Luke 21 (BOATCB2)

1 Yesu te asɔredan mu hɔ no, ohuu asikafo bi a wɔde wɔn afɔrebɔde akɛseakɛse regu afɔrebɔ adaka no mu. 2 Ohuu okunafo hiani bi nso sɛ ɔde sika kakraa bi too afɔre adaka no mu. 3 Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no se, “Nokware ni, afɔre a okunafo hiani yi bɛbɔɔ no som bo sen afɔre akɛseakɛse a asikafo no bɛbɔɔ no nyinaa. 4 Wɔn nyinaa de nea wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔre, na oyi de, ofi ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abegu mu yi.” 5 Yesu akyidifo no bi kamfoo abo fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinni ahorow a wɔadi agu ɔdan no ho no. Nanso Yesu kae se, 6 “Bere bi bɛba a, wobedwiriw nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.” 7 Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na asɛm a woreka yi besi, na ho nsɛnkyerɛnne bɛyɛ dɛn?” 8 Yesu buae se, “Monhwɛ mo ho so yiye na obi annaadaa mo, efisɛ nnipa pii bɛsɔre aka se, ‘Mene Kristo no’ na bere no abɛn, nanso monnnye wɔn nni! 9 Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, munnsuro efisɛ ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di kan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awiei no abɛn.” 10 Ɔkaa bio se, “Aman bɛsɔre aman so na ahenni asɔre ahenni so. 11 Asasewosow a ɛyɛ hu bɛba, ɔkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu befi wim asisi. 12 “Nanso ansa na eyinom nyinaa besisi no, me din nti, wɔbɛtaa mo akyekyere mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfo anim. 13 Eyi bɛma moanya kwan adi me ho adanse. 14 Nanso, monnnwene nsɛm a mobɛka de ayi mo ho ano no ho; 15 Efisɛ mɛma mo nsɛm ne nyansa a mode beyi mo ho ano a mo atamfo rentumi nnyina mo anim. 16 Mo awofo, mo nuanom, mo abusuafo ne mo nnamfonom beyi mo ama na wobekum mo mu bi. 17 Na me nti nnipa bɛtan mo. 18 Nanso mo tinwi baako pɛ mpo renyera. 19 Na sɛ mutumi gyina pintinn a, mubenya nkwa a enni awiei.” 20 “Sɛ muhu sɛ asraafo atwa Yerusalem ho ahyia a, na ɛkyerɛ sɛ ne sɛe abɛn. 21 Saa bere no wɔn a wɔte Yudea nguan nkɔ mmepɔw no so; wɔn a wɔwɔ kurow no mu no nguan mfi mu, na wɔn nso a wɔwɔ nkuraa ne mfuw mu no ntena hɔ ara. 22 Saa bere yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Kyerɛwsɛm no mu no bɛba mu. 23 Wɔn a wɔafa afuru ne wɔn a wɔma mma nufu no nnue. Amanehunu a enni kabea bɛba ɔman no so na Onyankopɔn abufuwhyew nso aba nnipa no so. 24 Ebinom bɛtotɔ wɔ afoa ano na wɔafa ebinom nso nnommum de wɔn akɔ amanaman so na amanaman bɛsɛe Yerusalem, adi so akosi bere a Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ amanaman nni wɔn so no betwa mu.” 25 “Nsɛnkyerɛnne bɛba owia, ɔsram ne nsoromma mu na po asorɔkye bɛbobɔ mu, aworo so ama ne nnyigyei dennen no de ahoyeraw aba aman nyinaa so. 26 Esiane nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba asase so no nti, nnipa pii bɛtotɔ piti na abɔde a ɛwɔ wim nso awosow ahoɔden so. 27 Saa bere no na wobehu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi ne anuonyam a ɛso nam omununkum mu reba. 28 Sɛ saa asɛm yi fi ase sisi a, momfa gyidi nnyina pintinn, efisɛ na mo nkwagye bere abɛn.” 29 Yesu buu wɔn bɛ bi se, “Monhwɛ borɔdɔma ne nnua nyinaa. 30 Sɛ eyiyi nhaban foforo a na ɛkyerɛ sɛ asusow bere adu. 31 Saa ara nso na sɛ muhu nsɛnkyerɛnne a mereka ho asɛm yi a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni no abɛn. 32 “Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwa mu, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa. 33 Ɔsoro ne asase betwa mu akɔ, nanso me nsɛm de, ɛrentwa mu da. 34 “Monhwɛ mo ho so yiye! Mommma adiditraso ne asabow ne asetena mu dadwen nni mo so, anyɛ saa a, me ba a mɛba bio no befu mo mu. 35 Efisɛ me ba a mɛba no befu nnipa a wɔte asase so nyinaa mu. 36 Monwɛn. Bere biara mommɔ mpae na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano na mesan ba bio a, moatumi agyina mʼanim.” 37 Da biara, na Yesu kɔ asɔredan mu hɔ kɔkyerɛkyerɛ, na sɛ edu anwummere biara a, Yesu kɔ Ngo Bepɔw no so kɔhome. 38 Na nnipa pii sɔre anɔpahema biara kotie no wɔ asɔredan mu.

In Other Versions

Luke 21 in the ANGEFD

Luke 21 in the ANTPNG2D

Luke 21 in the AS21

Luke 21 in the BAGH

Luke 21 in the BBPNG

Luke 21 in the BBT1E

Luke 21 in the BDS

Luke 21 in the BEV

Luke 21 in the BHAD

Luke 21 in the BIB

Luke 21 in the BLPT

Luke 21 in the BNT

Luke 21 in the BNTABOOT

Luke 21 in the BNTLV

Luke 21 in the BOATCB

Luke 21 in the BOBCV

Luke 21 in the BOCNT

Luke 21 in the BOECS

Luke 21 in the BOGWICC

Luke 21 in the BOHCB

Luke 21 in the BOHCV

Luke 21 in the BOHLNT

Luke 21 in the BOHNTLTAL

Luke 21 in the BOICB

Luke 21 in the BOILNTAP

Luke 21 in the BOITCV

Luke 21 in the BOKCV

Luke 21 in the BOKCV2

Luke 21 in the BOKHWOG

Luke 21 in the BOKSSV

Luke 21 in the BOLCB

Luke 21 in the BOLCB2

Luke 21 in the BOMCV

Luke 21 in the BONAV

Luke 21 in the BONCB

Luke 21 in the BONLT

Luke 21 in the BONUT2

Luke 21 in the BOPLNT

Luke 21 in the BOSCB

Luke 21 in the BOSNC

Luke 21 in the BOTLNT

Luke 21 in the BOVCB

Luke 21 in the BOYCB

Luke 21 in the BPBB

Luke 21 in the BPH

Luke 21 in the BSB

Luke 21 in the CCB

Luke 21 in the CUV

Luke 21 in the CUVS

Luke 21 in the DBT

Luke 21 in the DGDNT

Luke 21 in the DHNT

Luke 21 in the DNT

Luke 21 in the ELBE

Luke 21 in the EMTV

Luke 21 in the ESV

Luke 21 in the FBV

Luke 21 in the FEB

Luke 21 in the GGMNT

Luke 21 in the GNT

Luke 21 in the HARY

Luke 21 in the HNT

Luke 21 in the IRVA

Luke 21 in the IRVB

Luke 21 in the IRVG

Luke 21 in the IRVH

Luke 21 in the IRVK

Luke 21 in the IRVM

Luke 21 in the IRVM2

Luke 21 in the IRVO

Luke 21 in the IRVP

Luke 21 in the IRVT

Luke 21 in the IRVT2

Luke 21 in the IRVU

Luke 21 in the ISVN

Luke 21 in the JSNT

Luke 21 in the KAPI

Luke 21 in the KBT1ETNIK

Luke 21 in the KBV

Luke 21 in the KJV

Luke 21 in the KNFD

Luke 21 in the LBA

Luke 21 in the LBLA

Luke 21 in the LNT

Luke 21 in the LSV

Luke 21 in the MAAL

Luke 21 in the MBV

Luke 21 in the MBV2

Luke 21 in the MHNT

Luke 21 in the MKNFD

Luke 21 in the MNG

Luke 21 in the MNT

Luke 21 in the MNT2

Luke 21 in the MRS1T

Luke 21 in the NAA

Luke 21 in the NASB

Luke 21 in the NBLA

Luke 21 in the NBS

Luke 21 in the NBVTP

Luke 21 in the NET2

Luke 21 in the NIV11

Luke 21 in the NNT

Luke 21 in the NNT2

Luke 21 in the NNT3

Luke 21 in the PDDPT

Luke 21 in the PFNT

Luke 21 in the RMNT

Luke 21 in the SBIAS

Luke 21 in the SBIBS

Luke 21 in the SBIBS2

Luke 21 in the SBICS

Luke 21 in the SBIDS

Luke 21 in the SBIGS

Luke 21 in the SBIHS

Luke 21 in the SBIIS

Luke 21 in the SBIIS2

Luke 21 in the SBIIS3

Luke 21 in the SBIKS

Luke 21 in the SBIKS2

Luke 21 in the SBIMS

Luke 21 in the SBIOS

Luke 21 in the SBIPS

Luke 21 in the SBISS

Luke 21 in the SBITS

Luke 21 in the SBITS2

Luke 21 in the SBITS3

Luke 21 in the SBITS4

Luke 21 in the SBIUS

Luke 21 in the SBIVS

Luke 21 in the SBT

Luke 21 in the SBT1E

Luke 21 in the SCHL

Luke 21 in the SNT

Luke 21 in the SUSU

Luke 21 in the SUSU2

Luke 21 in the SYNO

Luke 21 in the TBIAOTANT

Luke 21 in the TBT1E

Luke 21 in the TBT1E2

Luke 21 in the TFTIP

Luke 21 in the TFTU

Luke 21 in the TGNTATF3T

Luke 21 in the THAI

Luke 21 in the TNFD

Luke 21 in the TNT

Luke 21 in the TNTIK

Luke 21 in the TNTIL

Luke 21 in the TNTIN

Luke 21 in the TNTIP

Luke 21 in the TNTIZ

Luke 21 in the TOMA

Luke 21 in the TTENT

Luke 21 in the UBG

Luke 21 in the UGV

Luke 21 in the UGV2

Luke 21 in the UGV3

Luke 21 in the VBL

Luke 21 in the VDCC

Luke 21 in the YALU

Luke 21 in the YAPE

Luke 21 in the YBVTP

Luke 21 in the ZBP