the TNTIP

John 8 in the TNTIZ

John 8 in the TOMA

John 8 in the TTENT

John 8 in the UBG

John 8 in the UGV

John 8 in the UGV2

John 8 in the UGV3

John 8 in the VBL

John 8 in the VDCC

John 8 in the YALU

John 8 in the YAPE

John 8 in the YBVTP

John 8 in the ZBP