2 Chronicles 21 (BOATCB)

1 Ɛberɛ a Yehosafat wuiɛ no, wɔsiee no wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Yehoram dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 2 Yehoram nuanom mmarima a na wɔyɛ Yehosafat mmammarima foforɔ bi no ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. 3 Wɔn agya maa wɔn mu biara akyɛdeɛ a ɛsom bo, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ, na afei, ɔde Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban no bi kyekyɛɛ wɔn. Na ɛsiane sɛ Yehoram yɛ abakan enti, ɔbɛyɛɛ ɔhene. 4 Na ɛberɛ a Yehoram ahennie timiiɛ no, ɔkunkumm ne nuammarima no nyinaa ne Israelfoɔ ntuanofoɔ bi. 5 Ɛberɛ a Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu. Na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. 6 Na Yehoram yɛɛ sɛdeɛ Israel ahemfo yɛeɛ. Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɔhene Ahab, ɛfiri sɛ, na waware Ahab mmammaa no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ AWURADE ani so. 7 Nanso, na AWURADE mpɛ sɛ ɔsɛe Dawid ahennie nnidisoɔ, ɛfiri sɛ, na ɔne Dawid ayɛ apam ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefoɔ bɛkɔ so adi ɔhene afebɔɔ. 8 Yehoram berɛ so na Edomfoɔ sɔre tiaa Yuda, na wɔsii wɔn ankasa wɔn ɔhene. 9 Enti, Yehoram de akodɔm ne ne nteaseɛnam nyinaa kɔto hyɛɛ Edom so. Edomfoɔ twaa ɔno ne ne nteaseɛnamkafoɔ ho hyiaeɛ, nanso ɔfaa anadwo sum mu dwaneeɛ. 10 Edom ade ne ho a ɔnhyɛ Yuda ase de bɛsi ɛnnɛ. Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, Libna kuro tee atua, ɛfiri sɛ, na Yehoram atwe ne ho afiri AWURADE, nʼagyanom Onyankopɔn ho. 11 Na wasisi abosonsomfoɔ asɔreeɛ wɔ Yuda mmepɔ asase so, ama nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Yuda akɔsom abosonsomfoɔ anyame. 12 Na odiyifoɔ Elia twerɛɛ saa krataa yi kɔmaa Yehoram:“Asɛm a AWURADE, wʼagya Dawid Onyankopɔn seɛ nie: ‘Woanni wʼagya Yehosafat anaa wo nana Yudahene Asa nhwɛsoɔpa so. 13 Mmom, woayɛ omumuyɛfoɔ sɛ Israel ahemfo. Woama Yerusalemfoɔ ne Yudafoɔ akɔsom ahoni te sɛ deɛ ɔhene Ahab yɛɛ wɔ Israel no. Na mpo, woakunkum wʼankasa wo nuanom mmarima a na wɔdi mu sene wo. 14 Enti afei, AWURADE de ɔhaw kɛseɛ bɛba wo, wo nkurɔfoɔ, wo mma, wo yerenom ne biribiara a ɛyɛ wo dea so. 15 Wʼankasa deɛ, wɔde nsono mu yadeɛ a ɛyɛ ya yie bɛto wo so kɔsi sɛ wʼayamudeɛ bɛtu apue.’ ” 16 Na AWURADE kaa Filistifoɔ ne Arabfoɔ a na wɔte bɛn Etiopiafoɔ so sɛ wɔnkɔto nhyɛ Yehoram so. 17 Wɔbɔɔ nsra kɔɔ Yuda so, kɔbubuu ne banbɔdeɛ nyinaa, foo aboɔden nneɛma a ɛwɔ ahemfie hɔ a ne mmammarima ne ne yerenom ka ho. Ne babarima kumaa Yehoahas nko na wɔgyaa no. 18 Yei akyi na AWURADE maa nsono mu yadeɛ a ano yɛ den bɔɔ Yehoram. 19 Ɛberɛ no mu ara, mfeɛ mmienu akyi, yadeɛ no maa nʼayamdeɛ pueeɛ, na ɔwuu ɔyea mu. Ne nkurɔfoɔ ammɔ ogyatannaa kɛseɛ, amfa anhyɛ no animuonyam wɔ nʼayiyɛ mu sɛdeɛ wɔyɛ maa nʼagyanom no. 20 Yehoram dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduasa mmienu, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfirinhyia nwɔtwe. Ɔwuiɛ no, anyɛ obiara awerɛhoɔ. Wɔsiee no Dawid kurom, nanso ɛnyɛ adehyeɛ asieeɛ.

In Other Versions

2 Chronicles 21 in the ANGEFD

2 Chronicles 21 in the ANTPNG2D

2 Chronicles 21 in the AS21

2 Chronicles 21 in the BAGH

2 Chronicles 21 in the BBPNG

2 Chronicles 21 in the BBT1E

2 Chronicles 21 in the BDS

2 Chronicles 21 in the BEV

2 Chronicles 21 in the BHAD

2 Chronicles 21 in the BIB

2 Chronicles 21 in the BLPT

2 Chronicles 21 in the BNT

2 Chronicles 21 in the BNTABOOT

2 Chronicles 21 in the BNTLV

2 Chronicles 21 in the BOATCB2

2 Chronicles 21 in the BOBCV

2 Chronicles 21 in the BOCNT

2 Chronicles 21 in the BOECS

2 Chronicles 21 in the BOGWICC

2 Chronicles 21 in the BOHCB

2 Chronicles 21 in the BOHCV

2 Chronicles 21 in the BOHLNT

2 Chronicles 21 in the BOHNTLTAL

2 Chronicles 21 in the BOICB

2 Chronicles 21 in the BOILNTAP

2 Chronicles 21 in the BOITCV

2 Chronicles 21 in the BOKCV

2 Chronicles 21 in the BOKCV2

2 Chronicles 21 in the BOKHWOG

2 Chronicles 21 in the BOKSSV

2 Chronicles 21 in the BOLCB

2 Chronicles 21 in the BOLCB2

2 Chronicles 21 in the BOMCV

2 Chronicles 21 in the BONAV

2 Chronicles 21 in the BONCB

2 Chronicles 21 in the BONLT

2 Chronicles 21 in the BONUT2

2 Chronicles 21 in the BOPLNT

2 Chronicles 21 in the BOSCB

2 Chronicles 21 in the BOSNC

2 Chronicles 21 in the BOTLNT

2 Chronicles 21 in the BOVCB

2 Chronicles 21 in the BOYCB

2 Chronicles 21 in the BPBB

2 Chronicles 21 in the BPH

2 Chronicles 21 in the BSB

2 Chronicles 21 in the CCB

2 Chronicles 21 in the CUV

2 Chronicles 21 in the CUVS

2 Chronicles 21 in the DBT

2 Chronicles 21 in the DGDNT

2 Chronicles 21 in the DHNT

2 Chronicles 21 in the DNT

2 Chronicles 21 in the ELBE

2 Chronicles 21 in the EMTV

2 Chronicles 21 in the ESV

2 Chronicles 21 in the FBV

2 Chronicles 21 in the FEB

2 Chronicles 21 in the GGMNT

2 Chronicles 21 in the GNT

2 Chronicles 21 in the HARY

2 Chronicles 21 in the HNT

2 Chronicles 21 in the IRVA

2 Chronicles 21 in the IRVB

2 Chronicles 21 in the IRVG

2 Chronicles 21 in the IRVH

2 Chronicles 21 in the IRVK

2 Chronicles 21 in the IRVM

2 Chronicles 21 in the IRVM2

2 Chronicles 21 in the IRVO

2 Chronicles 21 in the IRVP

2 Chronicles 21 in the IRVT

2 Chronicles 21 in the IRVT2

2 Chronicles 21 in the IRVU

2 Chronicles 21 in the ISVN

2 Chronicles 21 in the JSNT

2 Chronicles 21 in the KAPI

2 Chronicles 21 in the KBT1ETNIK

2 Chronicles 21 in the KBV

2 Chronicles 21 in the KJV

2 Chronicles 21 in the KNFD

2 Chronicles 21 in the LBA

2 Chronicles 21 in the LBLA

2 Chronicles 21 in the LNT

2 Chronicles 21 in the LSV

2 Chronicles 21 in the MAAL

2 Chronicles 21 in the MBV

2 Chronicles 21 in the MBV2

2 Chronicles 21 in the MHNT

2 Chronicles 21 in the MKNFD

2 Chronicles 21 in the MNG

2 Chronicles 21 in the MNT

2 Chronicles 21 in the MNT2

2 Chronicles 21 in the MRS1T

2 Chronicles 21 in the NAA

2 Chronicles 21 in the NASB

2 Chronicles 21 in the NBLA

2 Chronicles 21 in the NBS

2 Chronicles 21 in the NBVTP

2 Chronicles 21 in the NET2

2 Chronicles 21 in the NIV11

2 Chronicles 21 in the NNT

2 Chronicles 21 in the NNT2

2 Chronicles 21 in the NNT3

2 Chronicles 21 in the PDDPT

2 Chronicles 21 in the PFNT

2 Chronicles 21 in the RMNT

2 Chronicles 21 in the SBIAS

2 Chronicles 21 in the SBIBS

2 Chronicles 21 in the SBIBS2

2 Chronicles 21 in the SBICS

2 Chronicles 21 in the SBIDS

2 Chronicles 21 in the SBIGS

2 Chronicles 21 in the SBIHS

2 Chronicles 21 in the SBIIS

2 Chronicles 21 in the SBIIS2

2 Chronicles 21 in the SBIIS3

2 Chronicles 21 in the SBIKS

2 Chronicles 21 in the SBIKS2

2 Chronicles 21 in the SBIMS

2 Chronicles 21 in the SBIOS

2 Chronicles 21 in the SBIPS

2 Chronicles 21 in the SBISS

2 Chronicles 21 in the SBITS

2 Chronicles 21 in the SBITS2

2 Chronicles 21 in the SBITS3

2 Chronicles 21 in the SBITS4

2 Chronicles 21 in the SBIUS

2 Chronicles 21 in the SBIVS

2 Chronicles 21 in the SBT

2 Chronicles 21 in the SBT1E

2 Chronicles 21 in the SCHL

2 Chronicles 21 in the SNT

2 Chronicles 21 in the SUSU

2 Chronicles 21 in the SUSU2

2 Chronicles 21 in the SYNO

2 Chronicles 21 in the TBIAOTANT

2 Chronicles 21 in the TBT1E

2 Chronicles 21 in the TBT1E2

2 Chronicles 21 in the TFTIP

2 Chronicles 21 in the TFTU

2 Chronicles 21 in the TGNTATF3T

2 Chronicles 21 in the THAI

2 Chronicles 21 in the TNFD

2 Chronicles 21 in the TNT

2 Chronicles 21 in the TNTIK

2 Chronicles 21 in the TNTIL

2 Chronicles 21 in the TNTIN

2 Chronicles 21 in the TNTIP

2 Chronicles 21 in the TNTIZ

2 Chronicles 21 in the TOMA

2 Chronicles 21 in the TTENT

2 Chronicles 21 in the UBG

2 Chronicles 21 in the UGV

2 Chronicles 21 in the UGV2

2 Chronicles 21 in the UGV3

2 Chronicles 21 in the VBL

2 Chronicles 21 in the VDCC

2 Chronicles 21 in the YALU

2 Chronicles 21 in the YAPE

2 Chronicles 21 in the YBVTP

2 Chronicles 21 in the ZBP