Proverbs 24 (BOATCB2)

1 Mma wʼani mmere amumɔyɛfo,mfa wo ho mmɔ wɔn; 2 Efisɛ wɔn koma dwene atirimɔdensɛm ho,na wɔn ano ka nea ɛde basabasayɛ ba ho asɛm. 3 Wɔde nyansa na esi fi,na nhumu mu na wɔma etim; 4 ɛnam nimdeɛ so na wonya ademude a ɛho yɛ nana ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu. 5 Onyansafo wɔ tumi a ɛso,na onimdefo nyin ahoɔden mu; 6 nea ɔretu sa hia akwankyerɛ,nea ɔrehwehwɛ nkonimdi no hia afotufo pii. 7 Nyansa wɔ soro dodo ma ɔkwasea;wɔ apon ano aguabɔ mu no, ɛnsɛ sɛ wobue wɔn ano. 8 Onipa a ɔbɔ pɔw bɔne no,wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfo. 9 Ogyimifo nhyehyɛe yɛ bɔne,nnipa kyi ɔfɛwdifo. 10 Sɛ wʼaba mu gow wɔ ɔhaw mu a,na wʼahoɔden sua! 11 Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akokum wɔn no nkwa;na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumii. 12 Sɛ woka se, “Na yennim eyi ho hwee a,”nea ɔkari koma hwɛ no nhu ana?Nea ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim ana?Ɔrentua nea obiara ayɛ so ka ana? 13 Me ba, di ɛwo, efisɛ eye;ɛwokyɛm mu wo yɛ wʼanom dɛ. 14 Hu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ;sɛ wunya a, wowɔ anidaso ma daakye,na wʼanidaso renyɛ ɔkwa. 15 Nkɔtɛw ɔtreneeni fi sɛ ɔkwanmukafo,na nkɔtow nhyɛ nʼatenae so, 16 Ɛwɔ mu sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason de, nanso ɔsɔre bio,na amumɔyɛfo de amanehunu baako ma wɔhwe ase. 17 Sɛ wo tamfo hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ;na sɛ ohintiw a mma wo koma nni ahurusi, 18 efisɛ AWURADE behu wʼadwene na ɔrempɛna obeyi nʼabufuwhyew afi no so. 19 Nhaw wo ho wɔ abɔnefo nti,na mma wʼani mmere amumɔyɛfo nso, 20 efisɛ, ɔbɔnefo nni anidaso biara daakye,na wobedum amumɔyɛfo kanea. 21 Me ba, suro AWURADE ne ɔhene,na mfa wo ho mmɔ atuatewfo ho, 22 efisɛ saa baanu yi de, ɔsɛe bɛba wɔn so mpofirim;na hena na onim amanehunu ko a wobetumi de aba? 23 Eyinom nso yɛ anyansafo Nsɛnka:Atemmu a nhwɛanim wɔ mu no nye: 24 Obiara a ɔbɛka akyerɛ nea odi fɔ se, “Wo ho nni asɛm” no,nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa. 25 Na wɔn a wobu afɔdifo fɔ no, ebesi wɔn yiye,na nhyira bɛba wɔn so. 26 Mmuae pate sɛ mfewano. 27 Wie wo mfikyidwumana siesie wo mfuw;ɛno akyi, si wo fi. 28 Nni adanse ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee,na mfa wʼano nnaadaa. 29 Nka se, “Nea wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi;nea ɔyɛe no mitua no so ka.” 30 Menantew faa onihawfo afuw ho,twaa mu wɔ nea onni adwene bobeturo nso ho; 31 nsɔe afuw wɔ baabiara,wura afuw akata asase no so,na abo afasu no nso abubu. 32 Mede me koma kɔɔ nea mihuu no sona misuaa biribi fii mu: 33 nna kakra, nkotɔ kakra,nsa a woabobɔw de rehome kakra 34 bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo,na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a okura akode. Na ohia bɛtow akyere wo sɛ ɔkwanmukafo; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfowerɛmfo.

In Other Versions

Proverbs 24 in the ANGEFD

Proverbs 24 in the ANTPNG2D

Proverbs 24 in the AS21

Proverbs 24 in the BAGH

Proverbs 24 in the BBPNG

Proverbs 24 in the BBT1E

Proverbs 24 in the BDS

Proverbs 24 in the BEV

Proverbs 24 in the BHAD

Proverbs 24 in the BIB

Proverbs 24 in the BLPT

Proverbs 24 in the BNT

Proverbs 24 in the BNTABOOT

Proverbs 24 in the BNTLV

Proverbs 24 in the BOATCB

Proverbs 24 in the BOBCV

Proverbs 24 in the BOCNT

Proverbs 24 in the BOECS

Proverbs 24 in the BOGWICC

Proverbs 24 in the BOHCB

Proverbs 24 in the BOHCV

Proverbs 24 in the BOHLNT

Proverbs 24 in the BOHNTLTAL

Proverbs 24 in the BOICB

Proverbs 24 in the BOILNTAP

Proverbs 24 in the BOITCV

Proverbs 24 in the BOKCV

Proverbs 24 in the BOKCV2

Proverbs 24 in the BOKHWOG

Proverbs 24 in the BOKSSV

Proverbs 24 in the BOLCB

Proverbs 24 in the BOLCB2

Proverbs 24 in the BOMCV

Proverbs 24 in the BONAV

Proverbs 24 in the BONCB

Proverbs 24 in the BONLT

Proverbs 24 in the BONUT2

Proverbs 24 in the BOPLNT

Proverbs 24 in the BOSCB

Proverbs 24 in the BOSNC

Proverbs 24 in the BOTLNT

Proverbs 24 in the BOVCB

Proverbs 24 in the BOYCB

Proverbs 24 in the BPBB

Proverbs 24 in the BPH

Proverbs 24 in the BSB

Proverbs 24 in the CCB

Proverbs 24 in the CUV

Proverbs 24 in the CUVS

Proverbs 24 in the DBT

Proverbs 24 in the DGDNT

Proverbs 24 in the DHNT

Proverbs 24 in the DNT

Proverbs 24 in the ELBE

Proverbs 24 in the EMTV

Proverbs 24 in the ESV

Proverbs 24 in the FBV

Proverbs 24 in the FEB

Proverbs 24 in the GGMNT

Proverbs 24 in the GNT

Proverbs 24 in the HARY

Proverbs 24 in the HNT

Proverbs 24 in the IRVA

Proverbs 24 in the IRVB

Proverbs 24 in the IRVG

Proverbs 24 in the IRVH

Proverbs 24 in the IRVK

Proverbs 24 in the IRVM

Proverbs 24 in the IRVM2

Proverbs 24 in the IRVO

Proverbs 24 in the IRVP

Proverbs 24 in the IRVT

Proverbs 24 in the IRVT2

Proverbs 24 in the IRVU

Proverbs 24 in the ISVN

Proverbs 24 in the JSNT

Proverbs 24 in the KAPI

Proverbs 24 in the KBT1ETNIK

Proverbs 24 in the KBV

Proverbs 24 in the KJV

Proverbs 24 in the KNFD

Proverbs 24 in the LBA

Proverbs 24 in the LBLA

Proverbs 24 in the LNT

Proverbs 24 in the LSV

Proverbs 24 in the MAAL

Proverbs 24 in the MBV

Proverbs 24 in the MBV2

Proverbs 24 in the MHNT

Proverbs 24 in the MKNFD

Proverbs 24 in the MNG

Proverbs 24 in the MNT

Proverbs 24 in the MNT2

Proverbs 24 in the MRS1T

Proverbs 24 in the NAA

Proverbs 24 in the NASB

Proverbs 24 in the NBLA

Proverbs 24 in the NBS

Proverbs 24 in the NBVTP

Proverbs 24 in the NET2

Proverbs 24 in the NIV11

Proverbs 24 in the NNT

Proverbs 24 in the NNT2

Proverbs 24 in the NNT3

Proverbs 24 in the PDDPT

Proverbs 24 in the PFNT

Proverbs 24 in the RMNT

Proverbs 24 in the SBIAS

Proverbs 24 in the SBIBS

Proverbs 24 in the SBIBS2

Proverbs 24 in the SBICS

Proverbs 24 in the SBIDS

Proverbs 24 in the SBIGS

Proverbs 24 in the SBIHS

Proverbs 24 in the SBIIS

Proverbs 24 in the SBIIS2

Proverbs 24 in the SBIIS3

Proverbs 24 in the SBIKS

Proverbs 24 in the SBIKS2

Proverbs 24 in the SBIMS

Proverbs 24 in the SBIOS

Proverbs 24 in the SBIPS

Proverbs 24 in the SBISS

Proverbs 24 in the SBITS

Proverbs 24 in the SBITS2

Proverbs 24 in the SBITS3

Proverbs 24 in the SBITS4

Proverbs 24 in the SBIUS

Proverbs 24 in the SBIVS

Proverbs 24 in the SBT

Proverbs 24 in the SBT1E

Proverbs 24 in the SCHL

Proverbs 24 in the SNT

Proverbs 24 in the SUSU

Proverbs 24 in the SUSU2

Proverbs 24 in the SYNO

Proverbs 24 in the TBIAOTANT

Proverbs 24 in the TBT1E

Proverbs 24 in the TBT1E2

Proverbs 24 in the TFTIP

Proverbs 24 in the TFTU

Proverbs 24 in the TGNTATF3T

Proverbs 24 in the THAI

Proverbs 24 in the TNFD

Proverbs 24 in the TNT

Proverbs 24 in the TNTIK

Proverbs 24 in the TNTIL

Proverbs 24 in the TNTIN

Proverbs 24 in the TNTIP

Proverbs 24 in the TNTIZ

Proverbs 24 in the TOMA

Proverbs 24 in the TTENT

Proverbs 24 in the UBG

Proverbs 24 in the UGV

Proverbs 24 in the UGV2

Proverbs 24 in the UGV3

Proverbs 24 in the VBL

Proverbs 24 in the VDCC

Proverbs 24 in the YALU

Proverbs 24 in the YAPE

Proverbs 24 in the YBVTP

Proverbs 24 in the ZBP