1 Samuel 7 (BOATCB)

1 Enti, Kiriat-Yearimfoɔ bɛgyee AWURADE Apam Adaka no. Wɔde kɔɔ Abinadab efie a ɛda bepɔ nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wɔdwiraa ne babarima Eleasa sɛ ɔnhwɛ so. 2 Apam Adaka no kyɛree yie wɔ Kiriat-Yearim. Ɛdii mfirinhyia aduonu wɔ hɔ. Saa ɛberɛ no Israel nyinaa twaa agyaadwoɔ, ɛfiri sɛ na ayɛ sɛ AWURADE agya wɔn. 3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, “Sɛ mode mo akoma nyinaa resane akɔ AWURADE nkyɛn deɛ a, ɛnneɛ, montwe mo ho mfiri ananafoɔ anyame ne Astoret ahoni ho. Monsi mo adwene pi sɛ mobɛyɛ ɔsetie ama AWURADE, na monsom ɔno nko, na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ nsam.” 4 Enti, Israelfoɔ no too Baalim ne Astoret guiɛ, somm AWURADE nko. 5 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ AWURADE mpaeɛ mma mo.” 6 Enti, wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn nyankomadeɛ mu no, wɔsaa nsuo firi abura bi mu, na wɔhwie guu AWURADE anim. Wɔdii abuada ɛda no, na wɔkaa nokorɛ sɛ wɔayɛ bɔne atia AWURADE. Enti, Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ. 7 Ɛberɛ a Filistifoɔ sodifoɔ no tee sɛ Israel nyinaa aboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, wɔboaboaa wɔn akodɔm ano, tu teneeɛ. Na Israelfoɔ no tee sɛ Filistifoɔ no rebɛn wɔn no, wɔn akoma tuu yie. 8 Wɔdwane toaa Samuel sɛ, “Srɛ AWURADE, yɛn Onyankopɔn, na ɔnnye yɛn mfiri Filistifoɔ nsam.” 9 Enti, Samuel faa odwan ba a ɔnyiniiɛ de ne mua no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Ɔsrɛɛ AWURADE maa Israelfoɔ, na AWURADE tieeɛ. 10 Ɛberɛ a Samuel gu so rebɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, Filistifoɔ no baa sɛ wɔrebɛko. Nanso, AWURADE de aprannaa nne a emu yɛ duru yie kasa firi soro, maa basabasayɛ sii Filistifoɔ no mu, maa Israelfoɔ no dii wɔn so nkonim. 11 Israel mmarima pamoo wɔn firi Mispa, kɔsii Bet-Kar, kunkumm wɔn guu ɛkwan so. 12 Ɛnna Samuel faa ɔboɔ kɛseɛ bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no edin Ebeneser a aseɛ ne “Ɔboa boɔ” na ɔkaa sɛ, “Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsi!” 13 Enti, wɔdii Filistifoɔ no so, na wɔantumi ammɛgye Israelfoɔ nsase amfa wɔ ɛberɛ tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, AWURADE nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifoɔ. 14 Na Israel nkuro a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifoɔ no agyegye no. Wɔde asase a aka a Filistifoɔ no agyegyeɛ no kaa ho. Ɛmaa asomdwoeɛ baa Israel ne Amorifoɔ ntam saa ɛberɛ no. 15 Samuel kɔɔ so yɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ ne nkwa nna a aka nyinaa. 16 Afe biara, na ɔtu kwan kyinkyini bu atɛn wɔ nʼasɛnniiɛ. Ɔfiri aseɛ wɔ Bet-El de kɔ Gilgal na wawie wɔ Mispa. Ɔbuu Israelfoɔ atɛn wɔ saa nkurotoɔ yi biara so. 17 Afei, na ɔsane ba ne kurom Rama bɛdi nsɛm wɔ hɔ nso. Na Samuel sii afɔrebukyia wɔ Rama de maa AWURADE.

In Other Versions

1 Samuel 7 in the ANGEFD

1 Samuel 7 in the ANTPNG2D

1 Samuel 7 in the AS21

1 Samuel 7 in the BAGH

1 Samuel 7 in the BBPNG

1 Samuel 7 in the BBT1E

1 Samuel 7 in the BDS

1 Samuel 7 in the BEV

1 Samuel 7 in the BHAD

1 Samuel 7 in the BIB

1 Samuel 7 in the BLPT

1 Samuel 7 in the BNT

1 Samuel 7 in the BNTABOOT

1 Samuel 7 in the BNTLV

1 Samuel 7 in the BOATCB2

1 Samuel 7 in the BOBCV

1 Samuel 7 in the BOCNT

1 Samuel 7 in the BOECS

1 Samuel 7 in the BOGWICC

1 Samuel 7 in the BOHCB

1 Samuel 7 in the BOHCV

1 Samuel 7 in the BOHLNT

1 Samuel 7 in the BOHNTLTAL

1 Samuel 7 in the BOICB

1 Samuel 7 in the BOILNTAP

1 Samuel 7 in the BOITCV

1 Samuel 7 in the BOKCV

1 Samuel 7 in the BOKCV2

1 Samuel 7 in the BOKHWOG

1 Samuel 7 in the BOKSSV

1 Samuel 7 in the BOLCB

1 Samuel 7 in the BOLCB2

1 Samuel 7 in the BOMCV

1 Samuel 7 in the BONAV

1 Samuel 7 in the BONCB

1 Samuel 7 in the BONLT

1 Samuel 7 in the BONUT2

1 Samuel 7 in the BOPLNT

1 Samuel 7 in the BOSCB

1 Samuel 7 in the BOSNC

1 Samuel 7 in the BOTLNT

1 Samuel 7 in the BOVCB

1 Samuel 7 in the BOYCB

1 Samuel 7 in the BPBB

1 Samuel 7 in the BPH

1 Samuel 7 in the BSB

1 Samuel 7 in the CCB

1 Samuel 7 in the CUV

1 Samuel 7 in the CUVS

1 Samuel 7 in the DBT

1 Samuel 7 in the DGDNT

1 Samuel 7 in the DHNT

1 Samuel 7 in the DNT

1 Samuel 7 in the ELBE

1 Samuel 7 in the EMTV

1 Samuel 7 in the ESV

1 Samuel 7 in the FBV

1 Samuel 7 in the FEB

1 Samuel 7 in the GGMNT

1 Samuel 7 in the GNT

1 Samuel 7 in the HARY

1 Samuel 7 in the HNT

1 Samuel 7 in the IRVA

1 Samuel 7 in the IRVB

1 Samuel 7 in the IRVG

1 Samuel 7 in the IRVH

1 Samuel 7 in the IRVK

1 Samuel 7 in the IRVM

1 Samuel 7 in the IRVM2

1 Samuel 7 in the IRVO

1 Samuel 7 in the IRVP

1 Samuel 7 in the IRVT

1 Samuel 7 in the IRVT2

1 Samuel 7 in the IRVU

1 Samuel 7 in the ISVN

1 Samuel 7 in the JSNT

1 Samuel 7 in the KAPI

1 Samuel 7 in the KBT1ETNIK

1 Samuel 7 in the KBV

1 Samuel 7 in the KJV

1 Samuel 7 in the KNFD

1 Samuel 7 in the LBA

1 Samuel 7 in the LBLA

1 Samuel 7 in the LNT

1 Samuel 7 in the LSV

1 Samuel 7 in the MAAL

1 Samuel 7 in the MBV

1 Samuel 7 in the MBV2

1 Samuel 7 in the MHNT

1 Samuel 7 in the MKNFD

1 Samuel 7 in the MNG

1 Samuel 7 in the MNT

1 Samuel 7 in the MNT2

1 Samuel 7 in the MRS1T

1 Samuel 7 in the NAA

1 Samuel 7 in the NASB

1 Samuel 7 in the NBLA

1 Samuel 7 in the NBS

1 Samuel 7 in the NBVTP

1 Samuel 7 in the NET2

1 Samuel 7 in the NIV11

1 Samuel 7 in the NNT

1 Samuel 7 in the NNT2

1 Samuel 7 in the NNT3

1 Samuel 7 in the PDDPT

1 Samuel 7 in the PFNT

1 Samuel 7 in the RMNT

1 Samuel 7 in the SBIAS

1 Samuel 7 in the SBIBS

1 Samuel 7 in the SBIBS2

1 Samuel 7 in the SBICS

1 Samuel 7 in the SBIDS

1 Samuel 7 in the SBIGS

1 Samuel 7 in the SBIHS

1 Samuel 7 in the SBIIS

1 Samuel 7 in the SBIIS2

1 Samuel 7 in the SBIIS3

1 Samuel 7 in the SBIKS

1 Samuel 7 in the SBIKS2

1 Samuel 7 in the SBIMS

1 Samuel 7 in the SBIOS

1 Samuel 7 in the SBIPS

1 Samuel 7 in the SBISS

1 Samuel 7 in the SBITS

1 Samuel 7 in the SBITS2

1 Samuel 7 in the SBITS3

1 Samuel 7 in the SBITS4

1 Samuel 7 in the SBIUS

1 Samuel 7 in the SBIVS

1 Samuel 7 in the SBT

1 Samuel 7 in the SBT1E

1 Samuel 7 in the SCHL

1 Samuel 7 in the SNT

1 Samuel 7 in the SUSU

1 Samuel 7 in the SUSU2

1 Samuel 7 in the SYNO

1 Samuel 7 in the TBIAOTANT

1 Samuel 7 in the TBT1E

1 Samuel 7 in the TBT1E2

1 Samuel 7 in the TFTIP

1 Samuel 7 in the TFTU

1 Samuel 7 in the TGNTATF3T

1 Samuel 7 in the THAI

1 Samuel 7 in the TNFD

1 Samuel 7 in the TNT

1 Samuel 7 in the TNTIK

1 Samuel 7 in the TNTIL

1 Samuel 7 in the TNTIN

1 Samuel 7 in the TNTIP

1 Samuel 7 in the TNTIZ

1 Samuel 7 in the TOMA

1 Samuel 7 in the TTENT

1 Samuel 7 in the UBG

1 Samuel 7 in the UGV

1 Samuel 7 in the UGV2

1 Samuel 7 in the UGV3

1 Samuel 7 in the VBL

1 Samuel 7 in the VDCC

1 Samuel 7 in the YALU

1 Samuel 7 in the YAPE

1 Samuel 7 in the YBVTP

1 Samuel 7 in the ZBP