Numbers 2 (BOATCB2)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se: 2 “Abusua biara benya nʼafa wɔ atenae hɔ, na kuw biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenae ahorow no mfimfini na wɔde Ahyiae Ntamadan no besi.” 3 Apuei fam,baabi a owia pue fi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɔ wɔn atenae wɔ wɔn frankaa ase. Yudafo ntuanoni ne Aminadab ba Nahson. 4 Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson anan ne ahansia (74,600). 5 Isakar abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel. 6 Na ne dɔm no ano si mpem aduonum anan ne ahannan (54,400). 7 Sebulon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab. 8 Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ason ne ahannan (57,400). 9 Enti na nnipa dodow a wɔwɔ Yuda atenae no nyinaa sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe asia ne ahannan (186,400). Sɛ Israelfo no tu a, saa mmusuakuw abiɛsa yi na edi kan. 10 Anafo fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahorow no nyinaa bɛbɔ wɔn atenae de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur. 11 Ne dɔm ano si mpem aduanan asia ne ahannum (46,500). 12 Simeon abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel. 13 Ne dɔm ano si mpem aduonum akron ne ahaasa (59,300). 14 Gad abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf. 15 Na ne dɔm ano si mpem aduanan anum ahansia ne aduonum (45,650). 16 Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha aduonum baako ahannan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abien. 17 Afei Lewifo no de Ahyiae Ntamadan befi wɔn atenae mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuw no nyinaa bɛkɔ no nnidiso sɛnea wɔn atenae nhyehyɛe te wɔ wɔn mmusuakuw mfrankaa akyi. 18 Efraim abusuakuw bɛfa atenae hɔ atɔe fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama. 19 Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahannum (40,500). 20 Manase abusuakuw na wobedi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel. 21 Ne dɔm ano si mpem aduasa abien ne ahannu (32,200). 22 Benyamin abusuakuw na wodi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan. 23 Ne dɔm ano si mpem aduasa anum ne ahannan (35,400). 24 Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenae ne sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ɔha ne awotwe ne ɔha baako (108,100). Na sɛ Israelfo tu a, wɔn na wɔto so abiɛsa. 25 Dan abusuakuw bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser. 26 Ne dɔm ano si mpem aduosia abien ne ahanson (62,700). 27 Aser abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel. 28 Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahannum (41,500). 29 Naftali abusuakuw no bedi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira. 30 Ne dɔm ano si mpem aduonum abiɛsa ne ahannan (53,400). 31 Mmarima a wɔwɔ Dan atenae no ano si mpem ɔha aduonum ason ne ahansia (157,600). 32 Sɛɛ na Israelfo a wɔkan wɔn mmusuakuw mmusuakuw no te. Wɔn a wɔwɔ atenae hɔ nyinaa, sɛnea wɔn nkyekyɛmu te no ano si mpem ahansia ne abiɛsa ahannum ne aduonum (603,550). 33 Sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifo no anka Israelfo no ho. 34 Enti Israelfo yɛɛ biribiara sɛnea AWURADE hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenae, tenatenaa wɔn frankaa ahorow ase, na wɔnantew nnidiso nnidiso sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.

In Other Versions

Numbers 2 in the ANGEFD

Numbers 2 in the ANTPNG2D

Numbers 2 in the AS21

Numbers 2 in the BAGH

Numbers 2 in the BBPNG

Numbers 2 in the BBT1E

Numbers 2 in the BDS

Numbers 2 in the BEV

Numbers 2 in the BHAD

Numbers 2 in the BIB

Numbers 2 in the BLPT

Numbers 2 in the BNT

Numbers 2 in the BNTABOOT

Numbers 2 in the BNTLV

Numbers 2 in the BOATCB

Numbers 2 in the BOBCV

Numbers 2 in the BOCNT

Numbers 2 in the BOECS

Numbers 2 in the BOGWICC

Numbers 2 in the BOHCB

Numbers 2 in the BOHCV

Numbers 2 in the BOHLNT

Numbers 2 in the BOHNTLTAL

Numbers 2 in the BOICB

Numbers 2 in the BOILNTAP

Numbers 2 in the BOITCV

Numbers 2 in the BOKCV

Numbers 2 in the BOKCV2

Numbers 2 in the BOKHWOG

Numbers 2 in the BOKSSV

Numbers 2 in the BOLCB

Numbers 2 in the BOLCB2

Numbers 2 in the BOMCV

Numbers 2 in the BONAV

Numbers 2 in the BONCB

Numbers 2 in the BONLT

Numbers 2 in the BONUT2

Numbers 2 in the BOPLNT

Numbers 2 in the BOSCB

Numbers 2 in the BOSNC

Numbers 2 in the BOTLNT

Numbers 2 in the BOVCB

Numbers 2 in the BOYCB

Numbers 2 in the BPBB

Numbers 2 in the BPH

Numbers 2 in the BSB

Numbers 2 in the CCB

Numbers 2 in the CUV

Numbers 2 in the CUVS

Numbers 2 in the DBT

Numbers 2 in the DGDNT

Numbers 2 in the DHNT

Numbers 2 in the DNT

Numbers 2 in the ELBE

Numbers 2 in the EMTV

Numbers 2 in the ESV

Numbers 2 in the FBV

Numbers 2 in the FEB

Numbers 2 in the GGMNT

Numbers 2 in the GNT

Numbers 2 in the HARY

Numbers 2 in the HNT

Numbers 2 in the IRVA

Numbers 2 in the IRVB

Numbers 2 in the IRVG

Numbers 2 in the IRVH

Numbers 2 in the IRVK

Numbers 2 in the IRVM

Numbers 2 in the IRVM2

Numbers 2 in the IRVO

Numbers 2 in the IRVP

Numbers 2 in the IRVT

Numbers 2 in the IRVT2

Numbers 2 in the IRVU

Numbers 2 in the ISVN

Numbers 2 in the JSNT

Numbers 2 in the KAPI

Numbers 2 in the KBT1ETNIK

Numbers 2 in the KBV

Numbers 2 in the KJV

Numbers 2 in the KNFD

Numbers 2 in the LBA

Numbers 2 in the LBLA

Numbers 2 in the LNT

Numbers 2 in the LSV

Numbers 2 in the MAAL

Numbers 2 in the MBV

Numbers 2 in the MBV2

Numbers 2 in the MHNT

Numbers 2 in the MKNFD

Numbers 2 in the MNG

Numbers 2 in the MNT

Numbers 2 in the MNT2

Numbers 2 in the MRS1T

Numbers 2 in the NAA

Numbers 2 in the NASB

Numbers 2 in the NBLA

Numbers 2 in the NBS

Numbers 2 in the NBVTP

Numbers 2 in the NET2

Numbers 2 in the NIV11

Numbers 2 in the NNT

Numbers 2 in the NNT2

Numbers 2 in the NNT3

Numbers 2 in the PDDPT

Numbers 2 in the PFNT

Numbers 2 in the RMNT

Numbers 2 in the SBIAS

Numbers 2 in the SBIBS

Numbers 2 in the SBIBS2

Numbers 2 in the SBICS

Numbers 2 in the SBIDS

Numbers 2 in the SBIGS

Numbers 2 in the SBIHS

Numbers 2 in the SBIIS

Numbers 2 in the SBIIS2

Numbers 2 in the SBIIS3

Numbers 2 in the SBIKS

Numbers 2 in the SBIKS2

Numbers 2 in the SBIMS

Numbers 2 in the SBIOS

Numbers 2 in the SBIPS

Numbers 2 in the SBISS

Numbers 2 in the SBITS

Numbers 2 in the SBITS2

Numbers 2 in the SBITS3

Numbers 2 in the SBITS4

Numbers 2 in the SBIUS

Numbers 2 in the SBIVS

Numbers 2 in the SBT

Numbers 2 in the SBT1E

Numbers 2 in the SCHL

Numbers 2 in the SNT

Numbers 2 in the SUSU

Numbers 2 in the SUSU2

Numbers 2 in the SYNO

Numbers 2 in the TBIAOTANT

Numbers 2 in the TBT1E

Numbers 2 in the TBT1E2

Numbers 2 in the TFTIP

Numbers 2 in the TFTU

Numbers 2 in the TGNTATF3T

Numbers 2 in the THAI

Numbers 2 in the TNFD

Numbers 2 in the TNT

Numbers 2 in the TNTIK

Numbers 2 in the TNTIL

Numbers 2 in the TNTIN

Numbers 2 in the TNTIP

Numbers 2 in the TNTIZ

Numbers 2 in the TOMA

Numbers 2 in the TTENT

Numbers 2 in the UBG

Numbers 2 in the UGV

Numbers 2 in the UGV2

Numbers 2 in the UGV3

Numbers 2 in the VBL

Numbers 2 in the VDCC

Numbers 2 in the YALU

Numbers 2 in the YAPE

Numbers 2 in the YBVTP

Numbers 2 in the ZBP