Ruth 1 (BOATCB2)

1 Bere a na atemmufo di Israel so no, ɔkɔm baa asase no so. Ɔbarima bi a ofi Betlehem wɔ Yuda ne ne yere ne ne mmabarima baanu tutu fii asase no so kɔtenaa Moab. 2 Na ɔbarima no din de Elimelek na ne yere nso din de Naomi. Ne mmabarima baanu no nso, na wɔn din de Mahlon ne Kilion. Wɔyɛ Efratifo a wofi Betlehem wɔ Yuda. Wɔkɔɔ Moab kɔtenaa hɔ. 3 Ɛbaa sɛ Naomi kunu Elimelek wu ma ɛkaa ne mmabarima baanu no. 4 Wɔwarewaree Moabfo mmea. Na ɔbaako din de Orpa na nea ɔka ho no nso din de Rut. Wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfe du no, 5 Mahlon ne Kilion nso wuwui. Enti ɛmaa Naomi tenaa ase a wahwere ne mmabarima baanu no ne ne kunu. 6 Bere a ɔtee wɔ Moab hɔ sɛ AWURADE abɛdom ne nkurɔfo a wɔwɔ Yuda na wama wɔn aduan no, Naomi ne ne nsenom yi yɛɛ ahoboa sɛ wɔrefi Moab asan akɔ ne kurom. 7 Ɔne ne nsenom baanu yi tutu fii beae hɔ faa kwan a ɛde wɔn bɛkɔ akosi Yuda so. 8 Afei, Naomi ka kyerɛɛ ne nsenom yi se, “Monsan nkɔ mo nanom fi. AWURADE ne mo nni no yiye sɛnea mo ne awufo ne me dii no yiye no. 9 AWURADE mmoa mo mu biara na onya ɔhome wɔ okunu foforo fi.” Afei, ofifew wɔn ano na wɔn nyinaa maa wɔn nne so sui. 10 Na wɔka kyerɛɛ Naomi se, “Yɛne wo bɛsan akɔ wo nkurɔfo nkyɛn.” 11 Nanso Naomi kae se, “Me mma, monsan nkɔ fie. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mo ne me kɔ? Merekɔwo mmabarima bio a wobetumi awareware mo ana? 12 Me mma, monsan nkɔ fie. Manyin, sɛ meware kunu bio a, ɛrenyɛ yiye. Mpo, sɛ midwen sɛ anidaso bi wɔ hɔ ma me sɛ nso anadwo yi ara minya okunu na me ne no wo mmabarima a, 13 mobɛtwɛn kosi sɛ wobenyinyin? Mobɛtena atwɛn wɔn ana? Dabi, me mma. Asɛm no yɛ den ma me sen mo, efisɛ AWURADE ayi ne nsa afi me so!” 14 Wɔsan twaa adwo bio. Afei, Orpa few nʼase ano de gyaa no kwan, nanso Rut bebaree Naomi sɛ ɔne no bɛtena. 15 Nanso Naomi ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, wo kora asan kɔ ne nkurɔfo ne nʼanyame nkyɛn. Ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ saa ara.” 16 Na Rut buae se, “Nhyɛ me sɛ mimfi wo nkyɛn nsan nkɔ. Baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ hɔ bi na baabiara a wobɛtena no nso, mɛtena hɔ bi. Wo nkurɔfo bɛyɛ me nkurɔfo na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn. 17 Baabi a wubewu no, mewu hɔ bi na wɔasie me hɔ. Sɛ mamma owu antetew me ne wo ntam na ɛnam biribi foforo biara so a, AWURADE ntwe mʼaso.” 18 Enti Naomi huu sɛ Rut ayɛ nʼadwene sɛ ɔne no bɛkɔ no, ogyaa ne pɛ maa no. 19 Ɛno nti, wɔn baanu no toaa wɔn akwantu no so. Bere a woduu Betlehem no, wɔn nti kurow mu no nyinaa bɔɔ twi. Mmea no bisae se, “Naomi ni ana?” 20 Ɔkae se, “Mommfrɛ me Naomi, na mmom, momfrɛ me Mara, efisɛ AWURADE ama asetena ayɛ nwen ama me. 21 Merefi ha akɔ no na mewɔ biribiara, nanso AWURADE de me aba fie nsapan. Adɛn nti na mofrɛ me Naomi wɔ bere a AWURADE ama mahu amane na Otumfo de saa abɛbrɛsɛ yi aba me so?” 22 Enti Naomi fi Moab bae a, nʼase Rut, Moabni babun ka ne ho. Woduu Betlehem atokotwa bere mfiase no mu.

In Other Versions

Ruth 1 in the ANGEFD

Ruth 1 in the ANTPNG2D

Ruth 1 in the AS21

Ruth 1 in the BAGH

Ruth 1 in the BBPNG

Ruth 1 in the BBT1E

Ruth 1 in the BDS

Ruth 1 in the BEV

Ruth 1 in the BHAD

Ruth 1 in the BIB

Ruth 1 in the BLPT

Ruth 1 in the BNT

Ruth 1 in the BNTABOOT

Ruth 1 in the BNTLV

Ruth 1 in the BOATCB

Ruth 1 in the BOBCV

Ruth 1 in the BOCNT

Ruth 1 in the BOECS

Ruth 1 in the BOGWICC

Ruth 1 in the BOHCB

Ruth 1 in the BOHCV

Ruth 1 in the BOHLNT

Ruth 1 in the BOHNTLTAL

Ruth 1 in the BOICB

Ruth 1 in the BOILNTAP

Ruth 1 in the BOITCV

Ruth 1 in the BOKCV

Ruth 1 in the BOKCV2

Ruth 1 in the BOKHWOG

Ruth 1 in the BOKSSV

Ruth 1 in the BOLCB

Ruth 1 in the BOLCB2

Ruth 1 in the BOMCV

Ruth 1 in the BONAV

Ruth 1 in the BONCB

Ruth 1 in the BONLT

Ruth 1 in the BONUT2

Ruth 1 in the BOPLNT

Ruth 1 in the BOSCB

Ruth 1 in the BOSNC

Ruth 1 in the BOTLNT

Ruth 1 in the BOVCB

Ruth 1 in the BOYCB

Ruth 1 in the BPBB

Ruth 1 in the BPH

Ruth 1 in the BSB

Ruth 1 in the CCB

Ruth 1 in the CUV

Ruth 1 in the CUVS

Ruth 1 in the DBT

Ruth 1 in the DGDNT

Ruth 1 in the DHNT

Ruth 1 in the DNT

Ruth 1 in the ELBE

Ruth 1 in the EMTV

Ruth 1 in the ESV

Ruth 1 in the FBV

Ruth 1 in the FEB

Ruth 1 in the GGMNT

Ruth 1 in the GNT

Ruth 1 in the HARY

Ruth 1 in the HNT

Ruth 1 in the IRVA

Ruth 1 in the IRVB

Ruth 1 in the IRVG

Ruth 1 in the IRVH

Ruth 1 in the IRVK

Ruth 1 in the IRVM

Ruth 1 in the IRVM2

Ruth 1 in the IRVO

Ruth 1 in the IRVP

Ruth 1 in the IRVT

Ruth 1 in the IRVT2

Ruth 1 in the IRVU

Ruth 1 in the ISVN

Ruth 1 in the JSNT

Ruth 1 in the KAPI

Ruth 1 in the KBT1ETNIK

Ruth 1 in the KBV

Ruth 1 in the KJV

Ruth 1 in the KNFD

Ruth 1 in the LBA

Ruth 1 in the LBLA

Ruth 1 in the LNT

Ruth 1 in the LSV

Ruth 1 in the MAAL

Ruth 1 in the MBV

Ruth 1 in the MBV2

Ruth 1 in the MHNT

Ruth 1 in the MKNFD

Ruth 1 in the MNG

Ruth 1 in the MNT

Ruth 1 in the MNT2

Ruth 1 in the MRS1T

Ruth 1 in the NAA

Ruth 1 in the NASB

Ruth 1 in the NBLA

Ruth 1 in the NBS

Ruth 1 in the NBVTP

Ruth 1 in the NET2

Ruth 1 in the NIV11

Ruth 1 in the NNT

Ruth 1 in the NNT2

Ruth 1 in the NNT3

Ruth 1 in the PDDPT

Ruth 1 in the PFNT

Ruth 1 in the RMNT

Ruth 1 in the SBIAS

Ruth 1 in the SBIBS

Ruth 1 in the SBIBS2

Ruth 1 in the SBICS

Ruth 1 in the SBIDS

Ruth 1 in the SBIGS

Ruth 1 in the SBIHS

Ruth 1 in the SBIIS

Ruth 1 in the SBIIS2

Ruth 1 in the SBIIS3

Ruth 1 in the SBIKS

Ruth 1 in the SBIKS2

Ruth 1 in the SBIMS

Ruth 1 in the SBIOS

Ruth 1 in the SBIPS

Ruth 1 in the SBISS

Ruth 1 in the SBITS

Ruth 1 in the SBITS2

Ruth 1 in the SBITS3

Ruth 1 in the SBITS4

Ruth 1 in the SBIUS

Ruth 1 in the SBIVS

Ruth 1 in the SBT

Ruth 1 in the SBT1E

Ruth 1 in the SCHL

Ruth 1 in the SNT

Ruth 1 in the SUSU

Ruth 1 in the SUSU2

Ruth 1 in the SYNO

Ruth 1 in the TBIAOTANT

Ruth 1 in the TBT1E

Ruth 1 in the TBT1E2

Ruth 1 in the TFTIP

Ruth 1 in the TFTU

Ruth 1 in the TGNTATF3T

Ruth 1 in the THAI

Ruth 1 in the TNFD

Ruth 1 in the TNT

Ruth 1 in the TNTIK

Ruth 1 in the TNTIL

Ruth 1 in the TNTIN

Ruth 1 in the TNTIP

Ruth 1 in the TNTIZ

Ruth 1 in the TOMA

Ruth 1 in the TTENT

Ruth 1 in the UBG

Ruth 1 in the UGV

Ruth 1 in the UGV2

Ruth 1 in the UGV3

Ruth 1 in the VBL

Ruth 1 in the VDCC

Ruth 1 in the YALU

Ruth 1 in the YAPE

Ruth 1 in the YBVTP

Ruth 1 in the ZBP