1 Corinthians 6 (BOATCB)

1 Sɛ akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn enti na mokɔ abosonsomfoɔ atemmufoɔ anim ma wɔbu mo atɛn ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ moma ateneneefoɔ siesie mo ntam? 2 Monnim sɛ ateneneefoɔ na wɔbɛbu ewiase atɛn? Na sɛ, ɛsɛ sɛ mobu ewiase atɛn a, morentumi mmu nsɛm nketenkete atɛn? 3 Monnim sɛ yɛbɛbu abɔfoɔ atɛn? Mpɛn ahe na yɛmmu asetena mu nneɛma atɛn? 4 Na sɛ nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wɔnni dibea wɔ asafo no mu na mobɛma wɔasiesie? 5 Ɛyɛ animguaseɛ ma no! Menim yie sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafoɔ baako bi wɔ mo mu a ɔbɛtumi adi onua ne onua ntam asɛm. 6 Ɛyɛ sɛ wɔfa saa ɛkwan yi so anaa, sɛ onua de onua bɛkɔ asɛnniiɛ ma wɔn a wɔnni gyidie bɛdi abua wɔn asɛm? 7 Sɛ motumi de mo ho mo ho kɔ asɛnniiɛ no kyerɛ sɛ moadi nkoguo dada. Anka ɛyɛ sɛ obi bɛsisi mo anaa sɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom. 8 Nanso, mo ara motwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo. 9 Mo ara monim sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ no renkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nyɛ, anaa mo a mosom ahoni, anaa adwamanfoɔ anaa mmarima a wɔne mmarima da, 10 anaa adifudepɛfoɔ, anaa aniberefoɔ, anaa akɔwensafoɔ, anaa mo a mosɛe afoforɔ din, anaa akorɔmfoɔ no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu. 11 Na mo mu bi te saa. Nanso, wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu enti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam. 12 Obi se, “Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ deɛ mepɛ.” Ɛwom saa; nanso ɛnyɛ biribiara na ɛyɛ ma wo. Mɛtumi aka sɛ, “Mewɔ ho ɛkwan sɛ meyɛ biribiara.” Nanso meremma biribiara ho ɛkwan ma ɛmfa me akoa. 13 Obi foforɔ nso bɛka sɛ, “Aduane wɔ hɔ ma yafunu na yafunu nso wɔ hɔ ma aduane.” Ɛyɛ nokorɛ; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awieeɛ. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne onipadua ma adwamammɔ, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, ɛfiri sɛ onipadua no yɛ Onyankopɔn dea. 14 Onyankopɔn maa Awurade sɔre firii awufoɔ mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afiri awufoɔ mu. 15 Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Kristo onipadua no fafa bi anaa? Memfa Kristo onipadua fa bi mmɔ obi a ɔbɔ adwaman onipadua ho anaa? Dabi. 16 Anaa ebia na monnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ adwamanfoɔ ho nso yɛ odwamanfoɔ? Atwerɛsɛm no da no adi sɛ, “Wɔn baanu no nyinaa yɛ onipadua korɔ.” 17 Nanso, onipa a wɔde no abata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu. 18 Mommmɔ adwaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne onipadua no, nanso onipa a ɔbɔ adwaman no sɛe ɔno ankasa ne onipadua. 19 Monnim sɛ mo onipadua no yɛ Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; 20 ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo onipadua no nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

In Other Versions

1 Corinthians 6 in the ANGEFD

1 Corinthians 6 in the ANTPNG2D

1 Corinthians 6 in the AS21

1 Corinthians 6 in the BAGH

1 Corinthians 6 in the BBPNG

1 Corinthians 6 in the BBT1E

1 Corinthians 6 in the BDS

1 Corinthians 6 in the BEV

1 Corinthians 6 in the BHAD

1 Corinthians 6 in the BIB

1 Corinthians 6 in the BLPT

1 Corinthians 6 in the BNT

1 Corinthians 6 in the BNTABOOT

1 Corinthians 6 in the BNTLV

1 Corinthians 6 in the BOATCB2

1 Corinthians 6 in the BOBCV

1 Corinthians 6 in the BOCNT

1 Corinthians 6 in the BOECS

1 Corinthians 6 in the BOGWICC

1 Corinthians 6 in the BOHCB

1 Corinthians 6 in the BOHCV

1 Corinthians 6 in the BOHLNT

1 Corinthians 6 in the BOHNTLTAL

1 Corinthians 6 in the BOICB

1 Corinthians 6 in the BOILNTAP

1 Corinthians 6 in the BOITCV

1 Corinthians 6 in the BOKCV

1 Corinthians 6 in the BOKCV2

1 Corinthians 6 in the BOKHWOG

1 Corinthians 6 in the BOKSSV

1 Corinthians 6 in the BOLCB

1 Corinthians 6 in the BOLCB2

1 Corinthians 6 in the BOMCV

1 Corinthians 6 in the BONAV

1 Corinthians 6 in the BONCB

1 Corinthians 6 in the BONLT

1 Corinthians 6 in the BONUT2

1 Corinthians 6 in the BOPLNT

1 Corinthians 6 in the BOSCB

1 Corinthians 6 in the BOSNC

1 Corinthians 6 in the BOTLNT

1 Corinthians 6 in the BOVCB

1 Corinthians 6 in the BOYCB

1 Corinthians 6 in the BPBB

1 Corinthians 6 in the BPH

1 Corinthians 6 in the BSB

1 Corinthians 6 in the CCB

1 Corinthians 6 in the CUV

1 Corinthians 6 in the CUVS

1 Corinthians 6 in the DBT

1 Corinthians 6 in the DGDNT

1 Corinthians 6 in the DHNT

1 Corinthians 6 in the DNT

1 Corinthians 6 in the ELBE

1 Corinthians 6 in the EMTV

1 Corinthians 6 in the ESV

1 Corinthians 6 in the FBV

1 Corinthians 6 in the FEB

1 Corinthians 6 in the GGMNT

1 Corinthians 6 in the GNT

1 Corinthians 6 in the HARY

1 Corinthians 6 in the HNT

1 Corinthians 6 in the IRVA

1 Corinthians 6 in the IRVB

1 Corinthians 6 in the IRVG

1 Corinthians 6 in the IRVH

1 Corinthians 6 in the IRVK

1 Corinthians 6 in the IRVM

1 Corinthians 6 in the IRVM2

1 Corinthians 6 in the IRVO

1 Corinthians 6 in the IRVP

1 Corinthians 6 in the IRVT

1 Corinthians 6 in the IRVT2

1 Corinthians 6 in the IRVU

1 Corinthians 6 in the ISVN

1 Corinthians 6 in the JSNT

1 Corinthians 6 in the KAPI

1 Corinthians 6 in the KBT1ETNIK

1 Corinthians 6 in the KBV

1 Corinthians 6 in the KJV

1 Corinthians 6 in the KNFD

1 Corinthians 6 in the LBA

1 Corinthians 6 in the LBLA

1 Corinthians 6 in the LNT

1 Corinthians 6 in the LSV

1 Corinthians 6 in the MAAL

1 Corinthians 6 in the MBV

1 Corinthians 6 in the MBV2

1 Corinthians 6 in the MHNT

1 Corinthians 6 in the MKNFD

1 Corinthians 6 in the MNG

1 Corinthians 6 in the MNT

1 Corinthians 6 in the MNT2

1 Corinthians 6 in the MRS1T

1 Corinthians 6 in the NAA

1 Corinthians 6 in the NASB

1 Corinthians 6 in the NBLA

1 Corinthians 6 in the NBS

1 Corinthians 6 in the NBVTP

1 Corinthians 6 in the NET2

1 Corinthians 6 in the NIV11

1 Corinthians 6 in the NNT

1 Corinthians 6 in the NNT2

1 Corinthians 6 in the NNT3

1 Corinthians 6 in the PDDPT

1 Corinthians 6 in the PFNT

1 Corinthians 6 in the RMNT

1 Corinthians 6 in the SBIAS

1 Corinthians 6 in the SBIBS

1 Corinthians 6 in the SBIBS2

1 Corinthians 6 in the SBICS

1 Corinthians 6 in the SBIDS

1 Corinthians 6 in the SBIGS

1 Corinthians 6 in the SBIHS

1 Corinthians 6 in the SBIIS

1 Corinthians 6 in the SBIIS2

1 Corinthians 6 in the SBIIS3

1 Corinthians 6 in the SBIKS

1 Corinthians 6 in the SBIKS2

1 Corinthians 6 in the SBIMS

1 Corinthians 6 in the SBIOS

1 Corinthians 6 in the SBIPS

1 Corinthians 6 in the SBISS

1 Corinthians 6 in the SBITS

1 Corinthians 6 in the SBITS2

1 Corinthians 6 in the SBITS3

1 Corinthians 6 in the SBITS4

1 Corinthians 6 in the SBIUS

1 Corinthians 6 in the SBIVS

1 Corinthians 6 in the SBT

1 Corinthians 6 in the SBT1E

1 Corinthians 6 in the SCHL

1 Corinthians 6 in the SNT

1 Corinthians 6 in the SUSU

1 Corinthians 6 in the SUSU2

1 Corinthians 6 in the SYNO

1 Corinthians 6 in the TBIAOTANT

1 Corinthians 6 in the TBT1E

1 Corinthians 6 in the TBT1E2

1 Corinthians 6 in the TFTIP

1 Corinthians 6 in the TFTU

1 Corinthians 6 in the TGNTATF3T

1 Corinthians 6 in the THAI

1 Corinthians 6 in the TNFD

1 Corinthians 6 in the TNT

1 Corinthians 6 in the TNTIK

1 Corinthians 6 in the TNTIL

1 Corinthians 6 in the TNTIN

1 Corinthians 6 in the TNTIP

1 Corinthians 6 in the TNTIZ

1 Corinthians 6 in the TOMA

1 Corinthians 6 in the TTENT

1 Corinthians 6 in the UBG

1 Corinthians 6 in the UGV

1 Corinthians 6 in the UGV2

1 Corinthians 6 in the UGV3

1 Corinthians 6 in the VBL

1 Corinthians 6 in the VDCC

1 Corinthians 6 in the YALU

1 Corinthians 6 in the YAPE

1 Corinthians 6 in the YBVTP

1 Corinthians 6 in the ZBP